Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 10/15 kr. 23-27
  • So Wubetumi Asom Wɔ Amannɔne Asase Bi So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Asom Wɔ Amannɔne Asase Bi So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwempa a Wubenya Ho Hia
  • Susuw Ho
  • Akwanside Kɛse
  • Anigyina Nso Ɛ?
  • Mmofra Nso Ɛ?
  • Nhyira Horow a Ɛwɔ Tu a Wubetu no So
  • Wo Nso Ɛ?
  • So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa​—Wɔ Ecuador
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 10/15 kr. 23-27

So Wubetumi Asom Wɔ Amannɔne Asase Bi So?

“BERE nyinaa na mesoso asɛmpatrɛw adwuma a mɛkɔ akɔyɛ ho dae. Sɛ ɔhokwafo no, mesomee wɔ Texas, U.S.A., beae a na wohia asɛmpakafo pii no. Yɛware wiei no, me yere bɛkaa me ho. Yɛwoo yɛn babea no, misusuwii sɛ, ‘Awiei ara ni.’ Nanso Yehowa ma yɛn nsa ka nea yɛn ani nna so, titiriw sɛ ɛfa n’apɛde ho a.”—Jesse, seesei ɔne ne yere ne ne mma baasa resom wɔ Ecuador.

“Mansusuw da sɛ metumi ayɛ biribi a ɛte saa bere a wɔntetee me wɔ Gilead ntetee sukuu no. Bere a mihuu sɛ me Bible asuafo no mu bi rema ɔkasa anaa ɔredi adanse no, m’ani gyee, na medaa Yehowa ase sɛ wama manya saa hokwan yi.”—Karen, ɔbea hokwafo a ɔde mfe awɔtwe som sɛ daa kwampaefo wɔ Amerika Anafo fam.

“Bere a me ne me yere de mfe 13 kaa asɛm no wɔ United States sɛ bere nyinaa asɛmpakafo akyi no, yɛtee nka sɛ yehia dwumadi foforo. Yɛn ani agye sen bere biara a atwam; nokwarem no, ɛyɛ asetra kwan a ɛyɛ anigye.”—Tom, a ɔne ne yere Linda yɛ akwampae adwuma wɔ Amazon mpɔtam.

Nsɛm a ɛkyerɛ anisɔ a ɛtete saa yi fi wɔn a wɔn nsɛm tebea antumi amma wɔannya asɛmpatrɛw ntetee wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no mu kyɛfa no hɔ. Nanso, wɔanya amannɔne dwumadi a ɛyɛ anigye na nsɛnnennen wom no mu osuahu. Ɔkwan bɛn so na eyi tumi baa saa? So wubetumi ayɛ adwuma yi bi?

Adwempa a Wubenya Ho Hia

Pii ho hia na obi atumi ayɛ adwuma wɔ amannɔne asase so sen abaninsɛm. Wɔn a wɔabɔ mmɔden agyina mu no fi adwempa mu na ayɛ saa. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, wobu wɔn ho sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn nko na wɔde no ka, na mmom wɔn mfɛfo nnipa nso. (Romafo 1:14) Anka wobetumi adi ɔsoro ahyɛde a ɛse wɔnka asɛmpa no so wɔ wɔn nkurow mu. (Mateo 24:14) Nanso wɔte nka sɛ wɔde ka na ɛno ka wɔn ma wɔde wɔn ho ma de boa wɔn a wontumi nnya hokwan ntie asɛmpa no.

Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ asasesin a ɛso aba nso so no yɛ ade biako—na ɛfata saa. Yɛn mu hena na sɛ ohu sɛ ɔpofoni foforo renya nam pii a ɔremmɛn no? Saa pɛpɛɛpɛ na amanneɛbɔ a ɛka koma wɔ nkɔanim a ɛreba wɔ nsase bi so no akanyan nnipa pii ma wɔakɔ beae a “mpataa pii” wɔ no.—Luka 5:4-10.

Susuw Ho

Aman pii mma kwan sɛ amannɔne nyamesomfo a wɔatu wɔn ho ama bɛyɛ honam fam adwuma. Saa nti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom wɔ amannɔne no yɛ wɔn a wɔnnan obiara wɔ sika fam. Ɔkwan bɛn so na wɔatumi adi sikasɛm mu nsɛnnennen yi ho dwuma? Nnipa pii atɔn anaa wɔde wɔn afie ama afoforo ma wotua ho ka na ama wɔanya sika a wohia. Afoforo tontɔn wɔn nnwuma. Ebinom asie sika ama saa botae yi. Ne nyinaa akyi no, ebinom som wɔ amannɔne nsase so afe biako anaa abien, na wɔsan kɔ wɔn man mu kɔyɛ adwuma boaboa sika kakra ano, na afei wɔasan akɔsom.

Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ obi kɔ ɔman a afei na wɔrenya nkɔso mu a ɛyɛ mfaso kɛse efisɛ nneɛma bo nyɛ den pii wɔ hɔ te sɛ aman a wɔanya nkɔso dedaw no mu. Eyi ama ebinom de sika kakraa bi a wotua ma wɔn bere a wɔagyae adwuma no tra ase. Nokwarem no, obi asetra ho aka gyina ɔkwan a ɔfa so tra ase so. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu mpo no, wobetumi anya dabere a ɛyɛ papa nanso ne bo yɛ den.

Ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wotra ase bu ho akontaa ansa na woatu akɔ. Nanso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobesusuw sika a ebegye ho kɛkɛ. Ebia ebinom a wɔasom wɔ Amerika Anafo fam nsɛm no betumi ama woahu ho biribi.

Akwanside Kɛse

Markku, a ofi Finland ka sɛ, “Mebrɛɛ Spania kasa a misuae ho paa. Misusuwii sɛ esiane sɛ mente kasa no nti, na ebegye me bere kakra ansa na matumi asom sɛ asafo mu ɔsomfo. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a wɔmaa me kwan sɛ menhwɛ kuw adesua so wɔ asram abien pɛ akyi! Nokwarem no, na ɔhaw ahorow pii wom. Nea na ɛyɛ ɔhaw ma me titiriw ne din no. Da bi mefrɛɛ Onua Sancho sɛ ‘Onua Chancho (prako),’ na me werɛ mfi da sɛ mefrɛɛ Onuawa Salamea sɛ ‘Malasea (otirimɔdenfo).’ Anigyesɛm ne sɛ, na anuanom no wɔ abotare paa.” Awiei koraa no, Markku ne ne yere, Celine de mfe awɔtwe somee wɔ saa ɔman no mu sɛ ɔmansin sohwɛfo.

Jesse yere Chris, a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Mekae bere a edi kan a yɛn mansin sohwɛfo bɛsraa yɛn bere a na yɛadi asram abiɛsa pɛ wɔ ha no. Na mitumi hu sɛ onua no de mfatoho a ɛka koma ne nsɛm a ɛyɛ anigye reka biribi ho asɛm, nanso mante ase. Misui wɔ asa no so hɔ. Nusu angu me kɛkɛ; misui ankasa. Nhyiam no akyi no mebɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛɛ me tebea no mu kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo no. Na ne yam ye na ɔkaa asɛm a na obiara ka kyerɛ me no bi sɛ, ‘Ten paciencia, hermana’ (‘Si abotare, me nuabea’). Mfe abien anaa abiɛsa bi akyi no, yehyiae bio, na yɛkasae simma 45, a na yɛn ani agye sɛ yetumi bɔ nkɔmmɔ.”

Onua biako kae sɛ, “adesua ho hia paa. Mpɛn dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yebesua kasa no, dodow no ara na yetu mpɔn wɔ nkɔmmɔbɔ mu.”

Obiara gye tom sɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa no so wɔ mfaso pii. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ obesua kasa foforo bi a, ɔde ahobrɛase, boasetɔ, ne animia na ɛyɛ. Wonya hokwan pii de ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi sua Spania kasa a, ɛbɛma watumi ne nnipa bɛboro ɔpepepem 400 a wɔka kasa no wɔ wiase nyinaa no adi nkitaho. Nnipa pii a akyiri yi wɔsan kɔ wɔn man mu no da so ara tumi de kasa a wonim no boa wɔn a wɔka Spania kasa no.

Anigyina Nso Ɛ?

Deborah, a ɔne ne kunu Gary somee wɔ Amazon mantam mu no ka sɛ: “Bere a yɛbaa Ecuador foforo wɔ 1989 mu no, na m’ani taa gyina paa. Masua sɛ mede me ho bɛbɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no. Wɔte sɛ m’abusuafo.”

Karen, a yɛbɔɔ ne din mfitiase no ka sɛ: “Meko tiaa anigyina denam asɛnka a mekɔ daa no so. Saa kwan yi so no, ɛmma m’adwene nkosi fie. Memaa no traa madwen mu nso sɛ m’awofo a wɔwɔ fie no ani gye adwuma a mereyɛ wɔ amannɔne no ho. Maame hyɛɛ me nkuran sɛ: ‘Yehowa betumi ahwɛ wo yiye asen me.’”

Makiko, a ofi Japan, de ka ho ma ɛyɛ serew sɛ: “Sɛ mekɔ asɛnka da mũ nyinaa ba a, na mabrɛ yiye. Enti sɛ meba fie na sɛ m’ani gyina a, ɛnkyɛ na nna afa me. Ne saa nti, anigyina no ntaa nkyɛ.”

Mmofra Nso Ɛ?

Sɛ mmofra ka ho a, ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn ahiade te sɛ nhomasua nso ho. Wɔ eyi mu no, ebinom apaw sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma ade wɔ fie anaasɛ wɔde wɔn bɛkɔ ɔmanfo sukuu wɔ mpɔtam a wɔte hɔ.

Al ne ne yere, ne ne mma baanu ne ne maame tu kɔɔ Amerika Anaafo fam. Ɔka sɛ: “Yebehui sɛ mmofra no a yɛde wɔn hyɛ sukuu mu no boa ma wotumi sua kasa no ntɛmntɛm. Wɔ asram abiɛsa ntam no na wotumi ka.” Nea ɛne no bɔ abira no, Mike ne Carrie mma baanu a wonnii mfe aduonu no nam sukuu a wɔnam nkrataa-kyerɛw so kyerɛ wɔn ade so na wosua kasa. Awofo no ka sɛ: “Yebehui sɛ yentumi nnyae mmofra no nkutoo mma wonsua ade. Ɛsɛ sɛ yesua bi na yɛhwɛ hu sɛ mmofra no resua nea ɛsɛ sɛ wosua no.”

David ne Janita, a wofi Australia, ka sɛnea wɔte nka wɔ wɔn mmabarima baanu no ho. “Na yɛpɛ sɛ yɛn mma no ankasa hu sɛnea afoforo asetra te. Ɛnyɛ den sɛ yebesusuw sɛ asetra kwan a wɔde tetee yɛn no ara na wɔde tetee obiara, nanso wɔn a wɔtetee wɔn saa no nnɔɔso. Afei nso wɔahu sɛnea teokrase nnyinasosɛm ahorow yɛ adwuma wɔ wiase nyinaa, ɛmfa ho ɔman no anaa ɛhɔ amammerɛ.”

Ken kaakae sɛ: “Na madi mfe anan pɛ bere a yɛn abusua no tu fii England wɔ 1969 mu no. Ɛwom sɛ anyɛ me dɛ sɛ yɛntra dɔtedan a wɔde sare abɔ so mu sɛnea mehwɛɛ kwan no de, nanso mete nka sɛ minyaa ntetee pa a abofra biara bɛpɛ sɛ onya no. Bere nyinaa na ɛyɛ me yaw sɛ mmofra foforo annya saa hokwan no bi! Esiane fekubɔ pa a na me ne asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atitiriw nya no nti, mifii akwampaefo boafo adwuma ase bere a na madi mfe akron no.” Seesei Ken yɛ ɔhwɛfo kwantufo.

Jesse babea Gabriella gye tom sɛ, “seesei Ecuador ne yɛn fie ankasa. Ɛyɛ me anigye pii sɛ m’awofo sii gyinae tu baa ha.”

Nea ɛne no bɔ abira no, mmofra binom ntumi ntra esiane nneɛma bi nti, na ama wɔn abusua no asan kɔ wɔn man mu. Ɛno nti na ɛyɛ papa sɛ wokɔsra amannɔne asase no ansa na woatu akɔ hɔ no. Wɔ saa kwan yi so no wubetumi agyina nea woankasa wonim so asisi gyinae ahorow.

Nhyira Horow a Ɛwɔ Tu a Wubetu no So

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obi de nneɛma pii bɔ afɔre na omia n’ani ansa na watumi atu akɔ amannɔne asase bi so. So asi wɔn a wɔakɔ no yiye? Momma wɔnka nkyerɛ yɛn.

Jesse: “Wɔ mfe du a yɛadi wɔ Ambato kurow mu no, asafo 2 a na ɛwɔ ha no ayɛ 11. Yɛatumi aboa ma wɔahyehyɛ asafo ahorow yi mu anum, na yɛaboa ma wɔasi Ahenni Asa abien. Bio nso sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yetumi boa Bible asuafo baanu afe biara, ma wɔfata ma asubɔ. Ade biako pɛ na midi ho yaw—sɛ yɛanni kan amma ha mfe du ansa.”

Linda: “Anisɔ a nnipa no wɔ ma asɛmpa no ne mmoa a yɛde maa wɔn no hyɛ yɛn nkuran kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ akuraa bi ase no, Bible suani bi a wɔfrɛ no Alfonso hui sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma baguam ɔkasa ahorow wɔ ne mpɔtam hɔ. Ná otu kɔɔ ne nnuadan foforo, a kakraa bi na ɛwɔ akuraase hɔ mu nkyɛe. Bere a ohui sɛ ne dan no ne dan pa a ɛbɛfata ama Yehowa wɔ kurow no mu no, osii gyinae san tu kɔɔ ne dɔtedan a wɔde sare akuru so no mu, na ɔde ne fie no maa anuanom sɛ wɔmfa nyɛ Ahenni Asa.”

Jim: “Bere a yegye ne nkurɔfo kasae wɔ asɛnka mu no boro United States de no so mpɛn du. Bio nso, ɛha asetra nyɛ bagyabagya. Akyinnye biara nni ho sɛ wonya bere pii ma adesua ne asɛnka.”

Sandra: “Bible mu nokware a mihu sɛ ɛsesa nkurɔfo asetra no ma minya abotɔyam kɛse. Bere bi me ne Amada, a ɔwɔ sotɔɔ ketewa bi a wɔtɔn nnuan mu a wadi mfe 69 suaa Bible no. Ná bere nyinaa ɔde nsu nkyɛnsee abien fra nufusu nkyɛnsee du biara mu. Bio nso na osisi n’adetɔfo no denam nufusu yi a wafra mu a ɔnhyɛ mma ennu sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɔhyɛ no so. Nanso bere a yesuaa asɛmti ketewa ‘Nokwaredi De Anigye Ba’ a ɛwɔ adesua a ɛtɔ so 13 wɔ Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu no, Amada gyaee saa nneyɛe bɔne no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛe sɛ bere bi akyi no, wɔbɔɔ no asu!”

Karen: “Memfaa me ho ntoo Yehowa so na memmaa no mfaa me nnii dwuma kɛse sɛnea mereyɛ wɔ ha no saa da. Me ne Yehowa ntam adamfofa no mu ayɛ den kɛse.”

Wo Nso Ɛ?

Adansefo mpempem pii akɔsom wɔ amannɔne mfe pii ni. Ebinom tra hɔ afe anaa mfe abien, afoforo nso de wɔn nkwa nna nyinaa. Wɔde wɔn suahu, honhom mu nkɔso, ne wɔn sika ka wɔn ho kɔ, a botae no ne sɛ wɔbɛboa ma Ahenni nneɛma anya nkɔso wɔ amannɔne. Wɔatumi asom wɔ mmeae a esiane adwuma a ɛhɔnom Ahenni adawurubɔfo nnya nyɛ nti, wontumi nsom no. Nnipa pii atotɔ kar sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nsasesin a anka wontumi nkɔ hɔ no. Afoforo nso a wɔpɛ kurow kɛse mu tra no aboa ama asafo ahorow a ɛwɔ hɔ a emu mpanyimfo nnɔɔso no agyina. Nanso, eyinom nyinaa ka sɛ wɔanya honhom mu nhyira pii sen nea wɔde ama afoforo no.

So wubetumi de wo ho ahyɛ som a wɔsom wɔ amannɔne asase so no mu? Sɛ wo nsɛm tebea bɛma kwan a, dɛn nti na wonhwɛ sɛ ebia wubetumi atu a? Nea edi kan a ehia paa ne sɛ wobɛkyerɛw krataa akɔma Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman a wopɛ sɛ wokɔsom wɔ hɔ no. Nsɛm pɔtee a wubenya no bɛboa wo ma wo tirim a woabɔ no ayɛ yiye. Bio nso, wubetumi anya nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so wɔ “Fi W’asase So ne W’abusua Mu,” a epue wɔ August 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no mu. Ebia ɛdenam nhyehyɛe pa a wobɛyɛ ne Yehowa mmoa so no, wo nso wubetumi anya osuahu a ɛyɛ anigye wɔ som a wobɛsom wɔ amannɔne nsase so no bi.

[Kratafa 24 mfonini]

TOM NE LINDA NAM FAM REKƆ SHUAR, INDIAFO KUROW BI A ATEW NE HO MU

[Kratafa 25 mfonini]

NNIPA PII SOM WƆ QUITO, ECUADOR KUROPƆN MU

[Kratafa 25 mfonini]

MAKIKO REKA ASƐMPA NO WƆ ANDES MMEPƆW SO

[Kratafa 26 mfonini]

HILBIG ABUSUA NO DE MFE ANUM A ATWAM NO ASOM WƆ ECUADOR

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena