Ɔsoro A Wofi Koraa So Ho Adanse
ONYANKOPƆN Asɛm a efi honhom mu no abɛka yɛn nsa pɛpɛɛpɛ, na ɛsɛ sɛ yɛda Bible no Kyerɛwfo no ase titiriw wɔ ɛso a wɔkorae anwonwa kwan so saa no ho. Hebri Kyerɛwnsɛm no anaa ne fã bi nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 6,000 na ɛwɔ hɔ na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 5,000 na ɛwɔ hɔ.
“[Yehowa] asɛm de, ɛte hɔ daa.” (1 Petro 1:25) Nanso dɛn na nnɛyi nhwehwɛmu ama ada adi wɔ n’Asɛm Kronkron no a wɔkoraa so no mu?
Emu Nsɛm no yɛ Nea Wotumi de ho to so Dɛn?
Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm no yɛ nea wotumi de ho to so dɛn? Wotumi de ho to so ampa, na ɛyɛ nea wontumi mfa foforo biara ntoto ho bere a yesusuw nkyerɛwee ahorow a atra hɔ fi tete no ho no. Wosii nokwasɛm no so dua wɔ nhoma Auf den Spuren Jesu (Yesu Anammɔn Akyidi) a Gerhard Kroll kyerɛwee no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛwfo no kyerɛe sɛ Helani nyansapɛfo Aristotle (afeha a ɛtɔ so anan A.Y.B.) nkyerɛwee ahorow a ɛwɔ mmɛw krataa so no mu asia pɛ na wɔakora so, titiriw no nea wɔyɛɛ no afeha a ɛtɔ so du Y.B. anaasɛ ɛno akyi no. Plato (afeha a ɛtɔ so anan A.Y.B.) nkyerɛwee dii yiye kakra. Ne nnwuma no nsaano nkyerɛwee du wɔ hɔ a wɔyɛɛ no afeha 13 no mu. Herodotus (afeha a ɛtɔ so anum A.Y.B.) fam de, mmɛw krataa asinasin bɛyɛ 20 wɔ hɔ a wɔkyerɛw no bɛyɛ afeha a edi kan Y.B. mu. Wɔkyerɛw ne nnwuma no nyinaa nsaano nkyerɛwee a edi kan no afeha a ɛtɔ so du no mu. Na afeha a ɛtɔ so 11 no mu nkutoo na wɔkyerɛw Josephus tete nnwuma no nea edi kan no.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (a wowiee no afeha a edi kan no mu no) yɛ nea afeha a ɛtɔ so abien no mu nkrataa asinasin ne afeha a ɛtɔ so anan no mu nhoma mũ ahorow di ho adanse. Sɛnea Kroll kyerɛ no, afeha 2 kosi 7 mu mmɛw nkrataa 81, afeha 4 kosi 10 mu uncial nkyerɛwee no nsaano nkyerɛwee 266, ne afeha 9 kosi 15 mu nsaano nkyerɛwee soronko bi 2,754, ne kyerɛw nsɛm ahorow a wɔpaw kenkan no asɔrefi 2,135 na ɛwɔ hɔ. Eyi nyinaa boa yɛn ma yehu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm no. Enti, yiw, wodi ho adanse pa ampa.
Yohane Asɛmpa no Sin bi a Ɛho Hia
Hena na ɔbɛhwɛ kwan sɛ obehu Bible nsaano nkyerɛwee bi a ɛsom bo wɔ nwura a wɔaboaboa ano mu? Nanso ɛhɔ na wohuu Yohane Asɛmpa ti 18 no sin bi a ɛsom bo kɛse. Mprempren wɔfrɛ no John Rylands Papyrus 457 (P52), na wɔakora so wɔ Manchester, England. Wɔyɛɛ dɛn na wohui, na dɛn nti na ɛho hia saa?
Wɔ afeha no mfiase mu hɔ no, fam tutufo kotuu mmɛw nkrataa asinasin pii a na nkrataa, adegye so nhoma, adesrɛ, ne nnipakan ho nkrataa ahorow, ne nneɛma afoforo pii ka ho wɔ kurow a wɔfrɛ no Oxyrhynchus a ɛwɔ El Faiyûm, Misraim, mantam mu no mu. Na wɔakyerɛw dodow no ara wɔ Hela kasa mu na wɔkoraa so wɔ anhwea a emu awo mu.
Wɔ afe 1920 mu no, John Rylands Nhomakorabea a ɛwɔ Manchester no kɔtoo saa mmɛw nkrataa yi bi. Mfe dunnan akyi, bere a ɔbenfo C. H. Roberts rehwehwɛ saa asinasin yi mu no, ohuu nsɛm bi a na ɛte sɛ nea wahu pɛn. Fa w’ani bu sɛnea ne ho dwiriw no bere a ohui sɛ efi Yohane ti 18, nkyekyem 31 kosi 33 a ɛwɔ ɔfã biako na nkyekyem 37 ne 38 no afã bi wɔ ɔfã foforo (n’akyi) no. Ɛbɛdaa adi sɛ saa mmɛw krataa sin yi ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara a wɔahu. Wɔde Helafo nkyerɛwde akɛse a wɔfrɛ no uncial no na ɛkyerɛwee na efi Yɛn Bere yi so afeha a ɛtɔ so abien no fã a edi kan no mu.
Saa krataa sin yi ntwemu yɛ nsateakwaa 3.5 na ne trɛw yɛ nsateakwaa 2.5. Ɔkwan bɛn so na wotumi hu mmɛw krataa ketewaa yi mfe a adi no pɛpɛɛpɛ saa? Titiriw no denam nkyerɛwee ko no a wɔhwehwɛ mu a wɔfrɛ ɛho adesua sɛ paleography no so. Nsaano nkyerɛwee nyinaa sakra nkakrankakra bere a mfe no sen no, na nsakrae no na ɛkyerɛ mfe a nsaano nkyerɛwee bi adi, a wobetumi adi
mfomso kakra wɔ mfe no mu, sɛ ɛrennu anaasɛ ɛboro so kakra. Enti nsaano nkyerɛwee mũ no a wɔhwɛɛ so kyerɛw ɔfã ketewaa bi saa no bɛn bere a Yohane ankasa kyerɛw Asɛmpa kyerɛwtohɔ no kɛse. Ɛda adi sɛ na bere a ɛda ntam no bɛyɛ mfe 30 anaa 40 bi. Yebetumi agye adi nso sɛ ɛnyɛ nea akyerɛwfo a wɔbaa akyiri yi yɛɛ nsakrae kɛse biara wɔ Yohane kyerɛwtohɔ no mu, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ asɛm a ɛwɔ krataa sin no so no ne nea ɛwɔ nsaano nkyerɛwee ahorow a wohui akyiri yi koraa mu no hyia pɛpɛɛpɛ.
Ansa na wɔrehu eyi no, na akasatiafo aka sɛ Yohane Asɛmpa no nyɛ Yesu somafo bi nkyerɛwee a ɛyɛ nokware na mmom akyiri yi na wɔkyerɛwee, ɛde rekɔ afeha a ɛtɔ so abien no awiei mu hɔ. Nea ɛne no bɔ abira no, mprempren emu da hɔ pefee fi saa krataa sin yi mu sɛ na Yohane Asɛmpa no wɔ Misraim wɔ afeha a ɛtɔ so abien no fã a edi kan no mu a na ɛnyɛ nhoma mmobɔwee na mmom na ɛyɛ nhoma kɛse bi te sɛ codex. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa kɛse sɛ krataa sin a ɛte sɛ nea ɛho nhia sɛɛ no atumi aka kasatiafo ano atom wɔ ɔkwan a etu mpɔn so saa!
[Adaka wɔ kratafa 31]
MMƐW KRATAA
MMƐW yɛ afifide a enyin wɔ nsu a emu nnɔ na egyina faako anaa atɛkyɛ mu wɔ nsubɔnten a ɛsen brɛoo, te sɛ Nil ho. (Hiob 8:11) Ɛbɛyɛ sɛ mmɛw krataa na na wɔkyerɛw so wɔ Abraham bere so. Akyiri yi, ne yɛ bɛyɛɛ tete Misrifo adwuma atitiriw mu biako. Na wɔnam ɔkwantiaa bi so na ɛyɛ. Na wɔpae nea ɛhyɛ mfinimfini no mu nteanteaa abien na wɔde toto ho, na wɔde foforo tare so de bea mu. Afei wotwitwiw eyi so ma ɛyɛ traatraa, wɔhata wɔ awiam, na akyiri yi wɔde ɔbo, nworaa, anaa asonse twiw so. Na wotumi ka ntrantraa no bobom ma ɛyɛ nhoma mmɔbowee, na ne tenten tumi yɛ efi anammɔn 14 kosi 20, ɛwom sɛ wɔakora ebi a ne tenten yɛ anammɔn 133 so de. Sɛ wɔpɛ nso a, wotumi bobɔ ne nhaban no de yɛ codex a ɛte sɛ nhoma a ɛyɛ nsaano nkyerɛwee a na wonim no yiye wɔ tete Kristofo no mu no.
[Adaka wɔ kratafa 31]
MMURUKUU ne NHOMAPOEE
WƆKYERƐW afeha a ɛtɔ so anum mu Alexandrine Codex a mfiase no na Bible no nyinaa wom no wɔ nhomapoee so. Dɛn ne saa ade yi, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko fi mmurukuu ho?
Efi mfiase pɛɛ no, na wɔde oguan, ɔpapo, anaa nantwi ba nhoma na ɛyɛ mmurukuu. Na wɔnam nhoma no a wɔhoro na wokũ nhwi no fi so na afei wɔyere wɔ nnua bi a wɔabobɔ so no so na esiesie (Fa toto 2 Timoteo 4:13 ho.) Ebeduu afeha a ɛtɔ so abiɛsa ne anan no mu no, na wɔagye nhoma no ahorow mu nsonsonoe atom, wɔkɔɔ so frɛɛ nea ɛso nyɛ tromtrom no mmurukuu, na wɔfrɛɛ nea ɛso yɛ tromtrom no nhomapoee. Wɔde nantwi ba anaa oguan ba nhoma anaa nantwi anaa oguan ba a owu yafunu mu no nhoma na na ɛyɛ nhomapoee. Ɛma wonyaa akyerɛw ade a emu yɛ hare, ɛso yɛ tromtrom, na ɛreyɛ ayɛ fitaa a wɔde yɛɛ nhoma ahorow a ɛho hia kosii sɛ wohuu nhoma tintim a na nkrataa a wɔde bedi dwuma no bo yɛ mmerɛw na eye sen biara no.