Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/11 kr. 4-6
  • So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Wubetumi Asom Wɔ Amannɔne Asase Bi So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • So Ɛsɛ sɛ Mekɔtra Amannɔne?
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 8/11 kr. 4-6

So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?

1. Dɛn na ɛmaa Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no kɔɔ Makedonia?

1 Bɛyɛ afe 49 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo tu fii Antiokia a ɛwɔ Siria no kofii n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no ase. Ná wayɛ n’adwene sɛ ɔrekɔ Efeso ne nkurow afoforo a ɛwɔ Asia Kumaa no mu. Nanso wɔnam honhom kronkron so too nsa frɛɛ no sɛ ‘ontwa mmra Makedonia’ mmom. Enti ɔne wɔn a na wɔka ne ho no de anigye gye toom, na wonyaa hokwan hyehyɛɛ asafo a edi kan wɔ saa ɔmantam no mu. (Aso. 16:9, 10; 17:1, 2, 4) Ɛnnɛ, wɔ Ghana mmeae bi no, wohia nnipa pii ma wɔakɔyɛ otwa adwuma no wɔ hɔ. (Mat. 9:37, 38) So wubetumi akɔboa?

2. Dɛn nti na ebinom nyɛɛ wɔn adwene sɛ wobetu akɔ baabi a wohia mmoa kɛse?

2 Ebia wo nso wopɛ sɛ woyɛ ɔsɛmpatrɛwfo te sɛ Paulo, nanso wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Sɛ nhwɛso no, ebia worentumi nkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no bi. Ebia wunsusuw ho sɛ wubetumi akɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse efisɛ wunnye nni sɛ wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetena mu na ama woatumi akɔtena baabi foforo, ebia baabi a ɛbɛyɛ den sɛ wubenya honam fam adwuma ayɛ anaa baabi a ɛsono kasa a wɔka. Nanso sɛ wode mpaebɔ susuw asɛm no ho a, wubehu sɛ ɛnsɛ sɛ woma tebea ahorow a ɛte saa siw wo kwan sɛ wobɛkɔ akɔboa wɔ baabi a wohia mmoa.

3. Dɛn nti na ɛho nhia sɛ obi nya ntetee soronko ansa na wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a mmoa ho hia?

3 So Ehia sɛ Wunya Ntetee Soronko? Dɛn na ɛboaa Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho ma wotumi yɛɛ adwuma no? Wɔde wɔn ho too Yehowa ne ne honhom kronkron so. (2 Kor. 3:1-5) Enti sɛ wo tebea mma wuntumi nkogye ntetee soronko bi a, wubetumi akɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a wohia mmoa kɛse. Kae nso sɛ, woda so ara renya Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam a wɔde retete wo no so mfaso. Sɛ wode ayɛ wo botae sɛ wobɛkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo anaa sukuu a ɛte saa a, baabi foforo a wubetu akɔ akɔhwɛ sɛnea adwuma no te wɔ hɔ no bɛma woanya osuahu a ɛfata a sɛ daakye wɔma wo ntetee foforo ka ho a, ɛbɛboa wo.

4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nya adwene da sɛ wɔrentumi nkɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae afoforo?

4 Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim: Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu a wɔwɔ apɔwmuden sɛnea ɛfata no nso betumi akɔboa paa wɔ mmeae a wohia mmoa no. So woakɔ pɛnhyen? Ebinom a wogye pɛnhyen sika kakraa bi no mpo tumi de sika a wonya no hwɛ wɔn ho wɔ ɔman no afã bi, efisɛ nneɛma bo nyɛ den pii te sɛ wɔn kurom anaa baabi a wɔresom seesei no.

5. Ka osuahu a onuabarima bi a wakɔ pɛnhyen a otu kɔɔ ɔman foforo so nyae no kyerɛ.

5 Onuabarima bi a ofi ɔman a wɔka Borɔfo kasa so a ɔyɛ asafo mu panyin na ɔsan yɛ ɔkwampaefo no tu kɔɔ baabi a nkurɔfo taa kɔ hɔ nsrahwɛ wɔ Asia anafo apuei fam sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa kuw bi a emu adawurubɔfo yɛ baakron a wɔka Borɔfo kasa no. Ná kuw no mufo ka asɛmpa no kyerɛ nnipa 30,000 a wofi aman afoforo so a wɔte mpɔtam hɔ no. Wɔ mfe abien pɛ ntam no, nnipa bɛyɛ 50 na wofii ase baa asafo nhyiam. Onuabarima no kyerɛwee sɛ: “Ɛha a mitu bae yi ama manya anigye a minnyaa bi da wɔ m’asetenam. Merentumi nka nhyira a manya afi mu no nwie da!”

6. Ka osuahu a onuawa bi a ɔnwaree a otu kɔɔ baabi a wohia mmoa kɛse so nyae no kyerɛ.

6 Anuawanom a Wɔnwaree: Yehowa de anuanom mmea adi dwuma yiye de atrɛw asɛmpa no mu wɔ mmeae a wohia mmoa kɛse no. (Dw. 68:11) Ná onuawa kumaa bi a ɔnwaree de ayɛ ne botae sɛ ɔbɛkɔ ɔman foforo so akɔtrɛw ne som adwuma mu, nanso na n’awofo dwen sɛnea obenya ahobammɔ wɔ beae a ɔbɛkɔ no ho. Enti ɔpaw baabi a ɛhɔ dwo na ɛhɔ sikasɛm nso ye, na ɔkyerɛw hɔ baa dwumadibea no ma wɔmaa no akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛboa no. Wɔ mfe asia a odii wɔ ɔman no mu no mu no, onyaa nhyira pii. Ɔkae sɛ: “Sɛ mewɔ me kurom a, anka merentumi nnya Bible adesua pii saa. Nanso esiane sɛ meresom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse nti, aboa ma mitumi yɛ Bible adesua pii na me nkyerɛkyerɛ nso atu mpɔn paa.”

7. Ka osuahu a abusua bi a wotuu kɔɔ baabi foforo kɔsomee no nyae no kyerɛ.

7 Mmusua: Sɛ wowɔ mma a, so ɛno kyerɛ sɛ worentumi ntu nkɔ kurow foforo so wɔ Ghana ha nkɔtrɛw asɛmpa no mu? Awarefo bi a wɔwɔ mma baanu a obiako adi mfe awotwe, na obiako nso adi mfe du no nso sii gyinae sɛ wɔbɛsɔ ahwɛ. Ɛna no kyerɛw osuahu a wonyae no sɛ: “Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛbɛtetee yɛn mma no wɔ ha, efisɛ wɔne akwampaefo atitiriw ne asɛmpatrɛwfo na ɛbɔ. Esiane sɛ yɛkɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse nti, ama yɛanya nhyira pii wɔ yɛn asetenam.”

8. So wubetumi akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse a ɛho renhia sɛ wusua kasa foforo? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Kasa a Wubesua Ho Dadwen: So kasa foforo a wubesua ho adwennwene ama wompɛ sɛ wubetu akɔ ɔman no fã bi? Ebia na wɔka wo kurom kasa wɔ mmeae bi wɔ Ghana ha a wohia Ahenni asɛmpakafo pii wɔ hɔ. Sɛ wutu kɔ baabi a wohia mmoa kɛse a, wubenya anigye kɛse ne abotɔyam. Sɛ nhwɛso no, awarefo bi a wɔka Borɔfo kasa tu kɔɔ ɔman bi a wɔka Spainfo kasa a wɔn a wɔka Borɔfo kasa pii atu akɔtena hɔ no mu. Bere a Betel kyerɛw wɔn kaa asafo ahorow a wɔka Borɔfo kasa a wohia mmoa ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, wɔpaw emu biako na wɔkɔsraa wɔn mprenu. Wɔsan kɔɔ fie no, wɔtew sika a wodi no ɔsram biara no so, ma enti wotumi siee sika afe biako. Bere a wɔyɛɛ krado sɛ wobetu akɔ no, anuanom a wɔwɔ baabi a wɔretu akɔ no boaa wɔn ma wonyaa ofie bi a ne bo nyɛ den a wɔbɛtena mu.

9, 10. Dɛn na wɔn a wɔatu afi wɔn kurom betumi asusuw ho, na dɛn ntia?

9 So Wubetumi Asan Akɔ W’akyi? So wutu fii wo kurom ansa na worehu nokware no? Ebetumi aba sɛ wohia asɛmpakafo pii wɔ wo kurom. So wubetumi asan akɔ wo kurom akɔboa? Ebia w’abusuafo betumi aboa wo ma woanya adwuma ne dabere wɔ wo kurom. Ebia wote hɔ kasa no dedaw ma enti ɛbɛboa wo. Bio nso, esiane sɛ wofi hɔ nti, ebia nkurɔfo ani begye ho sɛ wobetie Ahenni asɛm a wobɛka akyerɛ wɔn no sen sɛ wobetie ɔhɔho.

10 Nhwɛso biako a esi eyi so dua ne ɔbarima bi a otu fii Albania kɔtenaa Italy sɛ oguanfo no. Onyaa adwuma pa yɛe, ma enti na ɔde sika mena n’abusuafo a wɔwɔ Albania no. Bere a obehuu nokware no, ofii ase kyerɛɛ akwampaefo titiriw bi a wofi Italy no Albania kasa. Ná saa akwampaefo no rekɔsom wɔ mmeae a wohia mmoa kɛse wɔ Albania. Onua no kyerɛwee sɛ: “Ná wɔrebɛkɔ baabi a mifi bae. Wɔnte kasa no, nanso na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔrekɔ hɔ. Mifi Albania. Dɛn na mereyɛ wɔ Italy?” Onua no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ Albania akɔboa ma wɔatrɛw asɛmpa no mu. Ɔka sɛ: “So manu me ho sɛ magyaw m’adwuma ne sika a na minya wɔ Italy no? Minnuu me ho da! Minyaa adwuma pa ankasa wɔ Albania. Me fam de, adwuma a ɛma minya anigye a ɛsen biara ne sɛ mede nea mewɔ nyinaa bɛsom Yehowa!” Ebetumi aba sɛ wɔn a wotu fii wɔn kurom kɔtenaa mmeae afoforo wɔ ɔman yi mu mfe pii ni a wɔasan aba wɔn kurom no anya osuahu a ɛtete saa.

11, 12. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse no yɛ?

11 Ɔkwan a Wobɛfa So Ayɛ: Ansa na Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho rekɔ Makedonia no, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobetu kwan akɔ atɔe fam, nanso “honhom kronkron no baraa wɔn,” ma enti wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam. (Aso. 16:6) Aka kakra ma wɔadu Bitinia no, Yesu siw wɔn kwan. (Aso. 16:7) Yehowa nam Yesu so kɔ so hwɛ asɛnka adwuma no so. (Mat. 28:20) Enti sɛ woresusuw ho sɛ wubetu akɔ kurow foforo so a, bɔ mpae hwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ.—Luka 14:28-30; Yak. 1:5; hwɛ adaka “Nea Ɛbɛma Woahu Mmeae a Wohia Mmoa.”

12 Bisa w’asafo mu mpanyimfo ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw ma wɔmmoa wo mma wunhu sɛ wubetumi ayɛ adwuma a ɛte saa anaa. (Mmeb. 11:14; 15:22) Sɛ wopɛ sɛ wutu kɔ baabi a ɛbɛn wo kurom a, wo ne wo mansin sohwɛfo nni ho nkɔmmɔ nhwɛ sɛ baabi wɔ ɔmansin no mu a wohia mmoa anaa. Kenkan yɛn nhoma ahorow mu nsɛm a ɛfa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse ho, na yɛ nhwehwɛmu fa baabiara a wopɛ sɛ wokɔsom wɔ hɔ wɔ ɔman yi mu no ho. So wubetumi de nna kakra akɔhwɛ baabi a wopɛ sɛ wutu kɔ hɔ no? Sɛ ɛyɛ ampa sɛ wopɛ sɛ wokɔboa wɔ baabi a wohia mmoa kɛse a, wubetumi akyerɛw Betel na woaka nea wopɛ sɛ woyɛ, na woabisa ho nsɛm pii. Nanso, sɛ anka wode wo krataa no bɛkɔ Betel tẽẽ no, fa ma w’asafo mu mpanyimfo, na wɔn nso bɛkyerɛw wɔn nsɛm aka ho ansa na wɔde akɔ.—Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kratafa 111-112.

13. Dɛn na Betel bɛyɛ de aboa wo, na dɛn na ɛsɛ sɛ w’ankasa di ho dwuma?

13 Ebia Betel adwumayɛbea no de nsɛm a ɛbɛboa wo bɛbrɛ wo, nanso ɛnyɛ wɔn na wɔbɛhwehwɛ adwuma anaa dabere ama wo. Eyinom yɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ w’ankasa yɛ ho nhwehwɛmu yiye ansa na woatu akɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotu kɔ baabi foforo no ankasa di wɔn ahiade nyinaa ho dwuma, na wɔyɛ adwuma ne dabere ho nhyehyɛe.—Gal. 6:5.

14. Dɛn na wɔn a wɔn tebea mma kwan mma wontu nkɔ kurow foforo so no betumi ayɛ de atrɛw wɔn som mu wɔ wɔn kurom?

14 Sɛ Worentumi Ntu Nkɔ Baabi Nso Ɛ? Sɛ worentumi ntu nkɔ baabi a wohia mmoa kɛse a, mma w’abaw mu mmu. Ebia “dwumadi kɛse” foforo bi “pon” abue ama wo. (1 Kor. 16:8, 9) Ebia wo mansin sohwɛfo nim baabi a wohia mmoa a ɛbɛn wo a ɛho renhia sɛ wutu fi baabi a wote no. Ebia wubetumi akɔboa asafo anaa kuw bi a wɔka kasa foforo bi a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ. Anaa wubetumi atrɛw wo som adwuma no mu wɔ asafo a wowɔ mu no mu. Ɛmfa ho sɛnea wo tebea te biara no, nea ehia ara ne sɛ wubefi wo kra nyinaa mu asom.—Kol. 3:23.

15. Sɛ obi pɛ sɛ otu kɔ baabi a wohia mmoa kɛse a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho?

15 So wunim onuabarima anaa onuawa bi a ne ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu a ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse? Anaasɛ wunim obi a ofi ɔman foforo so aba sɛ ɔrebɛboa adwuma a yɛreyɛ wɔ Ghana ha no? Sɛ saa a, boa no na hyɛ no nkuran! Bere a Paulo tu fii Antiokia a ɛwɔ Siria no, na ɛyɛ Roma Ahemman no kuropɔn a ɛto so abiɛsa (sɛ wuyi Roma ne Alexandria fi hɔ a). Ɛda adi sɛ na Antiokia asafo no behia Paulo mmoa efisɛ na wɔn asasesin no sõ paa, ma enti sɛ na Paulo fi wɔn nkyɛn kɔ a, na wɔn ani begyina no yiye. Nanso, Bible no nka wɔ baabiara sɛ anuanom no siankaa Paulo sɛ mma ommfi wɔn nkyɛn nnkɔ. Enti sɛ anka wɔbɛdwene wɔn asafo no asasesin nkutoo ho no, wɔkaee sɛ “afuw no ne wiase.”—Mat. 13:38.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw ho sɛ ‘wubetwa aba Makedonia’?

16 Bere a Paulo ne wɔn a wɔka ne ho no gyee ɔfrɛ no so na wotwa kɔɔ Makedonia no, wonyaa nhyira pii. Bere a woduu Filipi, kurow a ɛwɔ Makedonia no, wohyiaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia, na “Yehowa buee ne koma mu fann ma ɔyɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kae no.” (Aso. 16:14) Wo de, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no nyae bere a Lidia ne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu no! Wɔ mmeae pii no, nnipa komapafo te sɛ Lidia wɔ hɔ a wonnya ntee Ahenni asɛm no. Sɛ ‘wutwa ba Makedonia’ a, ebia w’ani begye sɛ wubehu wɔn na woaboa wɔn.

[Kratafa 5 adaka]

Nea Ɛbɛma Woahu Mmeae a Wohia Mmoa

• Wo ne wo mansin sohwɛfo nni ho nkɔmmɔ. Ebia onim baabi wɔ ɔmansin no mu a wohia mmoa.

• Kyerɛw Betel na ka nea wopɛ sɛ woyɛ de boa wɔ mmeae bi wɔ Ghana no ho asɛm kyerɛ wɔn.—Hwɛ nkyekyem 13.

• Wo ne adawurubɔfo a wɔte kurow no mu mmɔ ho nkɔmmɔ ma wɔnka hɔ nsɛm pii nkyerɛ wo.

• Sɛ woresusuw ho sɛ wobɛkɔ ɔman no fã baabi a wubetumi de wo kurom kasa adi adanse a, yɛ nhwehwɛmu na ama woahu nnipa dodow a wɔwɔ hɔ a wɔka wo kurom kasa no, ne baabi a wɔn mu dodow no ara te.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena