Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/1 kr. 3
  • Dɛn Na Aba Onipa Su So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Aba Onipa Su So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa Su A Wɔbɛsakra No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/1 kr. 3

Dɛn Na Aba Onipa Su So?

“DƐN nti na wɔyɛ mmofra ayayade wɔ saa bere yi? Dɛn nti na wɔyɛ mmoa ayayade? Dɛn nti na basabasayɛ wɔ hɔ? . . . Dɛn nti na nkurɔfo de wɔn ho hyɛ amumɔyɛ mu? Dɛn nti na nkurɔfo de nnubɔne di dwuma? . . . Dɛn nti na bere a wo nsa aka biribiara awie ho, nnipa binom san kɔ mfitiasede ahorow a ɛsɛe anibuei nyinaa no so?”

BRITANIA ɔsoafo panyin bisaa saa nsɛm no wɔ baguam. Ebia woabisa nsɛm a ɛte saa mpɛn pii. So woanya mmuae horow a ɛma koma tɔ yam?

Britania ɔsoafo panyin no rema wɔahu ne nsemmisa no mu yiye no, ɔkae sɛ: “Bere a na misua na mede m’anidaso ne m’adaeso ne me botae horow nyinaa hyɛɛ amansɛm mu no, me ne me bere sofo pii de mfe pii susuwii sɛ sɛ edu bere a yɛwɔ adan pa, nhomasua pa, asetra gyinapɛn a eye a, ɛnde na biribiara ayɛ yiye a ɛsɛ sɛ yenya daakye bi a ɛfata na emu asetra nyɛ den. Mprempren de yenim sɛ ɛnyɛ saa na ɛte. Yɛrehyia onipa su ho ɔhaw ankasa no.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Wobetumi akyerɛ onipa su ase sɛ “nnipa mfitiase nneyɛe ne awosu horow a ɛho nsɛm dɔɔso.” Ɛda adi sɛ, nneyɛe ne awosu ahorow a ɛne wɔn ho di akameakame no betumi de ɔhaw aba obi, ɔman, anaasɛ amanaman ntam mpo. Nanso ɛsɛ sɛ wɔde asodi to onipa su so kodu he wɔ nnɛyi basabasayɛ, amumɔyɛ, nnubɔne a wɔtɔn no sum ase, ne nea ɛtete sɛɛ a asiane wom no mu?

So onipa su nkutoo na ɛsɛ sɛ wonunu no wɔ tebea horow a ɛreyɛ asɛe “anibuei nyinaa” no ho? Anaasɛ nokwasɛm afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho de kyerɛkyerɛ nea nti a nnipa gyaa wɔn ho mu ma nneyɛe ahorow a ɛbrɛ wɔn ase, na pɛsɛmenkominya wom, ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so saa no mu, bere a anka wobetumi apere adi nneɛma a ɛkorɔn na anuonyam wom akyi no? Momma yɛnhwɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena