Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/1 kr. 21-25
  • Yehowa, M’ahotoso Fi Mmofraberem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa, M’ahotoso Fi Mmofraberem
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofraberem Honhom Fam Ahiade Ahorow
  • M’anigye wo Honhom Fam Nneɛma ho Yɛ Kɛse
  • Honhom mu Nkɔso wɔ Burma
  • Ɔdansefo Kokodurufo
  • Yɛguan kɔ India
  • Nea Ɛyɛe a Wɔmaa Yɛn Kwan
  • Yɛsan Kɔ Burma a Ɔko Asɛe hɔ No
  • Yɛkɔtra Australia
  • Yehowa Di M’ahiade Biara Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • ‘Nnɔbae No Ahoa’ Wɔ Burma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Mini, Soma Me!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nea Ɛteɛ A Yebehu Na Yɛayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/1 kr. 21-25

Yehowa, M’ahotoso Fi Mmofraberem

SƐNEA BASIL TSATOS KA KYERƐE

Ná afe no yɛ 1920; na beae no yɛ Arcadia mpampa mu wɔ Peloponnisos a ɛhɔ yɛ fɛ wɔ Greece. Ná Spanish nfluensa owuyare a ɛrekunkum nnipa pii wɔ wiase nyinaa no abɔ me denneennen na meda hɔ.

BERE biara a asɔredɔn bɛbɔ no, na minim sɛ ɔyare no akum obi foforo. Me na na medi hɔ anaa? Anigyesɛm ne sɛ, me ho tɔɔ me, nanso nnipa ɔpepem pii wuwui. Ɛwom sɛ saa bere no na madi mfe awɔtwe pɛ de, nanso meda so ara kae osuahu a ɛyɛ hu yi yiye wɔ m’adwenem.

Mmofraberem Honhom Fam Ahiade Ahorow

Bere tiaa bi akyi no, Nanabarima wui. Ayi no akyi no, mekae sɛ Maame bɛkaa me ne me nuabea ho wɔ yɛn fie abrannaa no so. Esiane sɛ nkyinnye biara nni ho sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyekye yɛn werɛ nti, ɔkaa no bɔkɔɔ sɛ: “Aa, mmofra, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nyinyin na yewuwu.”

Ɛwom sɛ ɔkaa no bɔkɔɔ de, nanso ne nsɛm no haw me. ‘Hwɛ n’awerɛhow! Hwɛ ne yaw!’ Midwenee ho. Nanso bere a Maame de kaa ho sɛ: “Nso sɛ Awurade ba bio a, obenyan awufo no na yɛrenwu bio!” no, yɛn baanu nyinaa werɛ kyekyee. Aaa, ɛyɛɛ awerɛkyekye!

Efi saa bere no, m’ani begyee ho yiye sɛ mehu bere a saa anigye bere no bɛba. Mibisaa nnipa pii, nanso obiara antumi ankyerɛ me, ma ɛno nti na ɛte sɛ nea obiara ani nnye ho nso sɛ ɔbɛhwehwɛ saa asɛm no mu mpo.

Da koro bi, bere a na madi bɛyɛ mfe 12 no, me papa nsa kaa nhoma bi fii ne nuabarima bi a na ɔte United States nkyɛn. Ná ɛyɛ nhoma bi a Watch Tower Bible and Tract Society na etintimii a wɔfra no The Harp of God. Mehwɛɛ nsɛmti afã no, na m’ani gyei bere a mihuu ti a ese “Our Lord’s Return” [“Yɛn Awurade Sanba”] no. Mede anigye kɛse kenkanee, nanso esiane sɛ ankyerɛ afe a Awurade bɛsan aba nti, m’abam bui. Nanso nhoma no kyerɛɛ sɛ enni akyiri.

Ankyɛ na mifii ase kɔɔ ntoaso sukuu, na meyeree me ho suaa ade yiye. Nanso ɛwom ara a, na me wɔfa a ɔwɔ Amerika no de Ɔwɛn-Aban no bi amana me, na m’ani gyee n’akenkan ho. Afei nso, na mekɔ Sunday school Kwasida biara, na ɔsɔfopanyin no bɛkasa kyerɛɛ yɛn wɔ hɔ mpɛn pii.

Kwasida bi de, ɔsɔfopanyin no ho yeraw no maa ɔkae sɛ: “Ahɔho a wɔba ha de nhoma ahorow a ɛne yɛn gyidi nhyia rehyɛ yɛn kurow yi ma.” Afei ɔde Ɔwɛn-Aban no bi kyerɛe na ɔteɛɛm kae sɛ: “Sɛ mo mu bi hu nhoma ahorow a ɛte sɛɛ yi bi wɔ fie a, ɔmfa mmra asɔre ma minhye no.”

Ɛnne a ɔde kasae no haw me, nanso ade bɔne a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no haw me kɛse mpo. Ɛno nti manni nea ɔkae no so. Mmom no, mekyerɛw me wɔfa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmfa Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow no bi mmana me bio. Mekɔɔ so susuw Kristo sanba no ho ara.

M’anigye wo Honhom Fam Nneɛma ho Yɛ Kɛse

Bere a ahohuru bere mu akwamma dui no, mefaa m’adaka sɛ merehyehyɛ me ntade agu mu. Mihuu nhoma nketewa abiɛsa a Ɔwɛn Aban Asafo atintim wo ase. Ɔkwan bi so no, na minhuu da. Ná wɔato biako din sɛ Where Are the Dead?

Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘emu bɛyɛ dɛ.’ Ɛwom sɛ mekaee ɔsɔfopanyin no kɔkɔbɔ no de, nanso meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkenkan nhoma ahorow no yiye na mahu mfomso ahorow a misusuwii sɛ ɛwom no. Mefaa kyerɛwdua, na mede ahwɛyiye fii ase hwehwɛɛ mfomso no. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na ntease wɔ nhomawa ahorow no mu biribiara mu, na na kyerɛw nsɛm hyehyɛ asɛm biara ano a ebetumi ama ɔkenkanfo no ahwɛ afi Bible mu.

Esiane sɛ na yenni Bible nti, misusuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ akyerɛwfo no akyinkyim kyerɛw nsɛm no ma ɛne wɔn asɛm no ahyia. Enti mekyerɛw me wɔfa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Bible mũ no bi mmana me. Ntɛm ara na ɔde bae. Mekan fii tiri kɔpem tiri mpɛn abien, na ɛwom sɛ na nneɛma pii wom a mente ase de, nanso m’ani gyee Daniel ne Adiyisɛm nhoma no ho kɛse. Mepɛe sɛ mete emu nkɔmhyɛ ahorow no ase, nanso na obiara nni hɔ a ɔbɛboa me.

Miwiee sukuu 1929, na ɛno akyi pɛɛ na me wɔfa a ɔwɔ Amerika no manaa me Ɔwɛn- Aban no bi bio. M’ani fii ase gyee ho nkakrankakra, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔmmana me bi bere nyinaa. Mifii ase kaa daakye anidaso a misuae wɔ nsɛmma nhoma ahorow no mu no kyerɛɛ afoforo nso. M’asetra sakrae kɛse saa bere no.

Honhom mu Nkɔso wɔ Burma

Ná me maame nua barimanom atu abɛtra Burma (mprempren Myanmar), na abusua no kae sɛ, sɛ mebɛka wɔn ho a, mesua nneɛma pii na ebia menya adwuma ayɛ. Ná m’ani gye Apuei Fam yiye, enti m’ani gyee anidaso a na mewɔ sɛ mɛkɔ hɔ no ho. Bere a mewɔ Burma no, mekɔɔ so nyaa Ɔwɛn-Aban fii me wɔfa no nkyɛn, nanso m’ankasa manhyia Yehowa Adansefo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo no bi da.

Da koro bi, m’ani gyee yiye sɛ mihuu Light nhoma no abien a ɛkyerɛkyerɛ Adiyisɛm nhoma no mu ho nkaebɔ wɔ Ɔwɛn-Aban bi mu. Afei nso, metee sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ India a wɔyɛ adwuma wɔ Bombay no na ɛhwɛ Bible Asuafo no dwumadi a ɛkɔ so wɔ Burma no so. Ntɛm ara na mekyerɛw sɛ wɔmmrɛ me Light nhoma ahorow no bi, na afei nso wɔmma Bible asuafo a wɔwɔ India no bi mmɛka asɛm no bi wo Burma.

Ankyɛ koraa na wɔde nhoma ahorow no manaa me, na bɛyɛ dapɛn biako akyi no, Bible Asuafo a wɔyɛ Burmafo bɛsraa me. M’ani gyei sɛ muhui sɛ ná wɔn mu kuw ketewa bi wɔ baabi a na mete wɔ Burma ahenkurow Rangoon (mprempren Yangon) hɔ. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra wɔn Bible adesua a wɔtaa yɛ no bi na me ne wɔn nyɛ afie afie asɛnka adwuma no nso bi. Mfiase no metwentwɛn me nan ase kakra, nanso ankyɛ na m’ani fii ase gyee ho sɛ me ne Budafo, Hindufo, Nkramofo, ne wɔn a wose wɔyɛ Kristofo bɛkyɛ Bible mu nimdeɛ no.

Afei, baa dwumadibea a ɛwɔ India no de bere nyinaa asomfo (wɔfrɛ wɔn akwampeafo) baanu, Ewart Francis ne Randall Hopley baa Rangoon. Ná wɔn baanu nyinaa fi England, nanso na wɔasom wɔ India mfe pii. Wɔhyɛɛ me nkuran yiye, na wɔbɔɔ me asu 1934 de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne.

Ɔdansefo Kokodurufo

Bere bi akyi no, India baa dwumadibea no de akwampaefo afoforo baa Burma. Wɔn mu baanu, Claude Goodman ne Ron Tippin kɔɔ keteke gyinabea bi ne Sydney Coote, adwuma mu panyin a ɔwɔ hɔ no kɔbɔɔ nkɔmmɔ. Ogyee nhoma ahorow no kenkan ne nyinaa, na ofii ase kyerɛw ne nuabea ɔwarefo Daisy D’Souza a ɔwɔ Mandalay no. Ɔno nso ani gyee nhoma ahorow no ho na ɔhwehwɛɛ pii kaa ho.

Ná Daisy a ɔyɛ Katolekni no wɔ akokoduru soronko bi. Ofii ase kɔsrasraa n’afipamfo, na ɔkaa nneɛma a ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Bere a n’asɔre sɔfo bɛsraa no bisaa no nea enti a wagyae asɔre ba no, ɔkyerɛɛ no sɛ Bible no mpene nneɛma bi a ɔkyerɛkyerɛ te sɛ hell a ogya wɔ hɔ so.

Awiei koraa no, ɔsɔfo no bisaa no sɛ: “Enti mfe pii a mede akyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔhyew nnipa wɔ hell yi, mɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wɔn afei sɛ baabiara nni hɔ a ɛte saa? Obiara rempɛ sɛ ɔbɛba asɔre.”

Daisy buae sɛ: “Sɛ woyɛ Kristoni nokwafo a, wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm no, a nea ɛde bɛba biara mfa no.” Afei ɔka kaa ho sɛ: “Sɛ woanyɛ a, mɛyɛ!” Na ɔyɛe nso.

Wɔbɔɔ Dick ne Daisy ne wɔn mmabea mpanyimfo baanu asu wɔ Rangoon bere a wɔbɔɔ me asu no ara. Mfe abiɛsa akyi wɔ 1937 mu no, mewaree wɔn babea a ɔto so abien Phyllis.

Yɛguan kɔ India

Asraafo a wofi Japan bɛko faa Burma wɔ Wiase Ko II no mu, na wɔfaa Rangoon March 8, 1942. Ná ɛsɛ sɛ ahɔho a wɔnyɛ asraafo no yɛ ntɛm guan kɔ India. Nnipa ɔhaha pii bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa wuram akɔ, nanso pii wuwui wɔ kwan so. Ná m’ankasa minim ɔpanyin a ɔhwɛ ma nkurɔfo fi hɔ no, enti mitumi nyaa tekiti a yɛde bɛtra nhyɛmma a wɔde fa nneɛma a etwa to a ebefi Rangoon akɔ Calcutta no biako mu. Bere a yɛde ntɛmpɛ a ɛte saa gyaw yɛn fie ne yɛn nneɛma dodow no ara hɔ no, ɛyɛɛ yɛn nyinaa awerɛhow. Japanfo asraafo no bɛtraa Burma fi 1942 kosii 1945.

Bere a yeduu India no, na yɛn sika sua, na na ɛyɛ den sɛ yebenya adwuma ayɛ. Eyi sɔɔ yɛn gyidi hwɛe. Mihyiaa Britaniani asraafo panyin bi a ɔmaa me adwuma pa a ɛmfa ɔko ho, nanso na ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma wɔ asraafo adwuma no mu. Yehowa mmoa so nti, mitumi pow adwuma no na ama makɔ so akura Kristofo ahonim pa mu. (Yesaia 2:2-4) Yehowa daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛn wɔ akwan foforo nso so.

Yɛkɔtraa New Delhi, India ahenkurow mu, na na ɛyɛ den yiye sɛ yebenya ɔdan wɔ hɔ. Nanso yenyaa ofie kɛse bi wɔ kurom pɛɛ. Ná ɛwɔ asa kɛse bi a ɛno ankasa wɔ ne kwan a wɔde hyɛn mu, na ɔdan yi na yɛde yɛɛ Ahenni Asa maa Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Delhi no wɔ mfe kakra a edi hɔ no mu. Nanso esiane bara a na wɔabara Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow nyinaa 1941 mu wɔ India nti, na yɛn nsa ntumi nka Bible ho nhoma ahorow.

Nea Ɛyɛe a Wɔmaa Yɛn Kwan

1943 Kwasida bi, wɔkyekyɛɛ nkrataa nketewa bi a asɔre ahorow 18 mu asɔfo de wɔn nsa ahyɛ ase maa wɔn a na wɔrekɔ asɔre wɔ Delhi. Ɛbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “DELHIFO, MO- NHWƐ MO HO YIYE WƆ YEHOWA ADANSEFO HO.” Sobo a wɔbɔe ne sɛ, amammuisɛm nti na wɔabara yɛn.

Baa dwumadibea a ɛwɔ Bombay no penee so maa yetintim nkrataa nketewa bi a ɛmaa asɔfo no atoro no daa adi, na yɛkyekyɛɛ no ntɛm so. Esiane sɛ na mene asafo mu guamtrani nti, wotintim me din ne m’address guu nkrataa a wɔde nsɛm a emu yɛ duru kyerɛwee no ase. Eyi akyi bere tiaa bi, bere a polisifo huu me ne Margrit Hoffman sɛ yɛrekyekyɛ nkrataa no bi no, wɔkyeree yɛn koguu afiase. Nanso ankyɛ biara na obi bedii agyinam yii yɛn.

Akyiri yi, bere a Margrit reyɛ asɛnka adwuma no, ɔkɔɔ Sir Srivastava, aban panyin bi a wagye din yiye wɔ India aban mpanyimfo mu fie. Sir Srivastava gyee no fɛw so, na wɔn nkɔmmɔbɔ mu no, Margrit ka kyerɛɛ no sɛ wɔabara yɛn nhoma ahorow no wɔ India wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Saa da no Margrit kɔtoo mmarahyɛ baguani bi a ofi Madras ɔmantam mu nso. Ná waba kurow no mu rebɛkɔ mmarahyɛ bagua nhyiam bi. Margrit kaa yɛn nhoma ahorow a wɔabara a ɛnteɛ no ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛka ho asɛm wɔ nhyiam bi a wɔrebɛyɛ ase.

Saa bere no na meyɛ adwuma wɔ kurom hɔ ayaresabea bi sɛ obi a ɔteɛteɛ nkurɔfo apɔw mu. Nea ɛbae ne sɛ, na Sir Srivastava apira, na ayaresabea adwumayɛfo no somaa me sɛ menkɔhwɛ sɛ ebia apɔw mu teɛteɛ betumi aboa no a. Mihui sɛ Sir Srivastava yɛ obi a n’asɛm nyɛ den, na bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ no, mekaa no aguro kwan so kyerɛɛ no sɛ, ɛyɛ obi na obedii agyinam yii me ne Awuraa Hoffman fii afiase. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ asɔfo no na wɔama wɔagyina amammuisɛm so abara yɛn Bible ho nhoma ahorow no, na yɛn de, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu koraa. Metoaa so sɛ yɛn baa dwumadibea no nanmusifo Edwin Skinner kae sɛ wɔmma no kwan ma ɔmmɛkyerɛkyerɛ yɛn gyinabea no mu, nanso wɔampene.

Nna bi akyi no, Sir Srivastava ka kyerɛɛ me sɛ: “Owura Jenkins [aban panyin bi a ɔmpɛ yɛn asɛm no] rebegyae adwuma akogye n’ahome nnansa yi ara, na Sir Francis Mudie na obesi n’ananmu. Ka kyerɛ Owura Skinner sɛ ɔmmra, na mede no bɛkyerɛ Sir Francis.”

Sir Srivastava yɛɛ nhyiam no ho nhyehyɛe sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no mu no, Sir Francis Mudie ka kyerɛɛ Onua Skinner sɛ: “Mintumi nhyɛ wo biribiara ho bɔ, nanso mɛhwehwɛ asɛm no mu.” Esiane sɛ na ɛrenkyɛ pii na mmarahyɛ baguafo no ahyiam nti, Onua Skinner twɛn de hwɛɛ nea ebefi mu aba. Ampa ara, mmarahyɛ baguani a ofi Madras no sɔre gyinae bisae sɛ: “So ɛyɛ nokware sɛ amammuisɛm nti na wɔabara Watch Tower Bible and Tract Society no nhoma ahorow no?”

Sir Francis Mudie buae sɛ: “Dabi, ahobammɔ nti na wɔbaraa wɔn, nanso aban no asi gyinae sɛ ɔbɛma wɔayɛ wɔn adwuma.”

Anigye bere bɛn ara na ɛyɛe bere a yɛtee saa asɛm no! Dapɛn akyi no, baa dwumadibea a ɛwɔ Bombay no nsa kaa krataa a ɛresi so dua sɛ wɔama yɛn kwan sɛ yɛnyɛ yɛn adwuma no.

Yɛsan Kɔ Burma a Ɔko Asɛe hɔ No

Britaniafo bedii Burma so bio wɔ Wiase Ko II akyi, na yɛn Adansefo no mu du san kɔɔ Rangoon asram kakraa bi akyi. Yɛn ani gyei sɛ yɛsan huu ɛhɔ Adansefo kakraa bi a na wɔaka no bio. Ná ɔman no mu nneɛma asɛe. Ná nneɛma a ɛboa ɔmanfo, a anyinam ahoɔden ne lɔre a ɛfa ɔmanfo ka ho nni hɔ. Enti yɛtɔɔ jeep bi fii asraafo no hɔ de yɛɛ ade pa de faa nkurɔfo kɔɔ adesua ahorow a yɛhyehyɛe bere a yɛsan bae ara pɛ no.

Onigyefo bi kyɛɛ yɛn asase, na ayamyefo bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ boaa yɛn ma yesii Ahenni Asa kɛse bi. Yɛde bamboo nnua a ɛyɛ den ne asrɛnɛ na esii, na yɛde sare kuruw so. Ɛha na Nathan H. Knorr a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani ne ne kyerɛwfo Milton G. Henschel bɛmaa ɔkasa ahorow wɔ April 1947, bere a wɔbɛsraa Rangoon no. Saa bere no, na Adansefo 19 na wɔwɔ Burma nyinaa. Nanso nnipa 287 na wobetiee Onua Knorr baguam ɔkasa a ɔmae wɔ New Excelsior Theatre no!

Yɛkɔtra Australia

Wɔmaa Burma fahodi fii Great Britain nniso ase wɔ January 4, 1948, na Europafo pii susuwii sɛ ɛyɛ sɛ wofi ɔman no mu. Bere a yɛde mpaebɔ susuw ho wiei no, me ne Phyllis sii gyinae sɛ yɛne yɛn babea no betu abɛtra Australia. Atɔe Fam Australia ahenkurow Perth mu na yɛkɔtrae.

Bere a yɛretu afi Burma bio a yɛnsan mmɛtra hɔ bio no, ɛyɛɛ awerɛhow bere kɛse maa yɛn. Yɛtee adɔfo no nka wɔ bere ne bere mu, na yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ Ahenni adwuma no renya nkɔso yiye wɔ saa ɔman no mu.

Efi 1978 no, yɛde anigye de mfe anan som asafo ahorow a wɔka Hela kasa no nyinaa wɔ Australia nkurow akɛse no mu. Ná eyi kyerɛ sɛ yebetutu akwan akɔ akyiri yiye, efisɛ efi atɔe mpoano de kɔ apuei mpoano wɔ ɔman kɛse yi mu no yɛ kilomita 4,200. Bere bi akyi no, wim tebea a ɛsono ɔmantam biara de koraa no ne nneɛma afoforo maa yɛn ahoɔden so tewee. Enti yɛbɛtraa Perth bio, na meda so ara som sɛ ɔpanyin wɔ asafo 44 a ɛwɔ kurow mu hɔ no biako mu.

Esiane sɛ me mfe akɔ anim nti, m’ani nhu ade yiye, na ɛyɛ den sɛ mɛkenkan ade. Nanso ɛmfa ho sɛ yenni apɔwmuden papa no, yɛn gyidi da so ara yɛ den. Yɛn baanu nyinaa de ahotoso retwɛn anigye da a wɔn a wosuro Yehowa nyinaa behu sɛ ne dom awia “bepue ama [yɛn], na ɔyaresa wɔ ne ntaban ase, na [yebefi] adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ”.a​—Malaki 4:2

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ December 13, 1992, bere a na wɔrekyerɛw asetra mu asɛm yi awie no, Onua Tsatos wui.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

M’abusua ne Anuanom Henschel ne Knorr wɔ Burma (Myanmar) wɔ 1947 mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Basil Tsatos ne ne yere Phyllis, wɔ Australia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena