Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Obi a Ɔde Mfe 25 Ayɛ Ɔbea Kokorani Behu Nokware No Afei
BIBLE ka siei sɛ “nnipakuw kɛse bi” a wofi amanaman nyinaa mu bɛba abɛsom wɔ Yehowa honhom mu asɔrefi. (Adiyisɛm 7:9) Eyi reba mu nnɛ, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ ɛnam Onyankopɔn nokware no mmoa so nti, pii reyi wɔn ho afi atoro som mpokyerɛ mu. Osuahu a edi hɔ yi yɛ eyi ho nhwɛso.
◻ Awuraa bi a ɔwɔ Rome, Italy bɔ amanneɛ sɛ: “Efi me mmofraase nyinaa na me botae a ɛsen biara ne sɛ mɛyɛ ɔbea kokorani, efisɛ na mepɛ yiye sɛ mefi me koma nyinaa mu asom Onyankopɔn. Mitumi duu me botae no ho bere a na madi mfe 32, wɔ December 8, 1960 mu, bere a mekaa me osetie, hiadi, ne ahotew ho ntam nea edi kan no. Dwumadi a wɔde maa me ne sɛ mɛhwɛ mmofra ahiafo a wonni obiara, a wɔyɛ nyisaa anaa nneduafo mma so awia ne anadwo. Minyaa akomatɔyam wɔ me dwumadi no mu.
“Mesom mfe 10 akyi no, me gyidi hinhimii bere a akameakamedi sɔree wɔ ahyehyɛde no mu no. Misusuwii sɛ, sɛ Onyankopɔn na ɔrekyerɛ yɛn kwan a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma akameakamedi ne basabasayɛ a ɛte sɛɛ ba wɔ n’ankasa fi.”
Na ɔbea kokorani no nuabea bi a ɔwɔ France no yɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɔnam krataakyerɛw so dii ɔbea kokorani no adanse, na ɔde New World Translation of the Holy Scriptures no manaa no. Ɔbea kokorani no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛno ne bere a edi kan a mihuu Onyankopɔn Asɛm wɔ mfe 23 mu.” Saa bere no na ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no, na ose: “Bere a minyaa nkɔanim wɔ Bible adesua no mu no, mibehuu Yehowa Nyankopɔn ne ne su horow a ɛyɛ nwonwa no. Mihui sɛ ɔmpene ahoni a wɔde di dwuma so no, ɛhaw me yiye, efisɛ na ahoni ahorow ahorow pii ayɛ ahyehyɛde no mu ma. Mebɛtee ase sɛ sɛ mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani de a, merentumi ntra saa beae hɔ. Bere a mede ahofama asom sɛ ɔbea kokorani mfe 25 akyi no, afei mabehu nokware no. Enti October 1, 1985 no, mekyerɛw krataa sɛ meregyae adwuma ma ɛhaw me mpanyimfo no yiye.
“Me nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ no boaa me honhom fam ne honam fam nyinaa. Wɔbɔɔ me asu August 30, 1986, na mede m’anan sii nokware kwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so, na meda Yehowa ne n’ahyehyɛde no ase pii.”
Yehowa Hyira Ɔpɛ a Abofra bi Nyae sɛ Ɔbɛsom Onyankopɔn no So
◻ Bere a Brazil sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo resiesie sukuufo krataa a wɔkyerɛw no, ohui sɛ osuani bi a wadi mfe 14 kyerɛwee sɛ ɔpɛ sɛ osua Onyankopɔn ho nneɛma pii. Ɔne osuani no fii Bible adesua ase, nanso bere a abeawa no nyaa nkɔanim no, n’abusuafo a wɔyɛ Katolekfo no baraa adesua no, na wɔsɛee ne nhoma no. Osuani kumaa no fii ase suaa Bible no bere a wɔapɔn regye wɔn ahome, nanso wohui. Enti wɔnam krataakyerɛw so toaa adesua no so. Nanso, ankyɛ na abusuafo no huu nkrataa no, na wɔhyewee. Ne papa fii ase hyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mass. Ɔne wɔn kɔe, nanso ɔde Ɔwɛn Aban siee asɔre nhomawa no mu, na ɔkenkanee bere a asɔre no rekɔ so no. Eyi kɔɔ so bɛyɛ asram asia, na afei da koro owiaa ne ho fii fie kɔɔ Ahenni Asa so. Bere a nhyiam no rekɔ so no. ne papa puei wɔ ɔpon no ano, na ɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ wɔnka nkyerɛ ne babea no sɛ sɛ obedu fie a, ɔbɛhwe no. Mmɔden a anuanom no bɔe sɛ wɔne no besusuw asɛm no ho no yɛɛ ɔkwa.
Ade kyee no, ɔde anigye ne serew kɔɔ anuanom no nkyɛn. Ɔde apirakuru a ne papa ɔhwe no ma ɛbaa ne ho no kyerɛɛ wɔn. Ɛnde, dɛn na ɛmaa n’ani gyei no? Ne papa fii Ahenni Asa so hɔ no, okobisaa nnipa pii, a ɔdekuro no nso ka ho, sɛ dɛn ne nea eye, ne nea ennye wɔ ne babea a ɔbɛyɛ Yehowa Ɔdansefo ho. Ɔdekuro no kae sɛ Adansefo no yɛ nnipa papa, a wotumi de ho to wɔn so. Ɔde kaa ho sɛ wɔn abrabɔ ho tew na ɛbɛyɛ ade papa sɛ obi ba benya saa gyinapɛn ahorow yi a ɛkorɔn koraa sen mmofra pii de no.
Eyi nyinaa akyi no, ɔhwee abeawa no. Nanso ne papa no ka kyerɛɛ no sɛ esiane sɛ wammisa kwan na ofii fie nti na ɔrehwe no no. Na ɔkae sɛ sɛ ogyae Bible no sua anaa Yehowa Adansefo nhyiam horow no kɔ a, ɔbɛhwe no bio! Mprempren ne babea no yɛ ɔdawurubɔfo a ɔyɛ nnam, na n’abusuafo mu binom rekyerɛ nokware no ho anigye.
Nokwarem no, Yehowa hyira mmofra a wofi nokwaredi mu pɛ sɛ wɔsom no no, sɛnea osuahu yi kyerɛ no.—Dwom 148:12, 13.