Yehowa Kae Ayarefo ne Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
EBETUMI ayɛ den yiye sɛ yebehyia “bere bɔne.” (Dwom 37:18, 19) Obi mfe a ɛkɔ anim ne mmerɛwyɛ ahorow a ɛde ba no betumi ama onii no akɔ bere a ɛte saa mu. Ebinom kɔ bere bɔne mu bere a ɔyare kɛse bi a ɛnkɔ ntɛm abɔ wɔn. Ebia wɔbɛte nka sɛ wɔn yare no akɛntɛn wɔn so wɔ asetra mu, na ɛhyɛ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe ahorow so.
Nanso sɛ yɛkae sɛ Yehowa ani wɔ n’asomfo nyinaa so a, ɛma yenya awerɛkyekye. Sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so kɔ so di nokware na wɔde nyansa di dwuma, a mpanyinyɛ, ɔyare ne tebea afoforo a ɛsɔ wɔn hwɛ mfa ho a, ɛma ne koma ani gye. (2 Kronika 16:9a; Mmebusɛm 27:11) Ɔhene Dawid ma yenya awerɛhyem sɛ: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, . . . na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.” Yiw, onim brɛ a wɔrebrɛ; ɔde ne honhom hyɛ wɔn den. “Na ogye wɔn.” Ɔkae wɔn na ɔboa wɔn ma wogyina mu. (Dwom 145:18, 19) Na yɛn nso ɛ? So yɛkae ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no te sɛ Yehowa?
Mmerɛwyɛ ahorow a ɔyare anaa mpanyinyɛ de ba no yɛ mprempen nhyehyɛe yi mu asetra mu nokwasɛm ankasa. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegyina mu kosi sɛ Yehowa bedi n’atirimpɔw ma asase ne nnipa ho dwuma awie. Ɛnnɛ, nnipa pii nyin kyɛ, enti wɔn mu dodow no ara nim mmerɛwyɛ ahorow a onyin de ba no. Afei nso, nkwanhyia ahorow anaa nyarewa a etumi ma obi hwere ne nkwa anaa ɛmma obi ntumi nyɛ biribiara to nnipa pii bere a wonnyinyinii. Ɔyare ne mpanyinyɛ bɛkɔ so ayɛ ɔhaw akɛse akosi sɛ wiase dedaw yi betwam.
Hwɛ gye a yɛn ani gye yɛn mu ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔkɔ so yɛ nhwɛso pa wɔ “amanehunu ne abodwokyɛre” mu no ho! Yiw, “yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo.” (Yakobo 5:10, 11) Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ahoɔden so atew mprempren no mu pii de mfe du du pii akyerɛkyerɛ wɔn a wodi asafo no anim mprempren no, wɔatete wɔn, na wɔde akwankyerɛ ama wɔn. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no binom nso ani gye sɛ wohu sɛ wɔn mma de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu.—Dwom 71: 17, 18; 3 Yohane 4.
Saa ara nso na yɛn ani sɔ yɛn mu binom a wɔyare paa nanso wɔn amanehunu nyinaa akyi no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam wɔn nokwaredi so bɛhyɛ yɛn nkuran no. Sɛ eyinom da no adi sɛ wɔn gyidi mu yɛ den a, ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛkanyan yɛn sen biribiara. Asomdwoe ne abotɔyam a wɔwɔ no kyerɛ sɛ ɛfata sɛ yesuasua wɔn gyidi no.
Ɛyɛ ahometew sɛ mpofirim ara obi bɛyare kokoram, ne fã bɛdwudwo, anaa ɔbɛba tebea foforo bi a ɛbɛsakra n’asetra koraa mu. Ɛyɛ sɔhwɛ a emu yɛ den ma awofo nso sɛ wobehu sɛ wɔn mma yare anaa wohu amane esian nkwanhyia bi nti. Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa? Amanehunu bere a ɛte saa biara yɛ sɔhwɛ ma Kristofo nuayɛ kuw no nyinaa. Ɛyɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ ‘wɔwoo onua maa hiada.’ (Mmebusɛm 17:17) Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyinaa na wobetumi ahwɛ kwan sɛ asafo no muni biara bɛboa wɔn ankasa. Nanso Yehowa bɛhwɛ ama ne honhom no akanyan nnipa pii ma wɔaboa wɔ akwan pii so. Na mpanyimfo no betumi ama wɔn ani ada hɔ ahwɛ ahu sɛ wommuu wɔn ani nguu obira so.—Hwɛ Exodus 18:17, 18.
Bɔ Mmɔden sɛ Wobɛte Ase
Bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa obi no, ɛho hia sɛ mudi nkitaho pa, na eyi gye bere, abotare ne tema. Sɛ́ ɔboafo no, wobepɛ sɛ ‘wode w’ano hyɛ den’ mpɛn pii; nanso yɛ aso tie ansa na woakasa anaasɛ woayɛ biribi, anyɛ saa a, awiei koraa no wobɛyɛ “nkɔmmɔdomfo.”—Hiob 16:2, 5.
Ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den ama ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim sɛ wobemua wɔn ano wɔ wɔn abasamtu no ho. Wɔn mu pii ani gye anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase atwa ahohiahia kɛse no ho, nanso afei de wɔte nka sɛ wɔn asetra reba awiei, na wosuro sɛ wobewu ansa na ahohiahia kɛse no aba. Afei nso, wɔn tebea no ma wɔbrɛ, na wodwennwen mpɛn pii. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛkɔ so akura ne gyidi mu na wahyɛ no den, titiriw bere a ontumi nyɛ nea koma pɛ nyinaa wɔ Kristofo som adwuma no mu bio no. Kristoni asafo mu panyin bi kɔsraa onuawa bi a ne mfe akɔ anim; wɔrebɔ mpae no, ɔsrɛe Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Wowiee mpaebɔ no ohui sɛ onuawa no resu. Ɔkae sɛ ɔte nka sɛ ohia Yehowa fafiri kɛse, efisɛ ontumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi bio. Yiw, sɛ yɛte nka sɛ yentumi anaasɛ yɛmfata sɛ yɛyɛ biribi a, ɛwom sɛ mpɛn pii no adwennwen a ɛte saa ho nhia de, nanso ebetumi ama obi adi awerɛhow yiye wɔ ne komam.
Hu sɛ dawen ne ɔbrɛ betumi aka sɛnea yesusuw nsɛm ho. Esiane mmerɛwyɛ ahorow a mpanyinyɛ de ba ne ɔyare a ɛgogow yɛn ho dadwen nti, ebia obi bɛte nka sɛ Yehowa apaw no, na ebia waka sɛ: “Dɛn na mayɛ? Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ mihu amane?” Kae nea Mmebusɛm 12:25 ka no: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Bɔ mmɔden hwehwɛ asɛmpa a ɛbɛkyekye wo werɛ. Te se Hiob no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔte yaw nka no betumi aka sɛ wɔpɛ sɛ wowu mpo. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa; bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase. Anwiinwii n ɛte saa no nhyɛ da nkyerɛ sɛ obi nni gyidi anaa ahotoso. Hiob bɔɔ mpae sɛ ‘wɔmfa no nsie asaman,’ nanso nea ɔka toaa so pɛɛ no kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yehowa benyan no akyiri yi. Gyidi a emu yɛ den tumi ma yɛfa amanehunu ne adwenemhaw mmere mu a yɛntwe yɛn ho mfi Yehowa ho.—Hiob 14:13-15.
Nidi a Yɛde Bɛma Ayarefo ne wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
Ɛho hia yiye sɛ yɛde nidi bɛma ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim. (Romafo 12:10) Sɛ wɔnyɛ wɔn ade ntɛmntɛm sɛ kan no, anaa sɛ wontumi nyɛ pii sɛ kan no a, mma wo bu mfuw. Mpere wo ho mfa wo ho nhyem nsi gyinae mma wɔn. Ɛmfa ho adwempa biara a yɛwɔ no, sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ nhyɛso kwan so anaa sɛ yedi wɔn so tumi a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛma wɔte nka sɛ wɔn ho nni mfaso biara. nhwehwɛmufo Jette Ingerslev kyerɛkyerɛe nea nnipa dodow bi a obiara adi mfe 85 ankasa kae sɛ ɛne wɔn ani gye kɛse paa wɔ asetram mu wɔ nhomasua mu nhwehwɛmu a wɔde nya abodin bisa wotintimii wɔ 1988 mu sɛ: “Wɔkae sɛ nneɛma abiɛsa na ehia wɔn kɛse: abusuafo a wɔne wɔn bɛtra; apɔwmuden; ne wɔn gyinae ahorow a wɔn ankasa besi.” Hyɛ no nsow sɛ bere a tete agya Yakob bɔɔ akwakora no, ne mma ansi gyinae amma no; wɔyɛɛ n’apɛde maa no.—Genesis 47: 29, 30; 48:17-20.
Ɛsɛ sɛ yɛde nidi ma ayarefo nso. Asafo mu panyin bi hweree tumi a wɔde kasa, kenkan ade, ne nea wɔde kyerɛw esiane oprehyɛn mu mfomso bi nti. Ná eyi yɛ amanehunu kɛse, nanso ne mfɛfo mpanyimfo sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara ma wate nka sɛ ne ho wɔ mfaso. Mprempren, wɔkenken nkrataa a wɔn asafo no kyerɛw ne nea wɔn nsa ka nyinaa kyerɛ no, na ɔka ho na wɔyɛ asafo no nneɛma afoforo ho nhyehyɛe. Sɛ wɔyɛ mpanyimfo nhyiam a, wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu n’adwene. Wɔma no te ase sɛ wɔda so ara bu no sɛ wɔn yɔnko ɔpanyin, na wɔn ani gye sɛ ɔwɔ hɔ bi. Wɔ Kristofo asafo no mu no, yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden na ɔyarefo anaa nea ne mfe akɔ anim biara ante nka sɛ ‘wɔatow no akyene’ anaa woabu ani agu ne so. Dwom 71:9.
Mmoa a Ɛbɛma Woayɛ Den Wɔ Honhom Fam
Yɛn nyinaa hia honhom fam aduan na ama yɛakɔ so akura yɛn gyidi mu ahyɛ no den. Ɛno nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan Bible no ne Bible ho nhoma ahorow da biara mfa nsiyɛ nya Kristofo adesua ne asɛnka adwuma no mu dwumadi ahorow mu kyɛfa no. Mpɛn pii no, ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hia mmoa na wɔatumi ayɛ eyi, na wɔn fam no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ nea wɔn tebea no ankasa bɛma wɔatumi ayɛ. Anigyesɛm ne sɛ, sɛ yɛde lɔre kɔfa wɔn na yɛboa wɔn kakraa bi wɔ Ahenni Asa so a, wɔn mu pii betumi akɔ so ara aba adesua. Adesua ahorow a ɛte saa a wɔba yi hyɛ asafo no nkuran kɛse. Wɔn boasetɔ no kanyan yɛn na ɛhyɛ yɛn gyidi den.
Ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim betumi anya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a ɛsɛ wɔ akwan pii so nso. Wobetumi de ebinom aka kuw adansedi ho, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye sɛ wotumi di nnipa kakra adanse. Sɛ wontumi nkɔ bio a, wobetumi anya anigye afi bɔnnɔɔso adanse a wobedi ankorankoro a wɔba wɔn nkyɛn no mu. Onuawa bi a kokoram yɛɛ no yɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa bɛbɔ mmɔden soronko bi de atrɛw asɛmpa no mu. Akokoduru a ɔde kaa asɛm no hyɛɛ obiara nkuran. Ɔyɛɛ n’ankasa ayi ho nhyehyɛe mpo na adi adanse pa akyerɛ n’abusuafo, ne yɔnko odwumayɛfo ne n’afipamfo a wonnye nni. Saa kwan yi so no, ne tebea ahorow a ɛhaw adwene no ‘maa asɛmpa no kɔɔ so,’ na ne bo a osii sɛ ɔbɛda gyidi ne ahotoso adi no maa mfaso soronko bi baa ne nna a etwa to no so.—Filipifo 1:12-14.
Eye sɛ yɛbɛboa ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ma wɔayɛ den wɔ honhom fam. Mmusua betumi ato nsa afrɛ wɔn abɛka wɔn ho ma wɔne wɔn agye wɔn ani anwummere bi, anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wobetumi akɔyɛ wɔn abusua adesua no fã bi wɔ obi a ontumi mpue fie. Ɛna bi de ne mma nkumaa baanu kɔɔ onuawa bi a ne mfe akɔ anim fie na wɔatumi akenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm abom. Eyi maa onuawa a ne mfe akɔ anim no ani gyei, ne mmɔfra no ani gyee bere a onya maa wɔn no ho.
Nanso sɛ edu mmere bi a, ɛnsɛ sɛ wɔhaw ayarefo pii, na ebia saa bere yi de, ɛbɛyɛ papa sɛ mmere bi nko ara na wobɛkenkan ade den akyerɛ wɔn. Nanso kae sɛ, sɛ obi ayɛ mmerɛw wɔ honam mu dodow sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ a, ebetumi eba sɛ onii no da so ara hia na ɔhwehwɛ honhom fam fekubɔ. Yebetumi ne saafo no abɔ mpae, akenkan ade akyerɛ wɔn anaa yɛaka osuahu ahorow akyerɛ wɔn; nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantra wɔn nkyɛn ankyɛ ansen nea wobetumi.
Ɔsom kronn bi wɔ hɔ a ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim dodow no ara betumi ayɛ: mpae a wɔbɔ ma afoforo. Tete asuafo no buu ɔsom yi sɛ biribi a ɛho hia yiye. Bere bi, wɔkyekyɛɛ asafo no mu adwuma wɔ ɔkwan bi so na atumi ama asomafo no de wɔn adwene nyinaa asi mpaebɔ so. Wɔka ɔnokwafo Epafra ho asɛm sɛ ‘odi apere bɔ mpae ma afoforo.’ (Kolosefo 4:12; Asomafo no Nnwuma 6:4) Mpaebɔ a ɛte sɛɛ ho hia sen biara na mfaso wɔ so.—Luka 2:36-38; Yakobo 5:16.
Yehowa kae ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na ɔhwɛ wɔn wɔ wɔn amanehune bere mu. Ɔhwɛ kwan ma ɛfata sɛ yɛn nso yebesusuw nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn ho. Susuw a yebesusuw wɔn ho no da no adi sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛn nso yebegyina yɛn mudi mu. Na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebesusuw Ɔhene Dawid asɛm yi ho: “[Yehowa] nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtra hɔ daa.”—Dwom 37:18.
[Adaka wɔ kratafa 28]
Mmoa A Mfaso Wɔ So A Yɛde Bɛma Wɔ Ntease Mu
ƐSƐ sɛ nnamfo ne abusuafo nya sɛnea wɔhwɛ ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho nokware nimdeɛ kakra. Nea ɛsen biara no, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔanya adwempa wɔ asetra ho, ma wɔate nka sɛ wɔn ho hia na yebu wɔn na yɛama wɔate nka sɛ wɔn so wɔ mfaso. Ɛbɛma anigye a wɔwɔ wɔ asetra mu no agyina biribi a ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so anya Yehowa mu anigye so, a amanehunu ne ɛyaw ahorow mfa ho. Wɔahyɛ no nsow sɛ Yehowa Adansefo pii nyin kyɛ. Ɛda adi sɛ nea ɛboa wɔn kɛse ne daakye ho anidaso kɛse a wɔwɔ, wɔn adwenem a ɛtew, ne Ahenni ho dwumadi a wɔde wɔn ho hyem sɛnea wobetumi. Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a wafiri mu Frederick W. Franz a n’afe a ɛto so 100 mu na owuu asomdwoe mu bere a ɔde ne nkwa yɛɛ adwuma a mfaso wɔ so akyi no, yɛ eyi ho nhwɛso a edi mu. Fa toto 1 Beresosɛm 29:28 ho.
Mpɛn pii no, da biara da asetra mu nneɛma atitiriw a yɛbɛma ɛho ahia yɛn no ho bɛba mfaso pii: ahotew, aduan pa, nsu ne nkyene a ɛsɛ, apɔw mu teɛteɛ a ɛfata, mframa pa, homan amiamia a wɔyɛ no bɔkɔɔ, ne nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran. Aduan pa tumi boa ma wɔte asɛm yiye, hu ade yiye, susuw nsɛm ho yiye na ɛma wotumi nya apɔwmuden, na wɔn nipadua tumi ko tia nyarewa kɛse nso. wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim fam no, aduan pa ne nsu pii a wɔbɛnom ara kwa no betumi ama wɔanya apɔwmuden, saa ara na sɛ wɔannya a, ebetumi ama wɔayɛ mmerɛw wɔ homan ne adwene mu. Ebia ebehia sɛ wususuw nsɛm ho ansa na woahu apɔw mu teɛteɛ ko a ɛbɛyɛ ama obi. Onuawa bi a ɔkenkan ade kyerɛ onuawa foforo bi a ne mfe akɔ anim na n’ani reyɛ afura ne no saw bɔkɔɔ wɔ ɔdan mu de fi dapɛn nsrahwɛ no ase, na wɔyɛ saa ara de wie. Wodi kan de nnwom a wɔapaw no hyɛ afiri a wɔde bɔ nnwom no mu dedaw bere nyinaa, na wɔn baanu nyinaa nya anigye wɔ “apɔw mu teɛteɛ” yi mu.
Wɔ aman pii mu no, ahyehyɛde ahorow a wɔboa betumi de mmoa a nyansa wom a ɛsom bo ama, na wɔde tebea ahorow pɔtee bi nsɛm ne afotu ne sɛnea wodi ho dwuma ama. (Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wamfa ne ho ankɔhyɛ dwumadi ahorow a ɛbɛma wabrɛ yɛn nokware Kristofo som no ase.) Ɛtɔ mmere bi a, wɔde nneɛma a wɔde nneɛma a wɔde boa nipadua no akwaa ahorow, ayarefo nkongua, mfiri a ɛboa ma wɔte asɛm yiye ne ade boa. Esiane sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii te nka sɛ wonhia biribiara anaasɛ ɛmfata sɛ wonya nneɛma foforo a ɛte saa nti, ɛsɛ sɛ abusuafo de afotu a ntease wom ma anaasɛ wɔkorɔkorɔ wɔn mpo. Funuma papa a wɔde bɛto tiafi ne aguaree pon ano betumi ama n’ani agye ankasa asen ade fɛfɛ bi a wɔde bɛma no.
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛhwɛ wɔn betumi de adwennwen kɛse aba, titiriw sɛ ogurow wɔ adwene ne nipadua mu a. Mpɛn pii no, adwene ne nipadua mu a. Mpɛn pii no, adwene ne nipadua mu gurow ba nkakrankakra. Yebetumi asiw eyi ano denam adwuma a ɛtɔ mmere bi a yɛbɛma wayɛ bi so. Obi a wagurow wɔ adwene ne nipadua mu bo betumi afuw obi a ɔpɛ n’asɛm yiye mpofirim. Ɛsɛ sɛ abusuafo hu sɛ obi a ne mfe rekɔ anim werɛ betumi afi nokware no ho biribiara mpo awerɛhosɛm a nipadua a agow na ɛde ba, na ɛnkyerɛ sɛ wapa gyidi.
Sɛ ɔyarefo no wɔ ayaresabea anaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim fie a, ehia sɛ wone ɛhɔ adwumayɛfo no nya nkitahodi pa na ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ fa awodadi, Buronya anaa wiasefo nnapɔnna afoforo ho. Sɛ ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn a, abusuafo betumi akyerɛ ɔyarefo no adwene wɔ mogya a wɔde ma ho na wɔakyerɛw ama wɔn.