Wɔn A Wɔawie Gilead Sukuu Gye Asɛmpatrɛw Ɔsom Adwuma Akyɛde No
WƆ MARCH 1, 1992 mu no, Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 92 no mufo 22 a wɔawie wɔn adesua no gyee akyɛde bi—asɛmpatrɛw ɔsom adwuma akyɛde no. Bere a Lloyd Barry a ɔyɛ Sodikuw no muni rekasa akyerɛ adesuakuw no, ɔkae sɛ: “Ɛmmra sɛ mode anigye kɛse begye saa akyɛde a ɛyɛ anigye no, na ɛmmra sɛ mode bedi dwuma ma afoforo anya anigye.”
Ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn ne Betel abusua no mufo bɛyɛ 4,662 hyiaam wɔ Jersey City Nhyiam Asa a ɛwɔ New Jersey no maa adesuawie dwumadi no. Wɔnam telefon so maa afoforo 970 a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ New York wɔ Brooklyn, Wallkill, ne Patterson no tiee dwumadi no. Obiara yɛɛ aso tiei yiye bere a wɔde nkradi afotu bi a ɛbɛboa wɔn a wɔawie adesua no ma wɔabu asɛmpatrɛw ɔsom adwuma no sɛ ɛsom bo yiye na wɔde adi dwuma nyansam no maa wɔn no.
Wɔde anigye too dwom a ɛto so 155, “Munnyigye Mo Ho Mo Ho,” de buee dwumadi no ano. Ɛno akyi no, Gilead Sukuu titrani a wadi mfe 98, Frederick W. Franz mpaebɔ a efi komam no kanyan obiara. Afei oguamtrani, Carey Barber a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa obiara akwaaba baa adesuawie dwumadi no ase na ɔkae sɛ: “Bere biara nni hɔ a asɛmpatrɛwfo ho ahia yiye sen nnɛ.” Ne kasa no akyi no, ɔmaa wɔde ɔkasa ntiantiaa, a ɛho bɛba mfaso ma toatoaa so.
Curtis Johnson a ɔyɛ Betel Fie Boayikuw no muni no dii kan kasae, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne sɛ, “Hwɛ Wo Turo no so Yiye.” Onua Johnson kae sɛ sɛ asɛmpatrɛwfo afoforofo yi kodu wɔn nsasesin mu a, wɔn mu biara benya honhom fam turo bi a ɔbɛyɛ mu adwuma. (1 Korintofo 3:9) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa no yɛ honhom fam turo bi a trenee ne ayeyi afifi wom wɔ amanaman nyinaa anim. (Yesaia 61:11) Ɔkasafo no sii so dua sɛ, ‘Sɛnea wohwɛ wo daakye honhom fam turo no so no benya si a ebesi wo yiye wɔ w’asɛmpatrɛw dwumadi mu no so nkɛntɛnso kɛse.’ Dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔahwɛ wɔn honhom fam turo no so yiye? ‘Yehowa betumi ayɛ ahobammɔ ɔfasu a atwa wo honhom fam turo no ho ahyia. Sɛ woasi wo bo sɛ wobɛyɛ nnwuma pa a, bɛn no wɔ mpaebɔ mu, na afei yɛ nea wobɔ ho mpae no ho adwuma.’
Lloyd Barry na odii hɔ, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne sɛ “Momma mo ani nnye Awurade mu daa.” (Filipifo 4:4) Esiane mfe bɛboro 25 mu asɛmpatrɛw adwuma wɔ Japan mu osuahu a ɔwɔ nti, na ɔwɔ nyansahyɛ ahorow bi a ɛfata ma wɔn a wɔawie adesua no na aboa wɔn ma wɔanya asɛmpatrɛw ɔsom adwuma akyɛde no mu anigye. Ɔkae sɛ: ‘Mubehu sɛ anigye a munya wɔ Onyankopɔn som mu no boa mo ma mudi nhyɛso ahorow ne ebia ɔhonam mu ɔhaw ahorow a muhyia no pii so nkonim.’ (Mmebusɛm 17:22) Ɔkaee wɔn a wɔawie adesua no sɛ wobetumi ahyia tebea horow a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea akokwaw wɔn no ho. Ebia ɛho behia sɛ wosua kasa foforo. ‘Ɛsɛ sɛ moyere mo ho sua kasa no. Nanso bere a afei mutumi ne nnipa no kasa wɔ wɔn ankasa kasa mu a mommrɛ no, eyi nso bɛma mo anigye no ayɛ kɛse.’
Eldor Timm a ɔwɔ Nhoma Tintimbea Boayikuw no mu na odii hɔ kasae, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne sɛ “Kɔ so Fa W’ani To Nkonimbo no So.” Dɛn ne nkonimbo no? Daa nkwa! Sɛ yɛn nsa bɛka a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so tee. Ɔkasafo no kaa nsɛdi ne nsonsonoe ahorow a ɛwɔ Kristofo a wotu nkwa ho mmirika no ne afeha a edi kan no mu agumadi akansi mu mmirikatufo ntam no ho asɛm. Te sɛ mmirikatufo no, ɛsɛ sɛ Kristofo tete wɔn ho denneennen, na woyi nnesoa biara a ɛhaw adwene no fi wɔn ho. Nanso nea ɛnte sɛ mmirikatufo ankasa no, Kristofo rekɔ mmirika bi a wobetu wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔhwehwɛ nkonimbo bi a ɛne daa nkwa. Sɛ́ anka obiako pɛ bedi nkonim no, wɔn a wotu nkwa ho mmirika no wie nyinaa nsa bɛka nkonimbo. Onua Timm wiee n’asɛm no sɛ: ‘Sɛ yɛn nsa bɛka nkwa nkonimbo no a, ɛsɛ sɛ asomdwoe tra yɛne Onyankopɔn, Nea ɔde nkonimbo no ma no, ntam. Na sɛ asomdwoe bɛba yɛne Yehowa ntam a, ɛsɛ sɛ asomdwoe tra yɛne yɛn nuanom ntam.’
Milton Henschel a ɔyɛ Sodikuw no muni ne nea odii hɔ kasae, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Ɛdenam Kyerɛwnsɛm mu Awerɛkyekye So No, Yɛwɔ Anidaso.” (Romafo 15:4) Ɔkasafo no fii ase sɛ, ‘asram anum a atwam ni no, mode Bible no adi dwuma pii a adagyew nnim. Moabɛn no kɛse. Mowɔ anidaso a emu yɛ den. Bere a morekɔ mo nsasesin mu yi, mesrɛ mo monkae nea enti a mo anidaso no mu yɛ den saa no. Nea entia ɛte saa ne sɛ moabata Kyerɛwnsɛm no ho pintinn.’ Ɔkasafo no twee adwene kɔɔ Atemmufo atiri 6 kosi 8 so, nea ɛka sɛnea wɔpaw Gideon sɛ onnye Israel mfi Midianfo nhyɛso ase ho asɛm no, de yɛɛ Bible mu asɛm a ɛkanyan anidaso ho nhwɛso. Ɔkaa ɛho asɛm ne sɛnea ɛfa yɛn da yi ho no ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: ‘Sɛ munya hokwan bɛn Kyerɛwnsɛm no na mususuw nsɛm yi ho a, ɛma mo ahoɔden foforo. Munya akokoduru.’
Na obiara ho pere no sɛ obehu nkradi afotu a sukuu no akyerɛkyerɛfo atitiriw baanu no de bɛma asuafo no. Jack Redford dii kan kaa asɛmti “Yɛ Nea Ɛteɛ” ho asɛm. Ɔkaee wɔn a wɔrewie adesua no sɛ: “Wɔmaa mo nea ɛteɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho ntetee fefeefe wɔ Gilead. Afei morekɔ asɛmpatrɛw dwumadi ahorow a emu yɛ den mu. Na yenim sɛ ebia mubehyia nsɛnnennen wɔ kwan so. Ɛmfa ho sɛ eyi te saa, na ɛmfa ho sɛnea mo ankasa bɛte nka no, yenim sɛ mubetumi ayɛ nea ɛteɛ.’ Dɛn na ɛbɛboa wɔn? Biako ne sɛ wobenya afoforo ho adwene a ɛteɛ. Ɔkasafo no kae sɛ: ‘Nhwɛ pɛyɛ kwan mfi sintɔ mu.’ Sɔhwɛ tebea horow ho adwene a ɛteɛ a wobenya no nso betumi aboa. Ɔkae sɛ ‘yɛn nyinaa hyia mmere pa ne mmere bɔne wɔ yɛn asetra mu. Obiara betumi adi mmere pa no ho dwuma. Ɛyɛ sɛnea mudi mmere bɔne no ho dwuma na ɛbɛkyerɛ sɛ mobɛkɔ so atra asɛmpatrɛw ɔsom adwuma no mu anaa dabi.’—Yakobo 1:2-4.
Sukuu no panyin, Ulysses Glass, paw asɛmti a ese “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Daakye?” Ɔkasae sɛ agya de hyɛɛ wɔn a wɔrewie adesua no nkuran sɛ wɔmma wɔn anidaso no nkɔ so nhyerɛn. (Mmebusɛm 13:12) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Ɛyɛ den sɛ wubehu bere a obi fi ase hwere anidaso a ɔwɔ no. Nsɛm tebea betumi ama yɛasusuw yɛn ankasa ho sen sɛ yebesusuw yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. Ebia yɛbɛyare, anaasɛ yɛbɛte nka sɛ afoforo ne yɛn nni no yiye. Ebia ebinom benya honam fam nneɛma pii asen yɛn anaasɛ wɔn som adwuma no bɛsow aba pa asen yɛn, na ebia yebedi ho yaw ɔkwan bi so. Sɛ yɛma kwan ma nneɛma a ɛtete saa de nkakrankakra di yɛn so nkonim a, ɛrenkyɛ na sɛnea Ahenni anidaso no yɛ paara no akɔ fam wɔ yɛn koma ne adwenem, na ebia yebegyae nkwa mmirika no mpo tu.’ Dɛn na yebetumi ayɛ? ‘Sɛ yebetumi akanyan yɛn anidaso no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adepa. Ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛbɛbam ampa no hyɛ yɛn adwene ne yɛn komam na yɛde yɛn adwene nyinaa si sɛnea Onyankopɔn Ahenni yɛ paara no so. Na ɛsɛ sɛ yɛsan ne Yehowa fi nkitahodi ase, efisɛ nokwarem no, eyi bɛma yɛanya anigye.’
Karl Klein a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa adesuawie ɔkasa no. N’asɛmti ne sɛ “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbrɛ Yɛn ho Ase?” Na dɛn ne saa asemmisa no ho mmuae? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nnianim nsɛm no mu sɛ: ‘Efisɛ ɛne ade a ɛfata na ɛteɛ sɛ yɛyɛ, nea nyansa ne ɔdɔ wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.’ Atiefo no ani gyee ho bere a ɔkaa ahobrɛase nhwɛso anan a ɛyɛ papa sɛ yesuasua ho asɛm no: (1) Yehowa Nyankopɔn, a nokwarem no, ɔbrɛɛ ne ho ase wɔ ɔne Abraham ne Mose nsennii mu no (Genesis 18:22-33; Numeri 14:11-21; Efesofo 5:1); (2) Yesu Kristo, a ‘ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po’ no (Filipifo 2:5-8; 1 Petro 2:21); (3) ɔsomafo Paulo, a ‘ɔde ahobrɛase adwene nyinaa som Awurade no’ (Asomafo no Nnwuma 20:18, 19; 1 Korintofo 11:1); ne (4) ‘yɛn mpanyimfo,’ te sɛ Asafo ti no titrani a odi kan, Onua Russell, a ɔkyerɛw bere bi sɛ: “Adwuma a asɔ Awurade no ani sɛ ɔde yɛn ahobrɛase dom akyɛde ahorow no bedi dwuma wom no nyɛ mfitiase adwuma pii te sɛ adwuma a wɔsan yɛ, nsakrae a wɔyɛ, ne biakoyɛ a wɔma ɛba.” (Hebrifo 13:7) Onua Klein kɔɔ so kyerɛɛ ntease a tumi wom afoforo a enti ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase. Nokwarem no, ahobrɛase ho afotu no a wobetie no bɛboa wɔn a worewie adesua no ma wɔde asɛmpatrɛw ɔsom adwuma akyɛde no adi dwuma nyansam!
Nsɛm yi akyi no, oguamtrani no kenkan nkyia a wɔde fi asase mmeae ahorow bae no kyerɛe. Afei na bere aso sɛ wɔde wɔn a wɔrewie adesua no adansedi nkrataa no ma wɔn. Wofi aman ason so na ɛbae—Canada, Finland, France, Mauritius, Netherlands, Sweden, ne United States. Nanso wɔn asɛmpatrɛw dwumadi no de wɔn bɛkɔ aman 11 so—Bolivia, Estonia, Grenada, Guatemala, Honduras, Hungary, Mauritius, Peru, Togo, Turkey, ne Venezuela.
Bere a wɔapɔn akɔhome aba no, wɔde Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔatwa bere a wɔde yɛ no so fii awia dwumadi no ase, na Joel Adams a ɔwɔ Ɔsom Dwumadibea Boayikuw no mu na ɔhwɛɛ so. Ɛno akyi no, wɔn a wɔawie adesua no yɛɛ asɛnka mu osuahu ahorow a wonyae wɔ sukuu no mu no ho ɔyɛkyerɛ. Awiei koraa no, wɔyɛɛ drama a asɛmti ne Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyere Obu Ma Teokrase Nhyehyɛe? de yɛɛ adesua maa atiefo no nyinaa, a wɔn a wɔrewie adesua no nso ka ho.
Nokwarem no, wɔn a wɔawie adesua yi fii hɔ kɔɔ wɔn dwumadi ahorow mu a wɔanya afotu ne nkuranhyɛ a ɛbɛboa wɔn na wɔde asɛmpatrɛw ɔsom adwuma akyɛde no adi dwuma, na ɛde anigye abrɛ afoforo nso, ɛnyɛ wɔn nkutoo.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22]
Adesuakuw no ho Nsɛm
Aman dodow a wofi so: 7
Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 11
Adesuafo no dodow: 22
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33.4
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16.7
Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no: 11.8
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 92 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wohyehyɛɛ akuw no fi anim kɔ akyi, ne kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.
(1) Chan Chin Wah, M.; Bouancheaux, N.; Chapman, B.; Östberg, A.; Cole, L.; Jackson, K.; Meerwijk, A. (2) Smith, J.; Wollin, K.; Chapman, R.; Gabour, N.; Chan Chin Wah, J.; Smith, C.; Edvik, L. (3) Bouancheaux, E.; Östberg, S.; Cole, K.; Jackson, R.; Gabour, S.; Edvik, V.; Meerwijk, R.; Wollin, G.