Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/1 kr. 5-7
  • So Ɛna-Onyamewa Som Da so Ara Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛna-Onyamewa Som Da so Ara Wɔ Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efesofo Artemi
  • Ɛna-Onyamewa Bɛyɛ “Onyankopɔn Na”
  • Ɛna-Onyamewa Som Da so Ara Wɔ Hɔ
  • Baabi a Nokware Som ne Abosonsom Dii Asi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Asase Na Bɛyɛ Abawo Anyamewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Som Ɔbɔadeɛ No Na Ɛnyɛ Abɔde No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/1 kr. 5-7

So Ɛna-Onyamewa Som Da so Ara Wɔ Hɔ?

TETE Kristofo no mmere so no, na wɔda so ara som ɛna-onyamewa no. Ɔsomafo Paulo kohuu bi wɔ Efeso a ɛwɔ Asia Kumaa no. Te sɛ Atene kuropɔn a wɔsom anyamewa wɔ hɔ nso mu no, na wadi “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase,” Ɔbɔadeɛ teasefo, a ɔnte “sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi” no ho adanse. Efesofo a wɔn mu pii som ɛna-onyamewa Artemi no antumi anya eyi ho koma. Wɔn a na wɔyɛ onyamewa no dwetɛ abosonnan tɔn de hwɛ wɔn ho no hwanyann sakasakayɛ. Nnipakuw no teɛteɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”​—Asomafo no Nnwuma 17:24, 29; 19:26, 34.

Efesofo Artemi

Na Helafo no nso som Artemi bi, nanso wontumi nkyerɛ pefee sɛ ɔno ara ne Artemi a na Efesofo som no no. Na Helafo Artemi no yɛ ahayɔ ne awo onyamewa baabun bi. Na Efesofo Artemi no yɛ abawo nyamewa. Na wobu n’asɔredan kokuroo a ɛwɔ Efeso no sɛ wiase anwonwade ason no mu biako. Wɔayɛ ne honi a wosusuw sɛ efi soro bɛtɔɔ asase so no sɛ abawo nhwɛso ankasa, a nufu te sɛ nkesua pii wɔ ne koko so nyinaa. Sɛnea wɔasen nufu yi ama wɔde ho nkyerɛkyerɛmu ahorow ama, te sɛ ka a wɔka sɛ egyina hɔ ma nkesua anaa nantwi hweaa mu aba a wɔasina agu ne kɔn mu. Ɛmfa ho sɛ nkyerɛkyerɛmu bɛn ara a wɔde ma no, abawo ho sɛnkyerɛnne no da adi pefee.

Sɛnea The New Encyclopœdia Britannica kyerɛ no, “wɔde sika, duabo dua, dwetɛ, ne abobiri na edii kan yɛɛ onyamewa no honi no.” Wɔyɛɛ Efesofo Artemi no honi bi a wonim yiye, a wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, sɛ ɔwɔ anim, ne nsa, ne n’anan tuntum.

Na wɔde Artemi honi no kyinkyin mmorɔn so. Bible ho ɔdenimfo R. B. Rackham kyerɛw sɛ: “Na [Artemi] asɔredan mu na wɔde n’ahoni, abosonnan, ne nnwinne kronkron a wɔde sika ne dwetɛ ayɛ no asie, na sɛ wɔrehyɛ fa akɛse a, wɔsoa kɔ kuropɔn no mu san de ba wɔ aprententu a ɛyɛ fɛ mu.” Na nnipa ɔpehaha pii a wofi Asia Kumaa mmeae ahorow nyinaa tu kwan kɔ afahyɛ ahorow yi ase. Wɔtɔɔ onyamewa no abosonnan nketenkete a wɔasen, na wɔkamfoo no sɛ ɔyɛ ɔkɛse, wɔn awuraa, ɔhemmaa, ɔbaabun, “nea otie mpaebɔ na ogye tom.” Bere a nneɛma a ɛtete sɛ atwa wɔn ho ahyia no, na egye akokoduru kɛse ansa na Paulo ne tete Kristofo no atumi ayi “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase” no ayɛ mmom, sen sɛ anka wobeyi anyame ne anyamewa a wɔde “sika anaa dwetɛ anaa ɔbo” ayɛ wɔn no ayɛ.

Ɛna-Onyamewa Bɛyɛ “Onyankopɔn Na”

Paulo kaa ɔwae bi a ɛbɛba ho asɛm kyerɛɛ Kristofo asafo a ɛwɔ Efeso no mu mpanyimfo. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ awaefo bɛba abɛka “nkontomposɛm.” (Asomafo no Nnwuma 20:17, 28-30) Na asiane ahorow a ɛwɔ hɔ bere nyinaa a ebetumi aba Efeso no bi ne ɛna-onyamewa som a wɔbɛsan afi ase. So ɛbaa saa ampa?

Yɛkenkan wɔ New Catholic Encyclopedia no mu sɛ: “Sɛ beae a wotu nyamesom mu kwan kɔ hɔ no, na wobu Efeso sɛ ɛhɔ na wosiee [ɔsomafo] Yohane. . . . Atetesɛm foforo bi, a Efeso Bagua (431) no hui, ka Ɔbaabun Maria a Wɔahyira No no ne ɔhotefo Yohane bom. Wɔfrɛɛ asɔredan kɛse a Bagua no hyiaa wom no sɛ Maria Asɔredan.” Katolekfo nhoma foforo bi a ɛne (Théo​—Nouvelle encyclopédie catholique) ka asɛm bi a ese ɛyɛ “atetesɛm a wobetumi agye adi” sɛ Maria ne Yohane kɔɔ Efeso, na ɔtraa hɔ ne nkwa nna nyinaa. Dɛn nti na abusuabɔ a wose ɛda Efeso ne Maria ntam no ho hia yɛn nnɛ?

Ma The New Encyclopœdia Britannica mmua: “Wɔhyɛɛ Onyankopɔn na a wɔsom no no mu den bere a wɔyɛɛ Kristofo Asafo no ahemman no asɔre wɔ Konstantino nniso ase na abosonsomfo no baa asɔre no mu yuu no. . . . . Wonyaa wɔn ɔsom mu mmɔdenbɔ ne nyamesom ho anigye wɔ mfepem pii mu fii ‘ɛna-onyamewa kɛse’ ne ‘ɔsoro ɔbaabun’ no som mu, na eyi yɛ biribi a enyaa ne mfiase fii tete Babilon ne Asiria ɔsom horow a na agye din no mu tɔnn.” Ɛhe na na eye sen Efeso sɛ wɔbɛdan ɛna-onyamewa som no ayɛ no “Kristosom mu adeyɛ”?

Enti, ɛyɛ Efeso, wɔ 431 Y.B. mu, na nea wɔfrɛ no asɔreasɔre nkabom bagua a ɛto so abiɛsa no pae mu kae sɛ Maria yɛ “Theotokos,” Hela asɛmfua bi a ɛkyerɛ “Nea Ɔwo Nyankopɔn,” anaa “Onyankopɔn Na.” New Catholic Encyclopedia no se: “Akyinnye biara nni ho sɛ abodin yi a Asɔre no de dii dwuma no na ɛmaa Maria nkyerɛkyerɛ ne ne som fii ase wɔ mfeha a edii akyiri bae no mu.”

Wobetumi ahu “Ɔbaabun Maria Asɔredan,” faako a bagua yi hyiaam no amamfo nnɛ wɔ beae a na tete Efeso wɔ no. Wobetumi akɔhwɛ asɔredan bi a, sɛnea atetesɛm kyerɛ no, ɛno ne ofie a Maria traa mu na owui. Paapa Paul VI kɔsraa saa Maria abosonnan a ɛwɔ Efeso no wɔ 1967 mu.

Yiw, Efeso ne beae titiriw a wɔsakraa ɛna-onyamewa abosonsom, te sɛ nea Paulo kohui wɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no, yɛɛ no ahofama denneennen a wɔde ma Maria sɛ “Onyankopɔn Na.” Ɛnam Maria som so titiriw na ɛna-onyamewa som akɔ so atra ase wɔ Kristoman nsase so.

Ɛna-Onyamewa Som Da so Ara Wɔ Hɔ

Encyclopœdia of Religion and Ethics no se Bible ho ɔdenimfo W. M. Ramsay kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ “afeha a ɛto so 5 no mu no, na nidi a wɔde ma Ɔbaabun Maria wɔ Efeso no yɛ tete Anatolia Ɛna Ɔbaabun abosonsom no [a wɔsan fii ase].” The New International Dictionary of New Testament Theology se: “Ɛwom sɛ adwene a Katolekfo kura wɔ ‘Onyankopɔn na’ ne ‘ɔsoro hemmaa’ ho no bae wɔ A[pam] F[oforo] no kyerɛw akyi de, nanso ɛtwe adwene si tete Apuei Fam ɔsom ne abakɔsɛm mu nsɛm so. . . . Wɔ ɔsom a wɔde maa Maria akyiri yi mu no, wohu ɔsoro ɛna abosonsom no ho nneɛma pii wom.”

Nneɛma yi dɔɔso sen nea yɛbɛka sɛ ɛbae ara kwa. Wontumi mmu ani ngu nsɛdi ahorow a ɛda Ɔbaabun Maria ɛna-ne-akokoaa ahoni ahorow no ne abosonsom ahoni ahorow, te sɛ Isis de no ntam no so. Maria Tuntum ahoni ɔhaha pii a ɛwɔ Katolekfo asɔredan ahorow mu wɔ wiase nyinaa no ma obi kae Artemi honi no. Nhoma (Théo​—Nouvelle encyclopedie catholique) ka Mmaabun Tuntum yi ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛno so na wɔnam de ɔsom a na pii de ma Diana [Artemis] . . . anaa Cybele no mu nea ɛkae no maa Maria.” Ɔbaabun Maria Soro Kɔ Da ho aprententu ahorow no te sɛ aprententu a wɔde dii Cybele ne Artemi ni no.

Abodin ahorow a wɔde ma Maria no mpo ma yɛkae abosonsom ɛna-anyamewa. Wɔkamfoo Istar sɛ “Ɔbaabun Kronkron,” “m’Awuraa,” ne “ɛna mmɔborɔhunufo a otie mpaebɔ.” Wɔfrɛɛ Isis ne Astarte sɛ “Ɔsoro Hemmaa.” Wɔfrɛɛ Cybele sɛ “Wɔn a wɔahyira wɔn nyinaa Na.” Wɔde saa abodin ahorow yi nyinaa, a wɔasakra ebinom kakraa bi frɛ Maria.

Vatican II hyɛɛ “Ɔbaabun a Wɔahyira No” som ho nkuran. Wonim Paapa John Paul II yiye wɔ ahofama a emu yɛ den a ɔwɔ ma Maria no ho. Wɔ n’akwantu bebree no mu no, ɔmma hokwan biara a obenya akɔsra Maria asɔredan ahorow, a Black Madonna of Czestochowa, wɔ Poland de no ka ho, mpa ne ti so. Ɔde wiase no nyinaa hyɛɛ Maria nsa. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ asɛmti “Ɛna Onyamewa” ase no, The New Encyclopœdia Britannica kyerɛw sɛ: “Wɔde din no afrɛ ahoni a wogu ahorow te sɛ nea wɔfrɛ wɔn Kan Tete Veno ahorow [tete mmea ahoni] ne Ɔbaabun Maria.”

Nanso ɛnyɛ ɔsom a Roman Katolekfo de ma Maria no nkutoo ne ɔkwan a ɛna-onyamewa som nam so akɔ so atra ase abedu yɛn mmere yi so. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ mmea akuw horow akyigyinafo akyerɛw ɛna-anyamewa som ho nhoma ahorow pii. Wogye di sɛ wɔahyɛ mmea so dodo wɔ wiase a mmarima de anuɔden hyɛ mmea so wom yi mu, ne sɛ ɔsom a ɛtwe adwene si mmea so no da sɛnea adesamma hwehwɛ wiase bi a anuɔden nnim adi. Ɛte sɛ nea wogye di nso sɛ sɛ wiase no twe adwene si mmea so pii a, nneɛma bɛyɛ yiye na asomdowe pii aba asen sɛnea ɛte nnɛ no.

Nanso, ɛna-onyamewa som amfa asomdwoe amma tete wiase no mu, na ɛremfa asomdwoe mma nnɛ. Bio nso, nnɛ nnipa pii, nokwarem no, ɔpepem pii a wɔne Yehowa Adansefo bɔ no abehu no yiye sɛ ɛmfa ho sɛnea wobebu Maria na wɔadɔ no sɛ afeha a edi kan mu ɔbea nokwafo a onyaa hokwan a ɛyɛ anigye sɛ ɔwoo Yesu na ɔtetee no biara no, ɛnyɛ ɔno na obegye asase yi. Saara na Yehowa Adansefo nnye nni sɛ Mmea Ahofadi Kuw no betumi de wiase a asomdwoe wom aba, ɛwom sɛ ntease wɔ nneɛma a wɔhwehwɛ no bi mu de. Wɔhwɛ kwan sɛ nea obetumi de ɛno aba ne Onyankopɔn a Paulo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Atenefo ne Efesofo no sɛ, “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:24; 19:11, 17, 20) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yi, a ne din ne Yehowa no, ahyɛ anuonyam wiase foforo bi a “trenee te mu” ho bɔ, na yebetumi de yɛn ho ato ne bɔhyɛ so wɔ ahotoso mu.​—2 Petro 3:13.

Wɔbɛka nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ mmea gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ho no ho nsɛm pii akyiri yi wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

ASTAROT​—Kanaanfo ɔbea ne ɔbarima nna ne akodi onyamewa

[Mfonini wɔ kratafa 6]

ARTEMI​—Efesofo abawo onyamewa

[Mfonini Fibea]

Musei dei Conservatori, Rome

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Kristoman “ONYANKOPƆN NA”

[Mfonini Fibea]

Chartres Cathedral, France

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena