Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 1/1 kr. 5-7
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Anya Nokware Nnamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Anya Nokware Nnamfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Adamfofa Ho Nhoma
  • Adamfofa A Edi Mũ
  • Yɛn Nnamfo A Woye Sɛn Biara
  • “Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Rut Ne Naomi
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Rut ne Naomi
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 1/1 kr. 5-7

Ɔkwan A Wubetumi Afa So Anya Nokware Nnamfo

“AMERIKANI anwensɛm kyerɛwfo Emerson kyerɛwee sɛ: “Ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so anya adamfo ne sɛ wobɛyɛ wo ho adamfo.” Adamfofa yɛ ogye ne adema. Ɛyɛ den ma ahopɛfo ne wɔn a wokura pɛsɛmenkominya su horow no sɛ wobenya nnamfo. Nanso wobetumi anya bi sɛnea yebehu no.

Nokware adamfofa fi ɔdɔ mu efisɛ ɔdɔ twetwe nnipa. Nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobenya nnamfo. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi adi eyi so?

Dale Carnegie de afotu ma sɛ: “Yɛ otiefo pa. Hyɛ afoforo nkuran ma wɔnka wɔn ho asɛm nkyerɛ.” Sɛ ahohɔ hyia wɔ ebia apontow ase a, henanom na wotumi nya nnamfo? Ɛnyɛ wɔn a wɔkeka akɛsesɛm no na mmom wɔn a wɔkyerɛ afoforo ho anigye kɛse, wɔma wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho na wotie wɔn ankasa no. Nnipa afoforo a afei na woahu wɔn din ne wɔn ho nokwasɛm ahorow a ɛyɛ anigye a wobɛkaakae no betumi aboa nso ma woanya nnamfo.

Kim Giffin ne Bobby R. Patton kamfo sɛnea obi te a ɔbɛda no adi ne onipa pa a ɔyɛ no kyerɛ wɔ Fundamentals of Interpersonal Communication mu. Wɔka sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ nea obi ho hia titiriw ma wo a, ɛsɛ wuhu biribi a ɛho hia a ɛfa no ho . . . [Da] nsɛm adi pefee bere nyinaa. . . Ɛsɛ sɛ sɛnea wode mmuae ma onipa foforo no yɛ nea efi koma pa mu.”

Ɛnyɛ sɛ nokware nnamfo yɛ anokwafo na wosusuw afoforo ho nko, na mmom nso wɔnhyɛ wɔn ho wɔn so anaasɛ wɔnyɛ nhyɛso kɛse. Wɔte wɔn ho wɔn ho ase, wobetumi ahu ɔfoforo no adwene wɔ nsɛm ho, ma enti wobetumi ada tema adi. Bere a wɔn ntam abusuabɔ no renyin no, wobue wɔn komam ma wɔn ho wɔn ho na ɛnyɛ sɛ wɔba bɛyɛ nokware nnamfo nko na mmom wonya adamfofa a emu yɛ den nso. Ɛnyɛ nokware nnamfo nyinaa na wɔn adamfofa no mu yɛ den. Yesu Kristo a na ɔyɛ obi a ɔwɔ adamfofa su a ɛsen biara wɔ asase so no nyaa nnamfo pii nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na na wɔyɛ ne nnamfo paa ankasa.​—Marko 9:1-10; Luka 8:51.

Nokware Adamfofa Ho Nhoma

Bible a ɛyɛ adamfofa ho nhoma a eye sen biara no ka sɛ: “Nokware adamfo dɔ bere nyinaa na ɔyɛ onua a wɔawo no ama bere a ahohia wɔ hɔ no.” (Mmebusɛm 17:17, NW) Nokware nnamfo wɔ ayamhyehye na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde mmoa bɛma bere a nsɛnnennen asɔre no. Eyi ho nhwɛso a eye bi ni​—asɛm a efi tete Israelfo bere so.

Esiane ɔkɔm nti, Yudani barima bi ne ne yere Naomi tu kɔɔ Moab. Wɔ bere tiaa bi akyi no, owui. Akyiri yi ne mmabarima baanu waree Moabfo mmabea a wɔne Rut ne Orpa. Afei ne mmabarima no wuwui ma ɛkaa akunafo baasa no pɛ. Naomi a na ɔyɛ ɛna no sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ Yuda, na ne nsenom baanu no ne no siim kɔe. Nanso, wɔ ɔkwan no mu no, Naomi hyɛɛ mmabaa no sɛ wɔnsan wɔn akyi nkɔ na wɔnkɔhwehwɛ kununom wɔ wɔn ankasa nkurɔfo mu. Orpa yɛɛ saa nanso Rut kae sɛ ɔne Naomi bɛkɔ. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔnyɛ asew ara kwa; na ɔyɛ nokware adamfo nso. Ade biako ne sɛ na ayamhyehye a ɔwɔ no remma ɔmma okunafo a ne mfe akɔ anim no nkutoo nkɔ bere a onni abusua no.​—Rut 1:1-17.

Rut daa tema, ayamye, nokwaredi, ne ɔdɔ adi. Saa su horow no yɛ nokware adamfofa su nnyinaso a ɛyɛ den. Nanso, na biribi foforo wɔ Rut ne Naomi ntam abusuabɔ no mu.

Adamfofa A Edi Mũ

Bere a Naomi hyɛɛ Rut sɛ ɔnnsan n’akyi nkɔ no, ɔkae sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo . . . nea wokɔ no mɛkɔ . . . Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:16) Na Naomi aboa Rut a na anka ɔyɛ ɔbosonsonni no ma wabehu nokware Nyankopɔn a ɔne Yehowa no na na wanya ɔdɔ ama no. Gyidi biako a na mmea baanu no wɔ no bɛyɛɛ honhom mu abusuabɔ a tumi wom a ɛkaa wɔn boom sɛ nokware nnamfo. Yehowa hyiraa wɔn ma wonyaa abusua foforo. Ankyɛ, Rut waree Boas a na ɔyɛ ɔdefo a na ɔwɔ nsase wɔ Yuda no na ɔwoo ɔbabarima a ne din de Obed a ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid nana no.​—Rut 4:13-22; Mateo 1:5, 6.

Saa honhom mu ade yi ma adamfofa yɛ nea edi mũ. Ɔkwan bɛn so? Wɔ Rut ne Naomi asɛm no mu no, na wɔn baanu nyinaa som Yehowa a ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) “Onyankopɔn ne dɔ,” na sɛ yefi koma pa mu som no wɔ honhom ne nokware mu a, yɛwɔ ahotoso sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne yɛn mfɛfo abɔde no bɛyɛ kɛse. (1 Yohane 4:8; Yohane 4:24) Enti, yebetumi asakra. Yenya adamfofa su wɔ afoforo ho, ne titiriw no, mmusua nyinaa mu nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wohu amane no. Ɛdenam saayɛ so no, ahopɛfo nkɔso nna ahopɛ su adi kɛse. Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya susuw afoforo ho. Yefi ase da Onyankopɔn honhom aba no adi​—“ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.”​—Galatifo 5:22, 23.

Su horow yi boa ma obi nya tumi a ɛho hia a ɛbɛma watumi de afoforo mmerɛwyɛ ne mfomso ahorow afiri wɔn​—“enkosi mpɛn ason, na mmom aduosɔn ahorow ason!” sɛnea Yesu kae no. (Mateo 18:21, 22) Esiane saa asɛm yi nti, adamfofa pii gu. Nanso Yesu Kristo kaa eyi ho asɛm na odii so. Hwɛ sɛnea ɔde n’asuafo a na wɔnyɛ pɛ a na wɔtɔ sin no mfomso ahorow firii wɔn mpɛn pii a pow a Petro pow Awurade a ɛyɛ aniwu mpo ka ho!​—Mateo 26:69-75.

Esiane honhom mu nkɔso yi nyinaa nti, yɛn nnamfo kɔ so dɔɔso. Awiei koraa no, yehu sɛ yɛyɛ wiase nyinaa nnamfo abusua kɛse mufo! Yehu nso sɛ yɛn nnamfo gyinapɛn korɔn kɛse. Sɛ nhwɛso no, Brian a ɔyɛ Yehowa somfo ɔfoforo no ka sɛ na ne kan nnamfo ma ɔnom nsa na obuu n’ani guu ne yere ne ne mma so. Nanso mprempren ɔde ne ho ma n’abusua no kɛse. Ɔka wɔ ne nnamfo afoforo pii a ɔne wɔn wɔ gyidi koro wɔ Yehowa mu no ho sɛ: “Sɛ mihyia ɔhaw a, minim sɛ metumi afa telefon na mafrɛ wɔn mu biara, na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa.”

Na Alan wɔ nnamfo a na wɔn nkɔmmɔbɔ taa yɛ nea ɛfa kar ne mmeawa ho. Nanso ohui sɛ saa nsɛm no yɛ nea “anigye ne mfaso” nnim bere a onyaa nnamfo afoforo pii a wɔyɛ Yehowa adɔfo no. “Komam anigye a eye na ɔdɔ wom” a woyii no adi kyerɛɛ Alan no nyaa no so nkɛntɛnso kɛse.

Yɛn Nnamfo A Woye Sɛn Biara

Saa nnipa yi nyinaa ne afoforo ɔpepem pii yɛ wiase nyinaa nnamfo abusua a ɛmfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu a ɛtra aman, abusua, ne asetra mu ahye ahorow ​—adesamma abusua nokware onuayɛ a ɛte sɛ tete Kristofo no de no. (3 Yohane 14) Abusuabɔ koro no ara a ɛkaa Rut ne Naomi boom no nso ka abusua yi bom, ɛne Yehowa Nyankopɔn nokware som. Wɔn nyinaa de ahobrɛase ne aseda gye Yehowa ne Yesu Kristo tom sɛ wɔn nnamfo a wɔsen biara. Ebia wubebisa sɛ so ‘Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ne ne Ba no yɛ wɔn nnamfo? Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye? So ɛno nyɛ ahomaso?’ Wiɛ, Bible no ka sɛ: “Abraham gyee [Yehowa] dii, . . . na wɔfrɛɛ no [Yehowa] adamfo.” Ɛdaa adi sɛ na ɛno yɛ ɔdom a ɛnsɛ. Nanso Yehowa Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”​—Yakobo 2:23; 4:6.

Ebia ebinom te nka sɛ bɔne wɔ wɔn ho dodo sɛ wobenya hokwan a ɛte sɛɛ. Nanso Yakobo kɔ so ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta! Mommrɛ mo ho ase [Yehowa] anim, na ɔbɛma mo so.”​—Yakobo 4:8, 10.

Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.” Ɔdaa no adi nso sɛ mmara a ɛso sen biara ne sɛ ‘dɔ wo Nyankopɔn wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne wo yɔnko sɛ wo ho.’ (Yohane 15:14; Mateo 22:37-40) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nokware nnamfo pii. Afei nso, yɛnam saayɛ so bɛfata ama hokwan kɛse foforo bi​—daa nkwa wɔ asase a wɔatew so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase so. (Mateo 6:9, 10) Sɛnea Yesu kae no: “[Yehowa] ahyɛde no yɛ daa nkwa.”​—Yohane 12:50.

So wobɛma kwan ma Yehowa Adansefo aboa wo? Sɛ nnipa a wɔwɔ adamfofa su pa no, wɔpɛ sɛ wɔbɛsra wo na wɔne wo bɔ asɛnhia yi ho nkɔmmɔ a worentua hwee. Wobetumi aboa wo ma woanya nokware nnamfo pii.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Nokware Adamfofa ho Akwankyerɛ Bi

Yiyi wɔn a wone wɔn bɔ fekuw no mu.

Kyerɛ afoforo ho anigye a emu yɛ hyew na yɛ otiefo pa.

Monyɛ nneɛma mmom​—osuahu ahorow a mobɛka akyerɛ mo ho mo ho no bɛhyɛ adamfofa no mu den.

Da nsɛm adi pefee na fi koma pa mu yɛ ade bere nyinaa.

Da tema ne ayamhyehye adi bere a afoforo wɔ ɔhaw mu no.

Sɛ wo nnamfo yɛ mfomso anaasɛ wɔma wo bo fuw a, siesie wo ho sɛ wode befiri wɔn​—‘enkosi mpɛn aduosɔn ahorow ason!’​—Mateo 18:22.

Sɛ wotwa atoro to wo nnamfo so anaasɛ wɔkasatia wɔn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a, yɛ ɔnokwafo na yi wɔn ano.

Yehowa a wɔbɛbom asom no hyɛ adamfofa mu den kɛse.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Na Rut rennyaw Naomi hɔ efisɛ na wɔn adamfofa no wɔ honhom mu nnyinaso a ɛyɛ den. So wowɔ nokware nnamfo a wɔte saa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena