“Ebia Afei De Ɔbɛsesa”
ROXANAa yɛ ɛna a ɔwɔ mma baanan a n’anim tew na ne ho yɛ fɛ na ɔware Amerika Anaafo fam oduruyɛfo nuonyamfo bi. Ɔka sɛ: “Mmea ne mmarima nyinaa pɛ me kunu asɛm.” Nanso su bi a enye wɔ Roxana hokafo no ho, su bi a ne nnamfo a wɔbɛn no paa mpo nnim. “Sɛ ɔwɔ fie a ɔte sɛ sasabonsam. Ɔtwe ninkunu ankasa.”
Wutumi hu wɔ Roxana anim sɛ adwennwen ahyɛ no mã bere a ɔtoa n’asɛm no so no. “Ɔhaw no fii ase bere a na yɛaware adapɛn kakraa bi pɛ. Me nua mmarima ne me maame bɛsraa yɛn, na na me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ serew. Nanso bere a wɔkɔe no, me kunu de abufuhyew piaa me hwee agua kɛse no mu. Ná ɛyɛ me sɛ adaeso.”
Awerɛhosɛm ne sɛ, na ɛno yɛ Roxana amanehunu no mfiase ara kwa efisɛ wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, ne kunu ahwe no mpɛn pii. Ɛte sɛ nea wɔahyɛ sɛ ayayade no ntoatoa so. Roxana kunu hwe no, na afei wapa kyɛw kɛse na wahyɛ bɔ sɛ ɔrenyɛ saa bio. Ne suban yɛ yiye kakra—kosi bere bi. Afei nea wubehu ara ne sɛ ɔhaw no asan afi ase. Roxana ka sɛ: “Misusuw bere nyinaa sɛ ebia afei de ɔbɛsesa. Sɛ miguan kɔ mpo a, na masan aba.”
Roxana suro sɛ daakye bi ne kunu basabasayɛ no mu bɛyɛ den. Ɔka sɛ: “Wahunahuna me sɛ obekum me ne mmofra no, na afei wakum ne ho. Bere bi ɔde akapɛ sii me menem. Bere foforo nso, ɔde tuo hunahunaa me, de sii m’asom, na omiaa ade a wɔde tow no so! Na aboba nnim, nanso anka ehu reyɛ akum me.”
Wɔnka Wɔn Amanehunu No
Te sɛ Roxana no, mmea ɔpepem pii na wɔrehu amane wɔ mmarima basabasayɛfo nsam.b Wɔn mu pii nka wɔn amanehunu no. Wosusuw sɛ sɛ wɔka koraa a, enkosi hwee. Anyɛ yiye koraa no, okununom atirimɔdenfo pii aka sɛ ɛyɛ ntwatoso, na wɔka nsɛm te sɛ, “Biribi ketewaa bi a, na me yere ahaw” anaasɛ, “Ogugu nsɛm mu.”
Ɛyɛ awerɛhow sɛ mmea pii bɔ hu sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ beae a anka ɛsɛ sɛ ɛhɔ na wonya ahobammɔ sen biara no—wɔn ankasa fie. Nanso mpɛn pii no, nea ɛtaa ba ne sɛ osisifo no mmom na wohu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ nea wɔyɛ no ayayade no. Nokwarem no, ebinom ntumi nnye nni sɛ ɔbarima nuonyamfo saa bɛhwe ne hokafo. Susuw nea ɛtoo ɔbea bi a wɔfrɛ no Anita bere a ɔkaa ayayade a ne kunu a wobu no yiye de yɛ no ho asɛm no ho hwɛ. “Yɛn nnamfonom biako kae sɛ: ‘Adɛn nti na wobɔ onipa pa a ɔte saa sobo?’ Ɔfoforo kae sɛ ɛbɛyɛ sɛ me na mehyɛ barima no abufuw! Bere a nea me kunu yɛ bɛdaa adi mpo no, me nnamfo binom fii ase poo me. Wɔtee nka sɛ anka ɛsɛ sɛ migyina tebea no ano efisɛ ‘saa na mmarima te.’”
Sɛnea Anita suahu no da no adi no, nnipa pii na wonnye ntom ankasa sɛ mmarima bi tumi yɛ wɔn yerenom ayayade. Dɛn na ɛka ɔbarima bi ma ɔyɛ ne yere a ɔkyerɛ sɛ ɔdɔ no no atirimɔdensɛm saa? Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade no betumi anya mmoa?
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ nsɛm yi mu no.
b Yenim sɛ wɔyɛ mmarima pii nso ayayade. Nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmea na wopira kɛse. Enti, saa nsɛm yi reka mmea a wɔyɛ wɔn ayayade ho asɛm.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]
Nneɛma Ahorow a Ɛkyerɛ Fie Basabasayɛ
Sɛnea Amanaman Nkabom Mpaemuka a Wɔde Siw Basabasa a Wɔyɛ Mmea Ano kyerɛ no, “mmea a wɔyɛ wɔn basabasa” betumi akyerɛ “biribiara a ebetumi ama mmea adi dɛm wɔ honam fam, nna ne adwene mu anaa ɛbɛma wɔahu amane, na emu bi ne ahunahuna te sɛ nhyɛso anaa hokwan a wɔde kame wɔn kwammɔne so, sɛ́ ɛyɛ baguam anaa kokoam no.” Nea ɛka saa basabasayɛ yi ho bi ne “honam, nna ne adwene mu basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ mmusua ne ɔman no nyinaa mu, a ebi ne ɔhwe, mmeawa a wɔto wɔn mmonnaa, basabasayɛ a ɛfa tiade ho, aware mu mmonnaato, mmea a wotwa wɔn pim, ne amammerɛ foforo a epira mmea.”