Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/1 kr. 25-29
  • ‘Yehowa Ne Me Nyankopɔn A Mede Me Ho Mɛto No So’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yehowa Ne Me Nyankopɔn A Mede Me Ho Mɛto No So’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’awofo Nnamyɛ ho Nhwɛso
  • Papa Afotu a Nyansa Wom No
  • Nkrasɛm a Efi Soro!
  • Mede Ɔsom Hokwan Biara Ho Aseda Ma
  • Yɛkɔ So Yɛ Adwuma wɔ Ɔko Mu
  • Nsrahwɛ bi a Ɛde Nneɛma a Menhwɛ Kwan Bae
  • Migyina Mu Wɔ Ɔhaw Ahorow Nyinaa Akyi
  • Onua Knorr San Bɛsra Yɛn
  • Nneɛma Foforo a na Yɛnhwɛ Kwan
  • Mitwa M’ani Hwɛ M’akyi
  • Asetra a Minnuu Me Ho Wɔ Ho Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Bere Nyinaa Som Adwuma​—Baabi a Ɛde Me Akopue
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Asetra A Etu Mpɔn A Manya Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/1 kr. 25-29

‘Yehowa Ne Me Nyankopɔn A Mede Me Ho Mɛto No So’

SƐNEA WILLI DIEHL KA KYERƐE

“Dɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ Betel?” Eyi ne asɛm a me papa bisaa me wɔ 1931 asusow bere mu, bere a mekaa ɔpɛ a mewɔ sɛ men ase asom wɔ Betel ho asɛm kyerɛɛ no no. Na m’awofo a wɔte Saarland no de bɛyɛ mfe du atra nokware no mu, na na wɔayɛ nhwɛso pa ama yɛn mmarimaa baasa no. Na nokware no yɛ wɔn asetra nyinaa, na na mepɛ sɛ me nso mede yɛ m’asetra nyinaa.

NANSO ɛyɛɛ dɛn na m’awofo suaa Yehowa ne n’apɛde kronn no ho ade? Esiane sɛ na wonni ɔsom horow a na akyɛ no ho anigye bio nti, na wɔde bere tenten ahwehwɛ nokware no. Wɔsɔɔ asɔre ne akuw ahorow bi hwɛe, nanso wohui sɛ emu biara nyɛ nokware de no.

Da koro bi wobegyaw nsaano krataa bi wɔ yɛn pon ano a na ɛrebɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho ɔkasa bi a wɔde mfonini ma a wɔfrɛ no “Photo-Drama of Creation” ho dawuru. Na Papa bɛkɔ adwuma wɔ ɛda a wobeyi “Photo-Drama” no so, nanso ɔhyeɛ Maame nkuran sɛ ɔnkɔhwɛ. Ɔkae se “ebia mfaso bi bɛba ne hwɛ so.” Maame kɔhwɛ bae saa anwummere no, na n’ani agye. Ɔkae se: “Mahu nokware no afei! W’ankasa bra bɛhwɛ ɔkyena anwummere. Ɛyɛ nokware a yɛhwehwɛ no.” Na ɛno yɛ 1921.

Sɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no, m’awofo kɔɔ so dii nokware kosii sɛ wowuwui, Papa wui wɔ 1944 mu, bere a na Nasifo no de no ato afiase mpɛn pii akyi, na Maame wui wɔ 1970 mu. Ɔno nso daa afiase bere tenten wɔ Nasi nniso no ase.

M’awofo Nnamyɛ ho Nhwɛso

Na m’awofo yɛ hyew yiye wɔ asɛnka adwuma no mu ansa na wɔrewu. Na Maame yɛ nnam titiriw wɔ nhyiam akɛse ase tirimbɔ ahorow a woyii no adi fi 1922 kosi 1928 mu no kyekyɛ mu. Na Ecclesiastics Indicted, a ekura tirimbɔ bi a wɔyɛe wɔ 1924 mu no wɔ ɔkasatia bi a emu yɛ den ma asɔfo. Na ne kyekyɛ gye akokoduru. Adawurubɔfo no sɔre anɔpa nnɔnnan de nkratawa no kɔhyehyɛ nkurɔfo apon ase. Ɛwom sɛ na madi mfe 12 pɛ de, nanso m’awofo ma minyaa ne yɛ mu kyɛfa. Na yɛtaa sim anɔpa nnɔnnum, na yɛde baesekre twa kwan bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa anaa anan de kɔ asasesin bi a atew ne ho mu. Yɛde baesekre no sie wuram, na mehwɛ so bere a afoforo kɔyɛ adwuma wɔ akuraase hɔ no. Yɛtra baesekre so san kɔ fie awiabere, na edu anwummere a, yɛnantew dɔnhwerew biako kɔ nhyiam.

Akyiri no, na wogyaw obi a osua sɛn me sɛ ɔnhwɛ baesekre no, na me ne adawurubɔfo no kɔyɛ adwuma no. Nanso obiara annya adwene sɛ ɔbɛkyerɛ me adwuma no yɛ. Nea wɔkyerɛɛ me ara ne borɔn a menyɛ so adwuma! Mede akomatu kɔɔ ofie a edi kan no mu, a na m’ani da so sɛ obiara nni fie. Nanso ɔbarima bi bebuee ɔpon no. Na minhu nea menka. Bere a m’ano fomfom no, meteɛɛ me nsa kyerɛɛ nhoma a ɛwɔ me bag no mu no. Obisae sɛ: “Efi Ɔtemmufo Rutherford hɔ anaa? Memaa no mmuae sɛ obi a ɔpo dodow. “So ɛyɛ foforo, nea minnyaa bi anaa?” Mibuae sɛ: “Yiw, ɛyɛ foforo.” “Ɛnde ɛsɛ sɛ migye. Ne bo yɛ ahe?” Eyi ma minyaa akokoduru de toaa so.

Wɔ 1924 mu no, na mpanyimfo taa ka 1925 ho asɛm. Bere bi yɛkɔsraa Bible Asuafo abusua bi, na metee sɛ onua bi bisa sɛ: “Sɛ Awurade bɛfa yɛn kɔ a, dɛn na yɛn mma no bɛyɛ?” Maame a okura nneɛma ho adwempa bere nyinaa no buae sɛ: “Awurade behu ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ wɔn.” Nea wɔreka ho asɛm no yɛɛ me anigye. Na ɛno nyinaa kyerɛ dɛn? Afe 1925 betwaam kɔe, nanso hwee ansi. Nanso, m’awofo nnamyɛ no ano ammrɛ ase.

Papa Afotu a Nyansa Wom No

Awiei koraa no, wɔ 1931 mu no, mekaa nea mepɛ sɛ mede m’asetra yɛ no kyerɛɛ me papa. Me papa bisae sɛ: “Dɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ Betel?” Mibuae sɛ: “Efisɛ mepɛ sɛ mesom Yehowa.” Ɔtoaa so sɛ: “Fa no sɛ wɔagye wo wɔ Betel, so wunim sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no nyɛ abɔfo? Wɔtɔ sin na wɔdi mfomso ahorow. Misuro sɛ ebia eyi bɛma waguan afi hɔ na wagyaa gyidi no mu mpo. Bɔ mmɔden susuw ho yiye.”

Me ho dwiriw me sɛ metee asɛm a ɛte saa, nanso misusuw nsɛm ho nna kakraa bi akyi no, mekaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mebisa Betel kɔ ho kwan no ho asɛm bio. Ɔkae sɛ: “Ka nea enti a wopɛ sɛ wokɔ hɔ no kyerɛ me bio.” Mitĩĩ mu sɛ: “Efisɛ mepɛ sɛ mesom Yehowa.” “Me ba, mma wo werɛ mfi ɛno da. Sɛ wɔfrɛ wo kɔ hɔ a, kae nea enti a worekɔ hɔ no. Sɛ wuhu biribi a ennye a, mma ɛnhaw wo mmoroso. Sɛ wodi mfomso tia wo mpo a, nguan mfi hɔ. Mma wo werɛ mfi nea enti a wowɔ Betel no da: efisɛ wopɛ sɛ wosom Yehowa! Yɛ w’adwuma na fa wo ho to no so kɛkɛ.”

Enti, November 17, 1931 awia bere no, mikoduu Betel wɔ Bern, Switzerland. Me ne anuanom afoforo baasa daa ɔdan biako mu na meyɛɛ adwuma wɔ nhoma tintimbea, suaa sɛnea wɔde nhoma tintim afiri ketewaa bi yɛ adwuma. Nneɛma a edi kan a wɔkyerɛɛ me sɛ mintintim no mu biako ne Romania kasa mu Ɔwɛn-Aban no.

Nkrasɛm a Efi Soro!

Wɔ 1933 mu no, Asafo ti no tintimii The Crisis, a ɛyɛ nhomawa bi a ekura ɔkasa ahorow abiɛsa a Onua Rutherford mae wɔ radio so wɔ United States no. Onua Harbeck a na ɔyɛ baa dwumadibea somfo no, bɔɔ Betel abusua no amanneɛ wɔ anɔpa adidi bi ase sɛ wɔbɛkyekye kratawa no wɔ ɔkwan titiriw bi so. Wobegyaa nkratasin bi a ɛbɔ ho dawuru afi wimhyɛn ketewaa bi a ebetu afa Bern so no mu, bere a adawurubɔfo gyinagyina mmɔnten so de nhoma no ma amanfo. Obisae sɛ: “Mo anuanom mmerante no mu hena na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛtra wimhyɛn no mu akɔyɛ adwuma no? Momfa mo din mma ntɛm ara.” Mede me din kɔmae, na akyiri yi Onua Harbeck bɔɔ amanneɛ sɛ wɔapaw me.

Da kɛse no dui no, yɛde nkratasin a ɛwɔ nnaka mu kɔɔ wimhyɛn gyinabea hɔ. Metraa wimhyɛn kafo no akyi wɔ wimhyɛn no mu na meboaa nkratasin bebree ano guu nkongua a ɛbɛn me no so. Ahyɛde a wɔde maa me pɔtee ne sɛ: “Boaboa nsaano nkrataa no ano ɔha ɔha, na fa w’ahoɔden nyinaa tow ɔha biara fa fɛnsere mu gu fam. Na anibiannaso yɛ betumi ama nkratasin no akɔka wimhyɛn no akyi ma ɛde nsɛnnennen aba. Nanso biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ. Akyiri no anuanom kaa sɛnea wɔn ani gyei sɛ wohuu ‘nkrasɛm a efi soro’ yi ho asɛm. Edii atirimpɔw a wɔhwehwɛ no ho dwuma, na wotumi de nhomawa pii memae, ɛwom mpo sɛ ebinom frɛe wɔ telefon so benwiinwii sɛ yɛde nkratasin abegu wɔn nhwiren nyinaa so de.

Mede Ɔsom Hokwan Biara Ho Aseda Ma

Na meda Yehowa ase da biara wɔ Betel som mu anigye ne ahotɔ ho. Wɔmaa me dwumadi wɔ asafo no mu sɛ mimmue Ahenni Asa no, nhyehyɛ nkongua no yiye, na mensaw nsu foforo ngu kuruwa mu nsi asɛnka agua no so. Mibuu eyi sɛ nidi kɛse.

Akyiri yi, mede nhoma tintim afiri kɛse a wɔde tintim The Golden Age (mprempren wɔfrɛ no Nyan!) wɔ Polandfo kasa mu no na ɛyɛɛ adwuma wɔ Betel. Wɔ 1934 mu no, yefii ase de gramafon yɛɛ adwuma, na meboaa ne yɛ. Minyaa anigye kɛse wɔ Bible ɔkasa horow a wɔakyere agu apaawa so a yɛde kɔɔ afie afie mu no mu. Na afiewuranom pii ani gye afiri ketewaa yi ho, na mpɛn pii no, abusua mũ no nyinaa boa wɔn ho ano betie, nanso akyiri yi wofi hɔ mmiako mmiako. Bere a abusua mũ no nyinaa afi hɔ kɔ no, nea meyɛ ara ne sɛ mɛtoa so akɔ ɔpon foforo ano.

Yɛkɔ So Yɛ Adwuma wɔ Ɔko Mu

Wiase Ko I akyi no, wɔtew Saarland a mifi hɔ no fii Germany ho de hyɛɛ Amanaman Apam no nniso ase. Enti, Saarlandfo nyaa wɔn ankasa nkrataa a wɔde kyerɛ faako a wofi. Wɔ 1935 mu no, wɔtow aba bi de pɛe sɛ wohu sɛ ɛhɔnomfo no pɛ sɛ wɔka wɔne Germany bom bio anaa? Mefaa saa hokwan no de kɔsraa m’abusua no, efisɛ na minim sɛ sɛ ɛba sɛ Saarland bedi Nasifo tumidi ase a, merentumi nyɛ saa. Na nokwarem no, ɛno akyi mfe pii no, mante m’awofo ne me nuanom mmarima no nka bio.

Ɛwom sɛ Switzerland amfa ne ho anhyɛ Wiase Ko II mu de, nanso bere a Germany ko faa nkurow a ɛbemmɛn mmiako mmiako no, ɛbɛkaa Switzerland nkutoo a atew ne ho. Na yɛn na yetintim nhoma ma Europa aman nyinaa, gye Germany nkutoo, nanso afei de na yentumi mfa nhoma biara mmana. Onua Zürcher a na ɔne baa dwumadibea somfo saa bere no, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn sika reyɛ asa koraa, na ɔkae sɛ yɛnkɔhwehwɛ adwuma wɔ kurom nyɛ kosi sɛ nneɛma bɛsan ayɛ yiye. Nanso wɔmaa mekɔɔ so traa hɔ, efisɛ na nneɛma kakraa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wotintim ma ɛhɔnom adawurubɔfo bɛyɛ apem bi no.

Betel abusua no werɛ remfi July 5, 1940 da. Yedidi wiee awia ara pɛ na asraafo lɔre bi begyinaa hɔ. Asraafo fii mu bewuraa Betel. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yennyina hɔ dinn, na ɔsraani a okura tuo wɛn yɛn mu biara. Wopiapiaa yɛn kɔɔ adidibea hɔ bere a wɔhwehwɛɛ ofie hɔ mmeae afoforo no. Na atumfo no susuw sɛ yɛka kyerɛ afoforo sɛ wɔnnkɔ sraadi, nanso wɔannya eyi ho adanse biara.

Ɔko mfe no mu no, na mene asafo ɔsomfo wɔ Thun ne Frutigen nyinaa. Na ɛno kyerɛ sɛ me dapɛn awiei dwumadi dɔɔso yiye. Memeneda biara, miwie awia adidi ara pɛ, metra me baesekre so twa kilomita 50 kɔ Frutigen kɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so anwummere no. Me ne adawurubɔfo no kɔ asɛnka Kwasida anɔpa. Afei, awiabere mu no, mekɔ Interlaken kɔhwɛ Asafo Nhoma mu Adesua bi so, na akyiri yi me ne abusua bi kɔyɛ Bible adesua wɔ Spiez awia no ara. Afei, mekɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so wɔ Thun de wie ɛda no mu dwumadi no.

Edu anadwo, bere a mawie me dwumadi ahorow nyinaa no, meto dwom bɔ hwirema de san kɔ Bern, a me koma atɔ me yam yiye. Na minhyia kar ahorow pii. Na asase a nkoko wɔ so, na esiane sɛ ɔko no ama wɔadundum akanea nyinaa nti, ɛso ayɛ sum kabii no, so ayɛ dinn a biribiara nkeka ne ho, na ɛwom wom a, na ɔsram no hann ama ahyerɛn kakraa. Hwɛ sɛnea saa adapɛn awiei no maa minyaa anigye na ɛmaa me ahoɔden foforo!

Nsrahwɛ bi a Ɛde Nneɛma a Menhwɛ Kwan Bae

Wɔ 1945 twabere mu no, Onua Knorr bɛsraa yɛn. Da koro ɔbaa nhoma tintimbea hɔ bere a mereyɛ adwuma wɔ nhoma tintim afiri kɛse no so no. Ɔfrɛɛ me sɛ: “Si bra ha! So wobɛpɛ sɛ wokɔ Gilead Sukuu anaa?” Me ho dwiriw me. Mibuae sɛ: “Sɛ wususuw sɛ metumi akɔ a, m’ani begye ho sɛ mɛkɔ.” Me ne Onua Fred Borys, ne Onuawa Alice Berner nsa kaa krataa a wɔde too nsa frɛɛ yɛn no wɔ 1946 asusow bere mu. Nanso esiane sɛ wɔwoo me wɔ Saarland nti, na minni ɔman a mifi so saa bere no, ma enti na ɛsɛ sɛ mikobisa akwantu krataa titiriw bi fi Washington, D.C., U.S.A.

Bere a afoforo no siim wɔ bere ano no, na ɛsɛ sɛ metwɛn m’abisade no ho mmuae. Wofii sukuu no ase wɔ September 4 mu no, na meda so ara wɔ Switzerland, a m’anidaso resa nkakrankakra. Afei U.S. Aban Ananmusifo Adwumayɛbea frɛɛ me bɔɔ me amanneɛ wɔ telefon so sɛ m’akwantu tumi krataa no aba. Mebɔɔ mmɔden yɛɛ akwantu ho nhyehyɛe ntɛm ara na minyaa hyɛn bi a ɛde asraafo fi Marseilles rekɔ New York mu kwan. Osuahu bɛn ara na minyae sɛ! Na Athos II mu nnipa kyere so. Wɔmaa me mpa wɔ ɔdan bi a nnipa pii da mu mu. Yedii po no so nnanu no, biribi a ɛpaee wɔ faako a hyɛn no afiri wɔ no maa hyɛn no gyinae. Na akwantufo ne hyɛn mu adwumayɛfo no nyinaa suro sɛ ebia yɛbɛmem. Eyi ma minyaa hokwan a ɛyɛ anigye de dii owusɔre no ho adanse.

Hyɛn no asiesie gyee nnanu, na ɛno akyi no yɛtoaa akwantu no so a wɔatew hyɛn no mmirika so. Yekoduu New York nnafua 18 akyi, nanso yɛkaa hyɛn no mu esiane sɛ na adwumayɛfo a woyiyi hyɛn mu nneɛma no de wɔn nnwinnade agu hɔ nti. Wɔne wɔn kasae akyi no, awiei koraa no, yetumi fii hyɛn no mu. Na mayɛ Asafo no telegram abɔ wɔn tebea no ho amanneɛ, na bere a merefi beae a wɔhwehwɛɛ me nneɛma mu no, ɔbarima bi bisaa me sɛ: “Wone Owura Diehl anaa?” Na ɔyɛ Onua Knorr aboafo no mu biako, na ɔde me hyɛɛ anadwo keteke mu kɔɔ Ithaca a ɛbɛn Gilead Sukuu no, na mikoduu hɔ anɔpa a edi hɔ no bere a nnɔnwɔtwe apa ho kakraa bi. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mikoduu hɔ awiei koraa ma mitumi kɔɔ Gilead adesua kuw a edi kan a wofi aman ahorow so no bi!

Migyina Mu Wɔ Ɔhaw Ahorow Nyinaa Akyi

Wɔde Gilead adesua kuw a ɛto so awotwe no adesua wie dwumadi no hyɛɛ February 9, 1947, na na obiara resusuw nea ɛbɛba ho kɛse. Ɛhe na wɔde yɛn bɛkɔ? Me fam de, “me hye hama” no kɔfaa Asafo ti no nhoma tintimbea foforo a ɛwɔ Wiesbaden, Germany no. (Dwom 16:6) Mesan kɔɔ Bern kɔpɛɛ akwantu tumi nkrataa a ɛho hia no, nanso na U.S. asraafo a wɔwɔ Germany no ma wɔn a wɔatra hɔ pɛn ansa na ɔko no resi no nkutoo kwan sɛ wɔnkɔ hɔ. Esiane sɛ na mentraa hɔ pɛn nti, na ɛsɛ sɛ Brooklyn adwumayɛbea ti ma me dwumadi foforo. Ɛbɛdaa adi sɛ ɛbɛyɛ ɔmansin sohwɛfo dwumadi wɔ Switzerland, na mede Yehowa mu ahotoso koraa gye toom. Nanso bere a na meretwɛn sɛ mefi dwumadi yi ase no, wɔkyerɛɛ me sɛ memfa anuawanom baasa a na wɔabɛsra Betel no nkokyinkyin nkyerɛ wɔn hɔnom nneɛma. Na wɔn mu biako yɛ ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Marthe Mehl.

Wɔ May 1949 mu no, mebɔɔ Bern baa dwumadibea no amanneɛ sɛ mereyɛ nhyehyɛe aware Marthe ne sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Mmuae bɛn na wɔmaa me? Yɛrennya ɔsom hokwan biara gye daa akwampae adwuma. Yefii ase yɛɛ eyi wɔ Biel wɔ yɛn ayeforohyia wɔ June 1949 mu akyi pɛɛ. Wɔamma me hokwan sɛ mɛma baguam ɔkasa, na wɔamma yɛanhwehwɛ dabere amma nhyiamfo a na wɔreba nhyiam bi a wɔrebɛyɛ no, ɛwom mpo sɛ na yɛn mansin sohwɛfo no akamfo yɛn ama saa ɔsom hokwan no. Anuanom pii ankyia yɛn bio, na wɔyɛɛ yɛn sɛ wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu, ɛmfa ho mpo sɛ na yɛyɛ akwampaefo.

Nanso, na yenim sɛ ware a yɛwaree no nyɛ nea etia kyerɛwsɛm no, enti yɛde mpaebɔ yɛɛ yɛn guankɔbea na yɛde yɛn ho too Yehowa so. Nokwarem no, nea wɔde yɛɛ yɛn yi nyɛ Asafo ti no gyinapɛn. Ɛyɛ nea efii asafo akwankyerɛ ahorow a wɔamfa anni dwuma yiye mu bae ara kwa.

Onua Knorr San Bɛsra Yɛn

Wɔ 1951 mu no, Onua Knorr bɛsraa Switzerland bio. Ɔmaa ɔkasa bi wiei no, wɔka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ɔne me kasa. Ɛwom sɛ na misuro kakraa de, nanso m’ani gyei sɛ ɛyɛɛ no anigye sɛ wahu me. Obisaa me sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma yɛn dwumadi wɔ asɛmpatrɛwfo fie bi a wɔrebɛyɛ wɔ Geneva no anaa? Yɛn ani gyee ho, sɛnea ɛyɛ ne kwan so no, ɛwom sɛ na Biel a yebefi no nso yɛ yɛn yaw kakraa de. Ade kyee no, yɛn nsa kaa Onua Knorr abisade foforo bi. So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsan afi ɔmansin sohwɛfo dwumadi no ase bio, esiane sɛ eyi ho hia pii wɔ Switzerland nti anaa? Yɛpenee so ntɛm ara. Na ɛyɛ me su bere nyinaa sɛ megye dwumadi biara a wɔde bɛma me no atom.

Wohyiraa yɛn ɔmansin dwumadi wɔ Switzerland apuei fam no so kɛse. Yɛde keteke fii asafo biako mu kɔɔ foforo mu, a yɛn nneɛma nyinaa wɔ bag akɛse abien mu. Na anuanom taa de baesekre na ebehyia yɛn wɔ keteke gyinabea hɔ, efisɛ na wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔwɔ kar saa mmere no mu. Mfe bi akyi no, onua bi maa yɛn kar ma yɛde yɛɛ adwuma no, na ɛmaa yɛn som adwuma no yɛɛ mmerɛw kakra.

Nneɛma Foforo a na Yɛnhwɛ Kwan

Anigye bɛn ara na yenyae wɔ 1964 mu sɛɛ yi, bere a wɔtoo nsa frɛɛ me ne me yere sɛ yɛnkɔ Gilead adesua kuw a ɛto so 40 no bi, nea na ɛyɛ adesua kuw a wotwa to a wɔkɔɔ asram du adesua a afei wɔtew so yɛɛ no asram awotwe de no. Na ɛsɛ sɛ Marthe sua Engiresi kasa ntɛmntɛm, nanso otumi yɛɛ saa ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Yɛn nyinaa susuw faako a wɔbɛma yɛn dwumadi no ho yiye. Na me su ne sɛ: ‘Mepɛ dwumadi biara a wɔde bɛma, mpɛn dodow a ɛnyɛ office adwuma no!’

Nanso ɛno pɛpɛɛpɛ ne dwumadi a wɔde maa me! Da a wɔyɛɛ yɛn adesua wie ho dwumadi wɔ September 13, 1965 so no, wɔpaw me sɛ Switzerland baa dwumadibea no somfo. Na Betel asetra yɛ ade foforo ma Marthe. Me fam de, na ɛyɛ “Onyankopɔn fi” a meresan akɔ, a na ɛnyɛ sɛ meresan akɔ nhoma tintimbea a meyɛɛ adwuma wɔ hɔ fi 1931 kosii 1946 no, na mmom na merekɔyɛ office adwuma. Na ɛsɛ sɛ misua nneɛma afoforo pii, nanso ɛnam Yehowa mmoa so no, mitumi yɛɛ saa.

Mitwa M’ani Hwɛ M’akyi

Mfe 60 a mede ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no nyinaa mu no, mede me ho mato Yehowa so korakora, sɛnea me papa kyerɛɛ me sɛ menyɛ no ara pɛ. Na Yehowa ama me nhyira mmɔho pii. Marthe ayɛ nkuranhyɛ fibea kɛse ama me wɔ huammɔdi mmere mu, anaa mmere a ɛte sɛ nea dwumadi ahorow boro me so no mu, ɔhokafo nokwafo a ɔwɔ Yehowa mu ahotoso korakora ampa.

Ayeyi nka Yehowa wɔ ɔsom hokwan ahorow pii a manya no ho! Meda so ara som sɛ Baa Boayikuw titrani wɔ Thun, na matu kwan mpɛn pii sɛ dantaban sohwɛfo. Ɛmfa ho sɛ dwumadi bɛn ara na wɔde bɛma me no, mede me ho to Yehowa so bere nyinaa na wama me akwankyerɛ. Me mfomso ne sintɔ ahorow nyinaa akyi no, migye midi yiye sɛ Yehowa nam Yesu Kristo so de afiri me. Ɛmmra sɛ mɛkɔ so asɔ n’ani yiye. Na ɛmmra sɛ ɔbɛkɔ so akyerɛ m’anammɔn kwan, bere a mehwɛ no kwan bere nyinaa sɛ “me Nyankopɔn a mede me ho meto [no] so” no.​—Dwom 91:2.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Onua Diehl wɔ ne Betel som mfiase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena