Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/1 kr. 3-7
  • “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ka Asɛm No Wɔ Baguam Na Wonnye Wo Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yɛn Bɔfo Kɛse No Mu Ahurusidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/1 kr. 3-7

“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”

WƆ DWOM 19 no, Dawid kamfo anuonyam a Onyankopɔn abɔde a aniwa hu wɔ no na ɔtoa so da Yehowa mmara, nkae nsɛm, ahyɛde horow, mmara nsɛm, ne atemmude ahorow ho anisɔ a emu yɛ hyew adi. Ɔsomafo Paulo nso kyerɛɛ saa nneɛma yi ho anisɔ. Ɔfaa asɛm fii saa dwom yi mu kae na ɔtrɛw dwuma a edi no mu ma ɛkɔfaa nokware Kristofo adwuma a ɛho hia no ho. Ɔkaa eyinom ho asɛm sɛ: “Wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.”​—Romafo 10:18.

Saa “nsɛm” yi kyerɛ nkwa ne owu ma adesamma a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa efisɛ Yehowa atemmu rebɛba asase so nneɛma nhyehyɛe bɔne no so. (Sefania 2:2, 3; 3:8) Ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ adesamma hu Yehowa Ahenni ho asɛmpa no ho biribi. Baabiara a wohwɛ nnɛ no, mpaapaemu, mmarato, nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe ne mmusua a emu apaapae wɔ hɔ. Oo, yiw, wɔka asomdwoe ho asɛm nanso tumi akɛse no kɔ so yɛ akode a ɛyɛ hu kɛse bere a ‘nuklea kuw’ no kɔ so trɛw kɔ aman pii mu no. Tebea horow a ɛwɔ asase so ne “nna a edi akyiri” a Paulo aka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no hyia.

Henanom na wobegye wɔn afi saa ɔhaw yi mu na ɔkwan bɛn so? Paulo de mmuae ma pefee bere a ɔfa asɛm fi nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:32 ka no: “Na obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no benya nkwa.” (Romafo 10:13) Nanso ɔkwan bɛn so na asase sofo ‘bɛbɔ Yehowa din’? Ɛdɛn, nnipa pii nnim mpo sɛ Yehowa ne Onyankopɔn din! Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa saa nnipa yi? Paulo bua sɛ ɛsɛ sɛ wɔsoma asɛnkafo kɔ wɔn nkyɛn.​—Romafo 10:14-16.

Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa asoma n’Adansefo sɛ wɔnkɔbɔ nnipa no amanneɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn ne sɛ ɛbɛkyerɛ nkwagye a ɛbɛma wɔn a wobehu Onyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo no anya daa nkwa. (Yesaia 43:10, 12; Luka 21:25, 26, 31; Yohane 17:3) Wɔreka asɛmpa yi wɔ “asase nyinaa so.”

Ɔpepem pii reyɛ aso ama asɛnka yi sɛnea nnipa a wɔn dodow yɛ 9,201,071 a wɔkɔɔ nhyiam a wɔde kaee Yesu wu April 1, 1988 wɔ wiase nyinaa ase no di ho adanse no. Wɔ saa afe no mu no, wonyaa Ahenni Adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 3,592,654 na wɔbɔɔ asomfo afoforo 239,268 asu​—afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu 3.6. Asɛmpatrɛwfo anokwafo na wɔtoo nhyɛase no mu fã kɛse maa saa nkɔanim yi sɛnea wɔaka ho asɛm akyiri yi wɔ nsɛmma nhoma yi mu no. Nanso wɔ nnansa yi mfe no mu no, Adansefo ɔpehaha pii a ‘wɔakyerɛ nea wɔate no mu gyidi no’ nso anya akwampae honhom na ‘wɔka nnepa no ho asɛm.’ Sɛ wɔkyekyem a, Adansefo 455,561 buu akontaa sɛ akwampaefo, nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu 4.4 wɔ afe no mu. Esiane eyi nti, wɔde nnɔnhwerew 785,521,697 kaa asɛm, nea ɛboro nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛɛ saa wɔ mfe 6 a atwam ni no mu.

Akontaabu a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa anan a edi hɔ no mu no kyerɛ sɛnea asɛnka no mu atrɛw no mu yiye. Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwɛ saa wiase nyinaa Kristofo dwumadi 1988 ho amanneɛbɔ yi mu.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4-7]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1988 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena