Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 10/8 kr. 3-4
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmea​—So Wobu Wɔn Nnɛ?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Fie?
    Nyan!—1992
  • Dɛn na Mmea Benya Daakye?
    Nyan!—1998
  • Onyankopɔn Dwen Wɔn Ho, Ɔwɔ Obu ne Nidi Ma Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɛyɛ Ampa sɛ Onyankopɔn Dwen Mmea Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 10/8 kr. 3-4

Mmea​—So Wobu Wɔn Nnɛ?

EBIA mmarima bi a wɔn ho adwiri wɔn bebisa sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobisa asɛm yi mpo? Nanso sɛ yɛhwehwɛ nea wɔde ayɛ mmea wɔ abakɔsɛm nyinaa mu ne nnansa yi wɔ wiase nyinaa no mu a, nsemmisa kakra a asete nyɛ den bɛma yɛanya biribi a yebegyina so anya mmuae no.

Wɔ nnipa ntam abusuabɔ mu no, henanom titiriw na wɔahu amane na henanom ne nhyɛsofo no? Henanom titiriw na wɔaboro wɔn wɔ aware mu? Mmarima anaa mmea? Henanom titiriw na wɔato wɔn mmonnaa wɔ asomdwoe ne ɔko bere mu? Henanom titiriw na wɔato wɔn mmonnaa wɔ wɔn mmofraberem? Mmarimaa anaa mmeawa? Henanom na nnipa mmara taa bu wɔn sɛ ɔmamma mpapahwekwa? Henanom na wɔde abatow hokwan akame wɔn? Henanom na wɔato wɔn nhomasua mu hokwan ano hye? Mmarima anaa mmea?

Yebetumi abisa nsɛm afoforo pii, nanso nokwasɛm ahorow no ma nokware no da adi. Elizabeth Bumiller kyerɛwee wɔ ne nhoma May You Be the Mother of a Hundred Sons a ɔde gyinaa osuahu ahorow a onyae wɔ India no so no mu sɛ: “‘Indiani bea ankasa’ a ɔyɛ India mmea ne mmeawa ɔpepem ahannan mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 75 ho mfonini no te akuraa bi ase. . . . Onnim akenkan ne akyerɛw, ɛwom sɛ ɔbɛpɛ sɛ ohu de, na omfii baabi a wɔwoo no nkɔɔ beae bi a ɛyɛ kilomita 30 kwan da.” Ɛnyɛ India nko na nhomasua mu nyiyim yɛ ɔhaw na mmom wiase nyinaa nso.

Ɛde besi nnɛ no, wɔma ebinom sua nhoma sen afoforo wɔ Japan te sɛ nea ɛte wɔ aman pii mu no. Sɛnea 1991 The Asahi Yearbook no kyerɛ no, sukuufo mmarima a wɔkɔ sukuupɔn mfe anan no dodow yɛ 1,460,000, na mmea yɛ 600,000. Akyinnye biara nni ho sɛ mmea a wɔwɔ wiase nyinaa betumi adi sɛnea wɔwɔ nhomasua mu hokwan a ɛba fam no ho adanse. ‘Mmarimaa na wosua nhoma’ ne su a ɛsɛ sɛ wogyina ano.

Wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw no nnansa yi a ɛne Backlash​—The Undeclared War Against American Women mu no, Susan Faludi bisa United States mmea gyinabea ho nsɛm bi a ɛho hia. “Sɛ Amerikafo mmea ne mmarima yɛ pɛ a, dɛn nti na mmea ne ahiafo a wɔanyinyin nyinaa mu nkyem abiɛsa mu abien?. . . Dɛn nti na ebetumi aba sɛ mmarima benya adan pa atra mu asen wɔn na wontua apɔwmuden ho sika biara mma wɔn, na adwuma a onyin ama wɔagyae ho akatua a wɔremfa mma wɔn no yɛ kɛse mmɔho abien sen mmarima?”

Mmea ahu amane sen nnipa nyinaa. Wɔn titiriw na mmarima abu wɔn animtiaa, ayeyaw wɔn, de nna aguan wɔn ho, na wommu wɔn. Ɛnyɛ aman a wose afei na wɔasi nkɔso kwan so no nkutoo mu na wɔyɛ mmea saa. U.S. Atemmu Boayikuw Bagua boaboa amumɔyɛde a wɔde yɛ mmea no ho amanneɛbɔ ano nnansa yi. Ɛdaa nokwasɛm ahorow bi a ɛyɛ ahodwiriw adi. “Wɔto ɔbea bi mmonnaa wɔ simma asia biara mu; wɔboro ɔbea bi wɔ anibu 15 biara mu. . . . Ɔbea biara nni hɔ a obetumi ade ne ho afi ɔman yi mu nsɛmmɔnedi ho. Anyɛ yiye koraa no, wobedi Amerikafo mmea a wɔte ase nnɛ no mu baanan biara mu baasa nsɛmmɔne bi.” Afe biako bi mu no, mmea ɔpepem abiɛsa kosi ɔpepem anan kununom hwee wɔn. Tebea bɔne yi nti na wɔhyɛɛ 1990 Mmea a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Mmara no.​—Mmarahyɛ Bagua Amanneɛbɔ, The Violence Against Women Act 1990.

Ma yɛnhwehwɛ tebea ahorow a mmea agyina animtiaa a mmarima bu wɔn ano wom wɔ wiase nyinaa no bi mu. Afei yebesusuw sɛnea mmarima ne mmea a ɛsono wɔn asetra gyinapɛn nyinaa betumi akyerɛ obu ama wɔn ho wɔn ho no ho wɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi abien a etwa no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena