Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 12/8 kr. 18-21
  • Jazz Ɔkyenekafo Bi Nya Nokware Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Jazz Ɔkyenekafo Bi Nya Nokware Anigye
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minya Me Mmofraase Adaeso No
  • Nokware Anigye?
  • Yiyedi wɔ Europa
  • Me Yere nhwɛso
  • Apereperedi wɔ me Mu
  • Kuw no mu a Mifii
  • Nokware Anigye a Minyae
  • So Afrikafo Nkyene Kasa Ampa?
    Nyan!—1997
  • Metraa Ase Maa Nnwom
    Nyan!—1985
  • Nnɛyi Nnwom Ahorow​—So Ebetumi Adan W’adwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 12/8 kr. 18-21

Jazz Ɔkyenekafo Bi Nya Nokware Anigye

BOOM! Boom! Boom! Wɔ agodibea agua so akanea no hyerɛn mu no, ɔkyenekafo no bɔ ma nnyigyei no ba. Na m’ani si akyene no so haa, na nnyigyei no maa me koma bɔɔ paripari.

Wɔ January 1945 mu bere a na Wiase Ko II no wɔ n’awiei mu no, m’abusua kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ me na awofo nkyɛn wɔ Katsunuma, Japan. Ɔko no akyi no, Agya bɛyɛɛ kurow no mu mmofra nnwontofo kuw no kwankyerɛfo. Sɛ mekɔhwɛ wɔn bere a wosuasua no a, akyene nnyigyei a ano yɛ den no ma me ho dwiriw me.

Bere a mekɔɔ ntoaso sukuu no, mede yɛɛ me botae sɛ mɛyɛ jazz ɔkyenekafo. Me nnwom ɔkyerɛkyerɛfo hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ nnwonto sukuupɔn mu, na m’awofo boaa me ma misiesiee me ho maa sɔhwɛ a wɔde nya mu kwan no. 1964 mu, wɔ nnipa pii a wɔyɛɛ sɔhwɛ no a na wofi Japan nyinaa no nyinaa mu no, na meka baasa a wogyee wɔn kɔɔ Tokyo National University of Fine Arts And Music no Akyeneka Dwumadibea hɔ no ho.

Ɛwom sɛ na sukuupɔn no ne nea eye sen biara wɔ Japan de, nanso mehawee. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔmmfa ntetee biara mma ɔdesuafo no a ɛbɛma wabɛyɛ jazz ɔkyenekafo, na saa ara nso na na adesuafo no mmɔ jazz. Nanso meyɛɛ adwuma dennen de suaa akyene afoforo no ka na minyaa nkɔanim ahorow pii. Nkakrankakra no migyaw nea mepɛ a ɛne sɛ mɛyɛ jazz ɔkyenekafo no na mifii ase dwenee ho sɛ mɛdɔm nnwontofo kuw bi a agye din. Nanso me ho dwiriw me.

Nnwontofo kuw bi muni ka kyerɛɛ me sɛɛ “Sɛ wobɔ mmɔden dɛn ara mpo a, wurentumi. Wɔapaw emufo afoforo no dedaw, mpo ansa na woreba sukuupɔn no mu.”

Metee adwenemhaw ne nkogu nka enti mesan kɔɔ me jazz akyeneka akɔnnɔ no so. Meka kyerɛɛ me ho sɛ: ‘Wɔ jazz agoru mu no, tumi a wutumi ka akyene no ne nea ɛho hia, na ɛnyɛ mpanyimfo a wunim wɔn anaa nnipa dodow a wɔba ase no.’ Bere a sukuupɔn no wie rebɛn no, ná mekɔka sukuupɔn ahorow jazz akuw ho bere a wosuasua bɔ no.

Minya Me Mmofraase Adaeso No

Afei, wɔ 1967 mu no, mihyiaa sankubɔfo bi a wɔfrɛ no Yosuke Yamashita. Ɛnyɛ sɛ na ɔbɔ jazz nko na mmom na ɔyɛ obi a otumi bɔ ne tirim yɛ ade kɛse ne nnwom suafo nso. Yɛtew nneɛma abiɛsa kuw bi a ɛyɛ sanku (piano) , mmɛnta sanku, ne akyene a na ɛyɛ nwonwa. Mfiase no na wɔn a wɔpɛɛpɛɛ nnwom mu ne atiefo nyinaa nte jazz agoru a tumi wom a na yɛde reba no ase. Na nnipa ntaa nkɔ yɛn agodi ase. Nanso na me koma atɔ me yam. Na Yosuke ani gye m’agodi ho, na bere bi akyi no, sɛnea yɛne yɛn ho hyia no mu bɛyɛɛ den na na eye.

M’akyeneka no bɛyɛɛ biribi soronko. Ɛdenam nsambu nnawuru, apetemma, akyene kɛse ne tom-tom no a minnyae bɔ koraa no so no, na akyene afã no kɔ so gyigye bere no nyinaa. Sɛnea me nsa kɔ ntɛmntɛm na tumi wom no maa atiefo ho dwiriw wɔn na egyee din. Dakoro bi yegoru kyerɛɛ atiefo bi wɔ Kosei Nenkin Asa a ɛwɔ Tokyo no ase bere a na Japanfo Yomiuri Symphony Orchestra no reyɛ kɔnsɛt wɔ asa kɛse no so wɔ soro.

Adekyee no atesɛm nkrataa no de nkaebɔ yi a efi nnwontofo kuw no hɔ bae: ‘Ɛyɛ yɛn yaw sɛ na ɛyɛ den sɛ wobetie yɛn kɔnsɛt no anadwo a etwaam no esiane dede a na efi ase hɔ no nti no. Yefi yɛn koma mu pa kyɛw.’ Akyiri yi wosiesiee asa no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a nnyigyei renhaw adwene. Ɛno akyi no wɔbɛfrɛɛ me Ɔkyenekafo Kakae.

Nokware Anigye?

Bere a yɛn kuw no dii yiye kɛse no, mifii ase bɔɔ ɔbra bi a na meyɛ nea mepɛ biara. Mitutuu akwan Japan nyinaa a na mene nnamfo kyinkyin bere biara a mepɛ. Saa bere yi na maware. Nanso na minsusuw me yere Yukiko a na ɔwosow akasa wɔ The Ladies’ Orchestra mu no ho ahe biara.

Na m’ani nnye. Na m’ani bere obi foforo a ɔka akyene biara, na me haw no yɛɛ kɛse bere a na me kɛseyɛ ne me sika a ɛsɛ sɛ minya no nnu nea na mepɛ no. Metee nkogudi nka wɔ me mu. Mitumi bisa m’ahokafo sɛ: “Adwumayɛ, asanom, ne akyinkyinakyinkyin a ɛte saa yi so mfaso ne dɛn?”

Ebia wobua sɛ: “Mfa nkwasea nsusuwii saa nhaw wo ho. Anigye a ɛwom no ne asɛm no.” Nanso, asetra a anigye wom akyidi no ma minyaa berɛbo ho asɛnnennen a ɛma mekɔdaa ayaresabea wɔ 1972 ahohuru bere mu. Bere a ɔfe ne mmerɛwyɛ a emu yɛ den kaa me no, misuroe sɛ mewu. Misusuwii sɛ: ‘Sɛ ɛsɛ sɛ migyae akyeneka na minya nkwa a, mepɛ sɛ metra ase!’

Saa bere no, na me yere ne ne nnwontofo kuw no atu kwan. Awiei no ɔsan bae behuu sɛnea meyare no na ɛma ogyaee adwuma no. Afei ara na na wafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no, na esiane sɛ m’ani sɔɔ ne ɔhwɛ no kɛse nti, mepenee so sɛ ɔntoa n’adesua no so. Metee apɔw ntɛmntɛm na bere a metee apɔw no akyi asram abiɛsa no, mekɔkaa yɛn nnwontofo kuw no ho bio. Yɛbaa television ne radio so bere ne bere mu, na yɛn atiefo ne yɛn sika a yenya nyinaa kɔɔ anim.

Yiyedi wɔ Europa

Wɔ 1973 mu no yɛkɔɔ yɛn kɔnsɛt akwantu a edi kan wɔ Europa. Da a edi kan no, yegorui wɔ Mörs Jazz Afahyɛ no ase wɔ Germany. Bere a yewiei no, na ɛhɔ ayɛ dinn, afei osebɔ kɛse bi dii akyi. Onii a ɔfrɛɛ afahyɛ no bisae sɛ: “Hei, mo nyinaa! So mopɛ sɛ saa kuw yi san ba afe a ɛbɛba no?” Atiefo no de osebɔ foforo maa mmuae. Ɛda a edi hɔ no atesɛm krataa bi de me mfonini ne nsɛm a wɔakyerɛw no akɛse bae se: “Kamikaze Ɔkyenekafo a ofi Japan.”

Afe a edi hɔ no yɛn sika ne hwehwɛ a wɔhwehwɛ sɛ yegoru no kɔɔ anim. Yegorui wɔ Berlin Jazz Afahyɛ, Donaveschingen Nnɛyi Nnwom Afahyɛ, Heidelberg Jazz Afahyɛ, Ljubljana Jazz Afahyɛ, North Sea Jazz Afahyɛ ne nea ɛkeka ho ase. Atiefo bisae sɛ yɛmmɔ bio bere nyinaa, na wɔ afahyɛ ahorow no bi ase no, polisifo too santen wɔ agodi agua no anim de bɔɔ yɛn ho ban fii wɔn a wɔn ani gye yɛn ho no ho. Yiw, na m’adi yiye kɛse afei sɛ ɔkyenekafo, a na ɛtra me mmofraase adaeso no mpo.

Me Yere nhwɛso

Na me yere ho a ɔde hyɛ nnwonto mu no nhaw me koraa, nanso afei na Kristofo nhyiam horow ne asɛnka a ɔbɛkɔ no ho nsusuwii haw m’adwene kɛse. Misusuwii sɛ: ‘Wɔn a wɔde wɔn ho to nyamesom so no yɛ mmerɛw. Nyamesom yɛ nsisi a ebu wɔn a wɔyɛ mmerɛw no.’ Ɛwom sɛ meyɛɛ nea metumi nyinaa kasa kyerɛɛ no sɛnea obegyaw ne som foforo no de, nanso ɔpowee sɛ obegyae.

Da koro bi odii m’akyi kɔɔ m’asanom no bi na ɔtraa me nkyɛn komm wɔ asanombea bi mu. Bere a me bo afuw no, mihwiee whiskey guu ne so. Mekae sɛ: “Yera!” Ɔde dukuu popaa ne ti nhwi ne n’atade mu dinn na ɔyɛɛ ade te sɛ nea hwee mmae. Nsatɔnfo no ne adetɔfo no de anibɔne hwɛɛ me. Mekɔɔ so nom nsa kosii sɛ na minhu hwee bio na ɛno akyi no ɔde me kɔɔ fie.

Anadwo foforo nso no mehyɛɛ no ma om yɛn fie, metoo ɔpon no mu na mede ɔpon nkɔnsɔnkɔnsɔn guu akyi. Sɛ anka obefi hɔ akɔ mmom no, obuee ɔpon no na ɔkɔfaa ɔwan na otii ase twaa nkɔnsɔnkɔnsɔn no. Nnyigyei no gyigyei on no mu faako a nkurɔfo adeda no. Na ɛsɛ sɛ mibue no.

Wɔ ahoyeraw mu no na mebow nsa daa. Misusuwii sɛ sɛ miwu mpo a eye. Ɔkwan foforo so no, me yere anhaw da na na onsuro m’ahunahuna no nso. Sɛ merehwɛ television anwummere a, ɔsrɛ me sɛ mintie bere a ɔkenkan ade fi Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anya nhoma no mu no. Ɔkenkan kyerɛɛ me anadwo biara. Nkakrankakra no nea na meyɛ sɛ “Yɛ dinn!” no sakra bɛyɛɛ “Kɔ so kenkan.”

Afei nso ɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma hyehyɛɛ me nneɛma mu bere a merekɔ kɔnsɛt akwantu ahorow no. Me nsekuru dii me suro sɛ wɔbɛsakra me no so, na mifii ase kenkan nkurɔfo ankasa nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nsɛmma nhoma ahorow no mu a ɛfa wɔn a wɔabegye Kristosom kwan no atom ho no. Mpɛn pii sɛ mekenkan wie a mepopaw nusu fi m’ani ase, ɛwom sɛ na mete nka sɛ ɛnsɛ sɛ nsɛm a ɛtete saa no tumi twe me de.

Anadwo bi metee kommyɛ soronko bi nka. Mede me ho gyinaa me yere afã. Mibisaa me ho sɛ: ‘Ade bɔne bɛn na ɛwɔ Bible no a obesua no mu?’ Dɛn na mewɔ ma no a ebetumi asi Bible no ananmu? Ade kyee no mesɔɔ no hwɛe. Meto maa no sɛ: “Gyaw Bible no koraa, anyɛ saa a yebegyae aware.”

Wɔ kommyɛ bere tenten bi akyi no, ɔde nusu kae sɛ: “Wurennyae me. Na saa ara nso na merennyae me Bible sua no.”

Bere a me ho atɔ me no, mibuae sɛ: “Megyae sɛ mesɔre tia wo no.”

Eyi akyi bere tiaa bi no, mekaa me yere ho kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase. Nanso mannyae ahwɛyiye a mɛyɛ no mu. Nanso, mmofra no su pa ne ntease a na ɛwɔ nea wɔkyerɛkyerɛɛ no mu no kaa me koma. Mekɔɔ so kɔɔ nhyiam horow na nkakrankakra no ahwɛyiye a meyɛ wɔ Adansefo no ho no ano brɛɛ ase. Mifii ase hui wɔ akyirikyiri sɛ ebia menya me nkogudi nkate no ano aduru afi Bible no mu. Nanso bere a nea merehu no mu dɔe no, na mitumi hu nso sɛ sɛ misua Bible no a, ebehia sɛ meyɛ nsakrae ahorow wɔ m’asetra mu.

Apereperedi wɔ me Mu

Wɔ saa kwan no so na aperepere bi fii ase wɔ me mu. Ɛwom sɛ na minim nea ɛteɛ de, nanso na mintumi mfa nni dwuma. Na sigaretnom ne ɔbrasɛe akɔnnɔ haw me. Nanso mampɛ sɛ migyae me ho mu ma saa akɔnnɔ ahorow no bio. (Romafo 7:18-24) Sɛ́ nea ɛbɛhyɛ me den no, mekɔɔ Kristofo nhyiam horow no daa sɛnea ɛbɛyɛ yiye.​—Hebrifo 10:23-25.

Nhyiam horow no fii ase nyaa me nsusuwii so nkɛntɛnso. Anuonyam, ahonya, ne wiase anigye yɛɛ te sɛ nea ɛnsom bo bio. Na mitumi hu no pefee sɛ wiase akɔnnɔ ahorow yɛ atamfo. Bere a menantew fi Ahenni Asa so reba fie no, metee adwene mu asomdwoe a minnyaa bi da nka. Wɔ bere a edi kan mu no, mitumi kae sɛ, “M’ani agye.”

Kuw no mu a Mifii

Wɔ 1975 mu, bere a mekae sɛ wɔne me nsua Bible no akyi ara pɛ no, misiim kɔɔ yɛn kɔnsɛt akwantu a ɛto so anan wɔ Europa. Sɛnea na ɛte dedaw no, atiefo bɔɔ ose kɛse. Nanso, me koma ampere te sɛ kan no. Ɛwom sɛ nea ɔfrɛɛ kɔnsɛt no kae sɛ, “Mesrɛ mo monsan mmra afe a ɛbɛba no” de, nanso na mayɛ m’adwene sɛ mefi kuw no mu.

Mesan beduu Tokyo no, mifii me Bible sua no ase bio ntɛm ara, na ɛno akyi bere tiaa bi no, mifii ase kaa nokware anigye a merenya no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Wɔ me kɔnsɛt akwantu wɔ yɛn man no mu a etwa to no mu no, metee nhyɛso bi nka sɛ mene wɔn a wɔfrɛɛ yɛn no mu biako a na mebɛn no bere nyinaa no nka m’anidaso foforo no ho asɛm. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minya hokwan a mede bɛkasa akyerɛ no. Nanso ɔkwan bɛn so na na mefi nkɔmmɔbɔ no ase?

Mibisae sɛ: “Sɛ wote asɛmfua anigye a, dɛn na ɛba w’adwene mu?”

Obuae sɛ: “Mede m’ani bu tebea bi a wɔapopaw yare ne owu afi hɔ na obiara te hɔ asomdwoe mu.” M’ani gyee saa mmuae a ɛyɛ adwempa no ho na meka kyerɛɛ no ɛhɔ ara sɛ: “Enti na merefi saa kuw yi mu no.” Bere a megu so rekasa no, Yehowa kɔɔ so maa aba a ɛwɔ ne komam no nyinii. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a odi kan a wɔabɔ no asu wɔ ne mpɔtam hɔ. Na anigye a efi saa osuahu yi mu no mu dɔ, ɛboroo anigye biara a na manya afi akyeneka mu no so koraa.

Nokware Anigye a Minyae

Bere a mifii kuw no mu akyi no, ɔbarima bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔkɔsraa no sɛ: “Mo nkurɔfo yi na mukum Moriyama.” Ampa, na jazz ɔkyenekafo Moriyama awu, nanso na wɔawo Kristoni ɔsomfo Moriyama. Wɔbɔɔ me asu wɔ June 1976 mu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Wɔ 1979 mu no mene me yere fii ase somee sɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo. Efi saa bere no yɛn ani agye sɛ yɛaboa nnipa pii ma wɔanya nokware anigye. Manya hokwan nso sɛ mɛsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo ahorow mu wɔ Tokyo ne Nagoya.

Bere a meyɛ abofraa no, misusuwii sɛ wɔakyekyere anigye afam akyene ho. Ɛwom sɛ mebɔ akyene bere ne bere mu de, nanso mahu sɛ nokware anigye nnam nnwonto adwuma akyidi so na ɛba na mmom ɛnam Ɔbɔadeɛ, Yehowa no a wɔsom no so. Mprempren m’asetra nyinaa gyina m’anidaso a ɛne sɛ mene me yere ne yɛn babea Saori a mfe abien ni a wɔwoo no no benya nokware anigye daa wɔ paradise asase so no so.​—Sɛnea Takeo Moriyama ka kyerɛe.

[Kratafa 20 mfoni]

Mene me yere (okura yɛn babea Saori) hwɛ kwan sɛ yebenya nokware anigye daa wɔ paradise asase so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena