Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/1 kr. 24
  • Yehowa Ma Wonya Ahotɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ma Wonya Ahotɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Bere a Ɔpɛ Sii
    Nyan!—1999
  • Sɛnea Yɛboa Wɔn a Atoyerɛnkyɛm Ama Wɔakɔ Ahokyere Mu
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2021 Mu—Yennyaa Yɛn Nuanom Mu
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/1 kr. 24

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Yehowa Ma Wonya Ahotɔ

NNANSA yi ara Yehowa Adansefo a wɔwɔ South Africa tee sɛ wɔn honhom fam anuanom a wɔwɔ ɔman bi a ɛbɛn a wɔabara wɔn asɛnka adwuma no wɔ hɔ no aba ahokyere kɛse mu. Wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ esiane ɔpɛ bi a emu yɛ den a esii nti, nnua bi ntini na wɔn nuanom di na wɔatumi akɔ so atra ase. Na wonni ntade pa nso, ma enti Adansefo no binom twentwɛn wɔn nan ase wɔ asɛnkakɔ ho.

Anuanom a wɔwɔ South Africa no yɛɛ ho biribi ntɛm ara. Wɔbɔɔ asafo ahorow a wɔwɔ Johannesburg mpɔtam hɔ amanneɛ sɛ ntade ho ahia. Nna kakraa bi akyi no, wonyaa ntade tɔn abiɛsa. Afei adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama yiyii ntade no mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde asɛ tɔn 3, ngo tɔn 1, samina tɔn 1, ne aburow tɔn 17 bɛmana. Bere a adwumakuw a wɔtɔn aburow no tee Adansefo a wɔwɔ asase a ɔpɛ asi so no ahokyere no ho asɛm no, wɔde aduan a na ɛho abehia kɛse yi bɛboro tɔn biako kyɛe.

Dwoda, April 16, 1990 no, lɔre bi a ɛso nneɛma tɔn 25 a wɔde rekɔma wɔn a wohia mmoa yi tu fii South Africa de fii akwansin 3,400 akwantu no ase. Nanso afei na ɛsɛ sɛ atumfo no ma wɔn kwan na wɔatumi de nneɛma yi afa wɔn man a akodi rekɔ so wom yi mu.

Mpanyimfo a wɔwɔ aban no ananmusifo dwumadibea hɔ no kae sɛ ɛwom sɛ wonnye Yehowa Adansefo ntom wɔ wɔn man no mu de, nanso wonim yiye sɛ wɔwɔ hɔ. Hwee nsiw yɛn nuanom ahiade a yɛde bɛkɔ akɔma wɔn no kwan. Wɔmaa kwan. Wɔyɛɛ ɛso nkrataa a ɛho hia no nyinaa, na Fida, April 20 no, Adansefo no twaa ɔhye no a akwanside biara amma. Nanso, wɔkɔfaa mmeae a wɔasiw ɔkwan mu bɛboro mpɛn 30, na na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn tumi krataa kyerɛ. Ɛno ansa na wohuu sɛnea saa tumi krataa no ho hia fa.

Bere a wɔatwa akwansin 90 akɔ ɔman no mu no, asubɔnten kɛse bi a ayiri siw wɔn kwan. Na twene papa a ɛda so no asɛe, na bere tiaa mu de bi a wɔde too so no nyɛ nea lɔre kɛse betumi afa so. Nanso, wohui sɛ lɔre ketewaa a na ɛka kɛse no ho no betumi atwa twene a nsu ayiri afa so no a hwee remma. Wosii gyinae sɛ wɔbɛkyɛ wɔn mu akuw abien. Wosii ntamadan wɔ asubɔnten a ayiri no ho maa kuw biako, na kuw biako no nso toaa akwantu no so kohyiaa anuanom no bɛyɛ akwansin 160 wɔ kusuu fam. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ awiei koraa no,wokohuu anuanom no! Na wontumi nnyae serew, atuuyɛ, ne wɔn nsam a wokyia. Ankyɛ na ɛhɔnom lɔre abien sii kwan so a wɔrekohyia anuanom kuw a wɔretwɛn wɔ asubɔnten no ho no. Ɛhɔ na woyii nneɛma no fii lɔre kɛse no mu guu lɔre nketewaa abien no mu.

Amanneɛbɔ a nsa aka no da anisɔ a wonya maa honam fam nneɛma a Yehowa de mae ma wɔn ho atɔ wɔn no adi. Nanso, wɔn honam fam ahokyere no nyinaa akyi no, na sɛnea wohia honhom fam aduan no sen ɛno mpo. Na Ɔwɛn-Aban biako pɛ na asafo biako wɔ, na na ɛsɛ sɛ wɔde nsa kyerɛw bi ma abusua biara. Ɛnam Yehowa mmoa so no, mprempren wɔayɛ nhyehyɛe a wɔnam so de honhom fam aduan bɛkɔ akɔma anuanom a wɔwɔ saa ɔman no mu bere nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena