Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 5/1 kr. 10-13
  • Yehowa Awowaw Me Sɛ Adamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Awowaw Me Sɛ Adamfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn a me ne No Nyaa Adamfofa
  • Nea Meyɛe wɔ N’adamfofa no Ho
  • Onnyaw Ne Nnamfo Da
  • Adamfofa a Enni Awiei mu Mfaso a Minyae
  • Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Sɛ Minya Gyidi A Ɛyɛ Pintinn A”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 5/1 kr. 10-13

Yehowa Awowaw Me Sɛ Adamfo

Sɛnea Maria Hombach ka kyerɛe

SƐ́ ABEAWA a na wadi mfe asia no, misuaa Germanfo dwom dɛdɛ yi wɔ sukuu: “So wunim nsoromma dodow a ɛwɔ wim a ɛyɛ bruu no? . . . Onyankopɔn, Awurade no, akan ne nyinaa, emu biako nni hɔ mpo a ayera . . . Onim wo nso, na ɔdɔ wo yiye.” (Wɔkyerɛɛ ase fii German kasa mu.) Da koro na mereto dwom yi bere a me maame kae sɛ: “Onim wo na ɔdɔ wo nso.” Efi saa bere no, Onyankopɔn bɛyɛɛ te sɛ m’adamfo. Mebɔɔ me tirim sɛ me nso mɛdɔ no bi. Asɛm yi sii ansa na wɔrefi Wiase Ko I ase bere a na yɛte Bad Ems wɔ Asubɔnten Lahn so no.

Mfe dunson akyi wɔ akwamma bi mu wɔ 1924 mu no, mihyiaa abeawa bi a ɔne me yɛ tipɛn. Ná ɔyɛ Bible Asuafo a nnɛ wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo no mu biako. Yegyee akyinnye a emu yɛ den wɔ nyamesom ho adapɛn anan. Afei “hell” ho asɛm sɔree. Obisae sɛ, “Woremfa agyinamoa nhyɛ fononoo a adɔ mu animono, anaa wobɛyɛ saa?” Ɛno bɔɔ me sɛ asraman bi, na mihui sɛ wɔadaadaa me wɔ ɔkwan a ɛyɛ aniwu so. Afei na metumi asua Onyankopɔn ho biribiara​—sɛnea ɔte ankasa, nokwarem no, biribiara a na mepɛ sɛ mehu afa ne ho fi bere na meyɛ abofra no!

Wɔ me fam no, na ɛte sɛ “ademude bi a wɔde asie afuw mu” a wɔahu. (Mateo 13:44) Bere a mesan baa fie no, mede anigye tutuu mmirika kɔɔ yɛn afipamfo nkyɛn a na me koma ho pere no sɛ mɛka nneɛma foforo a masua no ho asɛm akyerɛ. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mitu kɔtraa Sindelfingen kurow mu, faako a na Bible Asuafo bɛyɛ 20 te a ɛwɔ Germany kesee fam no. Mede me ho bɔɔ wɔn nnamyɛ so wɔ asɛmpaka adwuma foforo yi a na wɔyɛ no afie afie no mu.

1929 mu na midii kan tee akwampae adwuma ho asɛm bere a na ɔsomfo kwantufo bi rema ɔkasa no. Obisae sɛ hena na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo. Memma me nsa so prɛko pɛ. Manka sɛ ebia anaa nanso. Me koma kae sɛ, “Mini, soma me!”​—Yesaia 6:8.

Migyaee adwuma a na meyɛ no ntɛm ara na mifii akwampae titiriw adwuma, sɛnea wɔfrɛ no nnɛ no, ase October 1, 1929 wɔ Germany kesee fam atɔe. Yefi ayamye mu guu nokware aba a wɔayɛ no nhoma no ntɛm ara wɔ Limburg, Bonn, ahyɛn a efi aman ahorow so no mu wɔ Cologne po so hyɛn gyinabea ne mmeae afoforo.​—Ɔsɛnkafo 11:1.

Onyankopɔn a me ne No Nyaa Adamfofa

Bere a Adolf Hitler de ne katabaako nniso no sii wɔ hɔ wɔ Germany wɔ 1933 mu no, na ɛsɛ sɛ migyae akwampae adwuma no na mesan kɔ Bad Ems. Ankyɛ biara aban mpanyimfo no hui sɛ mantow aba no bi wɔ abatow no mu. Nna bi akyi no, polisifo baanu bɛhwehwɛɛ me dan mu. Na kɛntɛn a metow wura gu mu a metow me mfɛfo Adansefo address nyinaa guu mu nkyɛe no nkutoo si ɔdan no tweaa no biako so. Na bere nni hɔ a mɛkɔ akɔtow agu! Polisifo no hwehwɛɛ biribiara mu​—gye kɛntɛn yi nko.

Hwɛ sɛnea mede aseda mae sɛ na me nuabea Anna nso apene so sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no bɛfa adamfo saa bere no. Yeboom tu kɔɔ Freudenstadt kurow no mu wɔ 1934 mu na yefii ase de ahwɛyiye kyekyɛɛ Bible nhoma wɔ hɔ. Bere bi wɔ akwamma bi mu no, yetumi de keteke kɔɔ yɛn kurom a ɛne Bad Ems, yɛkyekyɛɛ nhomawa adaka biako a 240 wom ntɛm so na afei yefii hɔ. Haw a Gestapofo (Germanfo polisifo) no haw yɛn wɔ Freudenstadt no ma yenyaa adwene sɛ yebetu akɔ kurow foforo mu, na yɛkɔɔ wɔ 1936 mu. Ɛhɔ na me ne yɛn adwuma no a na yɛyɛ wɔ kokoam no so ahwɛfo dii nkitaho​—ntɛm ara wɔmaa me “adwuma” sɛ menyɛ. Na me nsa taa ka nkrataa a mfonini wɔ so a ekura nkyia. Nokwarem no, na ɛyɛ nkrasɛm a ahintaw. Na m’adwuma ne sɛ mede eyi bɛkɔ kokoam baabi wɔ kurow no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa adwuma yi nto ɔhaw mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mennkyekyɛ nhoma biara. Biribiara kɔɔ so dwoodwoo kosi August 1938 mu.

Da koro me nsa kaa kratasin bi a na ɛkyerɛ sɛ minkogyina asɔredan bi a agye din anim anwummere bi. Me nsa bɛka amanneɛbɔ foforo wɔ hɔ. Mekɔɔ nhyiambea hɔ. Na sum aduru kabii. Ɔbarima bi daa ne ho adi kyerɛɛ me sɛ ɔne Julius Riffel. Na minim sɛ eyi yɛ onua nokwafo bi a ɔyɛ adwuma wɔ kokoam no din. Ɔka kyerɛɛ me ntɛm ara sɛ menkɔ Bad Ems da bi nkohyia obi. Ofii hɔ ntɛm ara.

Nanso na Gestapofo nkutoo na wɔretwɛn me wɔ hɔ wɔ Bad Ems. Dɛn na atoto? Na ɔbarima a ogyina asɔredan no anim​—obi a kan na ɔyɛ onua ankasa, Hans Muller, a na onim adwuma a wɔyɛ no kokoam wɔ Germany no ho biribiara no afi ase ne Gestapofo no ayɛ biako​—na na wasum me afiri. Nanso antumi anyi me. Bere tiaa bi ansa na asɛm no resi no, na me maame abɔ me amanneɛ sɛ n’afã fã reyɛ awu na na mahyɛ no bɔ sɛ mɛba abɛsra no wɔ Bad Ems da bi. Eyi ne “akwantu” no hyiae wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so na yɛn nkrataa no ma mekae sɛ midi bem bere a wodii m’asɛm akyiri yi no. Wogyaee me ma ɛyɛɛ me nwonwa. Yiw, wɔ February 1939 mu no, mesan nyaa ahofadi bio bere a mada afiase asram anum ne fã akyi no!

Nea Meyɛe wɔ N’adamfofa no Ho

Nokwarem no, manyɛ nhyehyɛe sɛ megyae asɛnka ne adesuakɔ, ne titiriw no esiane sɛ na me nuanom no mu fã kɛse ara rehu amane wɔ adwumayɛban mu anaasɛ wɔakyekyere wɔn wɔ mmeae afoforo nti.

Bere a wɔnam Muller mmoa so akyere anuanom Germanfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa akyi no, Ludwig Cyranek bɛyɛɛ honhom mu aduan a wɔkyekyɛ no so hwɛfo. Na woyii onua yi a anka ɔyɛ adwuma wɔ Betel no fii afiase nkyɛe, na ɔbɛsraa me wɔ Bad Ems. Ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo Maria! Ma yɛnkɔ so nyɛ adwuma.” Ɔsan de me baa Stuttgart, faako a minyaa honam fam adwuma. Nanso adwuma ankasa a meyɛe no fii ase March 1939, na na ɛne sɛ mɛkyekyɛ bag a Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a wɔahwɛ so akyerɛw bi no ayɛ no ma wɔ Stuttgart ne mmeae a ɛbemmɛn no. Adansefo afoforo de akokoduru nyaa adwuma yi mu kyɛfa.

Saa bere no Onua Cyranek kyinkyin ɔman no mu nyinaa gye kusuu fam apuei nkutoo. Esiane sɛ na wɔma wɔhwɛ faako a anuanom no te nti, na ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyiye kɛse tu kwan na ɛtɔ bere bi mpo a ɔda wuram. Na keteke a etu mmirika ntɛmntɛm no taa de no ba Stuttgart, faako a ɔka tebea a ɛwɔ Germany ho amanneɛbɔ titiriw kyerɛ me ma mekyerɛw no. Na mekyerɛw nkrataa na mede aduru bi a na ɛmma wontumi nhu nkyerɛwee no kyerɛw nkrasɛm yi na mede fa address bi so de kɔ Netherlands Betel.

Awerɛhosɛm ne sɛ na onuabarima a ɔto so abien adan ɔfatwafo a na ɔhwɛ kwan sɛ ɛremma wɔmfa no nto afiase. Afe akyi no, oyii anuanom kuw a wɔwɔ Stuttgart ne mmeae afoforo no maa Gestapofo no. Wɔkyeree yɛn February 6, 1940. Ludwig Cyranek kɔɔ Muller fie wɔ Dresden​—na osusuw sɛ Muller da so ara yɛ ne yɔnko Dansefo​—na wɔkyeree no wɔ hɔ. Akyiri yi wobuu Onua Cyranek kumfɔ na wotwaa ne ti July 3, 1941.a

Afei yɛn atamfo gye dii sɛ wɔagu yɛn adwuma no nyinaa wɔ Germany. Nanso na wɔayɛ nhyehyɛe dedaw a ɛbɛma wɔahwɛ ma nokware nsu no akɔ so asen, sɛ ɛdan nsukoko mpo a. Sɛ nhwɛso no, Holzgerlingen anuanom no bɔɔ mmɔden kɔɔ so yɛɛ adwuma no kosi ɔko no awiei wɔ 1945 mu.

Onnyaw Ne Nnamfo Da

Na wɔde me ne Anna ne anuawanom anokwafo afoforo akogu Stuttgart afiase. Na metaa te sɛ wɔhwe nneduafo. Obi nkutoo a wɔde no to afiase dan biako mu a ɔnyɛ hwee no yɛ osuahu a ɛyɛ hu. Nanso esiane sɛ na Kristofo nhyiam mpaa yɛn ti so da na yɛda so ara yɛ mmofra nti, ɛkame ayɛ sɛ na yetumi kae Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm nyinaa. Enti yɛn gyidi kɔɔ so yɛɛ den na yetumi gyinaa ano.

Da koro Gestapofo baanu fi Dresden bɛfaa me ne me yɔnko deduani Gertrud Pfisterer (mprempren wɔfrɛ no Wulle) ma wɔakɔkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ. Na wɔtaa ma nneduafo tra keteke a entumi ntu mmirika a edi nna pii wɔ kwan so no mu nkutoo tu kwan. Nanso wogyaw keteke a etumi tu mmirika ntɛmntɛm mu dan biako maa yɛn wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ayɛ ma aboro so nyinaa akyi. Polisifo mpanyimfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mo ho hia yɛn yiye. Yɛmpɛ sɛ mubefi yɛn nsa.”

Gestapofo no ma mikohyiaa ɔfatwafo a ɔto so abiɛsa a ofi yɛn mu wɔ Dresden. Metee nka sɛ biribi atoto enti meyɛɛ komm na mankyia no mpo. Afei wɔde me kɔɔ ɔbarima tenten bran bi a ɔhyɛ asraafo atade anim: ɔfatwafo Muller a mihyiaa no wɔ asɔredan no anim no. Mifii ɔdan no mu a manka asɛm biara. Gestapofo no annya hwee amfi me nkyɛn.

Ansi afatwafo yi mu biara yiye. Sɛnea Nasifo no kae no, wɔdɔ ɔfatwa no na ɛnyɛ ɔfatwafo no. Wɔde wɔn baasa nyinaa kɔɔ akono wɔ apuei fam na wɔansan amma bio. Hwɛ sɛnea ɛsono nea ɛtoo wɔn a wɔne Onyankopɔn ne ne nkurɔfo annyae adamfofa no! Anokwafo no mu pii a Erich Frost ne Konrad Franke, a Awurade nti wohuu amane pii a akyiri yi wɔbɛyɛɛ baa dwumadibea so ahwɛfo wɔ Germany ka ho no san fii ɔtaa fononoo a emu yɛ hyew mu bae anikan.b

Stuttgart Gestapofo​—a na wɔhoahoa wɔn ho wɔ “nea wɔakyere” ho no​—ka kyerɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ Dresden wɔ May 1940 mu sɛ wɔnsan mfa yɛn mmrɛ wɔn. Na wobedi yɛn asɛm wɔ Germany kesee fam. Nanso na Gestapofo a wɔwɔ kusuu fam ne wɔn a wɔwɔ kesee fam no nka, enti wɔn a wɔwɔ Dresden no ampene ma enti wɔn a wɔwɔ Stuttgart no ankasa bɛfaa yɛn kɔe. Afei asɛm bɛn na esii? Kar a yɛde kɔɔ keteke gyinabea hɔ no bɛyɛɛ asubɔnten Elbe ho akwantu a ɛyɛ anigye; na yehuu nnua a n’ahaban yɛ momono ne wim a ayɛ bruu bere a yɛwɔ yɛn afiase dan mu no akyɛ. Sɛnea wɔyɛɛ kan no, wogyaw keteke mu dan biako maa yɛn na wɔmaa yɛn kwan ma yɛtow Ahenni nnwom mpo. Bere a yɛsesaa keteke no, wɔmaa yɛn aduan wɔ keteke gyinabea adidibea hɔ. Yɛ ho mfonini wɔ w’adwenem, sɛ anɔpa no yedii brodo sin bi a akyen na afei de eyi na yedi!

Wɔde m’asɛm no baa asennibea wɔ Stuttgart September 17, 1940. Menam Ludwig Cyranek nkrataa a mekyerɛw na mede mana no so bɔɔ nkurɔfo a wɔte amannɔne nsase so amanneɛ wɔ yɛn kokoam adwuma ne yɛn taa no ho. Ɛno yɛ ɔman asetutu kɛse na ɛho asotwe ne owu. Enti na ɛyɛ nwonwa sɛ wɔde me a na meyɛ onipa titiriw wɔ asɛm no mu no too afiase mfe abiɛsa ne fã pɛ a wɔde me nkutoo bɛto afiase dan biako mu! Ɛda adi sɛ Gestapofo panyin bi a ne din de Schlipf a n’ani sɔɔ yɛn a na n’ahonim haw no no de nkɛntɛnso a ɔwɔ no adi dwuma. Ɔkae bere bi sɛ na ontumi nna esiane yɛn “mmeawa” no nti. Sɛ ɛyɛ Dresden a, anka wɔremma me asotwe ketewaa bi saa.

Adamfofa a Enni Awiei mu Mfaso a Minyae

Ɛwom sɛ na aduan a wɔde ma wɔ afiase hɔ no ye sen adwumayɛban no mu de no de, nanso me so tew kɛse na awiei koraa no mekaa nnompe nkutoo. 1940 kosi 1942 mfe no twaam na misusuwii mpɛn pii sɛ: ‘Sɛ wo bere no so a, wɔde wo bɛto adwumayɛban mu, faako a wubenya anuawanom ne wɔn abɔ a worenyɛ ankonam bio.’ Manhu no yiye.

Awɛmfo no ho dwiriw wɔn yiye bere a wɔpenee adesrɛ a m’awofo a wɔyɛ Katolekfo no de bae sɛ wonyi me no so no. (Na mapow mpɛn pii sɛ m’ankasa mebisa ade a ɛte saa.) Bere a wɔde mfɛfo gyidifo koguu adwumayɛban mu no, me​—a wɔde me too afiase sɛ metutu ɔman ase a mannyae nsɛm mu ansiesie no​—menya ahofadi wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so saa! Enti, minyaa ahofadi bio wɔ 1943 mu ma enti mitumi de ahwɛyiye kɛse kɔfaa teokrase nneɛma fii Holzgerlingen. Bere a mahwɛ so akyerɛw bi no, mede siei wɔ flask a kɔfe ayɛ no ma mu na mede kɔma anuanom a wɔtete Rhine Asubɔnten no ho ne beae a wɔfrɛ no Westerwald wɔ Germany no. Efi saa bere no kosi ɔko no awiei no, mitumi yɛɛ adwuma a obiara anhaw me. Akyiri yi metee sɛ polisifo mpanyimfo a wɔpɛ yɛn asɛm a wɔn nsa kaa nsɛm a wɔka de tia yɛn no amfa saa nsɛm no ankɔma Gestapofo no.

Dɛn na ɛbae wɔ 1945 akyi? Na mewɔ ɔpɛ sɛ mɛsan ayɛ akwampae adwuma no bio ntɛm ara. Me nsa kaa nsato a eye sen biara a na manya pɛn a na menhwɛ kwan koraa. Mansusuw da sɛ wɔbɛto nsa afrɛ me ma makɔyɛ adwuma wɔ Betel wɔ Wiesbaden!

Na matra Betel, (mprempren ɛwɔ Selters/Taunus) fi March 1, 1946. Mede anigye ayɛ adwuma wɔ dwumadibea a kan baa dwumadibea sohwɛfo Konrad Franke hwɛ so no mfe pii. Mede anigye ayɛ adwuma wɔ dwumadibea ahorow nso, sɛ nhwɛso no wɔ ntamasibea. Ɛnnɛ mpo, bere a madi mfe 87 yi, meda so ara de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma wɔ hɔ da biara a mebubu mpopaho. Sɛ woaba yɛn Betel hɔ pɛn a, ebia yɛahu yɛn ho yɛn ho pɛn.

Bere a bere twaam no, minyaa hokwan boaa nnipa pii ma wogyee nokware no a me maame ne me honam fam nuabea foforo ka ho. Mahu sɛ me maame nsɛm a ɛne “Onim wo na ɔdɔ wo” no yɛ nokware te sɛ nea odwontofo no nsɛm no te no, “Obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ madɔ Yehowa bere a ɔwowaw me sɛ adamfo no!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ 1974 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no nkratafa 179-80.

b Hwɛ April 15, 1961 Ɔwɛn-Aban nkratafa 244-9, ne March 15, 1963 de, nkratafa 180-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena