Mmofra—So Mubedi Kristofo Nokwaredi ho Sɔhwɛ no mu Nkonim??
“WUMMU abrabɔ bɔne sɛ ɛnkyerɛ nokwaredi. Woregye w’ani ara kwa. Ɛwom, wunim sɛ sɛ w’awofo anaa mpanyimfo no hu a, ɛbɛma wɔadi yaw kɛse, na ɛde ɔhaw ahorow pii aba. Nanso sɛ woregye w’ani a, woma wo werɛ fi saa nsɛm no nyinaa.”
Na aberante a yɛafa n’asɛm aka seesei ara yi abɔ aguaman wɔ kokoam. Na obu ɔbra ahorow abien, na na ɔdaadaa n’awofo ne Kristofo asafo no. Saa bere no wanhu sɛ ɔredi Kristofo nokwaredi ho sɔhwɛ mu nkogu.
Kristofo mmofra mpempem pii adi nokwaredi ho sɔhwɛ ahorow a ɛte saa mu nkogu. Na ɛnyɛ nwonwa! Satan Ɔbonsam ‘retu’ Onyankopɔn nkurɔfo ‘so sa,’ na ɔreyɛ nea obetumi nyinaa na ama wɔagyae wɔn mudi mu. (Adiyisɛm 12:17) Mmofra titiriw na ɔde ne “anifere nneyɛe” daadaa wɔn. (Efesofo 6:11, Kingdom Interlinear) Egye mmɔdenbɔ ankasa ne tirimbɔ na woakura nokwaredi mu.
Dɛn koraa ne nokwaredi? Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wodii kan de gyinaa hɔ maa “nokwaredi” no kyerɛ ɔdɔ mu a wofi de ho bata obi ho a atirimpɔw bi nti na wɔyɛ saa. (Dwom 18:25) Ɛnka abusuabɔ bi a emu nyɛ den, a ebetumi asɛe ntɛm ara ho asɛm, na mmom abusuabɔ a ɛnsɛe kosi sɛ atirimpɔw a wokura wɔ onipa no ho no bɛbam. Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wodii kan de gyinaa hɔ maa “nokwaredi” no kura adwene a ɛkyerɛ kronkronyɛ, trenee, ne ɔsom.
Enti nokwaredi kyerɛ obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛteɛ. Efesofo 4:24 ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne nokwaredi mu.’ So wopɛ sɛ wudi nokware ma Yehowa? Ɛnde ɛsɛ sɛ wufi nokwaredi mu de wo ho bata no ho, wo ne no nya abusuabɔ a entumi nsɛe, wusi wo bo sɛ wobɛsɔ n’ani w’akwan nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ wudi Yehowa trenee gyinapɛn so—sɛnea wobetumi asɔ wo ahwɛ ma woayɛ biribi foforo no mfa ho!
Nhyɛso a Ɛremma Wunni Nokware
Nea ɛfata nkamfo no, Yehowa Adansefo mmofra pii rebɔ mmɔden sɛ wobekura nokwaredi mu, ma enti wɔwɔ ahonim pa. Nanso, ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ “nna a edi akyiri” no mu no, nnipa bɛyɛ wɔn a wonni nokware. (2 Timoteo 3:1, 2) Awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo mmofra bi ama kwan ma wiase a enni nokware yi ‘atwetwe wɔn de wɔn ayɛ ne fã.’ (Romafo 12:2, Phillips) Ɔkwan bɛn na Satan afa so atumi ayɛ saa?
Atipɛnfo nhyɛso yɛ Satan adwinnade biako a ɛyɛ nnam. Nnipa pii pɛ sɛ afoforo nya wɔn ho adwempa, na Satan nim sɛnea ɔde saa awosu mu ade a wɔpɛ yi bedi dwuma. Esiane sɛ Kristofo mmofra bi mpɛ sɛ wobu wɔn sɛ wɔyɛ soronko nti, wɔbɔ nkɔmmɔ bɔne, wobu ɔbra bɔne, wɔnom sigaret, wɔbow nsa—na wɔnom nnubɔne mpo—ne nyinaa fi sɛnea wɔpɛ sɛ wɔn atipɛnfo gye wɔn tom no nti.
Satan pɛ sɛ ‘yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛn honam akɔnnɔ te, na yɛyɛ nea ɔhonam pɛ.’ (Efesofo 2:3) Onim sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ano betumi ayɛ den wɔ “baabun” bere mu. (1 Korintofo 7:36) Na ɔpɛ sɛ wugyaa wo ho mu ma saa akɔnnɔ horow no. Kristofo mmofra bi nam aguamammɔ nhoma a wɔkenkan, sini, ne video a aguamammɔ wom a wɔhwɛ anaa boasipem a wɔde wɔn ho hyem so tɔ n’afiri mu a wonnim. Saa nneyɛe yi nso ma wɔtaa yɛ nneɛma a anibere wom a ɛnkyerɛ nokwaredi. So Satan wiase no ‘atwetwe wo de wo ayɛ ne fã’ wɔ saa nneɛma yi binom mu?
Ɔbra Ahorow Abien a Wɔbɔ
Ɛwom sɛ bɔne a anibere wom te sɛ aguamammɔ a wɔyɛ no ankasa no yɛ asɛm a anibere wom yiye de, nanso mmofra binom ma ɔhaw ahorow a wohyia no yɛ kɛse. Wɔte sɛ “mmarima nkontompofo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 26:4, “a wɔde sɛnea wɔte no hintaw” no. (New World Translation) Mmofra a wɔte saa no bu ɔbra ahorow abien, wobu biako wɔ bere a wɔne wɔn awofo anaa Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ no, ne foforo no nso bere a wɔne wɔn atipɛnfo wɔ hɔ.
Nanso, mfaso nni ɔbra ahorow abien a wobu so na asiane wom. Ɛkame ayɛ sɛ nneyɛe bɔne a wonnyae ma wɔyɛ nneɛma bɔne afoforo bere nyinaa. Ɛwom sɛ obi ahonim betumi ahaw no mfiase no de, nanso bere tenten a ɔyɛ bɔne no, bere dodow no ara na n’ahonim nyɛ bɔneyɛ no ho biribi kɛse. Obi ‘rente ɛyawdi nka bio’ koraa wɔ bɔneyɛ ho.—Efesofo 4:19, Kingdom Interlinear.
Edu saa bere no mu a, ɛba bɛyɛ den yiye sɛ obi bɛka ne bɔne akyerɛ na wɔaboa no. Eyi te saa titiriw, sɛ Kristofo mmofra afoforo ka ho na wɔyɛɛ bɔne no a. Wɔtaa da nokwaredi a ɛnteɛ adi. Abofra a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wunim nea woreyɛ no, na wunim sɛ ɛyɛ bɔne. Nea ɛbɛyɛ na woremfa afoforo a wɔka ho no nto ɔhaw mu no, wopene so sɛ worenka nkyerɛ obiara.”
Ɛwom sɛ obi betumi ‘de sɛnea ɔte ahintaw’ n’awofo ne asafo no de, nanso ɔrentumi nhintaw Yehowa. “Na enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” (Hebrifo 4:13) Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade.” (Mmebusɛm 28:13) Ɛrenkyɛ bɔne no bɛda adi. Obiara nni hɔ a obetumi ahu nyansa asen Yehowa. Mmebusɛm 3:7 se: “Nyɛ w’ani so onyansafo, suro [Yehowa], na dan wo ho fi bɔne ho.” Kae nso, “[Yehowa] ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.”—Mmebusɛm 15:3.
Enti, wohuu abofra a yɛaka no ho asɛm no ne afoforo pii a wɔyɛɛ bɔne wɔ kokoam no, na na ɛsɛ sɛ wotu wɔn fi Kristofo asafo no mu. Akyiri yi wɔsan nyaa ahoɔden wɔ honhom mu, na wɔsan gyee wɔn. Nanso, ɔkwan a ɛyɛ yaw a wɔfaa so suaa nea nokwaredi kyerɛ bɛn ara ni!
Onyankopɔn a ‘Wɔne no Besiesie Nsɛm’
Na sɛ ada adi dedaw sɛ obi anni nokware wɔ ɔkwan bi so, ebia denam bɔne bi a wayɛ so nso ɛ? Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛdaadaa ne ho na wapow sɛnea ehia sɛ osiesie nsɛm no. Abofra biako a ɔbɔɔ aguaman wɔ kokoam no kae sɛ: “Memaa me som adwuma kɔɔ anim, na misusuwii sɛ saayɛ bɛma me bɔne no so akata wɔ ɔkwan bi so.” Israel man asowuifo no bɔɔ mmɔden saa ara sɛ wɔde afɔrebɔ ahorow bɛpata Yehowa. Nanso Yehowa pow nyaatwom ahofama a ɛte saa no. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.” Na Yehowa begye wɔn afɔrebɔ ahorow no bere a ‘wɔne no asiesie nsɛm’ akyi nkutoo. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔn a ebia wɔayɛ bɔne no yɛ.—Yesaia 1:11, 15-18.
Obi ntumi ne Yehowa nsiesie nsɛm denam ne tipɛn a ɔbɛka ho asɛm akyerɛ no kɛkɛ no so. Ade biako ne sɛ atipɛnfo mfa mmoa a eye sen biara mma bere nyinaa, efisɛ mpɛn pii no osuahu a wɔwɔ wɔ asetra mu no sua. Nea ehia kɛse no, wontumi mfa wo bɔne mfiri wo. Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa. Enti, “yi wo yam” ka wo bɔne kyerɛ no. (Dwom 62:8) Ɛwom sɛ ebia w’ani awu yiye wɔ w’abrabɔ no ho de, nanso nya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘de firi pii.’—Yesaia 55:7.
Wubehia mmoa foforo. “Ma w’awofo nhu, ma mpanyimfo no nhu ntɛm ara—mfiase no pɛɛ,” saa na Kristoni abofra bi a onyaa mmoa a ɛte saa mu mfaso de afotu mae. Yiw, w’awofo na wobetumi aboa wo yiye. “Fa wo koma” ma wɔn, na ma wonhu sɛnea wo bɔne no nyinaa te. (Mmebusɛm 23:26) Wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma woanya mmoa pii afi asafo no mu mpanyimfo hɔ bere a ehia mu.—Yakobo 5:14, 15.
Nokware a Wobɛda no Adi—Ɔkwan Bɛn So?
Nokwarem no, ɛbɛyɛ papa asen biara sɛ woremmu ɔbra a ɛnkyerɛ nokwaredi koraa. Dwom 18:25 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔdɔeyɛfo na wo [Yehowa] ne no bedi adɔe so, onipa a odi mu na wo ne no bedi no mudi so.” Yehowa hyira wɔn a wɔde nokwaredi kura abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu.
Nanso, akwan afoforo a ebia wɔbɛfa so asɔ wo nokwaredi ahwɛ wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ w’adamfo bi reyɛ bɔne bi. So wobɛma nokware a ɛnteɛ a wubedi ama w’adamfo no abunkam nokware a wubedi ama Yehowa no so? Ade a ɔdɔ wom a wobɛyɛ ne sɛ wobɛkɔ saa w’adamfo no nkyɛn na woahyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ n’awofo anaa mpanyimfo no. Ka kyerɛ w’adamfo no sɛ sɛ wanyɛ saa wɔ bere a ɛsɛ mu a, w’ankasa wobɛkɔ akɔka. Mmebusɛm 27:5 se: “Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.” Wonam w’adamfo no a wobɛboa no saa kwan yi so no so bɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware nko na w’adamfofa no yɛ, na mmom nokware a wudi ma Yehowa no nso mu dɔ.
Sɛnea sɔhwɛ no te biara no, ahoɔden a wubenya de adi nokware no fi abusuabɔ a emu yɛ den a wo ne Yehowa wɔ no. Mpaebɔ a aba wom ne adesua a yɛde nsi bɛyɛ ho hia, sɛ yebenya abusuabɔ a ɛte saa a. Anigyesɛm ne sɛ mmofra a wɔyɛɛ bɔne a yɛaka wɔn ho asɛm no nyinaa gye toom sɛ na wɔn mpaebɔ ne adesua su a wɔwɔ no abɛyɛ biribi a wɔyɛ daa kɛkɛ—na ankyɛ wogyaee koraa. Yehowa ankɔ so anyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa amma wɔn, na ankyɛ na wobuu ɔbra bɔne. So wonam mpaebɔ ne kokoam adesua so rehyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no den na ama woakɔ so adi nokware?
Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, wubesusuw sɛ worehwere anigye bi. Ababaa biako se: “Ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea wiasefo no regye wɔn ani. Nanso sɛ wokɔ tebea no mu a, wutumi hu sɛ ɛnyɛ anigye koraa.” Osuahu a wanya no na ɛma ɔka saa, efisɛ na wabɔ aguaman ma nyinsɛn ne yafunu a wotu gu afi mu aba. Mprempren ose: “Nokware no mu a obi wɔ no yɛ ahobammɔ”—biribi a osuae wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so. Dwom 119:165 kae yɛn sɛ “asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ [Onyankopɔn] mmara.”
Enti, yɛ nea wubetumi nyinaa sɛ wobɛkɔ so adi nokware. Wo ne Yehowa nhyehyɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa. Kyi bɔne na bata papa ho. (Romafo 12:9) Dwom 97:10 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.” Yiw, sɛ Kristoni abofra no, sɛ wudi nkonim wɔ Kristofo nokwaredi ho sɔhwɛ no mu a, wubenya Yehowa ahobammɔ mu mfaso na woanya daa nkwa.