Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 1/1 kr. 8-9
  • Sodifo a Ɔkorɔn Sen Onipa a Yehia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sodifo a Ɔkorɔn Sen Onipa a Yehia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhene a Ɔwɔ Tumi wɔ Abɔde So
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Nantew Nsu So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Ma Nnipa Pii Aduan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 1/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Sodifo a Ɔkorɔn Sen Onipa a Yehia

BERE a Yesu nam anwonwa kwan so ma nnipa mpempem pii aduan no, ɛyɛ nnipa no nwonwa. Wɔka sɛ, “Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!” Na ɛnyɛ sɛ wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne saa odiyifo no a ɔso sen Mose no nko, na mmom ɔbɛyɛ sodifo a oye sen biara nso. Enti wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkyere no de no asi hene.

Nanso, Yesu nim nhyehyɛe a wɔreyɛ no. Enti ofi hɔ kɔ ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛkyere no. Ɔma nnipadɔm no fi hɔ kɔ na ɔhyɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔtra wɔn ɔkorow no mu na wɔnsan nkɔ Kapernaum, na afei ɔkɔ mmepɔw so kɔbɔ mpae. Na Yesu nkutoo na na ɔwɔ hɔ saa anadwo no.

Bere tiaa bi ansa na ade rekye no, Yesu fi baabi a ɔwɔ a ɛkorɔn no hwɛ asorɔkye a mframa a ano yɛ den rebɔ no wɔ po no so no. Esiane sɛ Twam afahyɛ no abɛn nti, na Yesu hu ɔkorow a asuafo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa asorɔkye no so no te mu no wɔ ɔsram a atwa puruw no hann mu, Bere a otwa akwansin bɛyɛ abiɛsa anaa anan no odu n’asuafo no nkyɛn. Nanso, ɔtoa so te sɛ ɔretwa wɔn ho akɔ. Bere a wohu no no, wɔteɛm sɛ: “Ɛyɛ honhom bi!”

Yesu bua wɔ awerɛkyekye kwan so sɛ: “Ɛyɛ me, munnsuro.”

Nanso Petro ka sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka ma memmra wo nkyɛn nsu no ani!”

Yesu bua sɛ: “Bra!”

Enti Petro si fi ɔkorow no mu, na ɔnantew nsu no ani kɔ Yesu nkyɛn. Nanso bere a Petro rehwɛ ahum no, ehu ka no na ofi ase sɛ ɔremem no, ɔteɛm sɛ: “Awurade, gye me!”

Ntɛm ara Yesu teɛ ne nsa so no mu na ɔka sɛ “Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye?”

Bere a Yesu ne Petro san kɔ ɔkorow no mu akyi no, ahum no gyae, na asuafo no ho dwiriw. Nanso so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa? Sɛ na wɔate “abodoo ho asɛm no ase” denam anisɔ a wɔbɛkyerɛ wɔ anwonwade kɛse a na Yesu ayɛ a ɛne abodoo anum ne mpataa nketewa abien pɛ a ɔde maa nnipa mpempem pii dii wɔ nnɔnhwerew kakraa bi a atwam no mu a, ɛnde anka ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ obetumi anantew nsu so na wama ahum no agyae. Nanso afei asuafo no ba bɛkotow Yesu na wɔka sɛ: “Onyankopɔn ba ne wo ampa.”

Wɔ bere tiaa bi mu no, wodu Genesaret a ɛyɛ asasetaw a ɛma nnɔbae a ɛbɛn Kapernaum no. Wɔtow ɔkorow no sɛkyɛ wɔ hɔ. Nanso bere a wɔkɔ mpoano no nkurɔfo hu Yesu na wɔkɔ asase a atwa ho ahyia nyinaa so kɔhwehwɛ ayarefo. Bere a wɔde eyinom a wɔdeda wɔn ayarefo kɛtɛ so ba na woso Yesu atade ano nnwow ara kwa no wɔn ho yɛɛ wɔn den koraa.

Ade kyee no, nnipadɔm a wohuu anwonwa kwan so a wɔnam maa nnipa mpempem pii aduan no hu sɛ Yesu kɔ. Enti bere a ahyɛmma fii Tiberia bae no wɔtra mu kɔ Kapernaum sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yesu. Bere a wohu no no, wobisa sɛ: “Rabi, da bɛn na wobaa ha?” Mmuae a Yesu ma no bɛma nneɛma mu ada hɔ kɛse. Yohane 6:14-25; Mateo 14:22-36, NW; Marko 6:45-56.

◆ Bere a Yesu nam awonwa kwan so maa nnipa mpempem pii aduan akyi no, na dɛn na na nnipa no pɛ sɛ wɔyɛ no?

◆ Dɛn na Yesu fi bepɔw a na wakɔ so no so hu, na afei dɛn na ɔyɛ?

◆ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nneɛma yi yɛ asuafo no nwonwa kɛse?

◆ Bere a wodu mpoano no, dɛn na esi?

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 9]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena