Asase Na Bɛyɛ Abawo Anyamewa
WUNIM onyamewa a ne mfonini wɔ nsɛmma nhoma yi akyi no anaa? Ɛyɛ tete Misraim ɛna-onyamewa Isis. Sɛ woakɔsra tete nneɛma akorae anaasɛ woahwɛ tete abakɔsɛm nhoma bi mu pɛn a, ɛnde ebia woahu ahoni a ɛte sɛ eyi dedaw. Nanso susuw eyi ho: So wobɛkotow onyamewa Isis asom no anaa?
Sɛ woyɛ Kristoman ɔsom ahorow no biako muni a, ebia ɛno bɛyɛ asemmisa a ɛyɛ nwonwa. Ebia wobɛka sɛ wosom Ɔbɔadeɛ no, Nea wɔkaa ne ho asɛm sɛ, “Yɛn Agya a ɔwɔ soro” no. (Mateo 6:9, King James Version) Ebia ɛna-onyamewa a wɔkotow no no bɛyɛ wo nwonwa, anaa abofono mpo. Nanso, onyamewa som abu so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, na ebia wo ho bedwiriw wo sɛ wubehu wɔn a wɔsom ɛna-onyamewa ɔkɛse no nnɛ.
Nanso, ansa na yɛbɛka ɛno ho asɛm no, ma yensua ɛho abakɔsɛm kakra denam faako a ɛna-onyamewa som mu trɛw kodui wɔ tete mmere mu ho a yebesusuw no so. Ɛte sɛ nea na saa ɔsom yi yɛ atoro som a edii kan bae no bi. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma atutu ɛna-anyamewa a wɔda adagyaw ahoni wɔ tetefo atrae wɔ Europa nyinaa ne Mediterranea nsase so de kosi India.
Na wosusuw sɛ Asase Na no ne abɔde a nkwa wom ahorow nyinaa fibea, nea ɔma nkwa na afei ɔsan gye ma ne ho wɔ wɔn wu mu. Enti, na wɔsom no nanso na wosuro no nso. Mfiase no, na wogye di sɛ n’awo tumi no mfi ɔbea ne ɔbarima nna mu. Afei anansesɛm kyerɛ sɛ ɔwoo Ɔsoro Agya a ɔyɛ ɔbarima, na ɔbɛyɛɛ ne yere. Awarefo yi woo anyame ne anyamewa afoforo pii.
Babilonfo de a Ɛne no Sɛ
Wɔ Babilonfo anyame mu no, na Istar ne onyamewa otitiriw, a ɔte sɛ Sumeriafo abawo nyamewa Innanna. Nea ɛte sɛ abirabɔ no, na ɔyɛ akodi onyamewa ne ɔdɔ ne nkate mu anigye onyamewa nso. Wɔ ne nhoma Les Religions de Babylonie et d’Assyrie (Babilon ne Asiria Ɔsom Horow) mu no, Franseni nhomanimfo Édouard Dhorme ka Istar ho asɛm sɛ: “Na ɔyɛ onyamewa, awuraa, ɛna mmɔborɔhunufo a otie mpaebɔ na odi ma nnipa wɔ anyame a wɔn bo fuw no anim, na odwudwo wɔn abufuw ano . . . Wɔapagyaw no sen obiara, ɔbɛyɛɛ anyamewa mu onyamewa, anyame nyinaa hemmaa, ɔsoro ne asase so anyame sodifo.
Istar asomfo frɛɛ no sɛ “Ɔbaabun,” “Ɔbaabun Kronkron,” ne “Ɛna Ɔbaabun.” Tete Sumeriafo ne Akkadiafo “Kwadwom Mpaebɔ ma Istar” ka sɛ: “Mebɔ wo mpae, O nwuraa mu Awuraa, anyamewa mu onyamewa. O Istar, nnipa nyinaa hemmaa. . . . O wo a wowɔ ɔsoro tumi nyinaa, a wobɔ tumidi abotiri . . . . Asɔre adan, mmeae kronkron, ne abosonnan tie wo . . . . Ɛhe na wɔnyɛ wo sɛso ahorow? . . . Hwɛ me O m’Awuraa; tie me mpaebɔ.”a
Ɛna-Onyamewa Som mu Trɛw
Apuei Fam nsɛm ho ɔdenimfo Édouard Dhorme ka “Istar som a emu trɛw ho asɛm.” Emu trɛw kɔɔ Mesopotamia nyinaa, na wɔsom Istar ankasa anaa anyamewa a ɛsono wɔn din nanso wɔwɔ su koro no ara wɔ Misraim, Foinike, ne Kanaan, a Anatolia (Asia Kumaa), Hela, ne Italia nso ka ho.
Na ɛna-onyamewa titiriw a wɔsom no wɔ Misraim ne Isis. Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kyerɛw sɛ: “Isis nyaa asomfo pii a wohyiraa wɔn nkwa so maa no. Wɔde n’ahoni sisii asɔrefi hɔ, a ɔhyɛ ahenkyɛw sɛ Ɔsoro Hemmaa a akokoaa Horus da ne nsa so. Na kyɛnere a wɔasosɔ sesa so wɔ n’anim, na ɔhweaa ntamka afɔrebɔde sensɛn abosonnan mu hɔ.” (The Outline of History) Na nkurɔfo ani gye Isis som ho yiye wɔ Misraim. Emu trɛwee wɔ Mediterranea mpɔtam hɔ nyinaa nso, de kɔɔ Hela ne Roma titiriw, na ekoduu Europa atɔe fam ne kusuu fam mpo.
Wɔ Foinike ne Kanaan no, na wɔsom Astoret, anaa Astarte, a wose ɔne Baal yere no, sɛ ɛna-onyamewa. Te sɛ Babilonfo Istar a ɔte sɛ ɔno no, na ɔyɛ abawo ne akodi onyamewa. Wɔahu tete nkyerɛwee bi wɔ Misraim a wɔbɔ Astarte din wom sɛ ɔsoro awuraa ne ɔsoro hemmaa. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no ko tia abawo nyamewa yi som mu nkɛntɛnso bɔne no bere nyinaa.
Ɛde rekɔ Anatolia kusuu fam atɔe no, na onyamewa a ɔte sɛ Istar ne Cybele, a wonim no sɛ anyame no Na Ɔkɛseɛ no. Wɔfrɛ no nso sɛ Nea Ɔwoo Ade Nyinaa, Nea Ɔma Ade Nyinaa Aduan, Wɔn a Wɔahyira wɔn nyinaa Na. Cybele som fi Anatolia dii kan trɛw kɔɔ Hela, na efi hɔ kɔɔ Roma, na ɛkɔɔ so traa hɔ besii Yɛn Bere yi so. Nneɛma a na wɔyɛ wɔ abawo nyamewa yi som mu no bi ne asaw denneennen, asɔfo a wɔn ankasa pirapira wɔn ho, wɔn a wɔresua asɔfodi a wɔn ankasa yi wɔn hwea mu aba, ne onyamewa no honi a wɔhyehyɛ no fɛfɛɛfɛ soa de tu aprenten.b
Na tete Helafo no som Asase-Na onyamewa bi a wɔfrɛ no Gaea. Nanso wɔde anyamewa a wɔayɛ wɔn sɛ Istar, te sɛ abawo ne ɔdɔ nyamewa Afrodito; akodi onyamewa Atena; ne kuayɛ nyamewa Demeta kaa anyamewa a wɔsom wɔn no ho.
Wɔ Roma no, na Veno ne ɔdɔ nyamewa, ma enti, na ɔte sɛ Helafo Afrodito ne Babilonfo Istar. Nanso, na Romafo no som anyamewa Isis, Cybele, ne Minerva (Helafo Atena), a akwan bi so no, na wɔn nyinaa te sɛ Babilonfo nyamewa titiriw Istar no.
Ɛda adi pefee sɛ mfe mpempem pii mu no, na ɛna-onyamewa som yɛ ade a tumi wom a ɛsɔre tia Ɔbɔadeɛ kɛse, Yehowa, som. So wogyaee ɛna-onyamewa kɛse no som anaa? Anaasɛ so akɔ so atra ase abesi yɛn bere yi so? Yɛsrɛ wo kenkan nea edi hɔ no.
[Ase hɔ asɛm]
a Ancient Near Eastern Texts, a James B. Pritchard ne ne samufo, Princeton University Press, nkratafa 383-4.
b Abawo nyamewa foforo bi a na wɔsom no wɔ Asia Kumaa ne Efesofo Artemi, na yɛbɛka ne ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Babylon’s ISHTAR personified as a star
[Mfonini Fibea]
Courtesy of The British Museum
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Misrifo ISIS a akokoaa nyame Horus da ne nsa so
[Mfonini Fibea]
Musée du Louvre, Paris