Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 11/8 kr. 5-7
  • Dɛn Nti na Mmarima Hwe Mmea?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Mmarima Hwe Mmea?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɛntɛnso a Abusua no Wɔ
  • Nkɛntɛnso a Amammerɛ Wɔ
  • Ɔhwe Ho Nhia
  • Bere A Basabasayɛ Si Wɔ Fie
    Nyan!—1993
  • Dɛn na Ɛde Fie Basabasayɛ Ba?
    Nyan!—1993
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Fie?
    Nyan!—1992
  • Mmoa Wɔ Hɔ Ma Mmea a Wɔhwe Wɔn
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 11/8 kr. 5-7

Dɛn Nti na Mmarima Hwe Mmea?

ANIMDEFO bi ka sɛ mmea a wɔn kununom kum wɔn no dɔɔso sen mmea a amumɔyɛfo a aka nyinaa kum wɔn. Wɔayɛ nhwehwɛmu pii de abɔ mmɔden sɛ wobesiw mmea awarefo a wɔyɛ wɔn ayayade no ano. Barima bɛn na ɔhwe ne yere? Ná ne mmofraberem te dɛn? So na ɔda suban a ɛmfata adi bere a na moreyɛ aware nhyehyɛe no? Ɔkwan bɛn so na nea ɔhwe ne yere no yɛ n’ade wɔ aduruyɛ ho?

Ade biako a animdefo ahu ne sɛ ɛsono sɛnea wɔn a wɔhwe wɔn yerenom no mu biara te. Ɔbarima bi wɔ hɔ a ne basabasayɛ no nyɛ daa adeyɛ. Ɔmfa akode nni dwuma na onni kyerɛwtohɔ biara sɛ ɔyɛ ne hokafo ayayade. Ne fam no, ɔnyɛ basabasa na ɛte sɛ nea nneɛma bi na ɛma ɔyɛ saa. Ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔde ayɛ ne su sɛ ɔbɛhwe ne yere. Ɔyɛ ne yere ayayade daa, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛhaw no.

Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhwe no gu ahorow no nkyerɛ sɛ ɔhwe bi wɔ hɔ a ɛfata. Nokwarem no, ɔhwe biara betumi ama obi apira—ebetumi akum no mpo. Enti, nokware a ɛyɛ sɛ ɔbarima ntaa nyɛ ne yere ayayade anaa ayayade no mu nyɛ den sɛ afoforo de no nkyerɛ sɛ ɛfata. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔhwe bi “fata.” Ɛnde, nneɛma bɛn na ebetumi ama ɔbarima bi ahwe ne yere a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdɔ no ne nkwa nna nyinaa no?

Nkɛntɛnso a Abusua no Wɔ

Ɛnyɛ nwonwa sɛ, mmarima a wɔhwe wɔn yerenom no pii nyinii wɔ mmusua a wɔyɛ afoforo ayayade wom mu. Michael Groetsch a ɔde bɛboro mfe aduonu ayɛ ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade mu nhwehwɛmu no kyerɛw sɛ: “Mmarima a wɔhwe wɔn yerenom no pii nyinii wɔ ‘atutupɛfo’ afie mu. Sɛ́ nkokoaa ne mmofra no, wonyinii wɔ afie a nitan wom mu, baabi a nkate ne nipaduam basabasayɛ yɛ biribi a ‘wogye tom.’” Sɛnea onimdefo bi kyerɛ no, ɔbarima a onyinii wɔ tebea a ɛte saa mu no “betumi anya animtiaabu su a na ne papa kura wɔ mmea ho no mmofraberem pɛɛ. Abarimaa no sua sɛ ɛsɛ sɛ mmarima nya mmea so tumi bere nyinaa na ɔkwan a wɔbɛfa so anya tumidi a ɛte saa ne sɛ wɔbɛpoopoo wɔn, ahwe wɔn, na woabu wɔn animtiaa. Bere koro no ara no, osua sɛ ɔkwan titiriw biako pɛ a ɔbɛfa so asɔ ne papa ani ne sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛ ne papa.”

Bible ma emu da hɔ pefee sɛ ɔwofo nneyɛe betumi anya abofra so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. (Mmebusɛm 22:6; Kolosefo 3:21) Ɛwom sɛ abusua mu tebea nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima bi hwe ne yere de, nanso ɛno ma yehu nea ɛma onyaa su bɔne no.

Nkɛntɛnso a Amammerɛ Wɔ

Wɔ nsase bi so no, sɛ wɔbɛhwe ɔbea no yɛ nea asɛm biara nni ho, na wogye tom mpo. Amanaman Nkabom no amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Hokwan a okunu wɔ sɛ ɔbɛhwe ne yere anaa ɔbɛyɛ no honam mu ayayade no yɛ biribi a aman pii gye tom koraa.”

Wɔ aman a wonnye ayayade a ɛte saa ntom mpo mu no, ankorankoro pii da basabasayɛ adi. Su a ɛmfata a mmarima bi kura wɔ eyi ho no yɛ ahodwiriw. Sɛnea South Africa Weekly Mail and Guardian kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Cape Peninsula no daa no adi sɛ mmarima a wɔkyerɛe sɛ wɔnyɛ wɔn yerenom ayayade no mu dodow no ara tee nka sɛ ɔbea a wɔbɛbɔ no no yɛ biribi a wogye tom, na saa adeyɛ no nkyerɛ basabasayɛ.

Ɛda adi sɛ adwene a ɛmfata saa yi fi ase fi mmofraberem. Wɔ Britain sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ mmarimaa a wɔadi mfe 11 ne 12 no mu ɔha biara mu 75 te nka sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ ɔbarima bɛbɔ ɔbea bere a ɔhyɛ no abufuw no.

Ɔhwe Ho Nhia

Nsɛm a yɛabobɔ so wɔ atifi hɔ no betumi ama yɛahu nea ɛma mmarima bi yɛ wɔn yerenom ayayade no, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ wo yere ayayade. Ne tiaa mu no, obi hokafo a ɔbɛhwe no no yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. Wɔ N’asɛm Bible mu no, yɛkenkan sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.”—Efesofo 5:28, 29.

Bible no ka siei bere tenten a atwam ni sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no, nnipa pii bɛyɛ ‘basabasayɛfo,’ “wɔn a wonni dɔ” na wɔyɛ “keka.” (2 Timoteo 3:1-3) Ɔyerenom pii a wɔyɛ wɔn ayayade no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte bere a nkɔmhyɛ yi kaa ho asɛm no mu pɛɛ. Nanso dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ɔyerenom a wɔyɛ wɔn ayayade no? So anidaso bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmarima a wɔyɛ wɔn yerenom ayayade no betumi asesa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Ɔbarima a ɔyɛ ne yere ayayade no yɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔbarima a ɔhwe ɔhɔho ara pɛ.”—When Men Batter Women

[Adaka wɔ kratafa 6]

Mmarima A Wosisi Mmea Ɛwɔ Baabiara

Latin Amerikafo na wɔmaa aman a wɔka Engiresi kasa no de asɛmfua “machismo” (mmarima a wosisi mmea) dii dwuma. Ɛkyerɛ ɔbarima a ɔyɛ keka na ɛkyerɛ ayayade a mmarima de yɛ mmea. Nanso ɛnyɛ Latin Amerika nkutoo na wosisi mmea, sɛnea amanneɛbɔ a edidi so yi kyerɛ no.

Egypt: Asram abiɛsa nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Alexandria no daa no adi sɛ afie mu basabasayɛ a abu so titiriw no ne mmea a wopirapira wɔn. Ɛno ne ade a ɛma mmea ɔha biara mu 27.7 kɔ asoɛe a ɛhwɛ ka mmea a wopirapira wɔn nsɛm no.—Résumé 5 of the Fourth World Conference on Women.

Thailand: Wɔ Bangkok borɔn a ɛsõ sen biara mu no, mmea awarefo ɔha biara mu 50 na wɔhwe wɔn daa.—Pacific Institute for Women’s Health.

Hong Kong: “Mmea dodow a wɔkyerɛ sɛ wɔn ahokafo ahwe wɔn no boroo ɔha biara mu 40 afe a etwaam no.”—South China Morning Post, July 21, 2000.

Japan: Mmea a wɔrepɛ baabi atu akɔtra no dodow fii 4,843 wɔ 1995 mu kosii 6,340 wɔ 1998 mu. “Wɔn mu nkyem abiɛsa biara mu biako kae sɛ wɔrehwehwɛ baabi atu akɔtra esiane basabasayɛ a wɔn kununom da no adi nti.”—The Japan Times, September 10, 2000.

Britain: “Anibu asia biara no, wɔto ɔbea bi mmonnaa, hwe ebinom, wɔ ebinom sekan wɔ ofie bi mu wɔ Britain.” Sɛnea Scotland Polisi Adwumayɛbea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, “da biara nnipa 1,300 na wɔfrɛ polisifo wɔ telefon so sɛ wɔreyɛ wɔn basabasa wɔ fie—bɛboro 570,000 afe biako mu. Emu ɔha mu 81 na wɔyɛ mmea a mmarima tow hyɛ wɔn so.”—The Times, October 25, 2000.

Peru: Basabasayɛ a wɔde ho amanneɛbɔ brɛ polisifo no ɔha biara mu 70 na ɛfa mmea a wɔn kununom hwe wɔn ho.—Pacific Institute for Women’s Health.

Russia: “Wɔ afe biako mu no, Russiafo mmea 14,500 na wɔn kununom kunkum wɔn, na 56,400 na afie mu basabasayɛ maa wodii dɛm anaasɛ wopiraa kɛse.”—The Guardian.

China: Ɔbenfo Chen Yiyun, a ɔyɛ Jinglun Abusua Nhwehwɛmubea no kwankyerɛfo no ka sɛ: “Ɛyɛ ɔhaw foforo. Ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm, titiriw wɔ nkurow akɛse mu. Nhyɛso a efi mpɔtamfo hɔ no ntumi mma ofie basabasayɛ nnyae.”—The Guardian.

Nicaragua: “Basabasa a wɔyɛ mmea wɔ Nicaragua no renya nkɔanim. Nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ afe a etwaam nkutoo no, mmea a wɔwɔ Nicaragua no mu ɔha biara mu 52 na wɔn kununom yɛɛ wɔn ayayade bi.”—BBC Amanneɛbɔ.

[Adaka wɔ kratafa 7]

Nea Ebetumi De Ɔhaw no Aba

Sɛnea nhwehwɛmu bi a Richard J. Gelles a ɔwɔ Rhode Island Sukuupɔn mu wɔ U.S.A. dii anim ma wɔyɛe kyerɛ no, nea edidi so yi ne nneɛma a ebetumi de honam ne nkate fam basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ fie no aba:

1. Ɔbarima no wɔ kyerɛwtohɔ sɛ wada basabasayɛ adi pɛn wɔ fie.

2. Onni adwuma yɛ.

3. Anyɛ yiye koraa no, ɔde nnubɔne di dwuma pɛnkoro afe biara.

4. Bere a na ɔte n’awofo nkyɛn no, na ohu sɛ ne papa hwe ne maame.

5. Wɔnyɛ awarefo; wɔtwe mpena kɛkɛ.

6. Sɛ ɔyɛ adwuma a, akatua a ogye no sua.

7. Wanwie ntoaso sukuu.

8. Wadi mfe 18 kosi 30.

9. Obiako anaa wɔn baanu nyinaa yɛ mmofra ayayade wɔ fie hɔ.

10. Wonnya ahiafo akatua mpo.

11. Ɛsono ɔbarima ne ɔbea no mu biara amammerɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Afie mu basabasayɛ betumi ahaw mmofra kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena