Ɔtempɔn A Ɛkɔ Paradise No Ho Akwampae Adwuma A Wɔyɛ
DA BI a na wim abae wɔ March mu wɔ New Jersey no, nnipa bɛyɛ 4,300 hyiaam wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Jersey City Nhyiam Asa no so. Ná wofi United States nyinaa ne afei nso aman afoforo pii so. Nea ɛmaa nhyiam titiriw yi ho behiae ne biribi a esii mfirihyia 43 a atwam ni bere a wɔ Nathan H. Knorr a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani no akwankyerɛ ase no wɔtew sukuu bi a wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo no.
Ná saa March mu nhyiam yi yɛ nea Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no adesuakuw a ɛto so 80 no de rewie. Nanso dɛn na ɛmaa nnipadɔm a wɔte sɛɛ baa nhyiam yi ase no? Ɛyɛ dwumadi no ho nhyehyɛe a na wɔrehwɛ kwan no.
Asɛmpatrɛwfo Su Ahorow—Nea Ɛma Wodi Yiye
Ná dwumadi no guamtrani ne Karl Klein a ɔka Yehowa, Adansefo Sodikuw no ho no. Ɔtoo nsa frɛɛ ɔkasafo a odi kan, Lloyd Barry, a na anka ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Japan a mprempren ɔka Sodikuw no ho no, na ɔkasa faa asɛmti a ɛne ‘Momfa Nnwuma Nka Mo Gyidi Ho” no ho. Otuu wɔn fo sɛ: ‘Wɔ asram anum a mode anya Gilead ntetee kɛse yi akyi no, ɛsɛ sɛ mo dɔ ne mo gyidi yɛ nea emu ayɛ den kɛse. Afei bere a mokɔ mmeae a mobɛkɔ akɔyɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ mode nnwuma ka ho.’ (Yakobo 2:22, 23) Ɔkae sɛ, te sɛ Yehowa no, ɛsɛ sɛ ‘wotua ahema’ na wɔde da mũ nyinaa yɛ adwuma pa wɔ ne som mu.—Yeremia 7:25.
Daniel Sydlik a ɔno nso ka Sodikuw no ho no de afotu a ɛhyɛ nkuran mae wɔ asɛmti a ɛne “Mubetumi Anya Su Pa” no ho. Ɔkae sɛ, wɔ tebea biara mu no, wubetumi anya su pa anaa su bɔne wɔ ho. Bere a ɔde n’asɛm no agyina Malaki 3:15, 16 so no, ɔyɛɛ nhwɛso a ɛfa sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ obi benya adwene a ɛnteɛ wɔ ɔman foforo bi ho no ho. Ɔtoaa so sɛ: “Monyɛ adwene a ɛnteɛ a wonya mu nyaa. Momma mo ani nnye sɛ mubenya Onyankopɔn nhyira.”
Ɔkasafo foforo nso ne Ulysses Glass a ɔyɛ sukuu no kyerɛwtohɔ sohwɛfo no, osii hia a boasetɔ, akomatɔyam ne akokoduru ho hia so dua. Jack Redford a na anka ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a mprempren ɔyɛ sukuu no akyerɛkyerɛfo no mu biako no de afotu a eye mae a ɛfa adwene a emu da hɔ a wobenya ho. Ɔkae sɛ, “anyansafo sesa wɔn adwene, nkwasea nyɛ saa!” Enti otuu asɛmpatrɛwfo afoforo yi fo sɛ wɔnyɛ sɛ ɔsomafo Paulo a ɔfaa anwensɛm akyerɛwfo a na wɔwɔ baabi a ɔwɔ no asɛm kae no. (Asomafo no Nnwuma 17:28) Ɔde baa awiei sɛ: “Montrɛw wɔ baabi a wɔde mo adua no. . . . Munnya adwene ne koma a emu da hɔ.”
Nea ɔmaa nhyiam yi ɔkasa titiriw no ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani Frederick W. Franz a mprempren wadi mfe 92 no. Bere a ɔrekasa afa asɛmti a ɛne “Akwampae Adwuma Mprempren Yɛ Ɔtempɔn a Ɛsan Kɔ Paradise wɔ Asase So” no ho no, ɔkaakae bere a wɔtew Gilead Sukuu no mu nsɛm, “ɔko bere mu akokoaa ne abofra a ɔwɔ gyidi” bere a efii ase wɔ Wiase Ko II mu no. Bere a ɔde Yesaia 62:10 ayɛ kyerɛwsɛm a ne kasa no gyina so no, ɔkyerɛɛ sɛnea asɛmpatrɛwfo afoforo yi benya kyɛfa wɔ adwuma kɛse yi a ɛne ɔtempɔn kɛse a ɛyɛ den a wɔrepae no mu a ɛso na afoforofo a wɔreba nokware som mu betumi afa akɔ Paradise a wɔbɛsan de aba no mu no. Ansa na anɔpa dwumadi no reba awiei no wɔkyekyɛɛ adansedi krataa maa adesuafo 24 no.
Nea na ɛka awia dwumadi no ho ne nea adesuafo no suae no mu ntĩmu a ɛyɛ anigye ne afei nso nsɛnnennen a wobehyia daakye ho nsɛm. Nea ɛde dwumadi no baa awiei ne Bible drama a ɛkyerɛ sɛnea Rahab, ne akyiri yi Gibeonfo no nso yii gyidi adi a ɛma wogyee wɔn no.—Yosua, atiri 2 kosi 6 ne 9.
Sɛ adesuafo 24 a wɔawie Gilead Sukuu a ɛto so 80 yi ka ho a, wɔde asɛmpatrɛwfo 6,234 akɔ wiase nyinaa na wɔredi asɛnka no anim de ma Mateo 24:14 nya mmamu.