“Insight on the Scriptures”—Bible Nhoma A Ɛka Nneɛma Pii Ho Asɛm
WƆ YEHOWA Adansefo “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no, wɔbɔɔ Bible mu nhomakuw (encyclopedia) foforo bi a wɔreyi no adi a wɔato din Insight on the Scriptures no ho amanneɛ. Eyi yɛ nhoma a ɛwom apo abien a ne nkratafa nyinaa yɛ 2,560 a wɔatintim ne nyinaa ɔkwan a emu da hɔ na wotumi kenkan so. Mprempren ɛwɔ Engiresi mu nkutoo, nanso wogu so rekyerɛ ase akɔ kasa afoforo pii mu.
Insight on the Scriptures kura nsɛm a anka Aid to Bible Understanding nhoma no mu na ɛwɔ no pii ne afoforo pii. Akwan bɛn so na ɛyɛ soronko? Wɔayɛ afã pii foforo na wɔama afa nnansa yi tebea horow ho. Nsɛm afoforo ne nneɛma a wɔde aka ho pii wɔ Insight on the Scriptures no mu.
Bible mu Nhoma Ahorow
Wɔde adwene akɔ Bible mu nhoma biara so titiriw. Wɔde ɛho nsɛm a ɛsom bo ama. Bible mu nhoma ahorow no nyinaa ho nsɛntitiriw a emu biara twe adwene si nhoma no mu nneɛma a ɛma ɛyɛ soronko so no wom. Eyinom de nhoma no mu nsɛm ho adwene a emu da hɔ nanso ɛkɔ akyiri ma wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte ase so. Sɛ nhwɛso no, Yesu asase so asetra ne ne som adwuma ho Asɛmpa kyerɛwtohɔ anan a emu biara kura botae soronko na ɛwɔ hɔ. Bere a ɛreda Asɛmpa ahorow no adi no, ɛda botae ahorow no adi wɔ ɔkwan a ɛte sɛ eyi so: ‘Ɔsomafo Mateo kyerɛw ne kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asetra ho no bere a na Yudafo no na wɔwɔ n’adwene mu titiriw. Asɛmpa no da no adi sɛ Yesu ne Mesia Ɔhene a na wɔaka ne ho asɛm asie no.’ ‘Marko de Yesu asetra ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ tiawa na emu yɛ hyew ma, na ɔka ne ho asɛm sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ anwonwade.’ ‘Wɔkyerɛw Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asetra ho no de sii nokware a nneɛma ahorow a ɛfa Kristo asetra ho yɛ no so dua ne ɔkwan a ɛbɛkanyan nnipa a wofi aman nyinaa so no anigye so.’ ‘Ɔsomafo Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asetra ho no si asɛmti a ɛne sɛ Yesu ne Kristo Onyankopɔn Ba, nea wobetumi afa no so anya daa nkwa, no so dua.’ Wɔ saa nnianim nsɛm yi akyi no, nsɛntitiriw no de nhoma ahorow no mu nsɛm ma wɔ nsɛmti atitiriw kakraa bi ase. Eyi betumi aboa wo ma woakae adwene atitiriw a Bible kyerɛwfo no kaa ho asɛm no.
Nkɔanim Ahorow
Wogyina mfitiase kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu nsɛm a wɔde dii dwuma no mu ntease so ayɛ nhoma yi mu nsɛm ahorow no mu nhwehwɛmu yiye. Wɔde nsɛm pii nso aka ho na aboa ɔkenkanfo no ma wanya sɛnea mfitiase kasa mu nsɛm no nkyerɛase mu bae wɔ Bible no mu no ho anisɔ. Nea ɛka ho no, wogyina sɛnea wɔkyerɛw Bible mu edin ahorow no mfitiasede no wɔ New World Translation no mu no so ama edin ahorow no nkyerɛase anya nkɔanim.
Wɔabɔ mmɔden kɛse nso sɛ wɔbɛma saa nhoma yi mu nsɛm ne Ɔwɛn-Aban a wɔatintim no nnansa yi mfe no mu no ahyia. Sɛ nhwɛso no, yɛasua koma, nkwa nhoma, bu a wobu obi trenee, ne nneɛma afoforo pii ho ade. Wɔde saa nsɛm yi ahyɛ Insight on the Scriptures no mu.
Faako a ebetumi ayɛ yiye no, wɔde wiase abakɔsɛm atoto ne fibea ankasa no ho mmom sen sɛ wɔde ho bɛto nea akyerɛwfo afoforo aka afa nea ɛwɔ saa fibea no mu no so; wɔde nsɛm fibea ɔhaha pii nso aka ho de akyerɛ faako a wobetumi anya nsɛm a ɛte saa. Wɔama nsɛm no mu afã horow a ɛka nyansahu ho asɛm no ayɛ nnansa yi de. Wogyina fam tutu mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi so ayɛ asase so mmeae ahorow foforo koraa.
Bible Asase Mfonini
INea ɛwɔ Insight on the Scriptures mu nso ne asase mfonini bɛyɛ 70 a ɛkyerɛ mmeae ɔhaha pii a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no. Enti, nea ɛka saa nhoma yi ho ne Bible asase mfonini a ɛkɔ akyiri. Wɔ nhwɛso pii mu no, ebia asase mfonini biako bi de ani besi Bible anaasɛ wiase abakɔsɛm mu ade ketewaa bi so kɛkɛ. Enti, ɛtwe adwene si mmeae ahorow a ɛho hia titiriw wɔ nea wɔka ho asɛm no mu no so. Wubehu asase mfonini a ɛkyerɛ Abraham akwantu, nea ɛkyerɛ Israelfo sare so akyinkyinakyinkyin no, foforo kyerɛ Bɔhyɛ Asase no so a wɔko dii, biako kyerɛ Dawid asetra sɛ ɔkobɔfo na foforo fa nneɛma a ɛfa n’ahenni ho no ho, asase mfonini ahorow bi a edidi so kyerɛ mmeae ahorow a Yesu tutuu akwan kɔɔ hɔ wɔ n’asase so ɔsom adwuma no mu, na nsase mfonini pii ka Yerusalem ho nsɛm wɔ abakɔsɛm mu mmere horow mu. Wɔde nsase mfonini a wɔahyehyɛ (index) ama na aboa wo ma woahu nsase mfonini pɔtee a ɛde nsɛm a ɛboa kɛse wɔ mmeae bi a wɔabɔ din ho ma no.
Wɔ nsase mfonini no pii ho no, mmeae ahorow no din ne kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ nea enti a mmeae no ho hia wɔ abakɔsɛm mu nsɛm a wɔreka ho asɛm pɔtee no mu no ka ho. Mmeae a wɔde aba asase mfonini no so no ho mfonini a wɔde nnuru ayɛ wɔ nkratafa a ɛne no di nhwɛanim no so. Eyinom a ɛka ho no betumi aboa wo ma woanya Bible mu nsɛm mu mfaso kɛse bere a wuhu abusuabɔ a ɛda beae bi ne foforo ntam, wokenkan nsɛm a ɛfa nea esii wɔ hɔ ho, na wuhu sɛnea saa mmeae no te nnɛ no.
Nneɛma Atitiriw bi a Wɔde Nnuru Ayɛ
Bere a wɔresiesie saa nhoma yi no, wɔkɔɔ tete nneɛma akorae ahorow a ɛwɔ Kusuu Fam Amerika, Europa, ne Mfinimfini Apuei mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nneɛma ahorow a ɛsom bo a Bible kyerɛwtohɔ no ka ho asɛm. Nsa kaa nneɛma a ɛsom bo kɛse no pii mfonini ahorow. Nea ɛka ho no, wɔhwehwɛɛ mmeae ahorow a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no ho mfonini ahorow a wɔaboaboa ano mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw nea ebetumi aboa kɛse no. Wɔde nea efii mu bae no yɛɛ mfonini ahorow a wɔde nnuru ayɛ awotwe a ekura nkratafa 16. Eyinom ne nneɛma atitiriw a ɛyɛ nwonwa a w’ani begye ho na wubetumi de adi dwuma wɔ akwan pii so bere a wokyerɛkyerɛ afoforo no.
Sɛ nhwɛso no, ɔfã bi wɔ hɔ a wɔato din “Sɛnea Yɛn Nsa Kaa Bible No.” Ɛkyerɛ sɛnea Bible no de nkakrankakra bɛkaa yɛn nsa no pefee—efi mfitiase nkyerɛwee ahorow no so besi nnɛyi nkyerɛase ahorow so. Ekura tete nsaano nkyerɛwee no binom afã ho mfonini ne adanse a aniwa hu a edi sɛnea akyerɛwfo a wodi kan no de ahwɛyiye dii dwuma, mpo kosi sɛ wɔkan nkyerɛwde ahorow a ɛwɔ nsaano nkyerɛwee a wɔahwɛ so akyerɛw bi no mu no nyinaa no so.
Ɔfã foforo fa “Noa Bere so Nsuyiri” no ho. Ɛka nsɛmpɔw te sɛ “So mmoa no nyinaa kɔɔ adaka no mu?” ne “Ɛhe na nsu a eyirii no kɔe?” no ho asɛm. Ɛde Nsuyiri no ho atetesɛm a efi nsasepɔn ne po so nsupɔw asia so mu mpɛsɛpɛsɛmu ma de kyerɛ sɛnea wohu Noa bere so Nsuyiri no ho nkae ahorow wɔ nnipa a wɔwɔ amammerɛ ahorow wɔ asase so nyinaa mu.
Afã afoforo ka Bɔhyɛ Asase no so mmeae horow, tete ahemman ahorow a wɔn dwumadi kaa Israel, ne mmeae ahorow a nsrahwɛfo betumi ahu nnɛ wɔ Yerusalem ne ne mpɔtam a wɔnam mfonini ahorow so tumi hu no ho asɛm. Ne nyinaa mu no, nsɛmti 50 na wɔde nnuru ayeyɛ emu mfonini no.
Wɔnam index ahorow a ɛkyerɛ nneɛma pii a ɛwɔ saa apo yi ara mu no so ma ɛyɛ mmerɛw sɛ nsa bɛka saa nsɛm yi nyinaa. Index ahorow yi dan w’adwene kɔ kyerɛw nsɛm a wɔabɔ din ne nsɛmti a wɔahyehyɛ no mu nkɔmmɔbɔ a eye sen biara no so.
Bere a wɔreka nhoma no nyinaa ho asɛm no, saa nnianim asɛm yi pue wɔ po a edi kan no mu: “Saa nhoma yi botae ne sɛ ɛbɛboa wo ma woanya Kyerɛwnsɛm no mu nhumu. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ eyi? Ɛdenam nsɛm a ɛfa nsɛmti a wɔka ho asɛm no a ɛfa fi Bible no afã nyinaa ka bom no so. Ɛdenam adwene a ɛtwe kɔ mfitiase kasa no ne ne nkyerɛase ankasa so no so. Ɛdenam wiase abakɔsɛm, fam tutu mu nhwehwɛmu, ne nyansahu afã afoforo mu nsɛm a ɛfa ho a esusuw ho na egyina Bible no so pɛɛpɛe mu no so. Ɛdenam boa a ɛboa wo ma wuhu mfaso a ɛwɔ so sɛ wobɛyɛ ade ma ɛne nea Bible ka no ahyia no mu no so.” Enti nsɛm a ɛsom bo kɛse ampa a wubetumi de adi dwuma ma ɛho aba wo ne afoforo mfaso wɔ Insight on the Scriptures no mu.