Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/1 kr. 26-29
  • Gilead Adesuafo Si Asetra Kwan A Mfaso Wom So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Adesuafo Si Asetra Kwan A Mfaso Wom So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔn A Wɔawie Gilead Sukuu Gye Asɛmpatrɛw Ɔsom Adwuma Akyɛde No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/1 kr. 26-29

Gilead Adesuafo Si Asetra Kwan A Mfaso Wom So

“BERE a ɛyɛ anigye bɛn ara na eyi yɛ sɛɛ yi, sɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 90 awie wɔn adesua!” Oguamtrani Karl F. Klein, a ɔyɛ Sodikuw no muni no de nsɛm yi na efii adesua wie ho dwumadi no ase. Ɔreka bere a wobuee Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu ano ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ: “Hena na osusuwii wɔ 1943 mu, bere a Gilead adesuakuw a edi kan no wiee wɔn adesua no sɛ mfe 48 akyi no, yebehyiam sɛɛ ama adesuakuw foforo​—nea ɛto so 90​—adesua wie ho dwumadi?”

Nanso, March 3, 1991, mu da bi a ɛyɛ hyew wɔ New Jersey no, ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn bɛboro 4,000 ne Betel abusua no mufo hyiaam wɔ Jersey City Nhyiam Asa, a sɛ wufi New York City reba a, ɛwɔ asubɔnten no agya no mu maa asɛmpatrɛwfo afoforo yi adesua wie ho dwumadi no. Ansa na wobefi wɔn asetra sɛ asɛmpatrɛwfo ase no, na adesuafo yi rebetie nkradi afotu wɔ wɔn adesua wie ho dwumadi da yi mu.

Wɔde dwom buee dwumadi no ano. Ɛno akyi no, Frederick W. Franz, Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no titrani a wadi mfe 97 no mpae a ɔbɔ de fii dwumadi no ase kaa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa koma. Afei, oguamtrani no nnianim nsɛm akyi no, adesuafo no​—ne wɔn a wɔbae nyinaa​—de anigye tiee ɔkasa ntiantiaa a etu mpɔn.

Max H. Larson a ɔyɛ Nhoma tintimbea Boayikuw no muni dii kan kaa asɛmti “Yehowa Yɔnko Adwumayɛfo” ho asɛm. Ɔtwee adwene sii adaka a Noa ne n’abusua pam maa nkwagye so akyi no, ɔkae sɛ: ‘Yehowa reboaboa wiase nyinaa abusua bi a wɔn ano si ɔpepem pii ano, na n’atirimpɔw ne sɛ ɔde abusua kɛse yi betwa ahohiahia kɛse no.’ Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nnɛyi adaka​—honhom fam paradise no so! Ɔkaee adesuafo no sɛ: ‘Morekɔ asase so mmeaemmeae, akɔyɛ Yehowa yɔnko adwumayɛfo wɔ nnɛyi adaka no pam mu.’ Ɔresiesie wɔn ama nea ɛda wɔn anim no, ɔkae sɛ: ‘Ebehia sɛ moyɛ adwuma. Ebehia sɛ munya boasetɔ. Mubehyia akwanside ahorow. Saa bere no na nneɛma a moanya afi mo ntetee mu no ho behia.’

Daniel Sydlik, a ɔyɛ Sodikuw no muni no akɔsra asɛmpatrɛwfo a wɔde bere tenten asom wɔ Japan ne Costa Rica no nnansa yi ara. Ɔreka asɛmti “Mo Asetra Kwan no Yɛ Nea Akatua Wom” ho asɛm no, ɔkaa nyansahyɛ ahorow a ɛso wɔ mfaso a onya fii asɛmpatrɛwfo a wɔadi yiye yi nkyɛn no bi kyerɛe. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ onuawa bi kaa ne maame afotu a ɔde maa no ho asɛm sɛ: ‘Nya ɔdɔ ma asɛnka adwuma no. Fa nkurɔfo adamfo. Ma afoforo nya w’asetra mu mfaso, na ɛbɛma w’ani agye.’ Onuawa foforo kae sɛ: ‘Nea yɛasua wɔ mfe a abɛsen no mu ne sɛ sɛ yɛanhwehwɛ nea ɛdɔɔso dodo amfi afoforo hɔ a, yɛrente nka ntɛmntɛm sɛ wɔadi yɛn huammɔ. Ɛma ade biara a obi befi ayamye ne yɛn ho a osusuw mu ayɛ ama yɛn no som bo ma yɛn kɛse.’ Akyinnye biara nni ho sɛ afotu pa sɛɛ a adesuafo no de bedi dwuma no bɛboa wɔn ma asi wɔn ankasa yiye sɛ asɛmpatrɛwfo

Tesalonikafo nhoma a edi kan, ti 5, nkyekyem 14 se: ‘Munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.’ Leon Weaver a ɔyɛ Ɔsom Boayikuw no muni kaa kyerɛwsɛm yi ho asɛm bere a ɔkaa asɛmti “Munnya Boasetɔ wɔ Mo Dwumadi Ahorow Nyinaa Mu” ho asɛm no. Henanom ne ‘nnipa nyinaa’ a ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ ma wɔn no? Ɔkasafo no buae sɛ: ‘Wɔn a wubehyia wɔn wɔ asɛnka adwuma mu. Wo asafo foforo no mu anuanom mmarima ne mmea. Wo yɔnko asɛmpatrɛwfo. Wɔn a wɔwɔ baa dwumadibea hɔ. Wo hokafo. Wo ankasa.’ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛnya boasetɔ wɔ yɛn dwumadi nyinaa mu? Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Anuanom mmarima ne mmea, boasetɔ brɛ nhyɛso ne dadwen ase. Boasetɔ de asomdwoe ba. Boasetɔ wowaw anidaso. Boasetɔ boa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn som mu anigye no mu.’

Albert D. Schroeder, a ɔyɛ Sodikuw no muni ne Gilead Sukuu no panyin a ɔhwɛ adesuafo no so a odi kan ne nea odi hɔ a ɔkasae. Ɔreka asɛmti “Monkɔ so Nni Mo nhwɛsofo​—Yesu Kristo Akyi” ho asɛm no, ɔde ne nsɛm no gyinaa Filipifo ti 2 so. Nkyekyem 5 se: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo mu no ara ntra mo mu bi [“Momma ɛntra mo adwenem,” New World Translation ase hɔ asɛm].” Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Eyi kyerɛ sɛ ehia sɛ yɛn nsusuwii kari pɛ, sɛnea na Yesu ankasa nso nsusuwii kari pɛ no.’ Ɔde nkyekyem 6 fii nkyerɛkyerɛmu bi a ɛyɛ anigye ase, kyerɛe sɛ Paulo di kan de adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yesu nsusuwii kari pɛ ma (nkyekyem 6-8), na afei ɔkyerɛ sɛnea esiane osetie a ɔyɛe nti, Yehowa maa no akatua (nkyekyem 9-11). Ɔde ɔkasa no baa awiei sɛ, ‘Hokwan a moanya no bi ne sɛ mobɛka Awurade Yesu Kristo ho asɛm akyerɛ, na moaboa afoforo ma wɔanya adwene koro no ara a na ɔwɔ no bi.’

Nkradi nsɛm bɛn na sukuu no akyerɛkyerɛfo no bɛka akyerɛ wɔn asuafo no? Jack D. Redford kaa asɛmti “Adwempa Bɛhwɛ Wo So” ho asɛm. (Mmebusɛm 2:10, 11) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ‘Morekɔ yi, ɛnyɛ nnipa ko a moyɛ anaa nea mowɔ anaa Gilead Sukuu a moakɔ no mpo na ɛbɛma mo ani agye. Mo anigye begyina sɛnea mususuw nsɛm ho so. Sɛ mode adwempa ne nimdeɛ di dwuma a, mo ani begye.’ Ɔreka sɛnea adwempa ho hia ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Nsonsonoe a ɛwɔ adeyɛ a ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu ne adwene a ɛwɔ akyi. Wo nsusuwii na ɛkyerɛ nea woyɛ.’ J. D. Redford de nkuranhyɛ nsɛm yi maa asuafo no de wiei sɛ: ‘Nnipa animdefo pii wɔ wiase no mu a wonsusuw nsɛm ho yiye, na wɔn a wonnim ade kɛse pii wɔ hɔ a wɔabɛyɛ wɔn a wotumi susuw nsɛm ho yiye. Enti sua yɛ. Bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene bedi dwuma. Fa wo nimdeɛ di dwuma. Gyina ɔhaw ahorow ano. Hu sɛnea wɔne nnipa bɔ. Gye tumidi tom. Sow aba wɔ adwuma a woyɛ mu. Kɔ so tra wo dwumadi mu.’

Ulysses V. Glass, a ɔyɛ sukuu no mpanyimfo mu biako pawee asɛmti a ɛne “Yehowa Kura Yɛn Nsam,” a egyina Dwom 37:23, 24 so no. Ɔkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mekamfo adesuakuw yi wɔ adesua ho anigye a wɔwɔ no ho.’ Ɔkaee wɔn mmoa ahorow a Yehowa de ma wɔn no bi​—Onyankopɔn Asɛm, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no a ɔma wonya Kyerɛwnsɛm no mu ntease wɔ Yesu akwankyerɛ ase, nhoma ahorow, ne nhyiam nketewaa ne akɛse. Ɔtoaa so sɛ: ‘Mmoa ahorow yi a mode adi dwuma wɔ mo adesua mu yi te sɛ honhom fam poma ne abaa. Yehia ɛnonom na awowaw yɛn wɔ honhom fam, na ɛboa yɛn ma yetumi de tumi ka Onyankopɔn Asɛm kyerɛ afoforo.’ Ɔde afotusɛm yi maa asuafo no de wiei sɛ: ‘Sɛ nnipa ho dɔ ahyɛ wo koma ma a, komapafo betie wo. Ebesi wo yiye wɔ wo som mu, na wubehu sɛ Yehowa kura wo nsam.’

Ɔkasafo a otwa to wɔ anɔpa dwumadi no mu ne Carey W. Barber, Sodikuw no muni a ɔpawee asɛmti a ɛne “Monhyɛn Ɔpon Teateaa no Mu” no. Ɔreka Luka 13:23, 24 ho asɛm no, ɔkae sɛ: ‘Pii pɛ asetra mu nhyira ahorow, nanso kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wɔyere wɔn ho denneennen na wɔn nsa aka.’ Yɛn nso ɛ? ‘Eye sɛ yebisa yɛn ho sɛ, “Ɔpon teateaa yi ho mfonini no kyerɛ dɛn ma me ankasa?’” Wɔn a wɔnhyɛn ɔpon teateaa no mu no ntumi nyɛ saa efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyere wɔn ho denneennen, na ɛnyɛ sɛ emukɔ renyɛ yiye. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ‘Yehowa nhwehwɛ nea ɛboro so afi yɛn hɔ.’ Ɔde baa awiei sɛ: ‘Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa nam Yehowa mmoa so de anigye bɛyere yɛn ho denneennen sɛnea ɛfata na yɛapere ahyɛn ɔpon teateaa no mu akɔ daa nkwa, asomdwoe, ne anigye wɔ wiase foforo no mu, na ahyɛ Yehowa anuonyam daa!’

Ɔkasa yi akyi no, oguamtrani no de nkyia a wɔn nsa ka fii asase so mmeaemmeae no mae. Na afei bere aso sɛ wɔde adesuafo no adesua ho adansedi krataa bɛma wɔn. Asuafo no fi aman asia mu na ɛbae​—Canada, Finland, Germany, Great Britain, Switzerland, ne United States. Nanso, na wɔama wɔn dwumadi wɔ nsase te sɛ Argentina, Benin, Bolivia, Dominican Republic, Papua New Guinea, Peru, St. Lucia, ne Taiwan. Na adesuafo no te nka dɛn wɔ wɔn adesua wie ho dwumadi da yi so? Krataa bi a ɛka koma a wɔkyerɛw kɔmaa Sodikuw ne Betel abusua no mu nsɛm no bi ne sɛ: “Yɛwɔ Sodikuw ne Betel abusua no, ne Yehowa ahyehyɛde no nyinaa mmoa mu ahotoso. Bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a ɛda yɛn anim no, saa mmoa no yɛ biribi a ɛbɛsom bo ama yɛn. Nokwarem no, yɛde eyi ho aseda ma.”

Wɔpɔn anɔpa dwumadi no homee kakraa akyi no, wɔde Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔtew bere a wɔde yɛe no so, a Karl A. Adams hwɛɛ so, fii awia dwumadi no ase. Ɛno akyi no, asuafo no yɛɛ osuahu a wonyae ankasa wɔ sɛnea wodu koma no mu bere a wɔrekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Awiei koraa no, wɔn a wɔbae nyinaa, a adesuakuw a ɛto so 90 no mufo ka ho, hwɛɛ drama bi a ɛyɛ ne bere mu de a wɔato din Kwati Asetra mu Dadwen, a mpɔtam hɔ adawurubɔfo yɛe no.

Oguamtrani Karl Klein, kasa maa obiara bere a ɔkae wɔ ne nsɛm a edi akyiri no mu sɛ: “Nokwarem no, eye sɛ yɛbaa ha March da a ɛto so abiɛsa 1991 yi mu!” Wɔde dwom a wɔde wie, ne mpaebɔ a Harold J. Dies bɔe no na ewiee dwumadi a ɛyɛ anigye no.

[Adaka wɔ kratafa 27]

Adesuakuw no ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn dwumadi wɔ hɔ: 10

Asuafo dodow nkabom: 24

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 31.2

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 15

Mfe dodow a wɔde ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma nkyekyem: 11

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 90 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyiri ne kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Miller, M.; Helenius, S.; Marsh, L.; Kleeman, A.; Loosli, Y.; Nizan, H. (2) Skogen, R.; Nutter, D.; Noack, E.; Diehl, L.; Hair, J. (3) Marsh, C.; Helenius, H.; Loosli, M.; Danio, A.; Danio, A.; Nizan, D. (4) Miller, L.; Noack, J.; Hair, L.; Kleeman, W.; Skogen, D.; Diehl, S.; Nutter, W.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena