Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
‘Nnɔbae No Ahoa’ Wɔ Burma
◻ ASƐMPA no ho adawurubɔfo 1,500 wɔ Burma asase a ɛyɛ fɛ no so. Wɔyɛɛ wɔn nhyiam a wɔyɛɛ no nnansa yi wɔ Burma, Lushi ne Haka Chin kasa mu, na nnipa a wɔn dodow yɛ 2,273 na wɔkɔɔ ase. Osuahu ahorow a edidi so no kyerɛ anigye a nnipa a wɔte sɛ nguan no wɔ wɔ Ahenni asɛm no ho na esi nea Yohane hui wɔ anisoadehu mu no so dua: “Asase so nneɛma ahoa.”
Esii wɔ Dinam
◻ Bere a ɔkwampaefo titiriw bi reyɛ afie afie som adwuma wɔ Matupi no, ohyiaa sukunni bi a na n’ani gye ho titiriw sɛ obehu biribi afa hell ho. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ Bible hell no ne adesamma adamoa no, ne ho dwiriw no kɛse. Wantumi ankora so na mmom ɔpɛe sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ n’abusuafo wɔ n’akuraa a wɔfrɛ no Dinam no ase. Wɔ sukuu akwamma mu no, ɔkɔɔ n’akuraa ase na ɔtrɛw nokware a ɛfa hell ho no mu. Na n’akonta ani gye ho kɛse sɛ obehu pii enti ɔne sukunni no san bae Matupi ne ɔkwampaefo no ankasa bɛbɔɔ nkɔmmɔ. Ɔtraa Matupi adapɛn pii na ɔne ɔkwampaefo no suaa ade. Akyiri yi bere a ɔsan baa Matupi nea ɛto so abien no, ɔhyɛɛ ɔkwampaefo no sɛ ɔmmra n’akuraa efisɛ ɔkae sɛ anigyefo pii wɔ hɔ. Akwampaefo baasa no nyinaa pene nsa a ɔto frɛɛ wɔn no so. Egyee wɔn nnɔnhwerew 12 ansa na wɔredu Dinam.
Da a akwampaefo no duu Dinam no na wɔreyɛ ayi wɔ hɔ, na na nnipa a wofi nkuraa a ɛbemmɛn ase nso wɔ hɔ sɛ wobetie pii afa saa Bible hell yi ho. Wɔn nyinaa de ahoɔhare bae sɛ wɔrebɛhwɛ nsrahwɛfo no. Bible mu nkɔmmɔ a wɔbɔe fi anwummere nnɔnson kosi anadwo nnɔndubiako fii ase. Nnipadɔm no muni bi a ɔwɔ nhumu ma wogyaee nkɔmmɔbɔ no bere a anadwo nnɔndubiako bɔe no, na ɛmaa akwampaefo no homee kakra maa da a na edi hɔ no. Ade kyee anɔpa no, wofii nkɔmmɔbɔ no ase bɛyɛ anɔpa nnɔnson na ɛtoaa so kosii anadwo nnɔndu a mmere kakraa bi na wɔde home didii. Bere a akwampaefo no fii akuraa no ase kɔe no, nnipa a wɔte sɛ nguanten no srɛe sɛ wɔnsan mmra na wɔne wɔn mmɛbɔ nkɔmmɔ mmere pii. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ wɔde Ahenni asɛmpa a ɛsom bo no bɛboa nnipa a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn a wɔte saa no. Ampa, nnɔbae no ‘ahoa’ wɔ Burma!
Hu a Wohuu Nokware no Fii Nhoma a Wɔatow Agu Mu
◻ Na ɔbarima bi a ɔwɔ Burma rekɔsra n’adamfo bi a ɔtɔn nhoma ne atesɛm nkrataa dedaw na ohuu nhoma dedaw bi a akyi no nni hɔ wɔ nhoma no mu. Ɔmaa so na ofii ase kenkanee. Wɔ bere tiaa bi akyi no, na ne kenkan agye n’adwene. Na ɛyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma a ɛne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No no. Ɔkyerɛw Asafo ti no baa dwumadibea no kogyee nhoma pii. Baa dwumadibea no somaa ɔkwampaefo bi sɛ ɔnkɔsra no ntɛm ara. Ɔne no fii ase suaa ade na wɔ adesua kakraa bi akyi no, ohuu nokware no na ofii ase siesiee n’asetra a enye no na akyiri yi ɔsɛee ne Hindusom mu ahoni ahorow no. Ankyɛ biara ɔne ne babea panyin hyiraa wɔn ho so maa Yehowa na wɔbɔɔ wɔn asu. Mprempren ɔyɛ daa ɔkwampaefo.
Ampa, wɔ Burma a nnɔbae aba afuw no mu no, “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.”—Mateo 9:37, 38.