Mepɛe Sɛ M’ankasa Mihu
‘Ɛhe na tete nkyerɛwee ahorow a wɔkyerɛɛ me Bible no ase fii mu no wɔ?’ Na metaa bisa me ho saa. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu mfe a adi? Ɔkwan bɛn so na wɔkoraa so wɔ mfe no nyinaa mu? Na wɔ mfehaha pii saa akyi no, so yebetumi agye adi sɛ ɛne mfitiase Bible nkyerɛwee ahorow no yɛ pɛpɛɛpɛ? Mprempen m’ankasa me gyidi wɔ Bible no mu no ase atim, nanso esiane sɛ wɔtetee me ma mibegye dii sɛ Bible no yɛ nyansa kwan so atoro no nti, na nsemmisa a ɛte sɛ eyinom taa haw me. Nneɛma mu a merepɛ ahu no ma mekɔsrasraa Europa nhomakorabea ahorow a agye din no bi mu bere a mituu kwan kɔɔ hɔ no. Midii kan kɔsraa Rome, Italy, faako a wubehu Bible tete nkyerɛwee ɔhaha pii no.
SƐ OBI wɔ Vatican Kurowpɔn a ɛte sɛ abankɛse no afasu atenten ne ahobammɔ a emu yɛ den no akyi a, ɔte nka sɛ ɔrehyɛn ademude dan bi ankasa mu. Vatican Nhomakorabea no wɔ paapa ahemfi no adiwo hɔ na enti wɔhwehwɛ sɛ nsrahwɛfo nya hokwan titiriw bi ansa na wɔatumi ahyɛn mu.
Ɛha na wɔde Vatican Tete Nkyerɛwee Nɔma 1209 anaasɛ Codex Vaticanus a agye din kɛse a wɔtaa de nkyerɛwde “B” gyina hɔ ma no no asie. Ekura Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no pii a wɔkyerɛwee wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so anan Y.B. no mfiase hɔ baabi, nea ennu asomafo no akyi mfe 300 no. Ada Vatican Nhomakorabea hɔ anyɛ yiye koraa no fi 1481 mu, nanso wɔammfa amma nhomasuafo de besii 1889-90 mu.
Ade a edi kan a mehyɛɛ no nsow wɔ ho ne sɛ na nkyerɛwee no mu da hɔ na ɛmpopawee ma ɛyɛ nwonwa. Ɛda adi sɛ mfitiase adubiri no popawee na ɔkyerɛwfo bi a ɔbae akyiri yi fofaa nkyerɛwde ahorow no biara mu ma enti ama nhoma kɛse no ahwere ne mfitiase ɔfɛ no bi. Nea ɛte sɛ Hela mu Kyerɛw Kronkron no tete nkyerɛwee afoforo nyinaa no, Vaticanus no yɛ nhoma kɛse a ɛwɔ nkratafa sen sɛ ɛbɛyɛ mmobɔwee. Wɔakyerɛw wɔ mmurukuu (nhomapoee pa) a ɛyɛ akyerɛw ade a wɔde mmoa a wonnyinii nhoma na ɛyɛ no so.
‘Wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu mfe a nhoma a ɛtete saa no adi?’ Mepɛe sɛ mihu. Mihui sɛ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee no yɛ ade titiriw biako. Nhomakorabea no ɔkyerɛwfo no fi ayamye mu de nkyerɛwee dedaw no ahorow abien a ɛsono sɛnea wɔkyerɛw ebiara koraa kyerɛɛ me. Wɔde nsa ano nkyerɛwee bi a wɔfrɛ no uncial na ɛkyerɛw efi Genesis kosi Hebrifo no. Eyi ne nkyerɛwde akɛse nkyerɛwee a wɔde dii dwuma wɔ nhoma kyerɛw mu fi afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu de besii afeha a ɛto so awotwe anaa akron Y.B. mu no. Akwan biara nni nsɛmfua ahorow no ntam na agyirae ahorow biara nnim. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔde minuscule nkyerɛwee, kyerɛ sɛ, wɔakyeakyea no a wɔakeka nkyerɛwde no pii abobom ma ɛsa so na ɛkyerɛw Adiyisɛm (ɛnka tete nkyerɛwee no ho) nhoma no. Saa ɔkwan a wɔfa so kyerɛw a esusuae yi begyee din wɔ afeha a ɛto so akron Y.B. no mfiase hɔ.
Wɔfrɛ tete nkyerɛwee adesua ho nyansahu no paleography. Nanso, esiane sɛ obi kwan a ɔfa so kyerɛw no ntaa nsakra wɔ n’asetra bere mu no nti, wɔrentumi nnyina ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee nkutoo so nkyerɛ bere a wɔkyerɛw nkyerɛwee bi no wɔ nea ɛboro mfe 50 akyi pɛpɛɛpɛ da.
“Nnwura” wɔ Nkokorafi Mu
Nea na edi ho wɔ me nhyehyɛe no so ne Engiresi Aburokyiri. Ɛha na wohu tete Bible nkyerɛwee mmoaboano a ɛsen biara no. Ɛda adi sɛ Britania Tete Nneɛma Akorae no ano kwan fɛfɛ no atrapoe a meforoe no maa m’akwanhwɛ kɔɔ soro. Ɛha na Codex Sinaiticus a agye din no wɔ. (Wɔkaa sɛnea wohuu saa nkyerɛwee yi nkratafa bi wɔ nnwura kɛntɛn bi mu wɔ Sinai wɔ 1844 mu no ho asɛm a ɛyɛ nwonwa no wɔ Nyan! Borɔfo de a ɛbae October 8, 1979 no mu.) Saa nkyerɛwee yi ne Vaticanus no ne Hela kyerɛwsɛm a wogyinaa so titiriw de yɛɛ New World Translation nkyerɛase no. Mihui sɛ na wɔde ato Codex Alexandrinus no nkyɛn de rekyerɛ.
Sinaiticus no nkratafa kɛse bɛboro nsɛmma nhoma yi kɛse mmɔho. Wɔakyekye kratafa biara mu afã anan, wɔ mmurukuu pa so. Sɛnkyerɛnnede a wogye tom wɔ amanaman ntam de gyina hɔ ma Sinaiticus no ne Hebri nkyerɛwde a edi kan,’aʹleph,א.” no. Wɔka sɛ wɔkyerɛw no wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu, nanso wosusuw sɛ Vaticanus no sen no kakra.
Tete nkyerɛwee te sɛ Sinaiticus no a wɔahu no ho hia efisɛ ansa na wɔrehu nea ɛtete saa no, na wɔyɛ nkyerɛase ahorow fi nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee a ɛnkyɛe biara a mfomso ne nkyekyem ahorow pii a ɛnyɛ nokware mpo aba mu mu. Sɛ nhwɛso no ɛyɛ Sinaiticus no ne Vaticanus no na ɛdaa no adi sɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 7:53—8:11 a ɛfa ɔbea aguaman bi ho no yɛ nea wɔde kaa ho akyiri yi efisɛ enni tete nkyerɛwee no biara mu.
Wɔakora so Afi Ogya Mu
Nea ɛda kyerɛ adaka koro no ara mu ne Codex Alexandrinus (A) a wɔkyerɛ sɛ wɔkyerɛw no 400-450 Y.B. no. Ɛyɛɛ me sɛ ɛno na ne nkyerɛwee no yɛ fɛ sen nea mihui no nyinaa. Wɔfa ne din no fi Agyanom Mpanyimfo Nhomakorabea (Patriachal Library) a ɛwɔ Alexandria, Egypt, faako a na ɛda kosi sɛ wɔde maa James I a ofi Engiresi Aburokyiri a ɔhwɛ ma wɔyɛɛ Engiresi kasa mu Bible nkyerɛase a agye din no wɔ 1611 mu no. Nanso, Codex Alexandrinus ankodu araa kosii 1627 mu bere a na wɔawie adwuma no koraa no. Charles I na na ɔyɛ ɔhene saa bere no.
Wɔanhwɛ so yiye bere nyinaa wɔ Ahemfi Nhomakorabea (Royal Library) hɔ. Ɛkaa kakraa bi anka ɛsɛee wɔ 1731 mu. Ogya tɔɔ ɔdan a na ɛwɔ nea nhoma kɛse no da mu no ase no mu. Nanso, ɛda adi sɛ ebinom huu bo a tete nkyerɛwee no som no, efisɛ “obi a ɔde n’ani hui ka sɛnea Ɔbenfo nimdefo Bentley a ɔhyɛ ‘ntade a wɔde da ne abotiri kɛse bi’ no tutu taataa firi ɔdan no mu bere a Codex Alexandrinus no hyɛ ne mmɔtoam no.”
Ɛyɛ afeha 19 no ɔfã a ɛto so abien no mu na wɔyɛɛ nkyerɛwee akɛse a ɛyɛ Vaticanus, Sinaiticus, ne Alexandrinus no biara nko wɔ mfoniniyɛ kwan so no. Wɔkyerɛw abien a edi kan no bere a wofii ase de mmurukuu dii dwuma titiriw wɔ nhoma kyerɛw mu no. Na ɛte sɛ nea wɔrennya nea akyɛ sen saa biara bio esiane sɛnea mmɛw nkrataa—nea na wɔkyerɛw so wɔ mfeha a edii kan no mu no—tumi sɛe no nti. Nanso, wɔ 1931 mu no wohuu tete nkyerɛwee a akyɛ yiye 11 wɔ mmɛw nkrataa so a na ɛyɛ nwonwa.
Ademude wɔ Ireland
Dublin atrae wɔ turo ahorow a ɛyɛ fɛ a Ireland wim tebea a emu yɛ nwini na emu yɛ fɔkyee no na ebetumi ama wɔanya no mu na Amerikani nneɛma anoboaboafo Chester Beatty tete nneɛma korabea ne nhomakorabea no wɔ. Esiane sɛ n’ani gye abakɔsɛm mu tete nkyerɛwee ahorow ho nti, ɔtɔɔ Bible ho biribi a ehia sen biara a wɔahu wɔ bere a wohuu Sinaiticus no akyi no. Ɛda adi sɛ na ɛyɛ afeha a ɛto so anan Kristofo kuw bi a na wɔwɔ Misraim no nhoma ahorow a wɔboaboaa ano. Wohui “wɔ baabi a na tete asɔre bi wɔ a ɛbɛn Nil.”
Mmɛw krataa yɛ soronko koraa fi mmurukuu ho. Wɔde mmɛw a na enyin wɔ Nil asubɔnten no ho wɔ faako a efi ase paapae no na ɛyɛ. Ede besi afeha a ɛto so anan Y.B. no mu no na wɔde di dwuma kɛse sen mmurukuu.
Sɛ wokɔsra Dublin a, wubetumi ahu mmɛw krataa tete nkyerɛwee ahorow a wɔaboaboa ano a wɔde rekyerɛ. Ɛwom sɛ emu biako a wɔfrɛ no P45 no asɛe kɛse de, nanso ekura Asɛmpa anan no ne Asomafo no Nnwuma no afã bi. Wɔkyerɛ sɛ efi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. no mu hɔ baabi.
Nea efi afeha a ɛto so abiɛsa no mu nso ne P47 no a Adiyisɛm nhoma kɛse no mu nkratafa du na ɛwom no. Nea ani gye ho bio nso ne P46 a wɔyɛɛ no bɛyɛ 200 Y.B. mu no. Eyi yɛ nhoma kɛse a Paulo nkrataa ahorow no akron na ɛwom. Mihui sɛ wɔde Hebrifo nhoma no aka Paulo nkrataa no ho a edi Romafo de no akyi. Saa nokwasɛm yi kyerɛ sɛ wogyee Hebrifo nhoma no a Paulo din nnim a ɛyɛ ɔsɛmpɔw a nnɛyi akyinnyegyefo binom gye ho kyim no toom sɛ ɔno na ɔkyerɛwee.
Ade biako a wɔhyɛ no nsow yiye a mahu wɔ Hela tete nkyerɛwee a mahyia no nyinaa ho ne sɛ na Onyankopɔn din Yehowa no nni emu biara mu. Enti sɛ enni eyinom ne nkyerɛwee a akyɛ na wotumi de ho to so sen biara no mu de a, dɛn nti na New World Translation no de ba? Tete nkyerɛwee mmubui bi a wodii kan suaa ho ade wɔ Cambridge, Engiresi Aburokyiri no de mmuae no fã ma.
Wɔabue Din Kronkron no So
M’ani gyee me Cambridge, faako a wotumi hu sɛ nnemire nteateaa atwa kɔlege dedaw ahorow no ho ahyia no nsrahwɛ no mu dɛn ara! Ɛyɛ saa nhomasuabea yi mu na wɔde Cairo Genizah no mu nneɛma pii bae. Na genizah no yɛ ɔdan bi a ɛwɔ hyiadan no mu a na Yudafo no de tete nkrataa gu mu.
Wɔ tete Cairo no gyidi hunu bi a na ɛwɔ hɔ sɛ ɔwɔ bi a ɔwɔ bɔre a wayɛ krado sɛ ɔbɛtaa obiara a ɔbɛfa bi no wɛn genizah no pon ano no boa ma wɔkoraa nneɛma a ɛwom no so kosii sɛ Ɔbenfo Solomon Schechter nyaa hokwan sɛ ɔde nneɛma no bɛba Cambridge wɔ 1898 mu. Wohuu nkrataa ahorow a wɔaboaboa ano bɛboro mfe apem wɔ hɔ. Nhomakorabea sohwɛfo bi de tete nkyerɛwee no mfonini sɛnea wɔde bae no a wɔde agu tii adaka bi mu te sɛ nnwura pii kyerɛɛ me.
Eyinom nyinaa mu na yehuu palimpsest, anaa nhoma mmobɔwee a wɔasan de adi dwuma bi a ani gyee ho kɛse. “Palimpsest” kyerɛ “nea wɔasan atwitwiw so” na ɛkyerɛ krataa bi a wɔahohoro so nkyerɛwee a edi kan no anaasɛ wɔatwitwiw sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan de nea wɔkyerɛw so a ne bo yɛ den no adi dwuma bio. Mpɛn pii no wotumi san hu nkyerɛwee a na ɛwɔ so dedaw no.
Wɔ saa asɛm yi mu no, wɔ nea wɔkyerɛw no akyiri yi bi ase no wohuu Hebri Kyerɛwnsɛm no fã bi a Akwila a na wabɛdan Yudani no kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. no mu no. Me ho dwiriw me sɛ mihui wɔ Hela nkyerɛwee no mu mmeae pii sɛ wɔakyerɛw Yehowa din no wɔ teteete Hebri nkyerɛwde mu. Eyi kyerɛ sɛ nnansa yi ara wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no na wɔda so ara de Hebri nkyerɛwde kyerɛw Yehowa din no wɔ Hela tete nkyerɛwee mu. Enti biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wogye kyim sɛ Yesu asuafo no nso de dii dwuma bere a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nea edi kan bere a wɔde honhom fi ɔsoro kaa wɔn no.
F. G. Kenyon a na anka ɔyɛ Bible kyerɛw nsɛm ho ɔbenfo no kyerɛwee sɛ “ɛdefa Bible mu nhoma ahorow ne tete akyerɛw nnwuma ne ɛkame ayɛ sɛ mfinimfini mfe no mu nnwuma nyinaa ho no, nea wodii kan kyerɛwee no ne nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee nea edi kan no nyinaa ayera.” Ne nyinaa akyi no, nea ɛwɔ he ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no tete nkyerɛwee a akyɛ sen biara a wonim?
Ademude Ketewaa bi wɔ Manchester
Ɛyɛ Yohane 18:31-34, 37, 38 mmubui ketewaa bi a ne ntwemu yɛ nsateakwaa abiɛsa ne fã na ne trɛw yɛ nsateakwaa abien ne kakra. Wɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no nea edi kan bɛyɛ 98 Y.B. mu. Wɔhwɛɛ so kyerɛw nea abubu yi ɛno akyi bere tiaa bi. Wɔkyerɛ sɛ wɔyɛɛ no 100-150 Y.B. mu. Wobehu wɔ he? Wɔ Manchester a Engiresi Aburokyiri asawa adwuma dii yiye wɔ hɔ wɔ afeha 19 mu no. Ɛhɔ na wɔ John Rylands Nhomakorabea no mu no wɔde mmubui yi kyerɛ amanfo nnakoro nnakoro bi nkutoo.
Nhomakorabea sohwɛfo no fi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ sɛnea wobetumi agyina mmubui a ɛte saa no so ahu nhoma no mfitiase kɛse no ankasa no mu kyerɛɛ me. Wobu ano sɛ efi Yohane Asɛmpa no nhoma kɛse bi a na ɛyɛ nkratafa 130 mu na wɔde kratafa biara kɛse toto nsɛmma nhoma yi de ho. Bere a ɛhyɛ nhwehwɛ prɛte abien bi ntam no, mmubui no te sɛ abodoo ntrantraa bi a ɛyɛ fakaa. Wɔka kyerɛɛ me sɛ mmɛw nkrataa pii nso yɛ fakaa saa ara wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.
Wɔyɛ dɛn hu mfe a adi no? Mihui sɛ mmɛw krataa ko a wɔde dii dwuma, sɛnea ne hwɛbea te, ne ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee no nso ma wonya nnyinaso bi. Na mitumi hu mpo sɛ nkyerɛwee no a wosusuw sɛ ɛnyɛ ɔkyerɛwfo bi a waben de no yɛ soronko fi nkyerɛwee a ɛwɔ mmurukuu tete nkyerɛwee a na mahu a na nsensanee a ɛkyeakyea no mu piw na nea ɛbeabea hɔ no wɔ osiwiei bi a emu di wɔ n’awiei no ho.
Saa mmubui ketewaa yi ho hia dɛn? Etu nea akyinnyegyefo bi ka sɛ Asɛmpa no yɛ nsɛm a wowiawiae ankasa fi afeha a ɛto so abien no mu na ɛnyɛ Yesu asuafo no na wɔkyerɛwee koraa no gu. Nanso, esiane sɛ wogye tom wɔ wiase nyinaa sɛ wɔkyerɛw Mateo, Marko, ne Luka ansa na wɔrekyerɛw Yohane nti, yɛwɔ adanse wɔ ha sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa wɔ afeha a edi kan no mu. Atoro ahorow biara nni hɔ a ebetumi ama wɔakyerɛw wɔ afeha a edi kan no mu bere a na wɔn a wɔde wɔn ani huu nneɛma a wɔka ho asɛm no betumi apow atosɛm biara no.
Ɛyɛ nwonwa dɛn ara sɛ wɔ mfehaha pii akyi no, yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no bi a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ a ɛbɛn bere a wɔkyerɛwee no! Sɛnea nhomanimfo a wonim no yiye Owura Frederic Kenyon kyerɛw faa Bible no ho no: “Tete nhoma foforo biara nni hɔ a ɛwɔ biribi te sɛ adanse a ɛyɛ mfitiase de na ɛdɔɔso fa emu nsɛm no ho, na nhomanimfo a onni adwenkyea biara nni hɔ a obegye akyinnye sɛ emu asɛm a abɛka yɛn nsa no ye sɛnea ɛsɛ.”
Sɛ́ nea afi me nsrahwɛ ahorow no mu aba no, minyaa nsɛm a wɔde honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛw too hɔ yi mu ahotoso kɛse mpo: “[Yehowa] nsɛm yɛ nsɛm kronkron te sɛ dwetɛ a wɔanan ananee a ɛsen fam a wɔayiyi mu mpɛn ason.” (Dwom 12:6)—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 23 mfoni]
Codex Sinaiticus no ma wonyaa nea wogyinaa so nyaa Hela nkyerɛwee a wɔkyerɛɛ New World Translation ase fii mu no bi.
[Asɛm Fibea]
Courtesy of the British Museum, London
[Kratafa 24 mfoni]
Codex Alexandrinus (A) a wɔkan ne mfe fi 400-450 Y.B. mu no nyɛɛ ne din no fii Patriachal Library a ɛwɔ Alexandria, Egypt no mu
[Asɛm Fibea]
By permission of The British Library
[Kratafa 25 mfoni]
Wosusuw sɛ saa afeha a ɛto so abien mu mfiase Yohane 18 afã bi mmubui yi akyɛ sen Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛwee biara a wonim
[Asɛm Fibea]
Courtesy of The John Rylands University Library, Manchester