Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Ɛsɛ sɛ Mekɔtra Amannɔne?
“Mepɛ sɛ mekɔtra baabi foforo.”—Sam.
“Ná mepɛ sɛ mihu ɔman foforo so ara kwa. Mepɛe sɛ mihu ade foforo.”—Maren.
“M’adamfo paa bi ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mifi fie kakra a, ɛbɛboa me.”—Andreas.
“Ná mepɛ sɛ midi mmarimasɛm.”—Hagen.
WOASUSUW ho pɛn sɛ wubetu akɔtra ɔman foforo bi so—ebia bere tiaa bi mpo? Afe biara mmofra mpempem pii tumi yɛ saa. Andreas ka ne suahu wɔ ɔman foforo a ɔkɔɔ so ho asɛm sɛ: “M’ani begye ho sɛ mɛsan akɔ bio.”
Mmofra binom tu kɔtra ɔman bi so bere tiaa bi efisɛ wɔpɛ sɛ wonya sika anaasɛ wosua ɔman bi so kasa. Sɛ nhwɛso no, nhyehyɛe a ɛma abeawa bi tu kɔtra abusua bi nkyɛn no abu so wɔ aman pii so. Eyi ma mmeawa a wɔyɛ ahɔho yɛ ofie nnwuma ma abusua bi na wɔde anya aduan ne dabere, na wotumi de bere a wɔde gye wɔn ahome no sua ɛhɔ kasa. Bio nso mmofra bi wɔ hɔ a wotu kɔ amannɔne kosua nhoma. Afoforo nso tu kɔtra amannɔne kɔhwehwɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya sika aboa wɔn mmusua. Afoforo nso kɔtra amannɔne efisɛ wonhu nea wɔnyɛ bere a wɔawie sukuu no, na wɔpɛ sɛ wokogye wɔn ahome wɔ hɔ.
Nea ɛyɛ anigye no, Kristofo mmofra binom atu akɔtra aman a asɛmpakafo nni hɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw wɔn som adwuma mu. Sɛnea nea ɛbɛma woatu akɔ ɔman foforo so te biara no, ɛhɔ tra betumi ayɛ asuade a ɛsom bo bere a wotew wo ho sɛ ɔpanyin no. Ebetumi ama woahu amammerɛ pii. Wubetumi asua ɔman foforo so kasa bi yiye mpo—ade a ebetumi ama woanya adwuma hokwan pii.
Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na amannɔne asetra yɛ anigye. Sɛ nhwɛso no, Susanne de afe biako kosuaa nhoma wɔ amannɔne. Ɔka sɛ: “Ná megye di sɛ ɛbɛyɛ anigye yiye afi mfiase akosi awiei. Nanso amma saa.” Wɔabɔ mmofra binom apoo anaasɛ wɔahu amane kɛse. Enti ansa na wobɛfa wo bag akɔ no, ɛbɛyɛ papa sɛ wotra ase susuw ɔhaw a ɛwom no ho.
Hwehwɛ Adwene a Wode Kɔ no Mu
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ adwene a enti wopɛ sɛ wokɔtra amannɔne no mu ka ɔhaw a ɛwom no ho. Ɛsono sɛ wutu kwan kodi honhom fam nneɛma akyi anaasɛ wukodi abusua asɛyɛde ahorow ho dwuma. Nanso te sɛ mmofra a yɛfaa wɔn nsɛm kae mfiase no, pii pɛ sɛ wotu kwan efisɛ wɔpɛ sɛ wodi mmarimasɛm, wonya ahofadi kɛse, anaasɛ wokogye wɔn ani. Eyi nyɛ mfomso ankasa. Ɔsɛnkafo 11: 9 hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn ani nnye wɔn mmofraase.’ Nanso, nkyekyem 10 de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam.”
Sɛ awofo anohyeto ahorow a wobɛkwati ne adwene a enti woretu akɔtra amannɔne asase bi so a, ɛnde na wode “amanehunu” reba wo ho so. So wokae Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho no? Ɛka aberante bi a ofi pɛsɛmenkominya mu tuu kwan kɔɔ asase bi so, a ɛda adi sɛ na ɔpɛ ahofadi pii ho asɛm. Nanso ankyɛ na amanehunu baa asase no so, na ɔkɔm dee no, ehiaa no, na ɔyaree honhom mu.—Luka 15:11-16.
Afei ebinom pɛ sɛ wotu kɔ amannɔne efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkwati ɔhaw ahorow a ɛwɔ fie. Nanso sɛnea Heike Berg kyerɛw wɔ ne nhoma What’s Up mu no, “sɛ wopɛ sɛ wofi fie esiane anigye a wunni nti . . . na wugye di sɛ biribiara bɛyɛ yiye ama wo wɔ baabi foforo a—ɛnde yi fi w’adwenem!” Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ wode nokwaredi begyina ɔhaw ano. Wunnya mfaso bi mfi guan a wubeguan afi tebea a wompɛ ho no so.
Adwene foforo a asiane wom nso ne anibere ne honam fam ade dodowpɛ. Ahonyade ho akɔnnɔ kanyan mmofra pii ma wonya sɛnea asetra te wɔ aman a anya mfiridwuma mu nkɔanim mu ho nsusuwii akɛse a ɛmfata. Ebinom dwen sɛ wɔn a wɔte Atɔe fam nyinaa yɛ adefo. Nanso eyi nyɛ nokware koraa. Bere a mmofra binom kɔ akyi no, wohu sɛ wɔwɔ ɔman bi a ɛsono hɔnom tebea, a wɔpere sɛ wobefi ohia mu so.a Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:10.
So Woasiesie Wo Ho?
Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ: Woanyin sɛnea ɛfata a wubetumi agyina ahokyere, nsɛnnennen, ne ntawntawdi a ɛbɛsɔre wɔ amannɔne no ano? Ɛda adi sɛ wo ne obi na ɛbɛda dan mu anaasɛ wo ne abusua bi bɛtra na woadi wɔn nhyehyɛe so. Enti ɔkwan bɛn so na wo ne w’abusuafo tumi bɔ mprempren? So w’awofo ka sɛ wunsusuw afoforo ho na wudwen wo nkutoo ho? So wosa aduan mu? Ɔkwan bɛn so na wufi wo pɛ mu yɛ wo fie nnwuma? Sɛ mprempren saa nneɛma yi yɛ den ma wo a, dwen sɛnea ebetumi ayɛ den kɛse ama wo wɔ amannɔne no ho!
Sɛ woyɛ Kristoni a, so wubetumi akura wo honhom fam yiyedi mu? Anaa ɛsɛ sɛ w’awofo na wɔkae wo daa na woammu w’ani angu Bible adesua, Kristofo nhyiam ahorow ne asɛnka kɔ so? So wobɛyɛ den wɔ honhom mu sɛnea ɛfata a wubetumi agyina nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow a ɛwɔ amannɔne a ebia worenhyia wɔ wo man mu no ano? Bere a Kristoni abofra bi a ɔkɔtoaa ne nhomasua so wɔ amannɔne kɔɔ sukuu da a edi kan no, wɔkyerɛɛ no beae a obenya nnubɔne atɔ. Akyiri yi sukuuni bea bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no pue kogye wɔn ani. Wɔ ne man mu no, ɔbea renyi n’anim nkyerɛ ɔbarima ho anigye saa da. Afrikani abofra bi a ɔkɔɔ Europa nso ka sɛ: “Wɔ me man mu no, wunhu ɔbrasɛe mfonini wɔ abɔnten so da. Nanso ɛha de wuhu wɔ baabiara.” Sɛ obi ‘annyina gyidi no mu pintinn’ a, amannɔne asetra betumi ama wagu asu honhom mu.—1 Petro 5:9.
Hu Nokwasɛm a Ɛwom!
Ansa na wubetu akɔ amannɔne no, ɛsɛ sɛ wuhu nokwasɛm a ɛwom no nyinaa. Mfa wo ho nto nsɛm a enni mũ so. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ worekosua nhoma a, ka ahe na wobɛbɔ? Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wubetua dɔla ɔpepem pii. Ɛho hia nso sɛ wuhu sɛ wobegye saa nhomasua no atom wɔ wo man mu. Bio nso, hu ɔman no ho nsɛm pii sɛnea wubetumi biara—ne mmara ne n’amammerɛ. Ka ahorow bɛn na wobɛbɔ no ɔman no mu? Tow ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wutua? Akwahosan ho asiane horow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho? Sɛ wo ne nnipa a wɔatra hɔ pɛn bɔ ho nkɔmmɔ a, ebia ɛbɛboa wo.
Nea ɛka ho nso ne dabere. Awofo a wogye sukuufo a wokosua ade wɔ amannɔne tra wɔn afie mu no ntaa nhwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔn akatua bi. Sɛ ɛte saa mpo a, wɔn a wonni obu mma Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wo ne wɔn bɛtra no betumi ayɛ dadwen ne ɔhaw kɛse. Ebia baabi foforo nso a wobɛtra ne nnamfo ne abusuafo nkyɛn. Nanso sɛ wɔhyɛ wo mpo sɛ tra hɔ a—hwɛ yiye na woanyɛ wɔn so adesoa. Eyi betumi asɛe wo ne wɔn ntam abusuabɔ no mpo.—Mmebusɛm 25:17.
Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ adwuma anya sika bere a wowɔ amannɔne no a, kae wo Kristoni asɛde sɛ wobɛyɛ osetie ama wiase atumfoɔ no. (Romafo 13: 1-7) So mmara ma kwan sɛ yɛ adwuma wɔ saa ɔman no mu? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ woyɛ no wɔ tebea bɛn mu? Sɛ woanyɛ adwuma mmara kwan so a, Kristoni nokwafo a woyɛ no ho betumi aba asɛm, na wobɛyɛ obi a wunni ahobammɔ titiriw biara, te sɛ sika a wode bɛbɔ akwanhyia ho ban. Sɛ mmara ma kwan mpo sɛ yɛ adwuma a, ehia sɛ wohwɛ yiye na woma w’ani da hɔ. (Mmebusɛm 14:15) Adwumayɛfo asisifo taa pɛ ahɔho ho mfaso.
Gyinae a Wubesi
Ɛnde, ɛda adi sɛ gyinae a wubesi sɛ wubetu akɔ amannɔne no yɛ aniberesɛm—na ɛnsɛ sɛ wubu no adewa. Wo ne w’awofo ntra ase, na munsusuw mfaso ne asiane a ebetumi afi mu aba no ho. Bɔ mmɔden sɛ woremma anigye a wowɔ no mmunkam wo nhumu so. Fa nokwaredi hwehwɛ adwene a enti worekɔ no mu. Tie w’awofo yiye. Anyɛ yiye koraa no, sɛ wowɔ akwansin ɔhaha pii mpo a, wɔbɛte nka sɛ wo ho asodi da wɔn so. Saa ara nso na wubehia sika fam mmoa afi wɔn hɔ na ama woatumi atra.
Bere a moasusuw nsɛm yi nyinaa ho awie no, ebia ɛbɛba sɛ nyansa nnim sɛ wobɛkɔ—anyɛ yiye koraa no wɔ saa bere no mu. Ebia eyi bɛyɛ huammɔdi, nanso nneɛma foforo pii wɔ hɔ a ɛyɛ anigye a wubetumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, so woasusuw ho sɛ wubetumi akɔsrasra mmeae bi a ɛyɛ anigye a ɛwɔ w’ankasa man mu no? Anaasɛ dɛn nti na wumfi ase nsua ɔman foforo so kasa bi? Ebia bere bi akyi no, hokwan bebue ma woakɔ amannɔne.
Nanso, sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkɔ a, dɛn na wobɛyɛ? Asɛm a ɛbɛba akyiri yi bɛka sɛnea wubetumi atra amannɔne yiye ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Ɔman a Wodi Yiye Wom a Wotu Kɔtra so Ho a Wobesusuw” a ɛbaa April 1, 1991, Ɔwɛn-Aban a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennyslvania na etintimii no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Mmofra binom kɔ amannɔne kɔtoa Ahenni asɛnka adwuma no so
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Wo ne w’awofo mmɔ mfaso ne asiane a ɛwɔ kɔ a wobɛkɔ no mu ho nkɔmmɔ