Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 26-29
  • Ɔman A Wodi Yiye Wom A Wotu Kɔtra So Ho A Wobesusuw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔman A Wodi Yiye Wom A Wotu Kɔtra So Ho A Wobesusuw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Amannɔne Asetra Te Ankasa
  • Abrabɔ Pa mu Nsɛnnennen
  • Awofo a Wonni Fie
  • Wɔwɔ Onyankopɔn Nsiesiei Ahorow mu Ahotoso
  • So Ɛsɛ sɛ Mekɔtra Amannɔne?
    Nyan!—2000
  • ‘Obi Fifo a Ɔbɛhwɛ Wɔn’—Sɛnea Wobedi Ɔhaw no Ho Dwuma wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Atra Amannɔne Yiye?
    Nyan!—2000
  • Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 26-29

Ɔman A Wodi Yiye Wom A Wotu Kɔtra So Ho A Wobesusuw

ƐYƐ ade a wɔtaa hu wɔ amannɔne aban ananmusifo dwumadibea ahorow a ɛwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso nyinaa mu: ɔdan a nnipa a wɔde osuro rehwɛ nsɛm a wobebisabisa wɔn no kwan ahyɛ mu ma. Wogyina saa nkɔmmɔbɔ tiawa no so na ebesi gyinae sɛ wobetumi anya akwantu tumi krataa de akɔ Atɔe Fam ɔman bi a anya mfiridwuma mu nkɔanim mu. Pii gye di sɛ eyi na ɛbɛma wɔadi yiye. Atɔe Fam Afrikani kumaa bi nwiinwii sɛ: “Mfe anan ni a mayɛ adwuma denneennen, nanso mintumi ntɔɔ radio ɛ. Sɛ Engiresi aburokyiri anaa Amerika na mewɔ a, anka manya m’ankasa kar ne ofie dedaw.”

Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nea nti a wɔn a wɔwɔ aman a wodi hia, a afei na wɔrenya nkɔso mu no pii te nka saa. Adwuma nya yɛ den ma wɔn, na akatua no sua. Nneɛma bo a ɛkɔ soro ma wodi sika a wɔde asie nyinaa. Adan ho yɛ na, na nnipa a wɔda mu no kyere so. Oburoniwawu a efi aman a wɔwɔ sika so na nkurɔfo hyɛ. Pii te nka sɛ wɔn ho akyere wɔn wɔ sikasɛm fam a wontumi nyɛ ho hwee.

Hwɛ sɛnea Atɔe Fam a wodi yiye wɔ hɔ no yɛ wɔn akɔnnɔ! Aberante bi a ofi Sierra Leone kae sɛ: “Ebinom a wɔakɔ amannɔne aba no nsɛm a wɔbɛka no ma yenya akokoduru sɛ yɛn ankasa bɛkɔ akɔhwɛ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso no mu. Wose ɛsɛ sɛ woyɛ adwumaden, nanso wubenya sika a ɛdɔɔso de ahwɛ wo ho na woatumi atotɔ afɛfɛde te sɛ kar mpo. Na sɛ wode dɔla mpem abien san ba ha a, wubetumi afi adwuma bi ase na woaware.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn asomfo bi susuw nsɛm ho saara. Onuawa bi a ofi Afrika kae sɛ: “Yɛn a yɛyɛ mmofra wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no tie nkɔmmɔbɔ a ɛfa sɛnea wɔn a wɔakɔ amannɔne adi yiye no ho. Enti ɛtɔ mmere bi a, mibisa me ho sɛ, ‘Na me nso ɛ? Dɛn nti na mihu amanne wɔ ha? Menkɔ anaa sɛ mentra ha?’”

Sɛ wote ɔman a wodi hia wɔ hɔ mu a, ebia wo nso besusuw sɛ ebia akwantu betumi de nkɔso aba w’asetra mu. Nanso ɔman foforo so a wotu kɔtra no yɛ gyinaesi a ɛso, adeyɛ a egye sika pii na anibere wom. Ebehia sɛ obi sua kasa foforo, sua adwuma foforo, sua amammerɛ foforo, gyina ahɔho ho adwene a ɛmfata a pii wɔ ano, na osua asetra kwan foforo koraa. Nanso Kristofo pii atumi ayɛ saa, na wɔayɛ mmoa kɛse ama asafo ahorow a ɛwɔ ɔman foforo a wɔwom no mu, na wɔresom sɛ adawurubɔfo, akwampaefo, mpanyimfo, ne asafo mu asomfo a wɔyɛ nhwɛso pa.

Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔadi yiye saa. Akwantu mu nhyɛso ne ɔhaw ahorow asɛe ebinom honhom fam gyinabea. Ɛnde, ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ wotu kwan a ɛte sɛɛ wɔ bere a wɔmfaa anibere ne mpaebɔ nsusuwii nsɛm ho ansa. Bible no de afotu ma wɔ Mmebusɛm 3:5, 6 sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Yiw, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ woreyɛ nea ɛne Yehowa apɛde hyia. (Yakobo 4:13-15) Na Yesu de afotu a ebetumi aboa wo ma woayɛ eyi mae bere a ɔhyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ ‘wommu ho akontaa’ no. (Luka 14:28) Eyi hwehwɛ pii sen sika fam akontaabu ara kɛkɛ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ wubebu sɛnea akwantu bɛka wo honhom fam yiyedi ho akontaa.

Sɛnea Amannɔne Asetra Te Ankasa

Ansa na wubetu akɔtra baabi no, ɛsɛ sɛ wuhu nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan bere a woakodu hɔ no ankasa yiye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, di kan kɔ hɔ na wankasa kɔhwɛ sɛnea ɛhɔ nsɛm tebea te. Anyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wode wo ho to nea afoforo ka kyerɛ wo so. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”​—Mmebusɛm 14:15.

Ebinom nyaa Atɔe Fam nsase so asetra ho nsɛm a wonim no fii sini ne TV so dwumadi ahorow mu. Enti wogye di sɛ obiara a ɔwɔ hɔ no wɔ sika, ɔwɔ kar foforo, na ɔte ofi fɛfɛɛfɛ mu. Nanso ɛsono sɛnea ɛte ankasa no koraa. Ohia, afie a wonnya ntra mu, ne adwuma a wonnya nyɛ dɔɔso wɔ nsase a wodi yiye wɔ hɔ no pii so ma ɛyɛ nwonwa. Na wɔn a wotu bɛtraa hɔ nkyɛe no pii ne ɛhɔnom ahiafo. Amerika aban ananmusifo dwumadibea bi a ɛwɔ ɔman bi a ohia wɔ hɔ mu no panyin bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nkurɔfo ntumi nhu sɛnea Amerika tra yɛ den fa. Ebinom kyerɛw wɔn abusuafo ka sɛnea wɔredi yiye ho asɛm kyerɛ wɔn​—sɛnea wɔatɔ kar abien ne ofie​—nanso nokwasɛm no ne sɛ wɔrebrɛ ankasa.”

Tebea no te saara wɔ mmeae afoforo. Owura Sahr Sorie yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ofi Afrika Atɔe Fam a watra London asua ade wɔ hɔ. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi betu afi Afrika akɔtra Engiresi Aburokyiri. Wɔn a wɔatu abɛtra hɔ no pii di hia yiye. Wuhu sɛnea wɔrebrɛ no wɔ wɔn anim.

Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobenya aburokyiri sika 20 pence na wɔde ayɛ telefon. Mpɛn pii no, wɔne afoforo pii da ɔdan biako mu, na afiri a ɛma ɔhyew ketewaa bi pɛ na wɔwɔ. Fam fam nnwuma nkutoo na wonya yɛ, na ɛno mpo nso wɔn di. Wɔn a esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔkwati ohia nti wofi Afrika no taa hu sɛ wɔn nsɛm tebea sɛe koraa mmom wɔ Europa adan gow a wɔkɔtra mu no mu.”

Sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ asase foforo so a wotu kɔtra mu no betumi asɛe obi honhom fam yiyedi. (Mateo 13:22) Ampa, Bible no kamfo adwumadenyɛ. (Mmebusɛm 10:4; 13:4) Nanso ɛho behia sɛ wɔn a wɔkɔ amannɔne no pii yɛ nnwuma ahorow abien anaa abiɛsa na wɔatumi adu wɔn sikasɛm mu botae ahorow ho​—anaasɛ wɔn sika aso wɔn di kɛkɛ. Bere a wonya de som Onyankopɔn yɛ kakraa bi pɛ anaasɛ wonnya bi koraa. Wobu wɔn ani gu Kristofo nhyiam horow, Bible adesua, ne Bible mu nokware a wɔka kyerɛ afoforo so. Yesu Kristo nsɛm yi bam ma ɛyɛ awerɛhow: ‘Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.’​—Mateo 6:24.

Abrabɔ Pa mu Nsɛnnennen

Ɛsɛ sɛ wususuw sɛnea asase foforo a wopɛ sɛ wokɔtra so no mufo abrabɔ te ho. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Lot pawee sɛ ɔbɛtra Yordan Mantam mu. Wususuw ho wɔ honam fam a, na ɛte sɛ nea nyansa wɔ ne gyinaesi no mu, efisɛ na “ne nyinaa so wɔ nsu . . ., te sɛ [Yehowa] turo.” (Genesis 13:10) Nanso, na Lot afipamfo no yɛ “bɔneyɛfo akɛse [Yehowa] anim”​—wɔn a wobu ɔbra fĩ! (Genesis 13:13) Enti, “nea onipa trenee no traa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa.”​—2 Petro 2:8.

Saara nso na nnɛ, sɛ wutu kwan kɔtra Atɔe Fam a, abrabɔ mu nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow a ano yɛ den sen wo kurom de no bɛba wo ne w’abusua so. Bio nso, ebia wɔmfa nidi mma mpanyimfo wɔ hɔ te sɛnea ɛte wɔ wo man mu no. Ebia wɔnhyɛ obu a wɔde ma awofo ho nkuran. Ebia afipamfo nkyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye pii. Nsɛnnennen a ɛtete sɛɛ bɛka wo ne w’abusua no dɛn? Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wode mpaebɔ susuw ho.

Awofo a Wonni Fie

Awofo binom apaw sɛ wobegyaw wɔn mmusua na wɔn nkutoo atu kwan akɔtra amannɔne. Wɔn nhyehyɛe ne sɛ wɔbɛma wɔn mmusua abɛka wɔn ho bere a wɔanya baabi pa atra, anaasɛ ebia wɔde sika pii bɛba fie. So nyansa wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ mu?

Kyerɛwnsɛm no hyɛ awofo sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mmusua nya wɔn honam fam ahiade ahorow, na wɔ tebea ahorow bi a emu yɛ den mu no, ebia ɔwofo bi rentumi nyɛ ho hwee sen sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ amannɔne ansa na watumi ayɛ eyi. (1 Timoteo 5:8) Nanso, ɛyɛ awofo asɛyɛde ara sɛ wodi wɔn mmusua honhom fam yiyedi ho dwuma. Onyankopɔn Asɛm se: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”​—Efesofo 6:4.

Sɛ bere ne bere mu no, agya bi gyaw n’abusua asram anaa mfe bi a, so obetumi ayɛ eyi ɔkwan a etu mpɔn so? Entumi mma saa. Enti ɛsɛ sɛ wususuw ho sɛ so honam fam mfaso bi a wubenya no fata sɛnea fie a worentra no bɛka wɔ mma no anaa. Bio nso, ahɔho taa hu sɛ “agyapade” a wobenya no nyɛ mmerɛw te sɛnea wosusuwii no. Sɛ ɔhɔho no annya sika a n’abusua no de betu kwan akɔka ne ho no a, ɛbɛma ntetewmu no akɔ so mfe pii. Eyi nso betumi de abrabɔ mu asiane ahorow a anibere wom aba. (Fa toto 1 Korintofo 7:1-5 ho.) Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔwɔ tebea a emu yɛ den sɛɛ mu no agyaa wɔn ho mu ama aguamammɔ.

Wɔwɔ Onyankopɔn Nsiesiei Ahorow mu Ahotoso

Bere a wiase no sikasɛm tebea kɔ so sɛe no, eye sɛ yɛbɛkae sɛ ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo suro sɛ obegyaw wɔn. Yesu kae sɛ: “Enti, munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”​—Mateo 6:31-33.

Yehowa Adansefo di Onyankopɔn Ahenni nneɛma ho dwuma nnɛ denam asɛmpa no a wɔde nnamyɛ ka no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ahenni asɛmpakafo ho hia kɛse wɔ aman a wodi hia wɔ so no pii so. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔn ho akokwaw ho ahia titiriw. Pii apaw sɛ wɔbɛkɔ so atra wɔn man mu sen sɛ wɔbɛkɔ nsase a wodi yiye wɔ sikasɛm mu a wonhia mmoa kɛse wɔ hɔ no so. Asi saafo yi binom dɛn?

Alethia, a ofi Afrika Atɔe Fam a ɔde mfe 30 ayɛ ɔkwampaefo wɔ ne man mu no kaa nea edi so yi: “Minyaa hokwan sɛ anka mɛkɔ akɔtra amannɔne. Nea nti a mankɔ ne sɛ mepɛ sɛ me ne m’ankasa me nkurɔfo ne m’abusuafo tra. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛboa wɔn ma wɔahu nokware no na yɛn nyinaa abom asom Yehowa. Menhweree ade biako po esiane sɛ metraa ha nti, na minnuu me ho wɔ biribiara ho ɛ.”

Winifred nso wɔ Afrika ɔman bi mu. Wobu akontaa sɛ ɛhɔnom honam fam asetra tebea ka nea ɛba fam sen biara wɔ wiase nyinaa mu no ho. Nanso bere a ɔde mfe 42 asom wɔ akwampae adwuma no mu akyi no, ose: “Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ menya sika. Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nneɛma mu ayɛ den, nanso Yehowa ama me nsa aka m’ahiade ahorow bere nyinaa.”

Tete mmere mu no, na Abraham “nim ampa sɛ, nea [Onyankopɔn] ahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.” (Romafo 4:21) So wo nso wugye di saara sɛ Yehowa betumi adi ne bɔhyɛ so na sɛ wode Ahenni nneɛma di kan wɔ w’asetra mu a, ɔbɛhwɛ wo anaa? So wo ne odwontofo a ɔkyerɛwee nea edi so yi yɛ adwene sɛ: “[Onyankopɔn] anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem”? (Dwom 119:72) Anaa so ebetumi aba sɛ ehia sɛ wode ɔsomafo Paulo afotu no di dwuma yiye anaa? Wɔ 1 Timoteo 6:8 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” So ebetumi aba sɛ ebia nea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ ne sɛ yɛbɛma baabi a yɛwɔ mprempren no adɔɔso ama yɛn sen sɛ yɛbɛhwehwɛ mmeae afoforo.

Nsase pii so sikasɛm tebea betumi de ɔhaw ahorow a emu yɛ den yiye aba Kristofo so. Enti, sɛ abusua bi si gyinae sɛ wobetu akɔtra ɔman foforo bi so, bere a wɔasusuw nsɛm a ɛfa ho nyinaa ho yiye awie no a, ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia wɔn. (Galatifo 6:5) Wɔn a aka wɔn wɔ akyi no betumi akɔ so asrɛ Yehowa mmoa na wɔatumi agyina ɔhaw ahorow a nhyehyɛe yi de ba no ano, na wɔadi nhyira horow a Onyankopɔn ma wɔn nsa ka no ho ahurusi. Monkae sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛteɛteɛ wiase yi mu atɛnkyea ne sɛnea ebinom sen afoforo no nyinaa. Afei ɛbɛyɛ sɛ nea odwontofo no kyerɛwee no: “Wo [Yehowa] bue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”​—Dwom 145:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena