Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 14-15
  • Yesu Yi ne ho Adi Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Yi ne ho Adi Bio
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nnipa Pii
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Onyankopɔn Kae Ne Ba No
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 14-15

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Yi ne ho Adi Bio

ASUAFO no da so ara redi awerɛhow. Wontumi nhu nea ɔda a hwee nnim no kyerɛ, na wonnye mmea no amanneɛbɔ no nso nni. Enti akyiri yi, Kleopa ne osuani foforo sim fi Yerusalem Kwasida sɛ wɔrekɔ Emaus, a ɛbɛyɛ akwansin ason no.

Wɔnam kwan so rekɔ a wɔrebɔ ɛda no mu nsɛm a asisi ho nkɔmmɔ no, ɔhɔho bi bɛka wɔn ho. Obisa sɛ: “Nkɔmmɔ bɛn na monam redi yi?”

Asuafo no gyina, a wɔasisi wɔn ti ase, na Kleopa bua sɛ: “Wo nko ne hɔho wɔ Yerusalem a wunnim nsɛm a aba hɔ nnansa yi?”

Obisa sɛ: “Nsɛm bɛn?”

Wobua sɛ: “Nea ɛfa Nasareni Yesu ho. . . . Asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo de no kɔmae sɛ wommu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Na yɛn de, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebegye Israel.”

Kleopa ne ne yɔnko no ka ɛda no mu anwonwasɛm ahorow a asisi no ho asɛm​—abɔfo a wohuu wɔn a ɛyɛ nwonwa ne ɔdamoa a hwee nnim ho amanneɛbɔ no​—nanso wɔka sɛnea wɔnte nea eyinom kyerɛ ase no ho asɛm. Ɔhɔho no ka wɔn anim sɛ: “O adwenemharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi! Ɛnsɛ sɛ Kristo no behu saa amane no ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa?” Afei ɔkyerɛkyerɛ kyerɛw kronkron no mu nsɛm a ɛfa Kristo no ho no mu kyerɛ wɔn.

Akyiri yi, Wɔbɛn Emaus, na ɔhɔho no yɛ sɛ nea ɔretoa n’akwantu so. Esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm pii nti, asuafo no hyɛ no sɛ: “Tra yɛn nkyɛn, na onwini adwo, na ade reyɛ asa.” Enti ɔtra ne wɔn didi. Bere a ɔbɔ mpae bubu abodoo de ma wɔn no, wohu sɛ ɛyɛ Yesu ankasa a ɔwɔ ɔhonam nipadua mu. Nanso ɔyera.

Afei wɔte nea nti a na ɔhɔho no nim nneɛma pii saa no ase! Wobisa sɛ: “Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn koma anhyehye yɛn wɔ yɛn mu anaa?” Wɔyɛ ntɛm san sɔre kɔ Yerusalem a wɔntwentwɛn wɔn nan ase, na ɛhɔ na wokohu asomafo no ne wɔn a wɔne wɔn ahyiam wɔ hɔ no. Ansa na Kleopa ne ne yɔnko no betumi aka biribi no, afoforo no de anigye bɔ amanneɛ sɛ: “Awurade anyan ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon!” Afei baanu no nso ka sɛnea Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ho asɛm. Ɛno ma ɛyɛ mpɛn anan a wayi ne ho adi akyerɛ n’asuafo no mu binom wɔ ɛda no mu.

Ɛwom sɛ asuafo no suro a wosuro Yudafo no nti, wɔatoto apon no mu mpo de, nanso Yesu yi ne ho adi kyerɛ nea ɛto so anum prɛko pɛ. Obegyina wɔn mfinimfini pɛɛ na ɔka sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Ehu ka wɔn, na wosusuw sɛ ɛyɛ honhom bi na wɔrehu no. Enti, Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔnyɛ honhom na ɔka sɛ: “Adɛn na mo bo tutu, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo koma mu? Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ m’ankasa; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ honhom nni nam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ yi.” Nanso, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye no adi ara, efisɛ ne sɔre no yɛ wɔn anigye araa ma wontumi nnye nni.

Sɛnea ɛbɛboa wɔn na wɔatumi ahu sɛ ɔne Yesu ampa no, obisa sɛ: “Mowɔ aduan bi wɔ ha anaa?” Ogyee kyenam sin bi di wiei akyi no, ofi ase kyerɛkyerɛ wɔn sɛ: “Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ [ansa na merebewu] no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.”

Yesu ne wɔn toa nea yebetumi afrɛ no sɛ Bible adesua so na ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufu mu, na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔne fafiri amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem. Na mone eyinom ho adansefo.”

Esiane biribi nti, Toma nni saa Kwasida anwummere nhyiam titiriw yi ase. Enti nna a edi hɔ no mu no, afoforo no de anigye ka kyerɛ no sɛ: “Yɛahu Awurade!”

Toma gye akyinnye sɛ: “Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne mfem a, minnye minni.”

Nnawɔtwe akyi no, asuafo no ahyiam ɔdan mu bio. Saa bere yi de Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu begyina wɔn mfinimfini bio na ɔka sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔhwɛ Toma na ɔto nsa frɛ no sɛ: “Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di!”

Toma teɛm sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”

Yesu bisa sɛ: ‘Wuhuu me nti woagye adi anaa? Anigye ne wɔn a wonhui nanso wogye di.’ Luka 24:11, 13-48; Yohane 20:19-29.

◆ Nsɛm bɛn na ɔhɔho bi bisa asuafo baanu bi wɔ Emaus kwan so?

◆ Asɛm bɛn a ɔhɔho no ka na ɛma asuafo no koma hyehye wɔn wɔ wɔn mu?

◆ Ɛyɛ dɛn na asuafo no tumi hu sɛ ɔhɔho no yɛ Yesu?

◆ Bere a Kleopa ne ne yɔnko no san kɔ Yerusalem no, amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na wɔte?

◆ Ɔkwan bɛn so na Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafo no nea ɛto so anum, na dɛn na esi saa bere no?

◆ Dɛn na esi bere a Yesu yi ne ho adi kyerɛ nea ɛto so anum nnawɔtwe akyi, ɛyɛ dɛn na awiei koraa no Toma gye di sɛ Yesu te ase?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena