Ɔkwan a Wobɛfa So Ahu Onyankopɔn Nokware Asomfo
ESII wɔ 1948 mu. Ná asomfo baanu a wɔyɛ Yehowa Adansefo te bɔs dedaw bi a efi Spain kusuu fam kurow bi mu rekɔ Pyrenees Mmepɔw ho a ɛnam ɔkwan a ɛso atutu so no mu. Na wɔrekɔsra ɔsomfo bi a watew ne ho te baabi. Bere a bɔs no gyinae wɔ baabi a ɛbɛn akuraa a ɔsomfo no wɔ ase pɛɛ no, wohui sɛ ɔne n’afurum gyina hɔ retwɛn wɔn. Nanso wohuu nnipakuw soronko bi nso wɔ nkyɛn baabi—Ɔmanfo Awɛmfo baanan a wɔahyehyɛ akode yiye ne ɔsɔfo bi! Bere a asomfo no foroo bepɔw kwan a ɛkɔ akuraa no ase no, Awɛmfo no mu biako twee n’akodiawuo na ɔteɛɛm sɛ, “Manos arriba!” (Momma mo nsa so!) Wɔkyeree nsrahwɛfo no. Dɛn ntia? Na ɔsɔfo no aka akyerɛ Awɛmfo no sɛ nsrahwɛfo no yɛ nsɛmmɔnedifo—atoro kɛse! Esiane eyi nti wɔde asomfo baasa no nyinaa koguu afiase.
Dɛn na eyi da no adi? Ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ asɔfo anaa asomfo no nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn nokware asomfo. Nokwarem no, ɛtaa yɛ nea nsonsonoe kɛse da nokware ne atoro asomfo ntam. Dɛn ne nokware asomfo ahwehwɛde atitiriw?
Nokware Asomfo Ahwehwɛde Atitiriw
“Sɛ wobɛsom” no nkyerɛase titiriw ne sɛ “wode mmoa anaa ɔsom bɛma.” Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo asomfo gye di pintinn sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. (Yohane 17:17) Nanso, saa ahwehwɛde titiriw no nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ wonya Bible mu nimdeɛ ne ntease pa nso. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔde saa nimdeɛ no di dwuma pɛsɛmenkominya kwan so—ma wɔn nkutoo nya mu mfaso. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Asɛmpa no—Onyankopɔn Ahenni ne daa nkwa wɔ paradise asase ho anidaso no ho asɛmpa no—asɛnkafo a wɔyɛ hyew nso.—Yohane 17:3; Dwom 37:11, 29.
Sɛnea ɛte no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo reka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa na ɛnyɛ Spain nkutoo no yɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne dedaw yi awiei bere ho nkɔm a Yesu hyɛe no mmamu. Ɔkae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14, 33, 34.
Nokware asomfo ho ahwehwɛde titiriw foforo ne sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔyɛ wiase no fã’ sɛnea Yesu kae no; enti, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu. (Yohane 15:19) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔwɔ ahobrɛase, ɔdɔ ne ayamye yiye na wosiesie wɔn ho sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔfata a wohia mmoa no bere nyinaa.—1 Korintofo 13:1, 4; 1 Petro 5:6.
Eyi yɛ aniberesɛm. Sɛ obi behu nsonsonoe a ɛwɔ nokware ne atoro asomfo ntam no yɛ nkwa ne owu asɛm. Ɛyɛ aniberesɛm yiye! Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.”—Mateo 7:15.
Nanso, ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo nya nnwuma ne ahwehwɛde ahorow nko, na mmom hokwan pii nso. Nokwarem no, sɛ kuw no, wɔne nnipa a wɔwɔ ɔdom sen biara, wodi yiye sen biara ne kuw a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so nnɛ, sɛnea wubehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.