Gyidi Ayaresa—Dɛn Na Ɛwom A Etumi Kanyan Nkurɔfo?
Na sanku, torobɛnto, nkyene, mpintin ne nnawuru gyigye wɔ asɔredan no mu. Na mmarima, mmea, ne mmofra de anigye ntraso saw to nnwom. Na tebea no ye ma ayaresa no mfiase.
Gyidi ɔyaresafo no a ɔhyɛ atade fitaa yuu no fi ase de ne nsa gu obubuafo bi a ɔwea no so. Afei ɔde ne nsa gu onifuraefo bi a hwɛe a ɔhyɛ no akata n’aniwa a enhu ade no so no so. Bɛhwɛadefo teɛm sɛ “Anwonwade!” bere a obubuafo no fi ase nantew na onifuraefo no fi ase hu ade no . . .
NSƐM a ɛte sɛe taa si wɔ Afrika gyidi ayaresafo asɔre ahorow pii mu. Nokwarem no, gyidi ayaresafo wo akyidifo pii wɔ Afrika ne nsase afoforo so esiane sɛ wɔka sɛ wɔnam mpaebɔ ne Onyankopɔn mu gyidi so betumi adi ɔhaw ahorow biara ho dwuma nti. Esiane eyi nti, ebinom de sika fam ɔhaw ahorow kɔ gyidi ayaresafo nkyen. Na esiane sɛ oboninyɛ yɛ aniwude wɔ Afrikafo mu nti, ebinom kɔ gyidi ayaresafo nkyɛn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛma wɔatumi awo mma.
Nanso, gyidi ayaresafo de wɔn adwene si nyarewa ahorow so kɛse sen biribi foforo biara. Ɛwom sɛ wɔtɔn nnuru pii wɔ wiase no mu na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ayarefo ho atɔ wɔn de, nanso ɛbɛkyɛ ansa na onipa anya nyarewa ahorow ano aduru. Ayarefo binom asɛe sika pii de ahwehwɛ ayaresa nanso wonnya. Ɛnde, enye nwonwa sɛ esiane abasamtu nti, nnipa pii dan kɔ gyidi ayaresafo nkyɛn!
Ebinom te nka sɛ gyidi ayaresa ama wɔn ho atɔ wɔn na entia Kristosom. Nokwarem no, esiane sɛ ayaresafo no taa ka se wɔyɛ adwuma wɔ Yesu din mu nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn akyidifo no yɛ asɔre titiriw bi ne gyidi ayaresa asɔre bi mufo. Nanso so Onyankopɔn somfo nokwafo betumi akɔhwehwɛ gyidi ɔyaresafo hɔ mmoa ma afata? Nanso so wobetumi aka sɛ Onyankopɔn na ɔma wotumi sa nyarewa ahorow a wɔsa no?