Sɛ Yɛyɛ Onyankopɔn Apɛde a, Ɔrempow Yɛn Da
Sɛnea Grete Schmidt ka kyerɛe
WƆWOO me wɔ Budapest, Hungary, wɔ 1915 mu. Na wogu so reko wiase nyinaa ko a edi kan no, na na me papa ne Austria ne Hungaryfo asraafo wɔ akono. Bere a owui wɔ afe biako akyi no, me ne me maame san baa Yugoslavia, faako a na n’abusuafo te.
Esiane sɛ me Maame ansan aware bio nti, na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ adwuma a ɔbɛyɛ enti ɔde me hyɛɛ ne nuabea nsa sɛ ɔntete me. Na me maame nuabea no wɔ afuw bi wɔ baabi a fi Maribor kurom kɔ hɔ bɛyɛ akwansin abiɛsa wɔ Yugoslavia kusuu fam. Ɛhɔ na mede anigye traa mfe pii a na bere nyinaa mede anigye hwɛ kwan sɛ me maame befi Maribor abɛsra yɛn Kwasida. Bere koro no ara mu no, me kɔn dɔe kɛse sɛ menya agya.
Me Ne Agya Bi Ntam Abusuabɔ
Na m’abusuafo yɛ Katolekfo, na esiane sɛ ɔsoro ne hell wɔ afã titiriw bi wɔ Katolek asɔre no mu nti, na ɛmma mintumi nhu nea menyɛ. Metee nka sɛ ɛnyɛ nea mɛyɛ papa dodo a ɛsɛ sɛ mekɔ soro, nanso metee nka nso sɛ ɛnyɛ nea mɛyɛ bɔne pii a ɛsɛ wɔde me kɔ hell. Me ne obiara dii ɔhaw yi ho nkɔmmɔ, efi me nenabea so kosi akuraa no ase sɔfo so.
Me maame na mehaw no titiriw. Enti asram bi akyi no, ɔde nhomawa bi a wɔakyerɛw wɔ Slovenia kasa mu a ne din de Where Are the Dead? a ɔtɔɔ wɔ kurow no mu maa me. Na me maame ankasa nkenkanee ɛ, nanso osusuwii sɛ ebetumi abua me nsemmisa no.
Ná menkenkan nhoma biara mpɛn pii saa da wɔ m’asetra nyinaa mu te sɛ nhomawa yi! Ɛnyɛ sɛ ebuaa me nsemmisa a ɛfa nkwa ne owu ho no nko, na mmom ɛkyerɛɛ me sɛnea me ne me soro Agya no benya abusuabɔ a emu yɛ den nso. Mekraa nhomawa no anum a na m’atirimpɔw ne sɛ mɛkyekyɛ wɔ asɔredan no anim.
Wɔ yɛn akuraa no ase no, na mmea kɔ asɔre Kwasida, nanso mmarima no traa asɔredan no akyi na wɔbɔɔ nsɛm a wɔn ani gye ho titiriw ho nkɔmmɔ, nyɛmmoa ne kuadwuma. Enti bere a na ɔsɔfo no reyɛ asɔre akyerɛ mmea no wɔ asɔredan no mu no, na me nso meka asɛm no kyerɛ mmarima no wɔ asɔredan no akyi. Na madi mfe 15 pɛ, na na ɛda adi sɛ wɔn ani gye anigye a na mewɔ sɛ abeawa no ho efisɛ na wotua nhomawa no ka na mede ntoboa no tɔ foforo.
Ankyɛ biara ɔsɔfo no tee me dwumadi no ho asɛm na ɔne me maame nuabea no bɛkasae. Kwasida a edi hɔ no, ofi asɛnka agua so de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Nokwarem no, obiara nni yɛn akuraa yi ase a onni osuahu koraa a obegye anansesɛm a abeawa bi to no adi.” Esiane eyi nti, obiara a ɔwɔ akuraa no ase sɔre tiaa me. Me maame nuabea no mpo ani wui na ɔbɔɔ me maame amanneɛ sɛ ɔrentumi ne me ntra bio.
Metee nka ankasa sɛ wɔapow me nanso mesan nyaa awerɛkyekye ne ahoɔden bio fii mpae a mebɔɔ Yehowa no mu. Mitu kɔtraa me maame nkyɛn wɔ Maribor, na yeboom trae anigye mu. Ɛwom sɛ na ɔne me nnya honhom mu nneɛma mu kyɛfa de, nanso ɔmaa me kwan ma mekɔɔ nhyiam wɔ asafo ketewaa a na ɛwɔ hɔ no mu. Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ August 15, 1931 mu.
Nea ɛyɛɛ me awerɛhow kɛse no, me Maame yaree mpofirim na owui wɔ adapɛn kakraa bi akyi. Meda so ara kae ne nsɛm a etwa to a ɔka kyerɛɛ me no: “Me dɔfo Gretel, kura wo gyidi no mu. Migye di sɛ ɛno ne nokware no.” Wɔ ne wu akyi no, metee nka bio sɛ wɔapow me, nanso me ne me soro Agya no ntam abusuabɔ wowaw me.
Awarefo bi a na wonni mma faa me traa wɔn nkyɛn na misuaa adepam wɔ adepambea a na ɔbea no ne sohwɛfo. Na mewɔ honam fam nneɛma yiye, nanso na nea me koma pɛ ne sɛ mede me bere nyinaa mɛsom Onyankopɔn. Wɔ yɛn asafo ketewaa a na ɛwɔ Maribor no mu no, na yɛn nyinaa gye di sɛ bere tiaa bi na aka ama nneɛma nhyehyɛe yi. (1 Korintofo 7:29) Wɔ kokoam no, mesrɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ ontu ne ho a ɔde begye nsɛm mu no nhyɛ da kosi sɛ mesua adepam no awie ansa. Mepɔn me ho June 15, 1933, na ade kyee pɛ mifii fie sɛnea ɛbɛyɛ a mefi akwampae adwuma ase! Esiane sɛ na meyɛ abeawa—na madi mfe 17 pɛ—nti, anuanom binom mpo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe me asan nanso na masi me bo sɛ mɛyɛ.
Akwampae Adwuma Mfiase
Baabi a midii kan yɛɛ adwuma ne Zagreb, kurow bi a emufo dodow bɛyɛ 200,000 a ti Maribor kɔ hɔ nware. Na adawurubɔfo baasia pɛ na wɔwɔ asafo no mu. Menam adwuma a me ne Onua Tucek a ɔne ɔkwampaefo a odi kan wɔ Yugoslavia yɛe no so suaa nneɛma pii. Akyiri yi me nkutoo yɛɛ akwampae adwuma no bɛyɛ afe biako. Nanso nkakrankakra akwampaefo pii fii Germany bae efisɛ na Nasi nniso no baraa adwuma no wɔ hɔ nkyɛe.
Meboaa akwampaefo a wɔyɛ awarefo no pii denam yɛ a meyɛɛ kasa asekyerɛfo maa wɔn no so. Na adwuma a me ne Kristofo a wɔn ho akokwaw yi yɛe no yɛ osuahu a ɛsom bo ma me. Me nimdeɛ ne me ntease yɛɛ kɛse na mekɔɔ so nyaa anisɔ maa hokwan a na minya de ka Ahenni ho asɛmpa no bere nyinaa no.
Wɔ bere tiaa bi mu no, yɛbɛyɛɛ akwampaefo kuw a wɔn ho yɛ anika a emufo yɛ 20 wɔ Balkan Aman no mu. Mmɔden biako a yɛbɔe sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Asɛm no kaa yɛn boom a na obiara ayɛ krado sɛ ɔbɛboa ne yɔnko sɛ ɛba sɛ ehia no a. Ɔpɛ a wohu wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nkutoo mu na ɛkanyan yɛn nyinaa. Saa ɔdɔ ‘biakoyɛ hama’ yi kɔ so wɔ kuw no mufo a wɔda so ara te ase nnɛ no mu.—Kolosefo 3:14.
Ɔkwampaefo wɔ osuahu pii wɔ n’asetra mu na egu ahorow te sɛ nea omununkum a ɛwɔ soro te no. Yɛnam osuahu a ɛsom bo a ɛne hu a yehu aman ne nnipa a anka yennim wɔn a wɔn amanne ne wɔn asetra ka ho no so tee nka sɛ yɛayɛ adefo. Wɔ eyi akyi no, yehuu sɛnea Yehowa hwɛ ne nkoa anokwafo te sɛnea Paulo ma yenya awerɛhyem wɔ Efesofo 3:20: ‘Ɔreyɛ nea ɛtra ade nyinaa ma ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw, sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no.’
Yehowa daa ne hwɛ a ɔdɔ wom no adi bere a Onua Honegger fi Switzerland bɛsraa yɛn na ohui sɛ na ɛsɛ sɛ yɛnantew bɛyɛ akwansin 25 na ama yɛadu nkuraa a ɛbemmɛn Zagreb no ase no. Ohui sɛ na yeyiyi yɛn mpaboa de sensɛn yɛn kɔn ho bere a yɛafi kurow no mu ara pɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ase no renhi. Enti ɔtɔɔ baesekre 12 maa yɛn ɛwom sɛ akyiri yi ɔkaa mpo sɛ egyee ne sika nyinaa de! Nokwarem no, Yehowa ka anokwafo koma. Te sɛ akyɛde a efi soro no, baesekre no som sɛ yɛn ahokafo anokwafo wɔ akwampae adwuma a yɛde mfe 25 yɛe mu.
Bere bi me ne Willi ne Elizabeth Wilke duu Crotiafo kurow a na ɛso kakra bi mu, faako a yɛn mu biara nkutoo yɛɛ adwuma—fi kurotia koduu akuraa no mfinimfini no. Na yɛde Righteous Ruler nhomawa a Yesu mfonini wɔ akyi no remema. Bɛyɛ afe biako a atwam ni wɔ 1934 mu no, na wɔakum Yugoslavia hene Alexander na na ɛsɛ sɛ ne babarima Peter si n’ananmu di ade. Nanso, na nkuraasefo no pɛ sɛ wɔn ankasa bedi wɔn ho so mmom sen sɛ ɔhempɔn a ofi Serbia (Yugoslavia kesee fam) bedi wɔn so.
Bere a yɛde nnɔnhwerew dodow bi aka asɛm no akyi no, yɛtee nteɛteɛm bi wɔ akuraa no abɔnten so. Mihui sɛ nnipa kuw a wɔyɛ mmarima ne mmea bɛyɛ 20 a ebinom kurakura kantankrankyi a afoforo nso ani abere a wɔrehyew yɛn nhomawa no atwa Onuabarima ne Onuawa Wilke ho ahyia wɔ hɔ. Na onuawa Wilke ntumi nka kasa no yiye na ama ɔde ayi adwene a ɛnteɛ a nkuraasefo no anya no afi hɔ.
Meteɛɛm sɛ “mmerante ne mmabaa, dɛn na moreyɛ no”? Ɛkame ayɛ sɛ wɔde nne biako buae sɛ “yɛmpɛ Peter!”
Mibuae sɛ: “Yɛn nso saa ara.”
Nea ɛyɛ nwonwa no, nkurɔfo no de wɔn nsa kyerɛɛ mfonini a ɛwɔ nhomawa no akyi no na wobisae sɛ: “Dɛn nti na morebɔ no ho dawuru?” Na wosusuw sɛ Yesu Kristo yɛ Ɔhene Peter!
Nneɛma mu daa hɔ na yedii Ɔhene Yesu ho adanse fefeefe. Na ebinom a wɔahyew wɔn nhomawa no pɛ foforo afei. Yɛde anigye fii akuraa no ase kɔe a na yɛte nka sɛ Yehowa abɔ yɛn ho ban.
Akyiri yi yɛtrɛw yɛn asɛnka no mu kɔɔ Bosnia, Yugoslavia mfinimfini. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no fã yɛ nkramofo na yehyiaa amanne ahorow foforo ne gyidi hunu pii nso. Wɔ nkuraa no ase no, na nnipa no nhuu ɔbea a ɔte baesekre so pɛn da, enti du a yeduu hɔ no yɛɛ wɔn ahodwiriw wɔ ɔkwan bi so na ɛmaa wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ nneɛma mu. Nyamesom akannifo no maa atosɛm a ɛne sɛ ɔbea bi a na ɔte baesekre so no de mmusu baa akuraa no ase trɛwee. Wɔ ɛno akyi no, na yegyaw yɛn baesekre no wɔ nkuraa no kurotia na yɛanantew akɔ hɔ.
Esiane sɛ na afei wɔabara yɛn nhoma ahorow no nti, na polisifo taa kyere yɛn. Na wɔtaa hyɛ yɛn sɛ yemfi ɔmansin no mu nkɔ. Ná wɔma polisifo baanu ka yɛn ho kɔ ɔhye no so, ɔkwan a ne tenten bɛyɛ fi akwansin 30 kosi 60. Na wɔn ho dwiriw wɔn sɛ yetumi tra baesekre so yiye na yetumi ne wɔn bɔ anan kɔ wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yekura yɛn ntade nyinaa ne yɛn nhoma ne krasin stove nyinaa akyi. Na ɛyɛ polisifo a wɔka yɛn ho no anigye bere nyinaa sɛ wobehu ahɔhodan wɔ ɔkwan no ho na wɔtaa to nsa frɛ yɛn ma yɛne wɔn kɔnom biribi anaa yekodidi. Yɛn ani gyei wɔ saa mmere yi mu, efisɛ sika kakraa a wɔde ma yɛn no ntumi mma yɛntotɔ nneɛma a ɛtete saa. Ɛwom, yɛde hokwan no dii dwuma de kaa yɛn anidaso no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na na wɔtaa gye nhoma ahorow a ‘wɔabara’ no. Na yɛtaa di ntewtewmu wɔ ayɔnkofa kwan so.
Afei yɛhyɛn afe 1936 mu. Na yɛreka asɛm wɔ Serbia bere a yɛtee sɛ wɔrebɛyɛ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Lucerne, Switzerland wɔ September mu. Na bɔs titiriw bi betu afi Maribor, nanso na fi baabi a yɛwɔ kɔ hɔ no yɛ akwansin 430—ɔkwan tenten a ɛsɛ sɛ yɛde baesekre twa! Nanso, yefii ase siee sika na akyiri yi wɔ afe no mu no, yetuu kwan no.
Na yebisa kwan fi akuafo hɔ ma yɛda ɔdan a wɔde wɔn sare gu mu mu sen sɛ yɛbɛkɔ akɔda ahohɔdan mu na yɛatua ka. Sɛ edu anɔpa a, yebisa sɛ ebia yebetumi atɔ nufusu afi wɔn nkyɛn anaa, nanso wɔtaa de kyɛ yɛn na wɔma yɛn aduan di anɔpa nso. Woyii ayamye kɛse adi kyerɛɛ yɛn na eyi ka nneɛma a ɛyɛ anigye a yɛkae sɛ akwampaefo no ho.
Ansa na yɛrefi Maribor akɔ Lucerne no, akwampaefo pii fii Germany bae. Na Alfred Schmidt a na ɔde mfe awotwe asom wɔ Betel wɔ Magdeburg, Germany, no ka wɔn ho. Afe akyi no, mebɛyɛɛ ne yere.
Ɛkame ayɛ sɛ akwampaefo a na wɔwɔ Yugoslavia no nyinaa tumi kɔɔ nhyiam no wɔ Lucerne. Na ɛyɛ me nhyiam a edi kan, na ɔdɔ ne yɛn ho a Switzerland anuanom no dwen no maa me ho dwiriw me, wɔ m’ani a egyee fɛ a na Lucerne kurow no yɛ no akyi. Manhu sɛ wɔ mfe 20 akyi no, mɛyɛ akwampae adwuma wɔ hɔ!
Adwumayɛ Wɔ Anohyeto Ahorow Ase
Bere a yɛsan fii Switzerland a ɛhɔ yɛ fɛ baa Yugoslavia no, yefii ase hyiaa ɔtaa ankasa wɔ bere tiaa bi akyi. Wɔkyeree yɛn na wɔde yɛn koguu afiase wɔ Belgrade. Onua a na ɔhwɛ adwuma no so wɔ Yugoslavia no bisaa kwan sɛ wɔmma ɔmmɛsra yɛn, nanso wɔampene. Nanso ɔkasa kyerɛɛ afiase sohwɛfo no biako denneennen araa ma yetumi tee, na ne nne ankasa a yɛtee no yɛɛ nkuranhyɛ kɛse maa yɛn.
Nna kakraa bi akyi no, wɔde aban kaa guu yɛn nsa de yɛn kɔɔ Hungaryfo ɔhye so; nanso na wɔagyigye yɛn nhoma ne yɛn sika afi yɛn nsam. Enti yeduu Budapest a na yenni pɛsɛwa koraa, na mmom na yɛadɔ dwiw sɛ afiase no nkaede. Ankyɛ biara yehyiaa akwampaefo afoforo na yɛne wɔn nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ hɔ.
Dwoda biara no, akwampaefo a na yɛwɔ Budapest no hyia koguare, na bere a yeguare no, anuanom no ‘nya awerɛkyekye denam wɔn ho wɔn ho gyidi so.’ (Romafo 1:12) Hyia a na yehyia daa no nso maa yehui sɛ ebia obi yare anaasɛ wɔde no ato afiase.
Na ɛnyɛ nea yɛahu sɛnea ɛhɔ asetra te no awie bere a wɔ asram asia akyi no, tumi krataa a na wɔde ama yɛn sɛ yetumi tra Hungary no wui. Saa bere no na me ne Alfred aware. Afei wɔde ahyɛde maa yɛn sɛ yenkogye tumi krataa a ɛbɛma yɛatumi atra Bulgaria. Na wɔapam akwampaefo awarefo no afi hɔ na na wɔatintim nhomawa ɔpedu a wɔhyɛe sɛ wontintim wɔ nhoma tintimbea ketewaa bi mu wɔ Sofia no awie. Na wɔahyew awarefo no nhoma ahorow wɔ baguam, enti na yenim nea ɛbɛto yɛn no.
Awiei koraa no, yɛn nsa kaa asram abiɛsa tumi krataa a ɛbɛma yɛatumi atra Bulgaria. Na yebetwam wɔ Yugoslavia anadwo na onua bi a na asɛyɛde hyɛ ne nsa de sika a yɛde bɛtɔ nhomawa ahorow no hyiaa yɛn wɔ lɔre gyinabea bi a na yɛadi kan ayɛ nhyehyɛe sɛ yebehyia wɔ hɔ. Awiei koraa no, yeduu Sofia dwoodwoo na yenyaa ɔdan a ɛfata.
Na Sofia yɛ nnɛyi kurow a emufo bɛyɛ 300,000, nanso na Ɔdansefo biara nni hɔ. Yɛkɔɔ nhoma tintimbea hɔ da a yedui no adekyee. Na ne wura ate sɛ wɔabara yɛn nhoma no ne pam a wɔapam awarefo a wɔhyɛe sɛ wontintim nhomawa no afi ɔman no mu no ho asɛm, enti bere a wɔtee sɛ yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛɛ yɛn atuu. Yɛde nhomawa no hyehyɛɛ nkotoku mu na yɛde kɔfaa polisifo nkyɛn a ɛyɛ m’anigye sɛ mɛka sɛ wɔante yɛn koma a na ɛbɔ ntɛmntɛm no!
Na yɛn haw a edi hɔ ne faako a yɛde nhomawa no begu ne sɛnea yɛbɛkyekyɛ nhoma pii saa wɔ asram abiɛsa pɛ mu. Nhomawa a na esum hɔ pii no maa ehu kaa me! Na minhuu nhomawa pii saa da. Nanso Yehowa yɛɛ yɛn Boafo bio. Yetumi kyekyɛɛ na yɛmemaa 140 da koro, na wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, Onua ne Onuawa Wilke ba bɛboaa yɛn.
Nanso da koro bi ɛkaa kakraa bi na nneɛma toto. Na mereka asɛm no wɔ faako a nnwuma ahorow wɔ a wɔakyerɛw Ɔbenfo Asiamasi wɔ ayowa kankyee a ɛfam obiara pon anim no so no. Wɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abien akyi no, mihyiaa ɔbarima bi a n’ani afi a ɔde adwene a ɛnteɛ hwɛɛ me. Obisae sɛ minim faako a mewɔ anaa.
Mibuae sɛ: “Minnim ɔdan ko a eyi yɛ ankasa, nanso mahyɛ no nsow sɛ ɛte sɛ nea mmaranimfo a woye nyinaa adwumayɛbea wɔ ha.”
Obuae sɛ: “Wowɔ Asoɛe a ɛhwɛ ɔman no mu nsɛm so.”
Ɛwom sɛ ɛkaa kakraa bi na me koma gyae bɔ de, nanso mibuae brɛoo sɛ: “Oo, ɛno nti na mmarima yi nyinaa ayi adamfofa su adi akyerɛ me saa no!” Asɛm a mekae yi maa ɔyɛɛ n’ade bɔkɔɔ na ɔde m’akwantu tumi krataa maa me bere a wahwehwɛ mu yiye no. Mede abodwo fii hɔ kɔe na medaa Yehowa ase wɔ n’ahobammɔ no ho.
Awiei koraa no, yɛkyekyɛɛ nhomawa no wiei, na da no dui sɛ yebefi “nhwiren asase,” Bulgaria akɔ. Na ɛyɛ den sɛ yebegyaw nnipa a wɔwɔ adamfofa su a ɛte sɛɛ hɔ akɔ de, nanso yɛda so ara kae wɔn wɔ yɛn komam tɔnn.
Esiane sɛ na yekura Germanfo akwantu tumi krataa nti, yetumi san baa Yugoslavia, nanso wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛntra hɔ bere tiaa bi pɛ. Akyiri yi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkyere yɛn nti, na ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn dabere anadwo biara. Yɛtraa ase wɔ saa kwan yi so bɛyɛ asram asia. Afei ɛrekɔ 1938 awiei no, yɛn nsa kaa krataa bi fi Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ Bern, Switzerland a ɛkyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mmɔden mmra Switzerland. Na Nasi asraafo no ako afa Austria dedaw, na na amammui mu nhyɛso reyɛ kɛse. Nokwarem no, na Yugoslavia aban no de Germanfo akwampaefo no mu binom ama Nasifo no dedaw.
Enti me ne me kunu kɔɔ Switzerland a ɛsono baabi a obiara fae, Alfred faa Italy na me nso mefaa Austria. Yɛsan hyiae anigye mu na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ Asafo ti no afuw mu, Chanelaz, ne afei akyiri yi wɔ Betel wɔ Bern. Na eyi yɛ ade foforo koraa ma me. Na afei ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛyɛ fie adwuma sɛnea Switzerlandfo yɛ no, na mebenyaa anisɔ maa Yehowa ahyehyɛde no sen bere biara.
Yehowa Tumi a Etumi Wowaw Obi No
Bere a me ne Alfred asom wɔ Betel wɔ Wiase Ko II no mu ne ɛno akyi wɔ 1952 mu no, yɛsan kɔyɛɛ akwampae adwuma a ɛsakraa yɛn asetra no bio. Yɛn ankasa anwo mma, nanso yenyaa ɔdɔ nkyia pii fii yɛn honhom mu mma nkyɛn wɔ mfe pii a etwaam no mu. Sɛ nhwɛso no, yɛn nsa kaa krataa a emu nsɛm didi so yi wɔ February 1975 mu:
“Mekae da no a ɔbarima nyansafo bi a dwen wɔ ne ti mu baa Evangelistfo Asɔre no fotufo bi a ɔyɛ mpĩ no nkyɛn na ɔkae sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua no. Me ne m’abusua penee so a na enye nea efi koma nyinaa mu na afei yɛhwehwɛɛ asɛm biara mu te sɛ Beroiafo no ara pɛ kosii sɛ yegye toom sɛ mode nokware no abrɛ yɛn. . . . Hwɛ Agya yamyefo a Yehowa Nyankopɔn yɛ ankasa! Ayeyi, nidi ne aseda nka no wɔ n’ayamye ne ne mmɔborohunu nyinaa no ho. Nanso yɛpɛ sɛ yefi koma nyinaa mu da yɛn adɔfo, Alfred ne Gretel, nso ase wɔ boasetɔ a munyaa wɔ yɛn ho no ho. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mo kɛse wɔ eyi ho. Yɛwɔ anidaso sɛ ɔbɛma yɛn nso ahoɔden na yɛde akura mu.”
Komayare kum me kunu Alfred mpofirim wɔ November 1975 mu. Na yɛde mfe bɛyɛ 38 abom asom Yehowa de agyina akwampae adwuma no mu ɔhaw ne anigye ano. Eyi maa yɛn ntam abusuabɔ no yɛɛ nea emu yɛ den. Nanso bere a owui no, saa nkate a na mewɔ sɛ menka hwee na wɔapow no no san baa bio. Nanso esiane sɛ mede Yehowa yɛɛ me guankɔbea nti, mesan nyaa awerɛkyekye bio.
Me ne yɛn soro Agya no ntam abusuabɔ awowaw me wɔ bɛboro mfe 53 mu wɔ ne bere nyinaa som adwuma no mu. Na mekɔ so te nka sɛ Yesu ara pɛ: “Ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ agya no ka me ho.”—Yohane 16:32.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Alfred ne Frieda Tucek de wɔn nnwinnade nyinaa reyɛ akwampae adwuma wɔ 1937 mu
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Alfred ne Grete Schmidt reyɛ akwampae adwuma wɔ Mostar, faako a Nkramofo te wɔ Yugoslavia wɔ 1938 mu
[Mfonini wɔ kratafa 26]