Bere a Ɔpɛ Sii
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ
AFE a etwaam no, ɔpɛ kɛse bi sii Brazil atifi fam nkurow pii so. Sɛnea Veja nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ no, “ɔpɛ sii” ma wɔn a wɔte ɔman no atifi fam a wɔfrɛ wɔn nordestinos no ho “kyeree wɔn kɛse.” Ɔpɛ no sɛee ɛmo, adua, ne aburow, na ɛde ɔkɔm kɛse bae—ɔkɔm a ebi mmaa saa da wɔ mfe 15 mu. Nsu ho bɛyɛɛ na wɔ mmeae bi mpo.
Ɔpɛ a esi nyɛ ade foforo mma Brazilfo. Ɔpɛnini a esii ɔman no mu wɔ 1877 mu no maa ɔkɔm kunkum nnipa bɛyɛ 500,000. Brazil hempɔn Dom Pedro II a na ɔwɔ hɔ saa bere no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛfa kwan biara so asiw ɔpɛ ano, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔtɔn abohene a wɔde ayɛ n’ahenkyɛw no nyinaa mpo a, ɔbɛyɛ! Mfe 100 ni a ɔkaa saa; nanso ɔhaw no da so ara wɔ hɔ. Wɔ ɔpɛ a esii afe a etwaam mu no, wobu akontaa sɛ nnipa mpem du a wɔtete Brazil atifi fam nkurow 1,209 mu no ho bɛkyere wɔn.
Mfɛfo Adansefo Fi Ɔdɔ Mu Boae
Bere a Ɔwɛn Aban Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no tee ɔpɛ no ho asɛm no, wɔyɛɛ mmoa a wɔde bɛma ho nhyehyɛe ntɛm ara. Wɔsomaa ahwɛfo akwantufo kɔɔ nkurow te sɛ Bahia, Ceará, Paraíba, Pernambuco, ne Piauí a na ɔpɛ no ano yɛ den kɛse no mu sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea ɔhaw no te. Ahwɛfo akwantufo no hui sɛ Adansefo 900 ne wɔn Bible asuafo a wɔtete saa mmeae no hia mmoa kɛse. Aduan a na wɔn mu bi wɔ ne bayerɛ; na na afoforo nso di ɛmo nkutoo. Abusua biako de na wonni aduan biara, na na nufusu nkutoo na wɔnom no anɔpa, awia, ne anwummere. Ná ɛsɛ sɛ Kristoni bea bi a ɔyare kokoram tɔn ne mpa na ama watumi atɔ aduan kakra. Ná abusua bi a emufo yɛ baasia adi wɔn aduan awie bere a wɔn nuanom Kristofo a wɔde mmoa brɛɛ wɔn no koduu hɔ no.
Wotuu boayikuw ma wɔkɔkyekyɛɛ nnuan ne nneɛma foforo no ntɛm ara. Adansefo a wɔwɔ Recife ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no fi ayamye mu de nnuan ne nneɛma kɔkyɛɛ wɔn a wɔn ho akyere wɔn no. Nanso bere a mmoa ho behiaa kɛse no, Kristofo a wɔwɔ Rio de Janeiro no nso kɔboaa wɔn nuanom no. Wɔ bere tiaa mu no, Adansefo no de aduan tɔn 34 mae na wɔboa ma wotuaa nneɛma no ho ka twaa akwansin 1,450 de kɔɔ Recife.
Wɔ Piauí ne Paraíba nhenkurow mu no, wɔde ahoɔhare boaboaa nnuan tɔn bebree ano. Wɔdanee Ahenni Asa bi a ɛwɔ Fortaleza kurow mu yɛɛ no ɔdan a wɔde nnuan a wogyigyee no gui bere tiaa bi. Nanso wohyiaa nsɛnnennen bi. Ɛbɛyɛ dɛn na Adansefo no atumi de nnuan no akɔma wɔn a wohia no? Ɔbarima bi a ɔnyɛ Yehowa Dansefo fi ayamye mu de ne lɔre mae sɛ wɔmfa ntwe nnuan no. Nanso, na akorɔmfo kohyia wɔn a wɔde nnuan kɔma afoforo no na wowia wɔn. So na anuanom betumi de nnuan a wɔanya no akɔma wɔn a wohia no? Adansefo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde bɛkɔ. Wonyaa Yehowa mu gyidi kɛse na wotuu lɔre a aduan ahyɛ mu ma no de kɔmaa wɔn a wohia no. Wotumi de nneɛma no kɔe a biribiara ansi na wɔn a wɔde kɔmaa wɔn no gyee no fɛw so.
Anigye a Ɛwɔ Ɔma ne Ogye Mu
Adansefo a wɔyɛɛ nhyehyɛe de mmoa kɔmaa wɔn nuanom no ani gyee hokwan a ɛte saa a wonyae no ho kɛse. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ São Paulo kae sɛ: “Bere bi a ɔkɔm bae no, wɔamma yɛamfa aduan amma. Hwɛ anigye ara a yɛanya sɛ mprempren de wɔato nsa afrɛ yɛn!” Adansefo a wɔwɔ Fortaleza no kyerɛw sɛ: “Yɛn ani gyei sɛ yɛde mmoa maa yɛn nuanom, na nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ yenim sɛ yɛama Yehowa ani agye. Yɛn werɛ remfi asɛm a ɛwɔ Yakobo 2:15, 16 no da.” Saa Bible mu nkyekyem no ka sɛ: “Sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?”
Ɛtɔ mmere bi a, na Adansefo a wɔde nneɛma ma no kyerɛw nkuranhyɛ nsɛm bi de tare nneɛma no ho. Nea na wɔakyerɛw no mu biako ka sɛ: “Monkae bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 72:16 a ɛse ɛnkyɛ aduan bebu so wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no.” Akyinnye biara nni ho sɛ Adansefo a na ɔkɔm de wɔn no ani gyee ayamye a wɔn nuanom yii no adi kyerɛɛ wɔn no ho kɛse. Ɔdansefo bi a n’abusua nyaa mmoa pii no fi anisɔ mu kyerɛwee sɛ: “Me ne m’abusua nyinaa hu sɛ mmoa a ɛte sɛɛ yɛ ɔdɔ a yɛn Agya Nyankopɔn, Yehowa, a ɔwɔ mmoborohunu ma n’ahyehyɛde no na osusuw emufo ho no da no adi. Eyi ama yɛne Yehowa ne ne nkurɔfo anya abusuabɔ pa.”
Ɔhaw no a Ebefi Hɔ Koraa
Anwonwasɛm ne sɛ nsu ho nyɛ na wɔ Brazil atifi fam hɔ; nsu pii deda hɔ, na wɔwɔ nsu pii nso a wɔakora so. Sɛ wotumi de nsu yi kɔ mmaa nyinaa a, anka ɛhɔ asase no betumi abɔ nnɔbae yiye.
Ɛnkyɛ, wobedi nsɛnnennen a na ɛhaw Ɔhempɔn Dom Pedro II kɛse no ho dwuma koraa. Ɛyɛ saa bere no na Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo di so no beyi asase so haw nyinaa ne ɔkɔm nso afi hɔ. Saa bere no, ɛdefa asase kesee ho no, Yesaia nkɔmhyɛ yi bɛbam: “Nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa.”—Yesaia 35:1, 2, 6, 7.
[Kratafa 27 adaka/mfonini]
“Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”
Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo agyidifo fo sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Ɔpɛ a esii Brazil nnansa yi no maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no tumi de saa afotu no dii dwuma. Ɛnyɛ wɔn mfɛfo agyidifo nkutoo na wɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn na mmom afoforo nso. Ɛno nti nnipa bi a na anka wɔmpɛ Yehowa Adansefo asɛm no afi ase renya wɔn ho adwene foforo.
Ná anka ɔbarima bi a ne yere sii gyinae sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no ani nnye ho mfiase no. Bere bi akyi no, ne yere no fii ase kaa ne gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Bere a ɔkɔm no mu yɛɛ den na Adansefo a wɔwɔ hɔ no de aduan kɔmaa awarefo no, ɔbarima no ani gyei araa ma ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi a na anka wabɔ ne tirim sɛ ɔrenyɛ da—sɛ ɔbɛkɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Ɛwom sɛ na ɔsɔretiafo yi nnye nni sɛ Bible no fi Onyankopɔn honhom mu de, nanso ɔpene ma wɔne no yɛɛ Bible adesua.
Adansefo a na wɔwɔ kurow bi mu nso bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nneɛma no beduu ntɛm saa. Yɛanhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka nnuan pii saa. Enti bere a yɛmaa yɛn nuanom ne wɔn mmusua aduan no bi wiei no, yɛkɔmaa wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua ne wɔn mmusua, ne afei Yehowa Adansefo afipamfo nso aduan no bi.”
Adansefo a na wɔwɔ akuraa biako ase kyekyɛɛ nnuan pii a wɔabobɔ no boaa maa wɔn afipamfo. Ofiewura bi a ɔkyerɛɛ anisɔ kae sɛ: “Mo na moreyɛ nea Kristo kyerɛkyerɛe no; mokyɛ ade a monhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyɛ mo bi.”
[Kratafa 26 mfonini]
Nea efi ɔpɛ no mu bae
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
UN/DPI Photo by Evan Schneider