Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 11/8 kr. 8-12
  • Mmoa Wɔ Hɔ Ma Mmea a Wɔhwe Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa Wɔ Hɔ Ma Mmea a Wɔhwe Wɔn
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Mmarima a Wɔhwe Wɔn Yerenom Betumi Asesa?
  • Dɛn Nti na Mmarima Hwe Mmea?
    Nyan!—2001
  • “Ebia Afei De Ɔbɛsesa”
    Nyan!—2001
  • Ofie Basabasayɛ a Ebegyae
    Nyan!—1993
  • Dɛn na Ɛde Fie Basabasayɛ Ba?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 11/8 kr. 8-12

Mmoa Wɔ Hɔ Ma Mmea a Wɔhwe Wɔn

DƐN na yebetumi ayɛ de aboa mmea a wɔyɛ wɔn ayayade no? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛte wɔn haw no ase. Mpɛn pii no, ɛnyɛ hwe nko na mmarima bi hwe wɔn yerenom. Wɔtaa yeyaw wɔn hunahuna wɔn, na ɛno ma ɔbea no te nka sɛ ɔnsɛ hwee na onni boafo nso.

Susuw Roxana a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi anim mu no ho hwɛ. Ɛtɔ mmere bi a, ne kunu twa no adapaa ankasa. Roxana ka sɛ: “Ɔde din ahorow a ɛmfata frɛ me. Ɔka sɛ: ‘Woanwie sukuu mpo. Wobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ mmofra no a menka ho? Woyɛ ɛna kwadwofo ne nipa hunu. Wususuw sɛ sɛ wugyae me a, aban bɛma woafa mmofra no?’”

Roxana kunu no kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi denam sika a ɔma ne nsa yɛ den wɔ ho so. Ɔmma ɔbea no nka wɔn kar no bi, na ɔfrɛ no telefon so da mũ nyinaa de hwɛ nea ɔreyɛ. Sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ biribi ho a, ɔteɛteɛm gu ne so. Ne saa nti, Roxana ayɛ sɛ ɔrenkyerɛ n’adwene wɔ biribiara ho da.

Sɛnea yebetumi ahu no, mmea a wɔn kununom yɛ wɔn ayayade no yɛ biribi a ɛho asɛm yɛ den. Sɛ yebetumi aboa wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛde ayamhyehye tie wɔn. Kae sɛ, mpɛn pii no ɛyɛ den ma ɔbea a wɔyɛ no ayayade no sɛ ɔbɛka nea ɛreto no ho asɛm. Wo botae ne sɛ wobɛboa ɔbea a ɔte saa no ma wadi ɔhaw no ho dwuma sɛnea tebea no te.

Ebia ɛho behia sɛ mmea bi a wɔhwe wɔn no bɛhwehwɛ mmoa afi aban hɔ. Ɛtɔ da na sɛ woma ɔbarima a ɔhwe ne yere no ho kyere no—te sɛ bere a polisifo de wɔn ho gye asɛm no mu—a, ebetumi ama no ahu sɛnea ne nneyɛe no yɛ anibere fa. Nanso nokwarem no, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma ɔbarima no asakra no taa yɛ kwa bere a wogyaa no haw no.

So ɛsɛ sɛ ɔbea a ne kunu hwe no no gya ɔbarima no hɔ? Bible no mmu ntetewmu adewa. Bere koro no ara no, ɛnhyɛ ɔyere a wɔhwe no no sɛ ɔne ɔbarima a ɔde n’akwahosan ne ebia ne nkwa ankasa mpo to asiane mu no ntra. Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ ogyaa no a, ɔnnware; anyɛ saa a, ɔnsan ne ne kunu nkɔbom.’ (1 Korintofo 7:10-16) Esiane sɛ Bible no nkasa ntia ntetewmu a ɛbɛba wɔ tebea a emu yɛ den mu nti, nea ɔbea bi bɛyɛ wɔ saa asɛm yi ho no yɛ n’ankasa gyinaesi. (Galatifo 6:5) Ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ ɔyere bi ma ogyaw ne kunu, na saa ara na ɛnsɛ sɛ obi hyɛ ɔbea a ne kunu hwe no no sɛ ɔnkɔ so ntra ne kunu no ho bere a n’akwahosan, ne nkwa, ne ne honhom fam yiyedi da asiane mu no.

So Mmarima a Wɔhwe Wɔn Yerenom Betumi Asesa?

Ɔyerenom a wɔhwe wɔn no yɛ biribi a etia Bible nnyinasosɛm ankasa. Wɔ Efesofo 4:29, 31 no, yɛkenkan sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom . . . Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.”

Okunu biara nni hɔ a odi Kristo akyi a obetumi aka sɛ ɔdɔ ne yere bere a ɔyɛ no ayayade no. Sɛ ɔyɛ ne yere ayayade a, mfaso bɛn na ɛbɛba ne nnwuma pa a aka nyinaa so? “Ɔmaanefo” mfata hokwan titiriw biara wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Timoteo 3:3; 1 Korintofo 13:1-3) Nokwarem no, wobetumi atu obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ɔkɔ so da abufuhyew adi na ɔnsakra no afi Kristofo asafo no mu.—Galatifo 5:19-21; 2 Yohane 9, 10.

So mmarima basabasayɛfo betumi asesa wɔn suban? Ebinom asesa. Nanso mpɛn pii no, ɔbarima a ɔhwe ne yere no rensesa gye sɛ (1) ogye tom sɛ ne nneyɛe no mfata, (2) ɔpɛ sɛ ɔsesa n’asetra kwan, na (3) ɔhwehwɛ mmoa. Yehowa Adansefo ahu sɛ Bible no betumi ayɛ adwinnade titiriw a ɛma obi sesa. Wɔn a wɔne Adansefo no sua Bible no pii anya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Bible asuafo foforo yi hu fa Yehowa Nyankopɔn ho sɛ, “nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Nokwarem no, sɛ ɔbarima a ɔhwe ne yere bɛsesa ne nneyɛe a, ɛnhwehwɛ sɛ ogyae ne yere hwe nko. Ɛhwehwɛ nso sɛ obenya su foforo koraa wɔ ne yere ho.

Sɛ ɔbarima bi nya Onyankopɔn ho nimdeɛ a, osua sɛ ɔremmu ne yere sɛ afenaa, na mmom, ‘ɔboafo,’ na ɔremmu no sɛ obi a ɔba fam, na mmom, obi a ɛsɛ sɛ ‘wodi no ni.’ (Genesis 2:18; 1 Petro 3:7) Osua sɛnea ɔbɛda ayamhyehye adi ne hia a ehia sɛ obetie ne yere adwenkyerɛ nso. (Genesis 21:12; Ɔsɛnkafo 4:1) Bible adesua nhyehyɛe a Yehowa Adansefo ayɛ no aboa awarefo pii. Wɔmma kankabi, atirimɔden, anaa asisisɛm ho kwan wɔ Kristofo abusua mu.—Efesofo 5:25, 28, 29.

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Enti, nyansa a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa awarefo ma wɔahu ɔhaw ahorow a wohyia no, na ama wɔanya akokoduru a wɔde bedi ho dwuma. Nea ɛsen saa no, Bible no kura nokware anidaso a ɛma awerɛkyekye a ɛne sɛ yebenya wiase bi a basabasayɛ nnim bere a Yehowa soro Hene di adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa so tumi no. Bible ka sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12, 14.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Wɔmma kankabi, atirimɔden, anaa asisisɛm ho kwan wɔ Kristofo abusua mu

[Adaka wɔ kratafa 8]

Nneɛma Ho Adwempa A Ɛsɛ Sɛ Wonya

• Ɔyerenom ka ho bi na wɔn kununom hwe wɔn.

Mmarima a wɔhwe wɔn yerenom no pii ka sɛ wɔnhyɛ da na wɔyɛ saa, na wɔkyerɛ sɛ wɔn yerenom na wɔhyɛ wɔn abufuw. Ebia abusua no nnamfo bi mpo bɛka sɛ ɔyere no asɛm yɛ den, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ne kunu bo taa fuw. Eyi ma nea wɔyɛ no ayayade no di fɔ na omimfo no di bem. Nokwarem no, ɔyerenom a wɔhwe wɔn no taa bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛyɛ biribi de adwudwo wɔn kununom. Ɛno da nkyɛn a, biribiara nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hwe ne yere. The Batterer—A Psychological Profile nhoma no ka sɛ: “Mmarima a asɛnnibea de wɔn kɔ ayaresabea sɛ wɔnkɔsa wɔn yare esiane sɛ wɔhwe wɔn yerenom nti no yɛ wɔn a basabasayɛ aka wɔn hɔ. Ɛno so na wɔnam di abufuw ne adwennwen ntraso ho dwuma, ɔkwan a wɔnam so di ntawntawdi ho dwuma na wɔtew ahometew so. . . . Mpɛn pii no, wonnye nea wɔreyɛ no ntom mpo anaa wommu ɔhaw no aniberesɛm.”

• Mmosa ma ɔbarima hwe ne yere.

Nokwarem no, mmarima bi yɛ basabasa kɛse bere a wɔnom nsa no. Na so ntease wom sɛ wɔbɛka sɛ mmosa na ɛma ɔyɛ saa? K. J. Wilson kyerɛw wɔ ne nhoma When Violence Begins at Home mu sɛ: “Sɛ osisifo no abow nsa a, ɔde ɛno yi ne ho ano.” Ɔtoa so sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔ yɛn amammerɛ mu no, sɛ obi yɛ basabasa wɔ fie na sɛ onii no anom nsa a, yɛte no ase kɛse. Ɔbea a wɔhwe no no mmu ne kunu no sɛ osisifo, na mmom, osusuw sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa ɔsabofo.” Wilson da no adi sɛ, nsusuwii a ɛte saa no betumi ama ɔbea bi anya anidaso a ɛmfata sɛ “sɛ ɔbarima no gyae asanom a, ne basabasayɛ no to betwa.”

Nnansa yi, nhwehwɛmufo pii susuw sɛ asabow ne ɔhwe nni abusuabɔ. Anyɛ yiye koraa no, mmarima a wɔnom nnubɔne ne nsa boro so no mu dodow no ara nhwe wɔn yerenom. Wɔn a wɔkyerɛw When Men Batter Women nhoma no ka sɛ: “Adwene a ɔbarima bi nya sɛ obedi ne yere so, obehunahuna no, na wahyɛ no so no na ɛma ɔhwe ɔbea no. . . . Ebia ɔbarima no bo nsa nom nnubɔne nso. Nanso ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ nnubɔne no na ɛma ɔyɛ ne yere ayayade.”

• Mmarima a wɔyɛ wɔn yerenom ayayade no ne obiara nni no yiye.

Mpɛn pii no, osisifo no tumi ne afoforo nya adamfofa anigye so. Ɔyɛ ne ho sɛ nea oye. Eyi nti na sɛ abusua no nnamfo te nea ɔreyɛ no ho asɛm a, wonnye nni no. Nanso nokwasɛm no ne sɛ, ɔbarima a ɔhwe ne yere no paw sɛ ɔbɛda atirimɔden adi de adi ne yere so.

• Mmea no pene so sɛ wɔn kununom nyɛ wɔn ayayade.

Ɛda adi sɛ, nea ɛma ebinom nya adwene a ɛte saa ne hu a wonhu sɛ ɔbea no nni boafo na onni baabi a obeguan akɔ no. Ebia ɔbea a wɔhwe no no wɔ nnamfo a wobegye no ne no atra dapɛn biako anaa abien bi, nanso dɛn na ɔbɛyɛ wɔ ɛno akyi? Adwuma a obenya ayɛ ne dan ka a obetua na wahwɛ mmofra no yɛ asɛm kɛse. Na ebia mmara mma kwan sɛ ɔmfa mmofra no nguan. Ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wobeguan nanso wɔkɔhwehwɛɛ wɔn de wɔn baa fie, sɛ́ ebia wɔhyɛɛ wɔn anaasɛ wɔkorɔkorɔɔ wɔn no. Nnamfo a wɔnte tebea no ase betumi adi mfomso asusuw sɛ ɔbea a ɔte saa no pene so na wɔyɛ no ayayade.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena