Betlehem—Kristosom Mu Biakoyɛ Ne Ɔdɔ Ho Sɛnkyerɛnne?
“BETLEHEM . . . yɛ ɔdɔ a enni awiei ho adanse, ɛyɛ ahobrɛase mu asuade.”—Maria Teresa Petrozzi, nhoma Bethlehem kyerɛwfo.
So Betlehem kyerɛ biribi a ɛte saa ma wo? Ebia ɛkyerɛ saa, efisɛ nnipa komapafo a wɔpɛ asomdwoe ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de obu kɛse hwɛ Betlehem, ne titiriw no wɔ Buronya bere mu. Wɔkae sɛ saa Mfinimfini Apuei kurow ketewa yi ne “Asomdwoe-Hene,” Yesu Kristo awobea. Mfehaha pii no, akwantufo a wɔkɔhwɛ ɔsom mu kronkronbea akɔ hɔ sɛ wɔkɔhwɛ Kristoman kronkronbea a ɛsen biara no mu biako, na ebia wɔasom no. Ɛno ne Grotto of the Nativity (Awo Ɔbodan), Yesu Kristo awobea. Ɛwɔ ɔdan kɛse bi a agye din a wɔfrɛ no Church of the Nativity (Awo Asɔredan) no mu.—Yesaia 9:6; Mateo 2:1.
Nanso, nokwarem no, ɔkwan bɛn so na tete akronkronbea yɛ ade titiriw ma Kristosom mu biakoyɛ, ɔdɔ, ne ahobrɛase? Dɛn na wugyina nea edidi so yi so ka?
Katolekni kyerɛwfo Maria Teresa Petrozzi ka wɔ nhoma Bethlehem mu sɛ: “Efi afeha 16 reba no, [Betlehem] ahu amane wɔ aperepere a mogyahwiegu pii wom a Latinfo [Roma Katolekfo] ne Helafo [Helafo Ortodoks gyidifo] dii wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ Nativity asɔredan no so ho no mu.” Na saa ‘apereperedi a mogyahwiegu pii wom’ a ɛkɔɔ so bere nyinaa no fa Grotto of the Nativity no mu dwetɛ nsoromma a ɛwɔ asase ase wɔ Church of the Nativity no ase ho mpɛn pii. Wɔkyerɛ sɛ nsoromma yi da Kristo awobea ankasa. R. W. Hamilton bɔ amanneɛ wɔ ne nhoma The Church of the Nativity, Bethlehem mu sɛ: “Wonim yiye sɛ Franse ne Rusia ntam akasakasa a ɛma wɔkoo Crimea ɔko no mu nsɛm abien fa nea ɛsɛ sɛ asɔredan kɛse no ne ɔbodan no [Nativity Grotto] apon atitiriw no ano nsafe bedi ne nsam ne dwetɛ nsoromma a Latin nkyerɛwee wɔ so a ɛhyɛ marmorabo bi mu wɔ Nativity no afɔremuka ase a wowiaa anwonwa kwan so da koro anadwo wɔ 1847 no ho.”
Esiane asɔre ahorow no ntam akameakamedi a akɔ so wɔ mfehaha no mu wɔ hokwan ahorow a ɛwɔ mmeae yi ho nti, “mprempren wɔakyerɛ hokwan ahorow a asɔre ahorow no biara wɔ no yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔde ɔbodan no mu akanea 53 no mu 19 ama Ɔhotefo Francis akyidifo. The Altar of the Nativity (Awo Afɔremuka) no yɛ Helafo no de, na wɔmma Latinfo no kwan sɛ wɔnyɛ asɔre wɔ hɔ.”—Historical Sites in Israel.
Wɔ Buronya bere mu no, sɛ amammui mu tebea no ma ho kwan a, Kristoman mu asɔre ahorow no bɔ wɔn ankasa Buronya Mass na wotu aprenten fa Betlehem. December 24 ne 25 no, Latinfo no tu aprenten na wɔbɔ ɔdasum Mass wɔ Saint Catherine’s Church a ɛwɔ Church of the Nativity a mprempren ɛyɛ Helafo ne Armeniafo Ortodoks asɔre ahorow no dea ho no mu. January 6 no, Helafo, Siriafo, ne Coptfo Ortodoks asɔre ahorow no bɔ wɔn Buronya Mass. January 18 no, wɔbɔ Armeniafo Ortodoks Buronya Mass, na wotu aprenten January 19.
So nea wɔaka ho asɛm no kyerɛ sɛ Betlehem tete akronkronbea no yɛ ‘ɔdɔ a enni awiei ho adanse, ahobrɛase mu asuade’? Afei nso, so ɛda Yesu awo mu nsɛm tebea horow no ho nokware adi? Sɛ nhwɛso no, wɔwoo no bere bɛn? So wɔwoo no wɔ nea mprempren wɔfrɛ no Nativity Grotto no mu ampa? Na so ɛsɛ sɛ wo anaasɛ obi foforo som n’awobea no?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.