Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/1 kr. 4-7
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible no mu Gyidi
  • Nokware Asomfo ne Abrabɔ Pa
  • okware Asomfo Kyerɛkyerɛ Nokware Nkyerɛkyerɛ
  • Kyerɛwnsɛm mu Ahwehwɛde Ahorow a Ɛsɛ sɛ Nokware Asomfo Du Ho
  • So Ɛsɛ sɛ Wɔhyɛ Mmea Asomfo?
  • Yesu Kristo​—Nhwɛso Pa
  • Ahiafo, Ayarefo, ne Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔbɛboa Wɔn
  • Wɔrema Bible Nkɔmhyɛ Abam
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ɔkwan a Wobɛfa So Ahu Onyankopɔn Nokware Asomfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asomfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/1 kr. 4-7

Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Ankasa?

“WƆ DƆN a etwa to yi mu no, yetu yɛn Katolekfo asraafo no fo sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma mfa nyɛ osetie mma Fuehrer [Hitler].”​—Germany Katolekfo asɔfo mpanyin, sɛnea wɔfa kae wɔ September 25, 1939 New York Times mu.

“Ɔsɔfo, wunim sɛ wɔ yɛn wimhyɛn no mu no na nnipa no biako yɛ Katolekni na wuhyiraa no ansa na yɛretu akɔtow atopae agu Germany so. Afei, Katolek asɔre koro no ara a ɛwɔ Germany rehyira Germanfo wimhyɛn muni bi a ɔyɛ Katolekni bere a wɔba bɛsɛe yɛn nkurow ahorow no. Enti asɛm a mibisa ne sɛ, ‘Henanom afã na Onyankopɔn wɔ?’” Saa na David Walker a na ɔyɛ Britania wimhyɛn muni kae wɔ nkɔmmɔ bi a ɔne Katolekfo sɔfo bi bɔe no mu wɔ Wiase Ko II mu.

Nea ɛne yi bɔ abira no, Yehowa Adansefo mpempem pii de mfe pii traa Nasi nnadeban a ɛyɛ hu mu efisɛ wɔampene sɛ wɔbɛhyɛ Hitler anuonyam anaasɛ wɔbɛyɛ n’asraafo na wɔako. Wɔ Nnamfo aman no mu no, wɔde Adansefo pii guu afiase efisɛ wɔpowee sɛ wɔbɛyɛ asraafo.

Henanom ne Onyankopɔn nokware asomfo, na ahwehwɛde ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wodu ho?

Bible no mu Gyidi

Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware ɔsomfo nya Bible no mu gyidi pintinn. Ɛsɛ sɛ ohu Bible no yiye nso na ama ɔde akyerɛkyerɛ afoforo. Nanso Kristoman asɔfo pii nnu ahwehwɛde atitiriw yi ho. Oduruyɛfo bi a ɔwɔ South Africa kae sɛ Anglikan Asɔre a na ɔyɛ muni no asomfo mfa Bible no “nni dwuma ahe biara,” na ɛte sɛ nea asɔre ahorow a wɔyɛ no yɛ ɔsɛnkafo no ankasa nsusuwii. Onwiinwii nso wɔ asɔfo te sɛ Cape Town Sɔfo Panyin Tutu ho, sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa nkoa anokwafo gye Bible no di pintinn na wɔde wɔn bere mu fã kɛse sua na wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ afoforo. Bible no ho anigye a wɔwɔ ne ho dɔ a wɔwɔ no mu dɔ yiye araa ma wɔayɛ nkyerɛase a egyee nhwehwɛmu a edi mu a asekyerɛ no yɛ pɛpɛɛpɛ a wɔfrɛ no New World Translation of the Holy Scriptures a egyina Hebri, Aram, ne Hela kasa mu Bible nsaano nkyerɛwee a wogye tom so. Bible yi wɔ kyerɛwsɛm nkekaho wɔ nkratafa no mfinimfini ne nkyekyem no ase a ɛbɛboa akenkanfo ma wɔate Bible no ase yiye na ama wɔakyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo wɔ ne Reference Edition no mu. Afei nso, wɔakyerɛ saa Bible nkyerɛase titiriw yi nyinaa anaa ne fã bi ase akɔ kasa afoforo 10 mu na wɔakyekyɛ ɔpepedudu pii wɔ wiase nyinaa.

Nokware Asomfo ne Abrabɔ Pa

Bible no kasa tia ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne nyinaa​—a awaresɛe, aguamammɔ, mmarima a wɔne ho da ne mmoa a wɔne wɔn da ka ho. (Leviticus 20:10-13; Romafo 1:26, 27; Galatifo 5:19) Nokware Kristofo asomfo fi koma nyinaa mu di Onyankopɔn abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow so. Yiw, Yehowa Adansefo bu Onyankopɔn mmara aniberesɛm. Wotu wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛte saa a wɔnkyerɛ ahonu no na wɔda mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a wonu wɔn ho ankasa wɔ abrabɔ bɔne ho na wosiesie wɔn asetra no.​—1 Korintofo 5:11-13; 2 Korintofo 2:5-8.

Wɔ South Africa no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Cape Town Anglikan Sɔfo Panyin bi kae sɛ: “Da a wɔn a wokura bɔbea su koro ne wɔn ho da no ye sen nea wɔn a ɛsono wɔn bɔbea nya mu kyɛfa no, na esiane ɔdɔ a wɔda no adi nti, migye di sɛ wɔma Onyankopɔn ani gye kɛse.” Nea ɛne eyi bɔ abira mmom na ɛyɛ nokware. Onyankopɔn kyi nna a ɛte saa.​—1 Korintofo 6:9, 10.

okware Asomfo Kyerɛkyerɛ Nokware Nkyerɛkyerɛ

Nokware asomfo kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a egyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Atoro asomfo kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a enni Bible nnyinaso. Sɛ nhwɛso no, susuw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho. Sɛnea Encyclopedia Britannica (Nea ɛto so 15) kyerɛ no: “Asɛmfua baasakoro anaa ne nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛkyerɛ mu pefee no nni Apam Foforo no mu. saa ara nso na Yesu ne n’akyidifo nso ampɛ sɛ wɔbɛka biribi ma ɛne Shema a ɛwɔ Apam Dedaw no mu no abɔ abira: ‘Israel, tie Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro’ (Deut. 6:4).” Baasakoro no ammɛyɛ asɔre nkyerɛkyerɛ ankasa kosii afeha a ɛto so anan Y.B. wɔ Roma Ɔhempɔn Konstantino bere so. Nokwarem no, ne fã bi yɛ n’anuonyam ne ne nkɛntɛnso a na ɔwɔ no nti na Nicaea Bagua no gyee atoro nkyerɛkyerɛ no toom wɔ 325 Y.B. mu.

Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ama asɔremma pii, anokwafo a wɔhwehwɛ nokware nni wɔn asomfo mu ahotoso bio. Eyi baa saa wɔ ababaa bi a ɔwɔ South Africa a na ontumi nnye nni sɛ n’asɔre a ɛne Dutch Reformed Church no kyerɛkyerɛ gyidi te sɛ Baasakoro a emu nna hɔ no kosii sɛ Yehowa Adansefo mu biako de adanse a wɔakyerɛw mae sɛ saa na asɛm no te no fam. Aban mmaranimfo bi a onyin ama wagyae adwumayɛ a ɔno nso fi South Africa no gyaee n’asɔre esiane sɛ na “nkyerɛkyerɛ koro no ara a wɔkyerɛkyerɛ wɔn asɔreasɔre no mu no yɛ atoro na ɛdaadaa nkurɔfo” nti.

Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ foforo nso ne hell-gya. Ɛwom sɛ wɔmfa nyɛ asɔre kɛse anaasɛ wonnye nni kɛse sɛnea na wɔyɛ kan no de, nanso ɛda so ara yɛ asɔre pii nkyerɛkyerɛ ankasa a wogye tom. Eyi kyerɛ sɛ nipadua no wu nanso ɔkra a entumi nwu no kɔ so tra ase wɔ owu mu na wɔyɛ wɔn a wobuu ɔbra bɔne no ayayade daa wɔ ogya a ɛredɛw mu. So wugye eyi di? Nea ɛho hia titiriw no, so ɛyɛ nokware? Ɛnyɛ nokware sɛnea Bible a ɛka nea edi so yi kyerɛ no: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4, 20) Afei nso, ɔsomafo Paulo a wɔde honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu”​—na ɛnyɛ hellgya!​—Romafo 6:23.

Afei momma yensusuw gyinapɛn ahorow a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ nokware asomfo no du ho no ho.

Kyerɛwnsɛm mu Ahwehwɛde Ahorow a Ɛsɛ sɛ Nokware Asomfo Du Ho

Engiresi asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔsomfo” no yɛ Hela asɛmfua “di·aʹko·nos” a wontumi nhu ne fibea no nkyerɛase. Ɛkyerɛ obi a odi obi foforo ahyɛde so, ne titiriw no owura bi. Enti, Bible asɛmfua no ka akoa ho asɛm pɔtee. Sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ obi a ɔkɔ so de ahobrɛase yɛ adwuma ma afoforo. Yesu sii sɛnea ɛho hia sɛ wɔyɛ ahobrɛase adwuma a ɛte sɛɛ no so dua sɛnea nhwɛso a edi so no da no adi no.

Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu wɔ dua so no, Yakobo ne Yohane maame baa ne nkyɛn da koro bi bɛkae sɛ: “Ka ma me mma baanu yi mu biako ntra wo nifa, na obiako nso ntra wo benkum w’ahenni no mu.” Eyi maa asuafo a wɔaka no bo fuwii. Afei Yesu fi ayamye mu kyerɛɛ wɔn asuade titiriw bi. Ɔboaboaa wɔn ano na ɔkae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”​—Mateo 20:20, 21, 24-27.

Wɔ Yesu baguam kasa ahorow a ɛma denhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ no mu biako mu no, ɔbɔɔ atiefo no kɔkɔ wɔ kyerɛwfo no ne Farisifo no ho. Ɔdaa saa atoro asomfo nyaatwomfo yi mfomso ahorow a ɛda adi pefee no bi adi. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ ahantan ne nhyɛsofo a wɔpɛ din bere nyinaa.​—Mateo 23:1-7.

Ɛnnɛ, asɔfo pii, ne titiriw Katolekfo asɔfo, ne wɔ nsɛm bi mu no, Anglikan asɔfo hyɛ sɛ wɔmfrɛ wɔn sɛ “Father.” Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa Adansefo mu biako bisaa England Asɔre no sɔfo bi bere bi sɛ dɛn nti na ɔde abodin “Father” no dii dwuma no, obuae sɛ: “M’ani gye ho yiye!” Na nokwarem no, wonim no yiye sɛ paapa a ɔwɔ Rome no anigye ho sɛ wɔfrɛ no sɛ “Agya Kronkron”​—wɔ ahyɛde a Yesu de maa n’asuafo sɛ “mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no” no akyi. Yesu de nnyinasosɛm titiriw yi kaa ho: “Obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase.”​—Mateo 23:9-12.

So Ɛsɛ sɛ Wɔhyɛ Mmea Asomfo?

Mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo no adɔɔso nnansa yi. Nanso Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ: “Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so.” (1 Timoteo 2:12) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Kristoni ɔbea rentumi nkyerɛkyerɛ ne mma anaa ɔmanfo na mmom ɛnsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu.

Ɛnde so ɛnsɛ sɛ mmea kasa da wɔ Kristofo nhyiam ase? Yehowa Adansefo sua Ɔwɛn-Aban a ɛne nsɛmma nhoma yi wɔ wɔn dapɛn dapɛn nhyiam ase bere a wɔde nsɛm a nkyekyem ahorow no ho nsemmisa ka ho di dwuma no. Ɔsomfo a ɔhwɛ adesua no so a ɔyɛ ɔbarima bere nyinaa no frɛ asafo no mufo a mmea ka ho ma wobua nsemmisa yi. Nanso ɛnyɛ nea mmea yi rekyerɛkyerɛ. Wɔde wɔn ankasa nsɛm reda adwene a ɛwɔ asɛm no mu adi ara kwa. Wɔhyɛ mmofra mpo nkuran sɛ wɔmma mmuae no bi, na mpɛn pii wɔn mmuae a ɛtaa yɛ tiawa na emu da hɔ no tɔ asom​—sɛ yɛde kasakoa a wonim yiye yi bedi dwuma a.

Paulo kaa asɛm yi faa mmea ho nso sɛ: “Na sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom ofie; efisɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbea sɛ ɔkasa asafo mu.” (1 Korintofo 14:35) Eyi kyerɛ sɛ, sɛ anuanom mmea nte nsɛm bi a wɔkenkan anaa wɔkae wɔ nhyiam ase anaasɛ ɛhaw wɔn a, ɛnsɛ sɛ wɔma akyinnyegye nsɛm sɔre wɔ asafo no anim. Mmom no, ɛsɛ sɛ wobisa wɔn kununom ma wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu bere a wɔwɔ fie no.

Nanso, ɛtɔ bere bi a Kristofo mmea betumi aka asɛm akyerɛ mmarima. Yehowa Adansefo de bere pii ka Ahenni ho asɛmpa no wɔ afie afie. Sɛ ɔbea sɛnkafo bi hyia ɔbarima a, so ɛsɛ sɛ ɔde anoyi ma kɛkɛ na ɔdan ne ho kɔ? Dabida. Wɔ eyi mu no, ɛnyɛ nea ɔreka asɛm akyerɛ asafo no na mmom onipa biako a ebia ɔnyɛ gyidini. Saa ara na ɔbea a ɔyɛ ɔsomfo no betumi ne n’abusua a wɔnyɛ Kristofo no asua Bible no ɛwom mpo sɛ agya no wɔ hɔ de.

Yesu Kristo​—Nhwɛso Pa

Yesu yɛɛ nhwɛso pa a ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asuasua no! Ɔne ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔsen biara, ɔsɛnkafo pa a ɔsen biara, odwumayɛni mmɔdenbɔfo a ɔsen biara ne ɔfotufo a ɔwɔ ɔdɔ sen biara a watra asase so pɛn. N’anammɔn akyi a yebedi no yɛ hokwan kɛse a ɛsen biara. So worebɔ mmɔden ayɛ saa?

Yehowa Adansefo ɔpepem pii reyɛ nea wobetumi nyinaa na ama wɔasuasua no, ɛwom sɛ wɔnyɛ pɛ de. Ɔkwan a Yesu faa so no yɛ soronko koraa wɔ nea asɔfo pii nam so nnɛ no ho. Wammɔ asɔre dɔn na ama watwɛn ma nnipa aba ne nkyɛn, ɛwom sɛ nnipa pii fii wɔn ankasa pɛ mu baa ne nkyɛn de. Mmom no, ɔkɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu, mmɔnten so, bepɔw so ne Galilea Po no ano. Ɛtɔ bere bi a, ɔkasa kyerɛ nnipa akuwakuw a wɔn dodow si ɔpepem pii te sɛ nea wɔayɛ ɛho mfonini wɔ ase ha no.​—Mateo 9:35; 13:36; Luka 8:1.

Ahiafo, Ayarefo, ne Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔbɛboa Wɔn

Eyinom mu baahe na wɔwɔ hɔ nnɛ? Ɔpepehaha pii. Na wɔredɔɔso ntɛmntɛm bere a wiase no mu tebea horow kɔ so sɛe na mprempren nneɛma nhyehyɛe no rebɛn n’awiei koraa wɔ Harmagedon ko no mu no. (Adiyisɛm 16:16) Asiane ahorow a emfi nnipa, aduankɔm ne nsanyare ahorow de bi ka nneɛma a ɛsɛe ne amanehunu no ho. Na ɛsɛ sɛ tete Kristofo no nso di ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ ho dwuma. Bɛyɛ 46 Y.B. bere a na Klaudio yɛ Roma ɔhempɔn no, ɔkɔm kɛse bi bae. Enti, dɛn na asuafo no yɛe? ‘Wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi.’​—Asomafo no Nnwuma 11:27-30.

Wɔ nnɛ bere yi mu no, Yehowa Adansefo de nneɛma pii akɔboa wɔn a wohu amane anaa ahia wɔn no mpɛn pii. Nnansa yi bere a ɔmanko sɛee nneɛma wɔ Mozambique​—na ɛmaa aduankɔm kɛse bae, ntade, nnuru, ne nneɛma atitiriw ho yɛɛ na no​—Yehowa Adansefo a wɔwɔ South Africa a ɛbɛn hɔ no kɔboaa wɔn nuanom a na wɔrehu amane no. Wɔboaboaa nnuan, ntade ne ntama, ne nneɛma afoforo pii ano guu lɔre akɛse mu de kɔɔ Maputo a ɛno ne ahenkurow no mu.

Wɔrema Bible Nkɔmhyɛ Abam

Yiw, Onyankopɔn nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ hokwan a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛma wɔanya Bible nkɔmhyɛ mmamu mu kyɛfa. Ɔkwan bɛn so? Bere titiriw bi a asuafo no bisaa Yesu sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” no, obuae sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa” bere a wiase nyinaa ɔko ahorow, ɔkɔm, asasewosow ne mmarato bɛkɔ so no mu. (Mateo 24:3, 14) Paulo nam asɛm a ɔkae wɔ “afi mu” so yɛɛ nhwɛso maa nokware asomfo nyinaa.​—Asomafo no Nnwuma 20:20.

Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa wɔ nnam a wɔde yɛ asɛmpaka adwuma yi ho. Ebia ɛtɔ bere bi a, wɔba wo fi. So woatie wɔn yiye pɛn? Sɛ wonyɛɛ saa a, dɛn nti na wonyɛ saa bere foforo a wɔbɛba no? Ebia wo ho bedwiriw wo na w’ani begye nso!

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Based on U.S. Army photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena