Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/15 kr. 30
  • Kɔ So Gyina Gyidi no mu Pintinn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Gyina Gyidi no mu Pintinn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abrabɔ a Egyina Nnyinasosɛm Pa So
  • Boasetɔ De Nhyira Ba
  • Momma Yenkura Yɛn Gyidi a Ɛsom Bo No Mu Pintinn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ahoɔfɛ Ntoaso Ne Agude a Yɛde Siesie Yɛn Ho—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Munhu Nnipa Ko A Ɛsɛ Sɛ Moyɛ!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/15 kr. 30

Kɔ So Gyina Gyidi no mu Pintinn!

Petro Nhoma a Edi Kan mu Nsɛntitiriw

YEHOWA ADANSEFO hyia sɔhwɛ anaasɛ wɔn gyidi ho sɔhwɛ ahorow. Wɔ nsase bi so no, wɔyɛ wɔn Ahenni asɛnka adwuma no wɔ ɔtaa kɛse ase. Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ eyi ne mmɔden afoforo a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no akyi. Nanso obedi nkogu, efisɛ Yehowa ma ne nkoa yɛ den​—yiw, wogyina gyidi no mu pintinn.

Ɔsomafo Petro nyaa hokwan ‘hyɛɛ ne nuanom’ a na ‘wɔhow wɔn werɛ sɔhwɛ ahorow bebree mu’ no ‘den.’ (Luka 22:32; 1 Petro 1:6, 7) Ɔyɛɛ saa wɔ ne nhoma a edi kan a ɔkyerɛw no bɛyɛ 62-64 Y.B. mu no mu. Wɔ mu no, Petro tuu Yudafo ne amanaman mu Kristofo fo, ɔkyekyee wɔn werɛ, ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔboaa wɔn na wɔagyina Satan ntua ano na wɔakɔ so ‘agyina gyidi no mu pintinn.’ (1 Petro 1:1, 2; 5:8, 9) Mprempren a Ɔbonsam bere ayɛ tiaa na ne ntua ano ayɛ den no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nkurɔfo betumi anya Petro nsɛm a efi honhom mu no mu mfaso.

Abrabɔ a Egyina Nnyinasosɛm Pa So

Sɛ ebia yɛn anidaso yɛ ɔsoro de anaasɛ asase so de no, ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano, na yɛyɛ ade pa. (1:1-2:12) Ɔsoro apɛgyade ho anidaso ma nkaefo no di ahurusi wɔ sɔhwɛ mu, na esiesie wɔn gyidi ankasa. Sɛ honhom fam ofi a wɔasi asi nhyɛase a ɔne Kristo so no, wɔbɔ honhom mu afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na wobu wɔn bra wɔ ɔkwan pa a ɛhyɛ No anuonyam so.

Ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm pa kyerɛ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo nnipa nyinaa di no kwan. (2:13-3:12) Petro kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ma sodifo a wɔyɛ nnipa. Ɛsɛ sɛ ofie nnipa brɛ wɔn ho ase ma wɔn wuranom, na ɔyerenom brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom. Ɔyere Kristoni abrabɔ pa betumi ama ne kunu a onnye nni no aba nokware gyidi no mu. Na ɛsɛ sɛ okunu a ogye di no ‘di ne yere ni sɛ ade a ne ho nyɛ den.’ Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa da tema adi, nya onuadɔ, yɛ papa, na wodi asomdwoe akyi.

Boasetɔ De Nhyira Ba

Amanehunu a nokware Kristofo de nokwaredi gyina ano bɛma wɔanya nhyira horow. (3:13-4:19) Sɛ trenee nti yehu amane a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Afei nso, esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu na wadi yɛn anim akɔ Onyankopɔn hɔ nti, ɛnsɛ sɛ yɛtra ase ma honam akɔnnɔ bio. Sɛ yɛde nokwaredi gyina sɔhwɛ ahorow ano a, yebenya ahurusi kɛse a wobedi wɔ Yesu adiyi no mu no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ahohora a Kristo din anaasɛ n’asuafo a yɛyɛ nti yɛsoa no ma yɛn ani gye, efisɛ ɛda no adi sɛ yɛwɔ Yehowa honhom. Enti, bere a Onyankopɔn apɛde nti yehu amane no, momma yɛnkamfo yɛn ho nkyerɛ no, na yɛnkɔ so nyɛ papa.

Sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi yɛ yɛn nnwuma wɔ Onyankopɔn tumi nsa ase. (5:1-14) Ɛsɛ sɛ ahwɛfo fi wɔn pɛ mu hwɛ Onyankopɔn nguan, na yɛn nyinaa de yɛn dadwen to Yehowa so, na yehu sɛ odwen yɛn ho ankasa. Ɛho hia nso sɛ yesiw Ɔbonsam kwan nso, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu da, efisɛ yɛn amanehunu no ara bi na yɛn nuanom hu. Kae bere nyinaa sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma yɛn ase atim na yɛakɔ so ayɛ den gyidi mu.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  30]

Mmea ahyehyɛde: Petro retu Kristofo mmea fo no, ose: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.” (1 Petro 3:3,4) Afeha a edi kan Y.B. mu no, na abosonsomfo mmea taa yɛ mmɛsawɔw a ne bo yɛ den, wɔkyekye wɔn ti atenten na wɔde sika agude hyehyɛ mu. Ebia pii yɛɛ saa de tuu wɔn ho kyerɛe​—biribi a ɛmfata sɛ Kristofo yɛ. (1 Timoteo 2:9, 10) Nanso, ɛnyɛ ahyehyɛde nyinaa na enye, efisɛ Petro de “ntadehyɛ” ka ho​—ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ ahiade. Onyankopɔn tete nkoa nso de agude dii dwuma. (Genesis 24:53; Exodus 3:22; 2 Samuel 1:24; Yeremia 2:32; Luka 15:22) Nanso, ɔbea a ɔyɛ Kristoni de nyansa kwati ahyehyɛde ne ntade a ɛtwetwe akɔnnɔ, na ɔhwɛ yiye sɛ srade ne nneɛma a ɔde siesie ne ho no fata. Aba a ɛwɔ ɔsomafo no afotu no mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si koman ahyehyɛde so, na ɛnyɛ ɔhonam ani de. Sɛ ne ho bɛyɛ fɛ ampa a, ɛsɛ sɛ ɔde anidahɔ siesie ne ho na onya su a obi a osuro Nyankopɔn wɔ no bi.​—Mmebusɛm 31:30; Mika 6:8.

[Mfonini Fibea]

Israel Department of Antiquities and Museums; Israel Museum/​David Harris

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena