Po A Awu Nhoma Mmobɔwee—Ademude A Ɛso Nni
TETE amamfo bi da Wadi Qumran ase wɔ Po a Awu no kusuu fam atɔe. Esiane sɛ wofi bere tenten abu no sɛ Roma abankɛse bi amamfo nti, wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma ammu ho akontaa ahe biara. Nanso, Po a Awu Yesaia Nhoma Mmobɔwee no a wohui wɔ 1947 mu no, ma wɔsan susuw beae yi ho.
Ankyɛ nhomanimfo hui sɛ adan no yɛ Yudafo nyamesomfo bi de. Adwene a wonyae ntɛm ara ne sɛ saa nnipa yi na wɔde nhoma mmobɔwee no asie wɔ abodan a ɛwɔ abotan a ɛbɛn hɔ no mu. Nanso ɛte sɛ nea nneɛma a wohuu akyiri yi mma wonnye nni.
Adenya a Ɛso Nni
Bedouinfo huu bo a nhoma mmobɔwee a na wɔahu dedaw no som no. Enti bere a akwakoraa bi kae wɔ 1952 mu sɛ wɔ ne mmerantebere mu no, ɔtaa akokɔhwere bi a opiraa no kosii sɛ ɔkɔhyɛn tokuru bi a ɛwɔ ɔbotan no ani mu, faako a ohuu ahina bi ne tete ngo kanea no, wɔsan kɔhwehwɛɛ hɔ bio.
Akwakoraa no tumi huu ɔbodan no ano kwan wɔ abotan atenten no abodan a emu dɔ no mu. Ɛdaa adi sɛ ɛyɛ ɔbodan a nnipa na ɛyɛe, na mprempren wɔfrɛ no Cave 4. Ɛhɔ na Bedouinfo no huu nhoma mmobɔwee asinasin bɛyɛ anammɔn kakra bi wɔ ɔbodan no mu. Na asinasin no mu biara nhyɛ ahina mu, enti na emu pii asuw, ayɛ tuntum na ɛporoporow. Bere tiaa bi mu no, wonyaa asinasin bɛyɛ 40,000 a ɛbɛyɛ nhoma mmobɔwee 400. Na Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma no nyinaa ka Bible nhoma mmobɔwee ɔha no ho, gye Ester nhoma no nko. Wonnya ntintimii nneɛma a wonya fii Cave 4 mu no pii ɛ.
Nhoma mmobɔwee no mu atitiriw biako ne Samuel nhoma a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee biako so no. Na ne Hebri kyerɛwsɛm a ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ ɔfã 57 no mu 47 te sɛ nea Greek Septuagint nkyerɛase no asekyerɛfo no de dii dwuma no. Hela kasa mu Septuagint no mu Leviticus ne Numeri nhoma asinasin a wɔkyerɛw no wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu tɔnn no nso wɔ hɔ. Na Leviticus nhoma mmobɔwee no de IAO di dwuma de gyina hɔ ma Hebri הוה, a ɛne Onyankopɔn din kronkron no, na ɛnyɛ Hela Kyʹri·os, a ɛne “Awurade” no.a
Wɔ Deuteronomium nhoma mmobɔwee sin bi mu no, Hebri kyerɛwsɛm no de ɔfã a efi ti 32 nkyekyem 43 a wohu wɔ Septuagint no mu a wɔafa aka asɛm wɔ Hebrifo 1:6 no ka ho: “Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!” Eyi ne nea edi kan a wɔahu eyi wɔ Hebri nhoma mmobɔwee bi mu, a ɛda kyerɛwsɛm a ɛda adi sɛ Hela nkyerɛase no gyina so no adi. Enti nhomanimfo anya Septuagint kyerɛwsɛm a wɔafa aka asɛm mpɛn pii wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no mu nhumu foforo.
Wɔakyerɛ sɛ wɔkyerɛw Exodus nhoma mmobɔwee bi wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu, Samuel de wɔ ɛrekɔ afeha koro no ara awiei, ne Yeremia nhoma mmobɔwee wɔ 225 ne 175 wɔ A.Y.B. mu ntam. Wɔahu nea wɔkyerɛwee fi afeha a ɛto so abiɛsa besi afeha a edi kan A.Y.B. mu a ɛdɔɔso na ama wɔahwehwɛ nsakrae a aba sɛnea wɔkyerɛw nsɛm no ne nkyerɛwde ankorankoro a wɔde Hebri ne Aram nkyerɛwee kyerɛwee mu no mu no, biribi a ɛsom bo kɛse wɔ nhoma mmobɔwee a wɔkyerɛ bere a wɔde kyerɛwee no mu.
Cave 11 mu Anwonwade
Awiei koraa no, ɛhɔnom Bedouinfo ne wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma hwehwɛɛ Qumran mpɔtam hɔ nyinaa fefeefe. Nanso, da koro bi wɔ 1956 mu no, Bedouinfo binom hui sɛ mpan tutu fi Cave l kusuu fam abotan no ntokuru mu. Wɔforo kohuu ɔbodan foforo bi a na wɔasiw ano kwan. Woyiyii abo tɔn abien sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu mu. Nea wohui wom no yɛ nwonwa—nhoma mmobɔwee a edi mu abien ne afoforo afã horow akɛse anum.
Ade titiriw a ɛsen biara a wohui ne Nnwom nhoma mmobɔwee fɛfɛ bi. Na mmoa nhoma no pipiripi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ nantwinhoma na ɛnyɛ oguanhoma. Na nhoma no anum, anan a ɛnyɛ nea ɛbom, ne asinasin anan ma ne tenten boro anammɔn 13. Ɛwom sɛ na wɔakora nhoma mmobɔwee yi fã a ɛwɔ soro no so yiye de, nanso na ase no asuw yiye. Wɔkyerɛwee wɔ afeha a edi kan Y.B. fã a edi kan no mu, na na ekura nnwom 41 afã horow. Na wɔde tete Hebrifo nkyerɛwde akyerɛw Tetragrammaton no bɛyɛ mpɛn 105, na na ɛda adi pefee wɔ Hebrifo nkyerɛwee ahinanan a ɛwɔ nsɛm no mu no mu.
Na wɔakyerɛw nhoma mmobɔwee foforo a Leviticus wɔ so no nyinaa wɔ tete Hebri nkyerɛwee mu, nanso wɔnkyerɛɛ nea enti a eyi te saa no mu yiye. Ɛyɛ nhoma mmobɔwee a ɛware sen biara a ɛwɔ hɔ, a wɔde nkyerɛwee yi a na wɔde di dwuma bere a Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. awiei no na akyerɛw.
Wohuu Targum bi, Hiob nhoma no a wɔde Aram kasa akyerɛkyerɛ mu no nso. Ɛka tete Targum a wɔakyerɛw no ho. Wohuu Bible nhoma afoforo ho nkyerɛkyerɛmu nhoma dodow bi nso wɔ abodan afoforo mu. Ɛyɛɛ dɛn na wɔde nhoma mmobɔwee yi nyinaa siei yiye wɔ saa abodan yi mu?
Sɛnea yɛadi kan aka no, ebia Qumranfo no mu binom na wɔde siei. Nanso adanse no ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔreguan Romafo ntua wɔ Yudea so wɔ afe 68 Y.B. mu no na wɔde mu pii hyɛɛ hɔ, ansa na wɔresɛe Yerusalem pasaa wɔ mfe abien akyi. Na Yudea sare no so yɛ adekorabea a eye ma nhoma mmobɔwee a ɛsom bo no, ɛnyɛ abodan a ɛbɛn Qumran no mu nkutoo, na mmom nea ɛwɔ akwansin pii wɔ kusuu fam wɔ Yeriko ho, de kɔ keseefam wɔ Masada ho. Aseda a yɛde ma wɔ ɛso kora ho bɛn ara ni! Ɛde Yehowa Asɛm a efi honhom mu a ɛnsakra no ho adanse foforo ma. Ampa, “yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.”—Yesaia 40:8.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Reference Bible, Appendix 1C (5) ne Leviticus 3:12 ho ase hɔ asɛm no mu, faako a wɔato nsaano nkyerɛwee din sɛ 4Q LXX Lev/b.
[Adaka wɔ kratafa 13]
SO PII BƐBA NNANSA YI ARA?
Ɛwom sɛ wohuu Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no wɔ mfe du du a atwam no mu de, nanso asinasin pii yɛ nea wontintimii ɛ. December 23, 1990 The New York Times no kasa tiae sɛ: “Nhomanimfo a wɔyɛ nyiyim a wɔkwati wɔn mfɛfo afa ɛho mfonini asie na wɔmpɛ sɛ wotintim nea wɔwɔ no mu pii.” Nanso, nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔasakra samufo kuw no nnansa yi ara, ade a ebetumi ama “nyiyim a wɔyɛ wɔ nhoma mmobɔwee no ho agyae . . ., na wiase no behu abakɔsɛm mu bere soronko bi ho ade pii.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.