Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/1 kr. 10-14
  • Yehowa Di M’ahiade Biara Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Di M’ahiade Biara Ho Dwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom mu Ahiade Ahorow a Mihui
  • Hokwan Ahorow a Ɛyɛ Anigye Bue
  • Yɛkɔfaa Nullarbor Asasetaw So
  • So Ɛsɛ sɛ Yedi anaa Ɛnsɛ sɛ Yedi?
  • Nsato a Ɛkyerɛ sɛ “Wɔntrɛw Mu”
  • Rangoon Nhyiam a Ɛkanyan Nkate No
  • Ɔko ne Ko a Japanfo Ko Faa Ɔman No
  • Mesan Ba Australia
  • Yehowa, M’ahotoso Fi Mmofraberem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Mini, Soma Me!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • ‘Nnɔbae No Ahoa’ Wɔ Burma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/1 kr. 10-14

Yehowa Di M’ahiade Biara Ho Dwuma

Sɛnea John E. (Ted) Sewell ka kyerɛe

SƐ YETU anammɔn biako biara wɔ Thailand kwae a huruhurow tu wom no mu a, misusuwii sɛ ‘Ɛbɛyɛ sɛ akwan a ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛfa so afi Bangkok akɔ Burma wɔ hɔ!’ Ɛwom sɛ na me nan ase ayeyɛ akuru na fifiri aguare me de, nanso ade a na midwen ho titiriw ne sɛ yebehyia asebɔ, sisi tuntum anaa asono a na wonim sɛ wokyinkyin kwae yi mu no mu biako​—sɛ merenka awɔ a wɔn bɔre ano yɛ den ho asɛm a. Na dɛn nti na me ne Frank Dewar retu kwan a asiane wom yi?

Na yɛn baanu nyinaa yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Thailand, na yɛate sɛ wɔbɛyɛ nnansa nhyiam wɔ Rangoon, Burma wɔ November 26-28, 1938 mu. Na sika kakraa bi a yɛwɔ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a ɛremma yɛmmɔ ka kɛse so de fi Bangkok kɔ Rangoon a na akwantu no fã hwehwɛ sɛ yɛnantew fa kwae mu akwansin 50.

Yɛde keteke fii ase fi Bangkok November 16, woyii yɛn kɔtraa bɔs ketewaa bi mu, wɔde ɔkorow kɛse bi de yɛn twaa Asubɔnten Ping na afei yefii kwae mu ɔkwan tenten a yɛbɛnantew atwa no ase. Na Frank ahwehwɛ asase mfonini ahorow mu na awiei koraa no yɛpaw ɔkwan bi a ɛte sɛ nea yebetumi afa so. Na lɔre akwan nni hɔ a yɛbɛfa so​—ɛyɛ anammɔnkoro kwan bi a akwantufo paee a na edi telefon hama bi akyi titiriw ara kwa.

Yɛde aseda mae sɛ mmoa nkutoo a yehuu wɔn ne nkontromfi pii a wowɔwɔ nnua so. Na nhwiren a ɛyɛ fɛ yiye a ɛsensɛn hɔ no yɛ anigyede a na yɛnhwɛ kwan se yebehu. Bere a ade resa no, yefii ase dwen sɛ ebia asiane nnim sɛ yɛbɛda kwae no mu no ho. Na ɛnte sɛ Australia kwae a na metaa da mu anadwo wɔ petee mu no koraa. Na wɔde kɔkɔbɔ ama yɛn nso wɔ sum ase aguadifo a na wonim sɛ wɔbɔ korɔn na wopira akwantufo mpo no ho.

Yɛn koma tui yiye bere a yehyiaa mmarima kuw bi a wɔn ani so krakra a wɔn mu biara kura nkrante kɛse bi a ɔde asɛn n’abɔso ho no. Wɔma yegyinae na wobisaa faako a yɛkɔ. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛrekɔ Kristofo nhyiam wɔ Rangoon no, wɔde adwenem naayɛ hwɛɛ yɛn nanso wɔkɔɔ wɔn kwan a wɔanyɛ yɛn hwee.

Bere tiaa bi akyi no, yehyiaa mmerante baanu a na wɔwɔ adamfofa su kɛse. Ɛdenam Thailandfo kasa kakraa bi a yɛte no so no, yɛbɔɔ wɔn paa sɛ wɔnkyerɛ yɛn kwan nkosi Burma. Bere a ade sae no, yeduu dua kɛse bi a na ɛwɔ atrapoe a wɔde foro kɔ nsɛmso a wɔayɛ wɔ ne mmaa so no so no ase. Ɛhɔ na yɛn baanan no dae.

Da a edi hɔ anwummere dui no, na yɛadu akuraa ketewaa bi a yetumi daa ofi bi abrannaa so wɔ hɔ maa ade kyee no ase. Ne nnansa so no, yeduu akuraa a ɛne Mae Sot ase wɔ Burmafo ɔhye so. Ɛha na yɛne yɛn akwankyerɛfo no dii nkra na yɛde anigye tuaa wɔn ka wɔ wɔn adwuma pa no ho.

Bere a yetwaa asubɔnten no kɔɔ Burma no, yɛtraa bɔs ketewaa bi mu de kɔfaa ɔkwan a ɛda mmepɔw bi so no so na afei yɛtraa ɔkorow mu de kɔɔ Moulmein. Yɛde keteke a ɛno maa akwantu no yɛɛ mmerɛw bere a yɛanantew akyi no, na etuu yɛn kwan no fã a etwa to no. Na akwantu no nyinaa agye dapɛn biako, nanso na mmɔden nyinaa a yɛbɔe sɛ yɛne yɛn nuanom benya honhom mu fekubɔ no so wɔ mfaso. Ɛyɛ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa adi m’ahiade biara ho dwuma no mu biako bio. Nanso ma menka nea ɛyɛe a mebaa Thailand no ho asɛm nkyerɛ wo.

Honhom mu Ahiade Ahorow a Mihui

Na asetra ne amammerɛ ahorow resakra bere a wɔwoo me wɔ Australia Atɔe Fam wɔ 1910 mu. Na ɛte sɛ nea Wiase Ko I a efii ase 1914 no maa nsakrae no yɛɛ ntɛmntɛm. Ɛwom sɛ na madi bɛyɛ mfe ason pɛ de, nanso mekae pefee sɛ na me Maame kyerɛw nkrataa kɔma me Papa a na ɔkɔ ɔko wɔ Europa no. Me Maame ka kyerɛɛ me bere bi sɛ: “Wunim, Bible no ka sɛ ako ne akosɛm bɛba. Wankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri nanso na mepɛ sɛ mihu nneɛma mu.

Mfe bi akyi wɔ December 1934 mu no, bere a na mete ɔpɔnkɔ so resan akɔ afuw a meyɛ mu adwuma no mu no, mihyiaa me kan adamfo bi a me ne no kɔɔ sukuu na ɔka kyerɛɛ me sɛ Yehowa Adansefo mu binom fi Perth aba hɔ nnansa yi. N’abusua tɔɔ wɔn nhoma nanso wɔasi gyinae sɛ wɔrenkenkan. Esiane sɛ na mepɛ sɛ mihu nneɛma mu nti, mikogyee Life nhoma no fii ne nkyɛn.

Bere a na menam anadwo a wim ayɛ hann mframa no mu no, na ɔsram apae araa ma mitumi kenkan ti biara mu asɛmti mu nkyerɛwee akɛseakɛse no. Bere a miduu afuw no mu no, mede krasin kanea toaa akenkan no so. Ɛhɔ na midii kan hui sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa​—Yehowa. M’ani gyei sɛ mihui sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw bi a ɛyɛ nwonwa ma yɛn asase no, yiw, kyerɛ sɛ, asase no bɛdan paradise ama adesamma asoɔmmerɛwfo. Wobuaa me nsemmisa nyinaa wɔ nhoma yi mu!

Nnipa a na wodi kan a mepɛe sɛ meka ho asɛm kyerɛ wɔn ne m’awofo a wɔte afuw ketewaa bi a fi baabi a mewɔ kɔ hɔ no bɛyɛ akwansin 86 mu no. Na eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ metra ɔpɔnkɔ so da koro ne fã. Bere a mekaa nea meresua ho asɛm kyerɛɛ me Maame no, ɔmaa me ho dwiriw me bere a ɔkae sɛ ɔno nso resua Bible nhoma koro no ara no! Bere a meresan m’akyi atwa ɔkwan tenten no aba fie wɔ dapɛn biako akyi no, na ɛsɛ sɛ misusuw nneɛma pii ho, efisɛ na m’adesua no akyerɛ sɛ ɛnyɛ nimdeɛ ne gyidi nkutoo na Onyankopɔn hwehwɛ. Afei na mahu sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristoni suasua Yesu na n’ankasa som Yehowa denam asɛm a ɔbɛka akyerɛ afoforo so. Enti misii me bo sɛ fi saa bere no reba no, mɛbɔ mmɔden ayɛ eyi dapɛn awiei biara.

Hokwan Ahorow a Ɛyɛ Anigye Bue

Sɛnea ɛbɛyɛ a medi adanse wɔ mfuw ɔmantam a ahwete no mu no, metɔɔ Model-T Ford a na wɔayɛ no lɔre kɛse a asetra mu nneɛma ahorow wom no. Bere a mikura nneɛma a wɔde da ne nneɛma a ɛho hia kakraa bi no, mekɔsrasraa akuafo Memeneda awia nyinaa, meda lɔre no mu, na afei metoa adansedi no so wɔ mfuw ahorow mu kosi Kwasida anɔpa. Mesan kɔ tie anwummere.

Meyɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne denam asubɔ so wɔ nhyiam ketewaa bi a wɔyɛe wɔ Perth, April 1936 no ase. Ɔkasa no mu biako sii bere nyinaa akwampae som adwuma no so dua. Na minim sɛ minni Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde biara a esiw me kwan wɔ adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa a menya no ho, enti mifii akwampae adwuma ase December, 1936.

Wɔ saa ɔsram no ara mu no, akwampaefo ahoɔdenfo baanu, Arthur Willis ne Bill Newlands, de lɔre beduu Perth. Wom Sydney wɔ mpoano apuei fam wɔ asram akron a na atwam no mu, na na wɔadi adanse afa Australia. Wubetumi ayɛ anigye a minyae bere a Asafo ti no paw me sɛ menkɔka wɔn ho bere a wɔresan wɔn akyi akɔ no ho mfonini wɔ w’adwenem. Wɔmaa me ntetee a ɛso wɔ mfaso a me werɛ mfii da.

Yɛkɔfaa Nullarbor Asasetaw So

Edin Nullarbor no kyerɛ sɛ “nnua nni hɔ.” Ɛyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata ma asasetaw kesee a nnua nni so a ɛwɔ Australia mfinimfini no. Wɔ 1930 mfe no mu no, na ɔkwan a yɛfa so no yɛ ɔkwan a ɛso asɛe sen biara a wubetumi asusuw ho a ne tenten bɛyɛ akwansin 1,000.

Anadwo biara yɛda mpa ketewaa bi so, mpɛn pii wɔ petee mu. Osu ntɔ kɛse wɔ hɔ na ɛkame ayɛ sɛ obosu ntɔ wɔ saa beae hɔ wɔ ɔman no mu. Sɛ yɛda anadwo biara wɔ nsoromma a ɛhyerɛn yiye no ase wɔ mframa pa no mu a, ɛma metaa kae Dwom 19 nnianim nsɛm no: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.”

Wɔkyerɛ sɛ keteke kwan a etwam fa Nullarbor so no ware sen keteke kwan biara wɔ wiase. Ne tenten yɛ akwansin 300 a ɛnyɛ nea akontɔn anaa akyea ketewa bi mpo. Yɛn ani gyee adanse a yedii wɔ nkuraa nketenkete a ɛwɔ keteke kwan no ho ase no ne nnipa a wɔtete faako a wɔyɛn nguan no ho. Na nnipa pii wowɔ nsase wɔ Australia fã yi. Mekae mmoa nyɛmmea a ne kɛse boro asase nhama ɔpepem biako a faako a asase wura no te wɔ baabi a fi ɔpon a edi kan no ano kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 50.

Awiei koraa no yeduu Katoomba wɔ Blue Mountains a ɛwɔ Sydney atɔe fam pɛɛ no ntɛm ma yekodii Nkae afahyɛ no March 26, 1937. Na yɛn adwuma a ɛma yetutu akwan no yɛ anigye na mfaso wɔ so wɔ honhom mu, nanso na ɛyɛ nsakrae a anigye wom sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo asafo bɛtra nna kakra.

So Ɛsɛ sɛ Yedi anaa Ɛnsɛ sɛ Yedi?

Wɔ saa 1937 Nkaedi bere no mu no, na ɛda so ara yɛ nea nneɛma mu nna hɔ wɔ “nguan foforo” no ho. (Yohane 10:16) Ebinom tee nka sɛ Kristofo gyidi ne nnamyɛ bi a obi bɛda no adi no bɛkyerɛ sɛ ebia wanya ɔsoro frɛ anaasɛ dabi. Enti, midii abodoo no nom nsa no bi te sɛ afoforo a na wɔwɔ tebea koro no ara mu no. Afe a edi hɔ no, yɛn a yɛyɛ akwampaefo no dodow bi hawee wɔ abodoo a yedii ne nsa a yɛnom bi no ho.

Yɛn mu no na yɛrehwɛ asetra kwan wɔ paradise asase so, nanso yɛn mu pii tee nka sɛ yɛn nnamyɛ ne akwampae adwuma no de adanse ma sɛ wɔde honhom asra yɛn. Yehowa nam n’asase so ahyehyɛde no so maa yɛn mmuae wɔ ne bere mu. Ɔwɛn-Aban no bae wɔ saa Nkaedi afahyɛ no awia, March 15, 1938. Na emu asɛntitiriw, “Ne Nguankuw” no yɛ Yohane 10:14-16 ho adesua a ɛkɔ akyiri. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyee nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a ebuaa yɛn nsemmisa no ho!

Asɛm no de nhwɛso ahorow a ɛfa sɛnea Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma ahoɔden so wɔ ne tete nkoa so na ɔma wɔyɛɛ ahoɔdennwuma bere tenten ansa na ɔsoro frɛ no ho kwan bue mae. Saa ara nso na Onyankopɔn de ne honhom ma ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so wɔ asase so nnɛ a wama wɔn asase so anidaso no. Enti yɛde aseda mae sɛ yɛtee nsonsonoe a ɛwɔ honhom kronkron a wɔde wo obi ne Onyankopɔn honhom a wɔde hyɛ no den na ɔyɛ n’apɛde no mu no ase.

Nsato a Ɛkyerɛ sɛ “Wɔntrɛw Mu”

Nsɛm afoforo a esisii wɔ 1938 mu a na ɛyɛ anigye ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, Onua Rutherford nsrahwɛ, ne nhyiam a yɛyɛe wɔ Sydney Agumadibea no. Wɔtoo nsa frɛɛ akwampaefo a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom wɔ Burma, Malaya, Siam (mprempren Thailand), ne Java, (mprempren Indonesia) wɔ nhyiam no ase. Me ne Hector Oates ne Fred Paton ani gyei sɛ wɔkae sɛ yɛnkɔ Burma.

Na mintuu kwan mfii Australia da. Nanso, wɔ asram abien ntam no, na me ne akwampaefo afoforo te po so hyɛn mu rekɔ faako a wɔakyerɛ sɛ yɛnkɔ no. Yeduu Singapore June 22, 1938, na Bill Hunter a na ɔreyɛ akwampae adwuma wɔ hɔ dedaw no behyiaa yɛn kwan wɔ po so hyɛn gyinabea hɔ. Hwɛ sɛnea na ɛte sɛ nea biribiara yɛ nwonwa ne anigye bere a yehuu ɔman no mufo ntade ne amammerɛ na yɛtee kasa horow a yentumi nte ase no.

Onua Hunter de telegram a efi Australia a ɛkyerɛ sɛ mimfi Burma nkɔ Malaya maa me. Na ɛsɛ sɛ Fred Paton ne Hector Oates toa so kɔ Burma a menka ho. M’ani gyei bere a metee sɛ me ne asɛmpatrɛwfo baanu a wɔn ho akokwaw, Kurt Gruber ne Willy Unglaube na ɛbɛyɛ adwuma. Wofi Germany nanso na wɔresom wɔ Malaya bɛyɛ bere bi ni.

Bere a midii asram abiɛsa wɔ Malaya akyi no, wɔde me kɔɔ Thailand. Na ɛsɛ sɛ Willie Unglaube ne Frank Dewar a na wayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ dedaw no ne me kɔ. Yɛde keteke duu hɔ September 1938, na yenyaa baabi trae bere tiaa bi na yefii yɛn adansedi adwuma no ase. Yehui sɛ Thailandfo wɔ ayamye ne boasetɔ bere a na yɛrebɔ mmɔden asua wɔn kasa a emu dɔ no.

Rangoon Nhyiam a Ɛkanyan Nkate No

Na yefi Bangkok, Thailand na yetuu saa ɔkwan a ɛyɛ den no kɔɔ Rangoon, Burma, a madi kan aka ho asɛm no. Na ɛno ne bere a edi kan a wɔayɛ nhyiam wɔ Burma, na City Hall fɛfɛ no yɛɛ ma twom a nnipa bɛboro apem na wobetiee baguam ɔkasa no. Na ɛsɛ sɛ wɔtotow apon mu efisɛ na ɔkwan nni dan no mu. Na Adansefo kakraa bi pɛ na wɔwɔ Burma ne aman a ɛbemmɛn no mu, enti nnipa a wobetiee ɔkasa no mu pii yɛ wɔn a wɔpenee nsaano nkrataa a wɔkyekyɛe de too nsa frɛɛ wɔn ansa na nhyiam no refi ase no so.

Wɔ yɛn a na yefi mmeae a yɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ fam no, na ɛyɛ honhom mu aduru a ɛma ahoɔden ankasa. Nanso bere a nhyiam no baa awiei no, yɛsan baa Thailand​—saa bere yi de, yɛfaa ɔkwan bi a yɛammrɛ so a amma ɛho anhia sɛ yɛkɔfa kwae mu.

Ɔko ne Ko a Japanfo Ko Faa Ɔman No

Afei na ɔko no ho ahum no de n’ani akyerɛ Asia kesee fam atɔe wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Bere a Japan asraafo baa Thailand no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no. Wɔde Britaniafo, Amerikafo ne Dutchfo nyinaa guu afiase kosii sɛ ɔko no baa awiei. Wɔde me ne George Powell, ɔkwampaefo bi a na ofi Singapore abɛka yɛn ho wɔ Bangkok no too afiase. Yedii mfe abiɛsa ne asram awotwe wɔ afiase hɔ.

Bere a na yɛda afiase no, yɛannya nhoma foforo biara na yɛante hwee amfi Asafo ti no hɔ nso. Nanso yenyaa odwontofo no bɔhyɛ no mmamu: “[Yehowa] wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.”​—Dwom 145:14.

Mesan Ba Australia

Bere a ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu no, mesan baa Australia. Ɛdenam aduan pa ne asetra pa so no, mesan nyaa ahoɔden na mitumi fii akwampae adwuma ase bio. Afei, wɔma meyɛɛ akwantu adwuma sɛ ɔmansin sohwɛfo 1952, na minyaa hokwan yi mu anigye wɔ mfe 22 a edi hɔ no mu. Mewaree Isabell a na wayɛ ɔkwampaefo mfe 11 wɔ 1957 mu na yɛkɔɔ so yɛɛ ɔmansin adwuma no sɛ okunu ne ɔyere.

Ɔyare fii ase maa akwan a mitu daa no yɛɛ den, enti wɔ 1974 mu no, yɛtraa faako sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma wɔ Melbourne. Meda so ara som sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini wɔ bere ne bere mu na nnansa yi minyaa hokwan somee sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ akwampaefo ɔsom sukuu no mu. Wɔ adwuma yi nyinaa mu no, me yere ayɛ ɔboafo a ɔwɔ anigye bere nyinaa. Mprempren madi mfe 78 na meda Yehowa ase yiye sɛ ɔkɔ so di m’ahiade biara ho dwuma.

Sɛ mibu kɔmpɔw hwɛ mfe a atwam no a, metaa susuw sɛnea Yehowa atete yɛn, aboa yɛn wɔ yɛn mfomso ho, wateɛ yɛn so na ama wɔatew yɛn ho sɛ ne nkoa no ho. Mekae mmere horow a Onyankopɔn ma minyaa ɔkwan faa so fii sɔhwɛ ahorow a onipa ahoɔden ntumi nnyina ano mu no. Eyinom a mekae no ma minya ahoɔden na ɛma mekae bere nyinaa sɛ Yehowa adi m’ahiade biara ho dwuma ampa.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Me ne me yere Isabella mfonini bi a yetwae nnansa yi ara

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Adansedi wɔ Nullarbor

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena