Mmea—So Wobu Wɔn Wɔ Fie?
“Mmea no wuu owu a ɛyɛ hu mmiako mmiako. . . . Na ɛwom sɛ ɛsono ɔkwan a wɔn mu biara faa so wui de, nanso tebea horow a ɛma wowuwui no yɛ biako: Quebec [Canada] polisifo ka sɛ mmea no mu biara kan anaa mprempren kunu anaa ne dɔfo bi na okum no. Ne nyinaa mu no, wɔakum mmea 21 wɔ Quebec afe yi [1990], na wɔyɛ wɔn a aware mu basabasayɛ a ɛrenya nkɔso no ma wokunkum wɔn.”—Maclean’s, October 22, 1990.
AFIE mu basabasayɛ a ebinom frɛ no “abusua asetra fa a ɛyɛ awerɛhow” no ma wonya mmusua a emu apaapae ne mmofra a wokura adwene a akyinkyim wɔ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ awarefo ntam nkitahodi ho. Mmofra ntumi nhu wɔn awofo mu nea ɛsɛ sɛ wodi no nokware bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nea enti a papa rehwe mama ase no. (Asɛm a wɔntaa mmisa ne sɛ, dɛn nti na mama di papa atirimɔdensɛm saa?) Nea ɛtaa ka aba a afie mu basabasayɛ sow ho ne mmarimaa a wonyin bɛyɛ wɔn a wɔhwe wɔn yerenom. Nea wɔn agyanom de duaa wɔn adwenem no ama wɔanya adwenem ne nipasu mu ɔhaw a anibere wom.
Amanaman Nkabom no nhoma The World’s Women—1970-1990 no se: “Wosusuw sɛ mmea a mmarima to hyɛ wɔn so wɔ wɔn afie mu no ne nsɛmmɔnedi a wɔntaa nka nkyerɛ aban nnipa—nea enti a wɔyɛ saa no fã bi ne sɛ wobu saa basabasayɛ no sɛ onipa asetra mu ade a ɛma wohu amane, na ɛnyɛ nsɛmmɔnedi.”
Aware mu ahokafo a wɔhwe wɔn no renya nkɔso dɛn wɔ United States? Baguafo no amanneɛbɔ a yɛfaa emu asɛm kae wɔ asɛm a edi kan no mu no se: “Ebia asɛm a ɛne ‘afie mu basabasayɛ’ no nhaw adwene kɛse, nanso su a ɛka ho asɛm no nnye koraa. Akontaabu ka sɛnea aware mu ahokafo a wɔhwe wɔn no betumi ayɛ aniberesɛm—awudisɛm mpo—ho asɛm a ɛyɛ hu. Ɛma mmea bɛyɛ 2,000 kosi 4,000 wu afe biara. . . . Nea ɛnte sɛ nsɛmmɔnedi afoforo a aka no, aware mu ahokafo a wɔhwe wɔn no yɛ basabasayɛ a ‘wonni ano aduro.’ Ɛyɛ ahunahuna ne kɔ a wɔkɔ so pira obi wɔ ɔhonam mu.”
World Health nsɛmma nhoma se: “Wɔyɛ mmea basabasa wɔ ɔman biara mu, ne wɔ asetra ne sikasɛm nhyehyɛe biara mu. Wobu ɔyerenom a wɔhwe wɔn wɔ aman pii mu no sɛ hokwan a ɔbarima wɔ. Wɔtaa bu mmea ne mmeawa a wɔkɔ so hwe wɔn ne mmonnaa a wɔto wɔn no sɛ ‘kokoam nsɛm’ a ɛmfa afoforo ho—sɛ ebia wɔyɛ mmaranimfo anaa apɔwmuden ho adwumayɛfo.” Saa ofie basabasayɛ yi betumi atrɛw akɔ sukuu mu ntɛmntɛm.
Eyi daa adi wɔ nea esii wɔ Kenya wɔ sukuu a mmarimaa ne mmeawa nyinaa da hɔ no mu wɔ July 1991 mu. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ “Sukuufo mmarimaa too sukuufo mmeawa 71 a wonnii mfe aduonu mmonnaa, na afoforo 19 wuwui wɔ anadwo biako basabasayɛ mu wɔ baabi a sukuufo da hɔ, a wɔkaa ho asɛm sɛ . . . ɛkɔɔ so a ɛhɔnom polisifo ne akyerɛkyerɛfo no anyɛ ho hwee.” Wɔbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ saa ɔbarima ne ɔbea nna mu basabasayɛ yi mu? The Weekly Review, Kenya nsɛmma nhoma a wɔkenkan sen biara no samufo panyin, Hilary Ng’Weno, kyerɛwee sɛ: “Awerɛhosɛm yi asi sɛnea mmarima hyɛ mmea so atirimɔden so wɔ Kenyafo asetra mu a ɛyɛ abofono no so dua. Tebea a mmea ne mmeawa wom no yɛ awerɛhow. . . . Yɛtete yɛn mmabarima ma obu ketewaa bi na wonya ma mmeawa anaa wommu wɔn koraa.”
Eyi ne ade titiriw a ɛde ɔhaw no ba wɔ wiase nyinaa—wɔtaa tete mmarimaa ma wobu mmea ne mmeawa sɛ wɔba fam, sɛ abɔde a wotumi sisi wɔn. Wohu mmea sɛ wɔyɛ mmerɛw na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛhyɛ wɔn so. Ɛno mma ɛnyɛ den sɛ wobebu mmea animtiaa na wɔahyɛ wɔn so, na ɛno nso ama wɔato amannifo anaa wɔn a wɔne wɔn yɛ nhyehyɛe fi adi no mmonnaa. Na ɛdefa mmonnaato ho no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ “ebia ntua no nkyɛ koraa de, nanso wɔte nka wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu.”—Mmarahyɛ Baguafo Amanneɛbɔ.
Ɛwom sɛ mmarima pii nhwe mmea ankasa de, nanso wobetumi aka wɔn ho asɛm sɛ wɔn a wonnim no papa sɛ wɔtan mmea anaa wɔmpɛ mmea asɛm. Wɔyɛ wɔn ayayade adwene fam sen sɛ wɔbɛhwe wɔn wɔ honam fam. Ɔbenfo Susan Forward ka wɔ ne nhoma Men Who Hate & the Women Who Love Them no mu sɛ: “Sɛnea wɔn ahokafo kaa wɔn ho asɛm no, na [mmarima yi] ho taa yɛ anika na na wɔwɔ ɔdɔ mpo, nanso wotumi sakra bɛyɛɛ atirimɔdenfo, akasatiafo ne wɔn a wɔyeyaw nnipa mpofirim. Na wɔn suban no da adi wɔ nneɛma pii mu, fi ahunahuna a wohu so kosi anifere ne sum ase ntua a ɛyɛ nsɛm a wɔka de gu wɔn anim ase anaa ɔkasatia a ɛma wɔfɔn so. Ɔkwan biara a wɔfaa so no mfa ho, adekoro na efii mu bae. Ɔbarima no nyaa ɔbea no so tumi denam haw a ɔhaw no so. Mmarima yi annye sɛnea wɔn ntua no maa wɔn ahokafo tee nka no ho asodi biara nso anto wɔn ho so.”
Yasuko,a Japanni ɔbea korokorowa bi a waware mfe 15 ni no kaa n’abusua mu osuahu kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ná me papa boro me maame na na ɔyɛ no ayayade daa. Na otutu n’anan wowɔ no bobɔ no, so ne ti nhwi mu twe no ase, na na ɔpa no abo mpo. Na wunim nea enti a ɔyɛɛ saa? Efisɛ onyaa akokoduru ne no kaa ɔne ɔbea foforo ntam ɔbra bɔne ho asɛm. Esiane sɛnea Japanfo amammerɛ te nti, wommu no mfomso sɛ mmarima no mu binom benya mpenanom. Na me maame ani abuei sen ne bere sofo no na wampene so. Ogyae aware bere a na waware mfe 16 awo mmofra baanan. Me papa ammoa no anhwɛ mmofra no.”
Nanso, baabi a wɔaka ɔyerenom a wɔhwe wɔn no ho nsɛm kyerɛ aban nnipa mpo no, ɛntaa nsiw okunu werɛdifo no kwan sɛ obekum ne yere no. Mpɛn pii wɔ aman te sɛ United States mu no, mmara no ntumi mmɔ ɔhokafo a wohunahuna no na woyi ne hu no ho ban sɛnea ɛsɛ. “Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ wɔ ɔyerenom a wɔn kununom kunkum wɔn no mu bɛboro fã asɛm no mu no, wɔfrɛɛ polisifo kɔɔ wɔn afie mu mpɛn anum wɔ afe a etwaam no mu ma wɔkɔhwehwɛɛ ofie basabasayɛ no nkurobɔ no mu.” (Mmarahyɛ Bagua Amanneɛbɔ) Wɔ tebea a ɛntaa nsi bi mu no, ɔyere no kum ne kunu na amma wanhwe no bio.
Afie mu basabasayɛ a mmea na ɛtaa tia wɔn no da adi wɔ akwan horow pii so. Wɔ India no, nea wɔfrɛ no tiade ho wu (okununom a wokum wɔn yerenom esiane sɛ wɔn ani nsɔ tiade a ɔbea no abusuafo tua no nti) nyaa nkɔanim fii 2,209 wɔ 1988 mu koduu 4,835 wɔ 1990 mu. Nanso wɔrentumi nka sɛ saa akontaabu yi di mũ, efisɛ wɔfa ɔyerenom dodow no ara wu wɔ afie mu sɛ ɛnam akwanhyia horow so—wɔtaa hyɛ da de krasin a wɔde nnoa aduan hyew wɔn. Nea ɛka eyi ho ne ɔyerenom a wokum wɔn ho esiane sɛ wontumi nnyina ofie mu amanehunu ano bio nti.
Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔpaw Mmabarima anaa Mmabea No
Wɔyɛ nyiyim tia mmea fi wɔn awo mu ne bere a wɔwɔ yafunu mu mpo. Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Nyan! bisabisaa Madhu a ofi Bombay, India, nsɛm ma onyaa mmuae biako: “Sɛ wɔwo abarimaa ma Indiafo abusua bi a, wodi ahurusi. Ɛna no haw to atwa. Afei awofo no anya ɔbabanin a ɔbɛhwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakoraabɔ ne wɔn mmerewabɔ mu. Wɔanya awerɛhyem sɛ wɔn babarima no bɛhwɛ wɔn bere a wɔn mfe akɔ anim no. Nanso sɛ ɔwo ɔbea a, wobu no sɛ wadi nkogu. Ɛte sɛ nea ɔde ɔhaw foforo aba wiase kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ awofo no tua tiade kɛse na ama wɔanya obi aware no. Na sɛ ɛna bi kɔ so wo mmea a, ɛnde na ɔmfata.”b
India Express nsɛmma nhoma no kaa mmeawa a wɔwɔ India ho asɛm sɛ: “Wommu tra a wɔbɛkɔ so atra ase no sɛ ɛho hia yiye wɔ tra a abusua no bɛkɔ so atra hɔ no mu.” Nhoma koro yi ara ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Bombay a “ɛdaa no adi sɛ yafunu 8,000 a wotu gui bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu ahorow de hui bɔbeasu a na wɔwɔ akyi no mu 7,999 yɛ mmea” ho asɛm.
Elizabeth Bumiller kyerɛw sɛ: “Tebea a Indiafo mmea binom wom no nnye koraa ma sɛ wodi wɔn amanehunu no ho dwuma te sɛ nea wɔyɛ wɔ mmusua a esusuae a ɛwɔ wiase no mmeae afoforo no ho a, anka akuw a wodi hokwan a nnipa wɔ ho dwuma bɛboa wɔn.”—May You Be the Mother of a Hundred Sons.
“Wɔnyɛ Ɔbea Adwuma Da”
Ebia ɛte sɛ nea “wɔnyɛ ɔbea adwuma da” no yɛ asɛm a wɔtaa ka. Nanso ɛka nokwasɛm bi a mmarima taa bu wɔn ani gu so. Ɔbea a ɔwɔ mmofra nni adwuma ho nhyehyɛe, fi nnɔnkron kosi nnɔnnum sɛnea mmarima taa yɛ no. Sɛ abofra resu anadwo a, hena titiriw na ɔbɛsɔre ahwɛ no? Hena na osiesie fie, ɔhoro nneɛma, na ɔtow so? Hena na ɔnoa nnuan to pon bere a okunu no afi adwuma aba no? Hena na sɛ wodidi wie a, osiesie hɔ na afei osiesie mmofra no ma wɔkɔda? Na wɔ aman pii mu no, hena na wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ nsu na wayɛ adwuma mpo wɔ afum bere a abofra hyɛ n’akyi de aka eyi nyinaa ho? Ɛtaa yɛ ɛnanom. N’adwuma bere nhyehyɛe nyɛ nnɔnhwerew 8 anaa 9 da koro; ɛtaa yɛ nnɔnhwerew 12 kosi 14 anaa nea ɛboro saa. Nanso, wontua no ka wɔ adwumapɔn akyi adwuma yi ho—na mpɛn pii aseda nso bɔ no mpo!
Sɛnea World Health nsɛmma nhoma kyerɛ no, wɔ Ethiopia no, “wɔhwɛ kwan sɛ mmea bɛyɛ adwuma nnɔnhwerew 16 kosi 18 da koro, [na] wɔn akatua sua araa ma wontumi nhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. . . . Ɔkɔm de wɔn da biara; mpɛn pii no, wɔn [mmea a wɔkɔ anyina ne wɔn a wɔsoa no] di aduan a ɛnso wɔn di pɛnkoro da biara, na wɔtaa de yafunu pan fi fie anɔpa.”
Sui a na kan no on Hong kong a waware mfe 20 ni no se: “Wɔ Chinafo fam no, mmarima bu mmea abomfiaa, na wobu wɔn sɛ wɔyɛ afie aboafo ne wɔn a wɔwo mma, na nea ɛsen saa no wobu wɔn sɛ ahoni, abaduaba, anaa nnipa a wɔne wɔn da ara kwa. Nanso nokwarem no, nea yɛn a yɛyɛ mmea no pɛ ankasa ne sɛ wobebu yɛn sɛ abɔde a wonim nyansa. Sɛ yɛkasa a, yɛpɛ sɛ mmarima tie yɛn, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ yentumi nkasa anaa yenni nkate!”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma Men and Women no ka sɛ: “Sɛ wobu mmea kɛse mpo a, wobu mmarima nnwuma sɛ ɛsom bo sen mmea de wɔ baabiara. Ɛmfa ho koraa sɛnea kuw bi kyekyɛ asɛyɛde ahorow ne nnwuma ma mmarima ne mmea; ɛda adi sɛ ɔman mũ no nyinaa bebu mmarima de no kɛse.”
Nokwasɛm no ne sɛ wɔnkyerɛ nnwuma a mmea yɛ wɔ fie no ho anisɔ. Enti The World’s Women—1970-1990 nhoma no nnianim asɛm no se: “Mmea asetra mu nsɛm—ne mmoa a wɔyɛ ma abusua no, sikasɛm nhyehyɛe ne fie hɔnom—nyɛ nea wɔtaa hu. Wɔabu akontaa pii de ada mmarima tebea ne wɔn mmoa adi, na ɛnyɛ mmea de, anaa wɔnkyerɛ sɛ ɛyɛ mmarima anaa mmea de koraa. Wɔda so ara bu nnwuma pii a mmea yɛ no sɛ mfaso biara nni so wɔ sika fam—na wommu ho akontaa mpo.”
Wɔ 1934 mu, Amerika Kusuu Fam nhoma kyerɛwfo Gerald W. Johnson daa adwene a wokura wɔ mmea a wɔyɛ nnwuma no ho no adi: “Ɔbea taa nya ɔbarima adwuma yɛ nanso ɔne ɔbarima no ntaa nnye akatua biako. Nea enti a ɛte saa ne sɛ adwuma a wɔyɛ da biara no bi nni hɔ a mmarima bi ntumi nyɛ no yiye nsen ɔbea bi. Adepamfo ne ntamanwenefo a wɔagye din sen biara no yɛ mmarima . . . . Wɔn a wonim aduannoa sen biara no taa yɛ mmarima . . . . Wɔ ha ne mprempren no, ɛyɛ nokwasɛm sɛ adwumawura biara pɛ sɛ ɔbɛma ɔbarima akatua kɛse asen ɔbea wɔ adwuma koro no ara ho, efisɛ ɔwɔ nea obegyina so agye adi sɛ ɔbarima bɛyɛ no yiye asen ɔbea no.” Ɛwom sɛ ebia a wɔagugu saa asɛm no mu dodo de, nanso ɛda bere yi mu adwene a ɛnteɛ a mmarima pii kura mprempren no adi.
Obu a Wonni—Asɛnnennen wɔ Wiase Nyinaa
Ɔman biara anya ne su horow ne adwene a ɛnteɛ wɔ adwuma a mmea yɛ wɔ nnipa asetra mu no ho. Nanso asemmisa a ɛsɛ sɛ wɔma ho mmuae no ne sɛ, So saa su horow yi da obu a ɛfata adi ma mmea? Anaa, ɛda hyɛ a mmarima ahyɛ wɔn so wɔ mfehaha a atwam no mu esiane ahoɔden kɛse a mmarima wɔ nti no adi? Sɛ wɔyɛ mmea sɛ mfenaa anaa sɛ nnipa a wotumi sisi wɔn a, ɛnde obu a wɔwɔ ma wɔn no wɔ he? Aman pii asɛe ɔbea adwuma ne obu a ɔwɔ no kɛse anaa kakra.
Nhwɛso ahorow a nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa de ma no mu biako ne nea efi Afrika yi: “Ɛsɛ sɛ Yorubafo mmea [Nigeria] yɛ wɔn ho sɛ wonnim hwee na wɔyɛ komm wɔ wɔn kununom anim, na sɛ wɔrema wɔn aduan a, wɔhwehwɛ sɛ wobu nkotodwe wɔ wɔn kununom anim.” (Men and Women) Wɔ wiase no afa horow bi no, wɔda saa ahobrɛase yi adi wɔ akwan horow so—ɛsɛ sɛ ɔyere di ne kunu akyi ma wɔn ntam tew kakra bere a wɔnam no, anaasɛ ɔnantew bere a ne kunu te ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ so, anaa ɔsoa nnesoa bere a ne kunu nso hwee, anaa ne nkutoo didi ne nea ɛkeka ho.
Edwin Reischauer a wɔwoo no tetee no Japan no kyerɛwee wɔ ne nhoma The Japanese no mu sɛ: “Mmarima nhyɛso ho su horow da adi yiye wɔ Japan—Nnyinasosɛm a wɔde di dwuma wɔ akwan horow so wɔ nna mu a ɛma ɔbarima no nya ahofadi na ɛde anohyeto ma ɔbea no abu so ara. . . . Bio nso, wɔhwɛ kwan sɛ mmea awarefo bɛda nokware kɛse adi asen mmarima.”
Sɛnea ɛte wɔ aman pii so no, nna ho nsɛm a wɔde guan mmea ho no nso yɛ ɔhaw wɔ Japan, ne titiriw wɔ mmeae a wɔde kar sisi wɔ bere a adagyew nnim koraa. Yasuko a ofi Hino City, Tokyo fã bi no, ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Sɛ ababaa no, na midi Tokyo akɔneaba. Ná ɛyɛ aniwu yiye efisɛ na mmarima binom de hokwan no miamia mmea baabiara a wɔn nsa betumi aso no. Dɛn na yɛn a yɛyɛ mmea yi betumi ayɛ wɔ ho? Na ɛsɛ sɛ yegyina ano. Nanso na ɛyɛ animguase. Wɔ anɔpa a adagyew nnim no, na mmea wɔ kar a wɔn nkutoo tra mu, enti anyɛ yiye koraa no, ebinom betumi akwati saa animguasede yi.”
Sue a na anka ɔte Japan no wɔ ɔkwan a ɔfa so kwati eyi. Na ɔteɛm sɛ “Fuzakenai de kudasai!” a ɛkyerɛ sɛ “Gyae nkwaseade no!” Ose: “Ɛno ma wohu ntɛm sɛ biribi kɔ so, na ogyae. Obiara mpɛ sɛ n’anim gu ase wɔ afoforo no nyinaa anim. Na ntɛm ara, ɔbarima biara anso me mu!”
Ɛda adi sɛ obu a wonni ma mmea wɔ afie mu no yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase baabiara. Na mmea afã wɔ adwumam nso ɛ? So wobu wɔn na wogye wɔn tom kɛse wɔ hɔ?
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no kae sɛ wɔmmmɔ wɔn din. Yɛde din afoforo na adi dwuma wɔ nsɛm no nyinaa mu.
b Ɛkame ayɛ sɛ okununom fa no sɛ ɛsɛ sɛ wɔde mmea a wɔwo no ho asodi to ɔyere no so bere nyinaa. Wonnwen awosu mmara no ho. [Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no.]
[Kratafa 6 adaka]
Wɔyɛ Dɛn Hu Sɛ Abofra Bi Bɛyɛ Ɔbarima Anaa Ɔbea?
“Wohu sɛ abofra bi bɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea bere a ɔbarima nkwaboaa ne ɔbea mmadwoa ka bom ara pɛ no, na egyina agya no nkwaboaa no so titiriw. Mmadwoa biara a ɔbea no de ma no kura ɔbea su, a adwene a ɛwom ne sɛ ekura X, anaa ɔbea bɔbeasu kromosom. Wɔ ɔbarima mu no, ahobae no mu nkwaboaa no mu fã pɛ na wɔwɔ X kromosom, na fã a aka no kura Y, a ɛyɛ ɔbarima bɔbeasu kromosom.” Enti, sɛ X kromosom abien ka bom a, ɔbɛyɛ abeawa; na sɛ ɔbarima Y ne ɔbea no X ka bom a, abofra no bɛyɛ ɔbarima. Enti, ɔbarima no mu kromosom no na ɛkyerɛ sɛ ɔbea bi wɔ mmarimaa anaa mmeawa (ABC’S of the Human Body, Reader’s Digest nhoma bi.)
Enti ntease nnim sɛ ɔbarima bi benunu ne yere sɛ ɔwo mmeawa nkutoo. Ɛnsɛ sɛ wonunu obiara. Ɛyɛ awo ho akrade ara kwa.
[Kratafa 8 adaka/mfonini]
Awerɛhosɛm Kɛse
Elizabeth Fox-Genovese kyerɛwee wɔ ne nhoma Feminism Without Illusions mu sɛ: “Ntease wom sɛ wobegye adi sɛ mmarima dodow no ara. . . . kɔ so hyia sɔhwɛ a ɛbɛma wɔde [wɔn] ahoɔden adi dwuma wɔ tebea biako pɛ a ɛma wonya mfaso pefee mu—wɔne mmea ntam abusuabɔ mu. Sɛ nea misusuw yi yɛ nokware a, ɛnde na yehu awerɛhosɛm kɛse bi.” Na awerɛhosɛm kɛse yi ka mmea mpempem pii a wohu amane wɔ okunu, agya, anaa ɔbarima foforo sisifo biara nsam—ɔbarima a odi nkogu wɔ “nyiyim ne atɛntrenee ho sɔhwɛ ahorow no” mu no.
“Mmara da so ara ma mmarima kwan ma wɔto wɔn yerenom mmonnaa wɔ [United States] amantam aduasa mu; na amantam du pɛ na ɛwɔ mmara a ɛma kwan ma wɔkyere nnipa wɔ afie mu basabasayɛ ho. . . . Mmea a wonni hwee a wɔbɛyɛ sen sɛ wobeguan no hu sɛ ɛno nso nyɛ ano aduru . . . . Mmea ɔpepem biako a wɔhwe wɔn a woguan kɔhwehwɛ ahobammɔ ntɛm afe biara no mu nkyem abiɛsa mu biako nnya bi.”—Nnianim Nsɛm to Backlash—The Undeclared War Against American Women a Susan Faludi kyerɛwee.
[Mfonini]
Wɔ ɔpepem pii fam no, abusua asetra fã a ɛyɛ awerɛhow ne afie mu basabasayɛ.
[Kratafa 7 mfonini]
Nnipa ɔpepehaha pu nni nsu pa, nea wɔde twe efi, anaa anyinam nkanea wɔ wɔn afie mu—sɛ wɔwɔ afie mpo a