So Wudi Akwankyerɛ Akyi?
AGYA a ɔwɔ ɔdɔ bɛma ne mma akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi yiye wɔ asetra mu na wɔn ani agye bere a wɔanyinyin ayɛ mpanyimfo no. Na mmofra a wɔdɔ wɔn awofo na wobu wɔn no begye akwankyerɛ a ɛte sɛɛ atom efisɛ wonim sɛ eye ma wɔn ankasa yiyedi. Saa ara nso na yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa, ma ne nkoa akwankyerɛ a ɛde yiyedi ne anigye brɛ wɔn wɔ wɔn asetra mu. Enti, ɛho hia sɛ yedi akwankyerɛ ahorow a Onyankopɔn nam n’Asɛm Bible ne n’asase so ahyehyɛde no so de ma yɛn no akyi.
Wɔ Abusua no Mu
Mmeae ahorow pii wɔ hɔ a wɔma yɛn ɛho akwankyerɛ. Biako yɛ abusua no mu. Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware ne abusua. Bible no se Onyankopɔn na ɔkaa adesamma baanu a wodi kan no boom sɛ awarefo na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo mma. (Genesis 1:27, 28; 2:22-24) Ɔbɔadeɛ no de akwankyerɛ ama abusua no mufo nyinaa wɔ wɔn nnwuma ho. Sɛ nhwɛso no, okunu a ɔyɛ agya no ne ofie no ti, a ɛkyerɛ sɛ ɔno na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔma akwankyerɛ, aduan, ntama, dabere, ahobammɔ ne nteɛso. Ɔno nso na osisi abusua no gyinae ahorow a ɛho hia. Sɛ́ okunu no, ɛsɛ sɛ osusuw ne yere ho na odi no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw. (Efesofo 5:22, 23; 1 Timoteo 5:8; 1 Petro 3:7) Ɛsɛ sɛ ɔyere no brɛ ne ho ase ma ne kunu, ɔkyerɛ obu a emu dɔ, na ɔyɛ ne boafo. Na Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ ɛsɛ sɛ mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo.—Genesis 2:18; Efesofo 6:1-3; 1 Petro 3:1, 2.
Sɛ wobu ani gu akwankyerɛ ahorow yi so a, dɛn na ɛba? Akyinnyegye ne akasakasa ba bere a okununom nsusuw wɔn yerenom ho, na ɔyerenom mfa obu mma okunu tiyɛ no. Nokwarem no, nneɛma a ɛtete saa no ama aware pii agu. Mmofra asoɔdenyɛ ne atuatew de awerɛhow kɛse abrɛ awofo pii. Mpɛn pii no, awofo na ɛsɛ sɛ wonunu wɔn kɛse sɛ wɔamfa nteɛso a ɛfata amma wɔn mma, ma enti wɔhyɛ wɔn abufuw.—Efesofo 6:4.
Ɛwom sɛ nnipa asetra ho adwumayɛfo, adwene ho abenfo, ne afoforo de nyansahyɛ a ɛsonosonoe pii ama wɔ sɛnea wobedi abusua mu ɔhaw ahorow ho dwuma ho de, nanso afotu biara nni hɔ a etu mpɔn sen akwankyerɛ a abusua no Bɔfo de ma wɔ Bible mu no. Eyinom akyi a yebedi no de nokware anigye ne abotɔyam ba.—Dwom 19:7-9.
Wɔ Asafo no Mu
Ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ a Kristofo asafo no Ti, Yesu Kristo, nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” a ɛne Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no kasamafo a wapaw wɔn no so de ma no akyi. (Mateo 24:45-47; Efesofo 5:23) Nea ɛbɛyɛ na yɛanya asomdwoe ne biakoyɛ wɔ asafo no mu no, ɛsɛ sɛ emufo nyinaa yɛ wɔn ade ma ɛne akwankyerɛ a wɔde ama no hyia. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu na wɔboa afoforo no bata akwankyerɛ a wɔn nsa ka fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no ho. Eyi bɛboa ma wɔn adwuma no atu mpɔn kɛse. Ebia akwankyerɛ no bɛyɛ nea ɛfa sɛnea yebenya asɛnka dwumadi no mu kyɛfa, sɛnea yebedi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu, sɛnea yɛde afotu ne nkuranhyɛ bɛma, sɛnea yɛbɛkyekye wɔn a wɔahaw werɛ, ne nea ɛkeka ho no ho. Wɔde sɛnea wobesiesie nhyiam horow a etumi kyerɛkyerɛ na ɛde denhyɛ ama wɔn a wɔne Kristofo asafo no bɔ fekuw nyinaa ho akwankyerɛ nso ma.—Asomafo no Nnwuma 20:20; Romafo 12:6-8; Galatifo 6:1; 1 Tesalonikafo 3:1-3.
Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo, anaasɛ ahwɛfo titiriw yɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Sodikuw no de akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ yiye sɛ wobedi akyi wɔ nokwaredi mu ma. Ɛsɛ sɛ wɔdan akwankyerɛ no na wɔde di dwuma sɛnea wɔn asafo no mu nsɛm tebea te. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ nea ɔkyerɛ Kristofo asafo no kwan ne Yesu Kristo. Ohu asafo ahorow a ɛwɔ wiase no nyinaa ahiade pɛpɛɛpɛ, na ɔde nkuranhyɛ ne mmoa a wohia no ma. Enti, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde akwankyerɛ ahorow a wɔn nsa ka fi Onyankopɔn teokrase ahyehyɛde no nkyɛn no bedi dwuma. Eyi bɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa, na ɛbɛboa ama biakoyɛ aba wɔn ankasa ne Kristofo onuayɛ no mufo a wɔaka wɔ asase so nyinaa no mu.—Asomafo no Nnwuma 15:1-31; Hebrifo 13:7; Adiyisɛm 5:6.
Nea Efi mu Ba a Ɛyɛ Anigye
Sɛ ɔdansifo bi resi ɔdan kɛse bi a, ɔhwɛ yiye sɛ obedi ɔdan no nsusuwso a adansi ho nimdefo no ayɛ wɔ krataa so no akyi pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ na ɔdan a osi no bɛkyɛ. Wɔ basabasayɛ nna a edii Nsuyiri no anim no mu no, wɔhyɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka. Wɔkyerɛɛ no sɛnea ɔnyɛ no ne nnipa ne mmoa ko a ɔmfa wɔn nkɔ mu na wonnye wɔn nkwa wɔ Nsuyiri a na ɛreba no mu. Noa yɛɛ n’ade dɛn? Bible no se: “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nkutoo na wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, (Genesis 6:5, 13-22; 7:23) Ɛnnɛ, yɛte mmere bi a ɛte sɛ Noa de no pɛpɛɛpɛ mu, na ne saa nti Onyankopɔn bɛpopa nnipa abɔnefo nyinaa afi hɔ. Bible no kyerɛ yɛn nneɛma a sɛ yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a wobenya nkwa no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Mateo 24:37-39; 2 Petro 3:5-7, 11.
Enti, momma yɛmfa anisɔ nnye akwankyerɛ a Yehowa nam n’Asɛm a wɔakyerɛw no ne n’asase so ahyehyɛde no so de ma no na yɛmfa nni dwuma. Eyi a yɛbɛyɛ no de yiyedi ne anigye bɛbrɛ yɛn na ebegye yɛn nkwa nso.