Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/15 kr. 14-20
  • So Wubesuasua Onyankopɔn Mmɔborohunu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubesuasua Onyankopɔn Mmɔborohunu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wodii Ɔsoro Atɛntrenee ho Dwuma
  • Mmɔborohunu a Wɔma Ɛne Atɛntrenee Kari Pɛ
  • Nea Ɛyerae ho a Wodwen
  • Ahurusidi wɔ Soro​—Wɔ Dɛn Ho?
  • Wɔda Adwensakra ne Mmɔborohunu Adi Kyerɛ
  • Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Suasua Yehowa—Bu Atɛntrenee Na Yɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ɔbɔnefo Sakra a Ɛde Anigye Ba
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/15 kr. 14-20

So Wubesuasua Onyankopɔn Mmɔborohunu?

“Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.”​—EFESOFO 5:1.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa dwen afoforo a yebesuasua wɔn no ho?

NNIPA pii suasua afoforo, sɛ nea wɔyɛ no yɛ papa anaasɛ bɔne no. Wɔn a yɛne wɔn te a ebia yebesuasua wɔn no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso akosi baabi. Mmebusɛm 13:20 kyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Enti, ntease pa nti na Onyankopɔn ka sɛ: “Nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu.”​—3 Yohane 11.

2. Hena na ɛsɛ sɛ yesuasua no, na wɔ akwan bɛn so?

2 Yɛwɔ mmarima ne mmea a yebetumi asuasua wɔn ho nhwɛso pa wɔ Bible mu. (1 Korintofo 4:16; 11:1; Filipifo 3:17) Nanso, nea odi kan koraa a ɛsɛ sɛ yesuasua no ne Onyankopɔn. Wɔ Efesofo 4:31-5:2, bere a ɔsomafo Paulo aka su horow ne nneyɛe a ɛsɛ sɛ yɛkwati ho asɛm akyi no, ɔhyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛmma yɛn yam nhyehye yɛn, na yɛmfa mfiri yɛn ho yɛn ho.’ Eyi na ɛma ɔde afotu titiriw yi mae: “Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu.”

3, 4. Onyankopɔn de n’ankasa ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na ɛmae, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen teefo a Onyankopɔn yɛ no ho?

3 Dɛn ne Onyankopɔn akwan ne ne su horow a ɛsɛ sɛ yesuasua no? Ne nipasu ne ne nneyɛe wɔ afã horow pii, sɛnea yebetumi ahu wɔ ɔkwan a ɔfaa so kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Mose no mu no: “[Yehowa], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so.”​—Exodus 34:6, 7.

4 Esiane sɛ Yehowa ‘dɔ asɛntrenee ne atɛntrenee’ nti, ɛsɛ sɛ yehu ne nipasu fã yi na yesuasua. (Dwom 33:5; 37:28) Ɔne Ɔbɔadeɛ, ne adesamma Temmufo ne Mmarahyɛfo pumpuni nso, enti ɔda atɛntrenee adi kyerɛ yɛn nyinaa. (Yesaia 33:22) Wɔada eyi adi pefee wɔ sɛnea ɔhwehwɛɛ atɛntrenee na ɔma wodii ho dwuma wɔ ne man Israel mu, ne akyiri yi wɔ Kristofo asafo no mu no mu.

Wodii Ɔsoro Atɛntrenee ho Dwuma

5, 6. Ɔkwan bɛn so na atɛntrenee daa adi wɔ sɛnea Onyankopɔn ne Israel dii no mu?

5 Bere a Onyankopɔn repaw Israelfo sɛ ne nkurɔfo no, obisae sɛ ‘wobetie ne nne na wɔadi n’apam so koraa’ anaa. Na wɔahyia wɔ Sinai Bepɔw ase, na wobuae sɛ: “Nea [Yehowa] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Exodus 19:3-8) Bɔhyɛ a anibere wom bɛn ara ni! Onyankopɔn nam abɔfo so de mmara bɛyɛ 600 maa Israelfo no, a sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama no no, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi so. Na sɛ obi renyɛ saa nso ɛ? Onyankopɔn Mmara ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na . . .asɛm a wɔnam abɔfo so kae no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa akatua a ɛsɛ.”​—Hebrifo 2:2.

6 Yiw, Israelni a ɔrenni so no nya ‘akatua a ɛne atɛntrenee hyia,’ ɛnyɛ nnipa atɛntrenee a enni mu, na mmom atɛntrenee a efi yɛn Bɔfo no hɔ. Onyankopɔn kyerɛɛ mmara so bu ho asotwe ahorow. Na asotwe a emu yɛ den sen biara ne sɛ ‘wobetwa obi akyene,’ anaasɛ wobekum no. Na ɛno fa mmarato a anibere wom te sɛ, abosonsom, awaresɛe, mogyafra, mmoa a wɔne wɔn da, ɔbarima ne ɔbarima nna, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, awudi, ne mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho. (Leviticus 17:14; 18:6-17, 21-29) Afei nso, na wobetumi ‘atwa’ Israelni biara a ɔboapa bu ɔsoro mmara no mu biara so a ɔnkyerɛ ahonu biara no ‘akyene.’ (Numeri 4:15, 18; 15:30, 31) Sɛ wodi ɔsoro atɛntrenee yi ho dwuma a, nea efi mu ba no betumi aka ɔbɔnefo no asefo.

7. Nneɛma a efii atɛntrenee a wobuu wɔ Onyankopɔn tete nkurɔfo mu no mu bae no bi ne dɛn?

7 Asotwe ahorow a ɛte sɛɛ no sii aniberesɛm a ɛwɔ ɔsoro mmara so bu no mu no so dua. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi babarima dan ɔsabofo ne odidifo a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ atemmufo a wɔn ho akokwaw anim. Sɛ wohu sɛ ɔyɛ obi a ɔboapa yɛ bɔne a ɔnkyerɛ ahonu a, ɛsɛ sɛ n’awofo nya atɛn a wobebu no mu kyɛfa. (Deuteronomium 21:18-21) Yɛn a yɛyɛ awofo no betumi ahu sɛ ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ saa. Nanso na Onyankopɔn nim sɛ ɛho hia na amma nsɛmmɔnedi antrɛw wɔ nokware asomfo mu. (Hesekiel 33:17-19) Nea yebetumi aka asɛm a edi so yi afa ne ho no na ɔyɛɛ eyi ho nhyehyɛe: “N’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.”​—Deuteronomium 32:4.

8. Ɔkwan bɛn so na atɛntrenee daa adi wɔ sɛnea Onyankopɔn ne Kristofo asafo no dii no mu?

8 Mfehaha pii akyi no, Onyankopɔn pow Israel man na ɔpaw Kristofo asafo no. Nanso Yehowa ansakra. Na ɔda so ara bu atɛntrenee, na na wobetumi aka ne ho asɛm sɛ “ogya a ɛhyew.” (Hebrifo 12:29; Luka 18:7, 8) Enti ɔkɔɔ so yɛɛ nsiesiei a ɛde Onyankopɔn suro bɛhyɛ asafo mũ no nyinaa mu denam abɔnefo a wobetu wɔn no so. Na ɛsɛ sɛ wotu Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔadan nnebɔneyɛfo a wɔnkyerɛ ahonu no.

9. Tu a wotu obi no kyerɛ dɛn, na dɛn na etumi yɛ?

9 Obi a wotu no no kyerɛ dɛn? Yehu asuade pa bi wɔ sɛnea wodii ɔhaw bi ho dwuma wɔ afeha a edi kan no mu no mu. Kristoni bi a na ɔwɔ Korinto ne n’agya yere buu ɔbra bɔne na wankyerɛ ahonu, enti Paulo hyɛe sɛ wontu no mfi saa asafo no mu. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi de bɔ Onyankopɔn nkurɔfo ahotew ho ban, efisɛ “mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa.” Tu a wobetu no no remma ne nsɛmmɔnedi no ngu Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo anim ase. Nteɛso a emu yɛ den a ɛne tu a wobetu no no betumi ama n’ani aba ne ho so na ɛde Onyankopɔn ho suro a ɛsɛ ahyɛ ɔno ne asafo no mu.​—1 Korintofo 5:1-13; fa toto Deuteronomium 17:2, 12, 13 ho.

10. Sɛ wotu obi a, Onyankopɔn nkoa yɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

10 Ɔsoro mmara no ne sɛ, sɛ wotu ɔdebɔneyɛfo bi a, ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘ne no bɔ, wɔne no nnnidi mpo.’a Enti, ɔne anokwafo a wɔwɔ obu ma Onyankopɔn mmara, na wɔpɛ sɛ wɔnantew sɛnea mmara no te no ayɔnkofa, ne wɔne ne fekubɔ nso mu twa. Ebinom betumi ayɛ abusuafo a wɔnyɛ abusua kɔntɔnkrɔn no mufo, na wɔne no nte ofi koro mu. Ebia ɛbɛyɛ den ama saa abusuafo no sɛ wɔde ɔsoro ahyɛde yi bedi dwuma, te sɛ nea annyɛ mmerɛw amma Hebrifo awofo a na wɔwɔ Mose Mmara no ase sɛ wobenya wɔn babarima ɔdebɔneyɛfo kum mu kyɛfa no. Nanso, Onyankopɔn mmara mu da hɔ pefee, enti yebetumi agye adi sɛ tu a wotu obi no teɛ.​—1 Korintofo 5:1, 6-8, 11; Tito 3:10, 11; 2 Yohane 9-11; hwɛ January 1982 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 3-7; June 1988, nkratafa 28-31.

11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nipasu afã horow da adi wɔ obi a wotu no no mu?

11 Nanso, kae sɛ ɛnyɛ sɛ yɛn Nyankopɔn no teɛ nko; na mmom “n’adɔe sõ: ɔde amumɔyɛ ne mmarato firi” nso. (Numeri 14:18) N’Asɛm da no adi pefee sɛ obi a wɔatu no betumi anu ne ho, na wɔhwehwɛ ɔsoro fafiri. Afei dɛn na wɔbɛyɛ? Ahwɛfo a wɔn ho akokwaw betumi ne no ahyia, na wɔde mpaebɔ ne boasetɔ ahwɛ ahu sɛ ɔde adanse ma sɛ ɔrekyerɛ ahonu wɔ bɔne a ɛma wotuu no no ho. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 26:20 ho.) Sɛ ɛte saa a, wobetumi asan agye no aba asafo no mu, sɛnea 2 Korintofo 2:6-11 kyerɛ sɛ wɔyɛɛ ɔbarima a na ɔwɔ Korinto no. Nanso, wɔn a wɔatu wɔn no mu binom atwe wɔn ho afi Onyankopɔn asafo no ho mfe pii, na so wobetumi ayɛ biribi de aboa wɔn ma wɔahu kwan asan aba?

Mmɔborohunu a Wɔma Ɛne Atɛntrenee Kari Pɛ

12, 13. Dɛn nti na Onyankopɔn a yebesuasua no no nkyerɛ n’atɛntrenee nkutoo a yɛbɛda no adi?

12 Nsɛm a yɛadi kan aka no aka Onyankopɔn su horow, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Exodus 34:6, 7 no biako pɛ ho asɛm titiriw. Nanso, saa nkyekyem no nka Onyankopɔn atɛntrenee nkutoo ho asɛm, na wɔn a wɔpɛ sɛ wosuasua no no mfa wɔn adwene nsi atentreenee a wobebu nkutoo so. Sɛ woreyɛ asɔrefi a Salomo sii no nsusuwso a, so wubesua n’adum no mu biako pɛ nkutoo ho ade? (1 Ahene 7:15-22) Dabi, efisɛ ɛremma wunnya sɛnea na asɔrefi no te, ne dwuma a edii no ho adwene a ɛkari pɛ. Saa ara nso na sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn a, ehia sɛ yesuasua n’akwan ne ne su afoforo, te sɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi” a ɔyɛ no nso.

13 Mmɔborohunuu ne fafiri yɛ Onyankopɔn su atitiriw, sɛnea yehu wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne Israel dii no mu no. Atɛntrenee Nyankopɔn no amfa asotwe ankame wɔn wɔ bɔne a wɔkɔɔ so yɛe no ho, nanso ɔdaa mmɔborohunu ne fafiri a ɛdɔɔso adi. “Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe. Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne [Yehowa], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa.” (Dwom 103:7-9; 106:43-46) Yiw, sɛ yɛsan susuw ne nneyɛe wɔ mfehaha pii a atwam no mu ho a, ɛkyerɛ sɛ saa nsɛm no yɛ nokware.​—Dwom 86:15; 145:8, 9; Mika 7:18, 19.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ osuasuaa Onyankopɔn mmɔborohunu?

14 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛ “[Onyankopɔn] . . . anuonyam no haran ne ne su sɛso” nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛda mmɔborohunu ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde befiri saa ara adi. (Hebrifo 1:3) Ɔyɛɛ saa, sɛnea nea ɔyɛe wɔ afoforo ho kyerɛ no. (Mateo 20:30-34) Osii mmɔborohunu so dua nso denam ne nsɛm a yɛkenkan wɔ Luka ti 15 no so. Mmɛ abiɛsa a ɛwom no kyerɛ sɛ Yesu suasuaa Yehowa, na ɛde asuade atitiriw ma yɛn.

Nea Ɛyerae ho a Wodwen

15, 16. Dɛn na ɛkanyan Yesu ma obuu mmɛ a ɛwɔ Luka 15 no?

15 Saa mmɛ no di mmɔborohunu a Onyankopɔn pɛ sɛ oyi adi kyerɛ nnebɔneyɛfo no ho adanse, na ɛyɛ ade a abirabɔ nnim a ɛsɛ sɛ yesuasua. Susuw tebea a obuu mmɛ no wom no ho. “Na towgyefo ne nnebɔneyɛfo no nyinaa twiw bɛn [Yesu] sɛ wɔrebetie no. Na Farisifo ne kyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.”​—Luka 15:1, 2.

16 Na nnipa no nyinaa yɛ Yudafo. Farisifo ne kyerɛwfo no de Mose Mmara a na wɔkyerɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ, trenee bi a egyina mmara so di so no hoahoaa wɔn ho. Nanso Onyankopɔn ampene ka a wɔn ankasa kae sɛ wɔyɛ atreneefo no so. (Luka 16:15) Ɛda adi sɛ towgyefo a wɔkaa wɔn ho asɛm no yɛ Yudafo a na wogye tow ma Roma. Esiane sɛ na towgyefo no mu pii gye mfɛfo Yudafo no sika a ɛdɔɔso tra so nti, na wɔyɛ kuw a wobu wɔn animtiaa. (Luka 19:2, 8) Wobuu wɔn fraa “nnebɔneyɛfo,” nnipa a wɔn bra asɛe, a nguaman mpo ka ho mu. (Luka 5:27-32; Mateo 21:32) Nanso Yesu bisaa nyamesom akannifo a na wonwiinwii no sɛ:

17. Bɛ a edi kan a Yesu buu wɔ Luka 15 ne nea ɛwɔ he?

17 “Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduakron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no? Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba ofie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Momma mo ne me ani nnye, na mahu me guan a ɔyerae no. Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.” Na nyamesom akannifo no betumi ate mfatoho no ase, efisɛ na wɔtaa hu nguan ne nguanhwɛfo. Esiane sɛ oguanhwɛfo no dwen oguan no ho nti, ogyaw nguan 99 no hɔ sɛ wonnidi wɔ baabi a wonim hɔ, na ɔkɔhwehwɛ nea wayera no. Ɔkɔ so hwehwɛ no kosi sɛ ohu no, na ɔde oguan a ehu aka no no bɔ ne kɔn ho brɛbrɛ de no bɛka nguankuw no ho.​—Luka 15:4-7.

18. Sɛnea wɔasi so dua wɔ Yesu bɛ a ɛto so abien wɔ Luka 15 no, dɛn na ɛde ahurusidi bae?

18 Yesu de bɛ a ɛto so abien kaa ho: “Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu? Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: “Momma mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no. Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.” (Luka 15:8-10) Na dwetɛbona bɛyɛ ɔpaani da koro akatua. Ebia na ɔbea no sika no yɛ agyapade bi, anaasɛ ebia na ɛyɛ nea wɔde ayɛ agude bi fã. Bere a sika no yerae no, ɔbea no yeree ne ho hwehwɛ hui, na afei ɔne ne nnamfo mmea ani gyei. Dɛn na eyi ka kyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn ho?

Ahurusidi wɔ Soro​—Wɔ Dɛn Ho?

19, 20. Yesu mmɛ abien a edi kan wɔ Luka 15 no fa henanom ho titiriw, na asɛntitiriw bɛn na ɛda no adi?

19 Yesu de mmɛ abien yi buaa kasa a wɔkasa tiaa ɔno, a wɔ asram kakraa bi a na atwam no mu no, wada ne ho adi sɛ ‘oguanhwɛfo pa’ a ɔde ne kra bɛto hɔ ama ne nguan no. (Yohane 10:11-15) Nanso, na mmɛ no mfa Yesu ho titiriw. Na asuade ahorow a ehia sɛ kyerɛwfo no ne Farisifo no hu no fa Onyankopɔn su ne n’akwan ho. Enti, Yesu kae sɛ anigye ba ɔsoro bere a ɔdebɔneyɛfo biako sakra n’adwene no. Na saa nyamesomfo no kyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso na wonsuasua no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Yesu mmɔborohunu akwan no da n’Agya apɛde adi.​—Luka 18:10-14; Yohane 8:28, 29; 12:47-50; 14:7-11.

20 Sɛ na dwetɛbona ɔha mu biako yɛ ade a wogyina so nya anigye a, ɛnde na du mu biako bɛma wɔanya anigye kɛse. Ɛnnɛ mpo yebetumi ate anigye a ɔbea no nyae wɔ ne sika a ohui no ho nka! Ɛha nso, asuade no fa ɔsoro ho, kyerɛ sɛ “Onyankopɔn abɔfo” ne Yehowa ani gye wɔ “ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene” no ho. Hyɛ asɛm a etwa to no nsow, “ɔsakra n’adwene.” Mmebu yi fa nnebɔneyɛfo a wɔsakra wɔn adwene ankasa ho. Na wubetumi ahu sɛ n’abien nyinaa sii sɛnea anigye a wobenya wɔ wɔn adwensakra no ho fata no so dua.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi Yesu mmɛ a ɛwɔ Luka 15 no mu?

21 Saa nyamesom akannifo nnaadaafo a na wɔanya akomatɔyam wɔ Mmara no so a wodi aniani ho no buu wɔn ani guu yɛ a Onyankopɔn yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, . . . ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi” no so. (Exodus 34:6, 7) Sɛ na wosuasua Onyankopɔn akwan ne ne nipasu fã yi a, anka wɔbɛkyerɛ mmɔborohunu a Yesu yii no adi kyerɛɛ nnebɔneyɛfo a na wɔasakra wɔn adwene no ho anisɔ. Na yɛn nso ɛ? So yɛde asuade no resie yɛn koma mu, na yɛde redi dwuma? Hyɛ Yesu bɛ a ɛto so abiɛsa no nsow.

Wɔda Adwensakra ne Mmɔborohunu Adi Kyerɛ

22. Ne tiaatwa mu no, dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛ a ɛto so abiɛsa wɔ Luka 15?

22 Wɔaka eyi ho asɛm mpɛn pii sɛ ɔba hohwini no ho bɛ no. Nanso, sɛ wokenkan a, wubetumi ahu nea enti a ebinom bu no sɛ agya bi dɔ ho bɛ no. Ɛka abusua bi mu ɔbabarima kumaa bi a ogye n’agyapade fi n’agya hɔ ho asɛm. (Fa toto Deuteronomium 21:17 ho.) Ɔbabarima yi tu kwan kɔ akyirikyiri asase bi so kɔsɛe ne nyinaa wɔ ahohwibɔ mu, ɔkɔhwɛɛ mprako, na ne kɔn dɔe mpo sɛ obedi mprako aduan no bi. Awiei koraa no, n’ani baa ne ho so na osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ fie, na wakɔyɛ adwuma ama n’agya sɛ ɔpaani kɛkɛ. Bere a ɔbɛn fie no, n’agya ma no akwaaba, na ɔtow pon mpo ma no. Ne nua panyin a na watra fie ayɛ adwuma no dii mmɔborohunu a woyii adi no ho yaw. Nanso agya no ka sɛ wɔmma wɔn ani nnye efisɛ ɔbabarima a na wawu no te ase afei.​—Luka 15:11-32.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi ɔba hohwini no ho bɛ no mu?

23 Ebia kyerɛwfo ne Farisifo no mu binom tee nka sɛ na wɔde wɔn retoto ɔba panyin no ho, de abɔ abɔnefo a na wɔte sɛ ɔba kumaa no abira. Nanso, so wɔtee aba titiriw a na ɛwɔ mfatoho no mu no ase, na so yɛte ase? Esi yɛn soro Agya mmɔborohunufo no su titiriw bi, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegyina ɔdebɔneyɛfo bi adwensakra ne ahonu a efi komam so de ne bɔne afiri no no so dua. Na anka ɛsɛ sɛ ɛkanyan atiefo ma wɔde anigye yɛ ogye a nnebɔneyɛfo a wonya adwensakra nya no ho ade. Saa na Onyankopɔn dwen nneɛma ho na ɔyɛ ade, na wɔn a wosuasua no no yɛ saa ara.​—Yesaia 1:16, 17; 55:6, 7.

24, 25. Onyankopɔn akwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yebesuasua?

24 Ɛda adi pefee sɛ atɛntrenee da adi wɔ Onyankopɔn akwan nyinaa mu, enti wɔn a wɔpɛ sɛ wosuasua Yehowa bu atɛntrenee sɛ ɛsom bo na wodi akyi. Nanso ɛnyɛ atɛntrenee katee a ɛmfa hwee ho na ɛkanyan Onyankopɔn. Ne mmɔborohunu ne ne dɔ sõ. Ɔnam ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegyina nokware adwensakra so de bɔne afiri no so na ɔkyerɛ saa. Enti, ɛfata sɛ Paulo de afoforo a yɛde wɔn bɔne befiri wɔn no bata yɛn Nyankopɔn no a yebesuasua no no ho: “Momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no. Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo na monnantew ɔdɔ mu.”​—Efesofo 4:32-5:2.

25 Nokware Kristofo fi bere tenten abɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yehowa atɛntrenee, ne mmɔborohunu ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde bɔne befiri no nso. Bere a yehu no yiye no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yebesuasua no wɔ eyi mu. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi de eyi adi dwuma wɔ obi a bɔne bi a ɔkɔ so yɛ nti, wɔama no nteɛso a emu yɛ den a ɛfata nnansa yi no ho? Momma yɛnhwɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a “Nea obi a wɔpam no fi asɔre mu kyerɛ titiriw ne ade a kuw bi hyɛ da yɛ de hokwan ahorow a emufo wɔ no kame wɔn a bere bi na wɔwɔ gyinabea pa no. . . . Pam a wɔpam obi fi asɔre no mu no bɛkyerɛɛ ade a nyamesomfo yɛ de yi wɔn a wɔfom no fi nneɛma a wɔyɛ mu denam Awurade Adidi, asafo no mu som, ne fekubɔ biara a wɔde kame wɔn no so wɔ Kristofo mmere no mu.”​—The International Standard Bible Encyclopedia.

Dɛn na Woasua?

◻ Onyankopɔn atɛntrenee daa adi dɛn wɔ Israel asafo no ne Kristofo asafo no mu?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn mmɔborohunu ka n’atɛntrenee ho?

◻ Dɛn na ɛma wobuu mmɛ abiɛsa a ɛwɔ Luka 15 no, na asuade bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛkyerɛ yɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Er-Raha asasetaw a ɛda Bepɔw Sinai anim (benkum so)

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 15]

Garo Nalbandian

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena