Po A Awu Nhoma Mmobɔwee—Adenya A Ɛsom Bo
WADI En-Nar, nsubɔnka bi a efi apuei fam kɔ atɔe fam kosi Po a Awu no mu no da bɛyɛ akwansin 15 wɔ Yerusalem kesee fam apuei. Abotan asinasin wɔ asasetaw a ɛwɔ po no ano no akyi. Asasetaw yi so na Ta‘amireh Bedouinfo hwɛ wɔn nguankuw ne mmirekyi wɔ nna a wim yɛ hyew ne twabere mu anadwo a wim yɛ wiridudu no mu.
Afe 1947 mu bere a na Bedouinni aberantewa guanhwɛfo bi rehwɛ ne nguan no, ɔtow ɔbo wuraa ɔbotan bi a ani poroporow gu fam no tokuru ketewa bi mu. Sɛnea egyigyei no maa ne ho dwiriw no, ɛda adi sɛ ɛkɔbɔɔ ahina bi. Ɔde ehu guanee, nanso nnanu akyi no, ɔsan baa hɔ na ɔforo kɔɔ bɛyɛ anammɔn 300 kɔhyɛn tokuru kɛse bi a ɛwɔ soro mu. Bere a afei otumi huu ade wɔ sum no mu no, ohuu ahina atenten du sɛ ɛsesa so wɔ ɔbodan no ɔfasu no ho ne ɛfɛre a egugu abo a efi soro aporoporow agu fam hɔ no mu.
Na hwee nni ahina no pii mu, nanso na nhoma mmobɔwee abiɛsa wɔ biako mu, na na wɔde ntama akyekyere emu abien ho. Ɔde nhoma mmobɔwee no kɔɔ Bedouinfo atrae hɔ, na ogyaw guu hɔ bɛyɛ ɔsram a ɛhyehyɛ bag mu sensɛn ntamadan dua bi so. Awiei koraa no, Bedouinfo no mu binom de nhoma mmobɔwee no kɔɔ Yerusalem kɔhwɛe sɛ ahe na wobetumi atɔn no anaa. Wɔpam Bedouinfo no fii nkokorafo fi bi mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mfaso biara nni nhoma mmobɔwee no so. Nhoma mmobɔwee tɔfo foforo kae sɛ ɛso nni mfaso biara wɔ tetefo nneɛma mu hwehwɛ mu, na onyaa adwene sɛ wokowia fii Yudafo hyiadan bi mu. Mfomso a odii bɛn ara ni! Awiei koraa no, wɔnam Siriani asepaterepamfo bi a ɔyɛɛ ne ho sɛ konkosifo bi so huu bo a ɛsom ankasa. Ankyɛ, wohuu sɛnea nhoma mmobɔwee afoforo no nso som bo.
Tete nkyerɛwee yi mu binom ma wonyaa Yudafo nyamesom akuw horow dwumadi wɔ bɛyɛ Kristo bere so no mu nhumu foforo. Nanso Yesaia nkɔmhyɛ no Bible nhoma mmobɔwee no na wiase no ani gyee ho. Dɛn ntia?
Adenya Kɛse
Mfiase no na Yesaia nhoma mmobɔwee a na wɔahu no foforo no tenten bɛyɛ anammɔn 25. Na ɛyɛ mmoa nhoma asinasin 17 a wɔde boasetɔ asiesie ayɛ no sɛ krataa. Na wɔakyekyɛ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ so no mu 54, a sɛ wɔkyekyem a, emu biara mu nsensanee yɛ 30, na na wɔde boasetɔ asensan no yiye. Na ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw no akyerɛw kyerɛwsɛm no mu nkyerɛwde no wɔ nsensanee yi so, na na wakyekyɛ mu.—Hwɛ mfonini no.
Na ɛnyɛ nea wɔabobɔw nhoma mmobɔwee no afa dua ho, na na mfinimfini a nkurɔfo pii aso hɔ akenkan no ayɛ tuntum. Na wɔde adi dwuma yiye, na na wohu mmeae a wɔde ahokokwaw asiesie no na wɔde foforo atetare so no. Na sɛnea wɔatumi akora so yiye no fi ahina a wɔtɔɔ wɔn bo ase de hyɛɛ mu no. Ɛsom bo ma Bible ho adenimfo ne yɛn nyinaa nso dɛn, sɛ wɔtrɛw asɛm no mu a?
Odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee yi akyɛ sen foforo biara a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mfe apem, nanso nsonsonoe ketewaa bi na ɛwɔ emu nsɛm no mu. Ɔbenfo Millar Burrows a ɔne emu nsɛm a wotintimii wɔ 1950 mu no samufo no se: “Yesaia nhoma mmobɔwee yi mu kyerɛw nsɛm no, ne mu nkyerɛwde a ɛka bom yɛ nsɛmfua ne kasa ho mmara ne n’akenkan mu nsonsonoe atitiriw a ani gye ho na ehia kɛse anaasɛ dabi no ne nea wɔkyerɛw akyiri yi wɔ MT [Masoretic Hebrew Text] no mu tititiw.”* Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne emu nsɛm a ɛde Tetragrammaton, יהוה, Onyankopɔn din kronkron a ɛne Yehowa a ɛwɔ Hebri mu di dwuma no.
Nhoma Mmobɔwee Afoforo a Ɛsom Bo
Edin kronkron no nso pue wɔ nhoma mmobɔwee foforo a efi ɔbodan koro yi ara a mprempren wɔfrɛ no Cave 1 mu no mu. Wɔ Habakuk nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu bi mu no, Tetragrammaton no pue mpɛn anan wɔ tete Hebri nkyerɛwee mu, kan de bi a ɛnte sɛ Hebri nkyerɛwde ahinanan a wonim no yiye no.—Hwɛ Habakuk 1:9 ho ase hɔ asɛm no, Reference Bible.
Wohuu Yesaia nhoma mmobɔwee afã horow foforo ne Bible nhoma a ɛne Daniel no mmoa nhoma asinasin wɔ ɔbodan no mu. Eyi mu biako kora nsakrae a wɔyɛ fii Hebri kasa mu kɔɔ Aram kasa mu wɔ Daniel 2:4 no so, te sɛ nea Wohu wɔ nhoma mmobɔwee a wɔkyerɛw no mfe apem wɔ ɛno akyi no mu no.
Mprempren wɔde nhoma mmobɔwee no afã nketenkete a wɔkoraa so yiye no kyerɛ wɔ Yerusalem wɔ tete nneɛma akorae a wɔfrɛ no Shrine of the Book no mu. Tete nneɛma akorae yi wɔ fam, enti sɛ wokɔ hɔ a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔrehyɛn ɔbodan bi mu. Tete nneɛma akorae no fã a ɛwɔ soro no te sɛ ahina a Wohuu Yesaia Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no wom no mmuaso. Nanso Yesaia nhoma mmobɔwee no mfonini nkutoo na wubehu. Wɔde kan de a ɛsom bo no asie adekorabea bi a ɛbɛn hɔ mu.
[Ase hɔ asɛm]
Wɔakyerɛw n’akenkan atitiriw no bi ho asɛm wɔ New World Translation of the Holy Scriptures—With References no mu wɔ Yesaia 11:1; 12:2; 14:4; 15:2; 18:2; 30:19; 37:20, 28; 40:6; 48:19; 51:19; 56:5; 60:21. Wɔda nhoma mmobɔwee no adi wɔ ase hɔ nsɛm no mu sɛ IQIs/a.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
Courtesy of The British Museum
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]
Israel Antiquities Authority; The Shrine of the Book, Israel Museum; D. Samuel and Jeanne H. Gottesman Center for Biblical Manuscripts