Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Ɛsɛ sɛ Kristoni yere ne ho ko tia mogya a asennibea bi ahyɛ sɛ wɔmfa mma no no denneennen dɛn?
Tebea biara yɛ soronko, enti yenni mmara a ɛka tebea biara ho asɛm. Wonim Kristofo sɛ wɔde obu ‘tua Kaesare de ma Kaesare,’ na wodi wiase nniso horow no mmara ahorow no so. Nanso, wohu sɛ wɔn asɛyɛde a ɛsen biara ne sɛ ‘wɔde Onyankopɔn de bɛma Onyankopɔn’ na ɛnyɛ sɛ wobebu ne mmara so.—Marko 12:17.
Romafo 13:1-7 ka abusuabɔ a Kristofo ne aban ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ wɔ no ho asɛm. Nniso a ɛte saa no wɔ tumi sɛ ɛhyɛ mmara ahorow, anaa ɛde ahyɛde ahorow ma, mpɛn pii no, na ama ɔmanfo no yiyedi anya nkɔso. Na nniso ahorow ‘kura afoa’ de hwɛ ma wɔadi wɔn mmara so, na ‘wɔde abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so sɛnea wɔn mmara kyerɛ.’ Esiane sɛ Kristofo hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase nti, wɔpɛ sɛ wodi mmara ahorow ne asennibea mmara so, nanso anohyeto wɔ ahobrɛase yi mu. Sɛ wɔka kyerɛ Kristoni sɛ ɔmmrɛ ne ho ase mma biribi a ɛbɛma wato Onyankopɔn mmara a ɛkorɔn no a, odi ɔsoro mmara so kan; ɛno na ɛsɛ sɛ odi so.
Ebia wobetumi de nnɛyi mmara ahorow a eye no adi dwuma ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ wɔnhyɛ Kristoni bi mma no mogya. Wɔ asɛm yi mu no, ɛsɛ sɛ Kristofo paw gyinabea koro no ara a ɔsomafo Petro pawee no: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.
Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Hwɛ yiye na woanni mogya: efisɛ mogya ne ɔkra, na nni nka nam no ho.” (Deuteronomium 12:23) Yudafo 1917 Bible nkyerɛase bi kenkan sɛ: “Gyina pintinn sɛ worenni mogya no.” Na Isaac Leeser kyerɛɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Gyina pintinn na woanni mogya.” So ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa di ne mmara so bi ne bi?
Ntease pa nti na Kristofo asi wɔn bo pintinn sɛ wobetie Onyankopɔn, sɛ aban bi hyɛ wɔn sɛ mma wɔnyɛ saa mpo a. Ɔbenfo Robert L. Wilken kyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Kristofo pow [Roma] sraadi nko, na mmom wɔannye amammui dibea anaa kurow no so di ho asɛyɛde biara nso.” (The Christians as the Romans Saw Them) Sɛ wɔpow a, etumi ma wobu wɔn sɛ mmaratofo anaasɛ wɔde wɔn kɔ Romafo agodibea a woguru atɔprɛ wɔ hɔ.
Ɛsɛ sɛ nnɛyi Kristofo nso gyina pintinn, na wosi gyinae pintinn sɛ wɔremmu ɔsoro mmara so, sɛ ɛno mpo ma wɔn ho ba asɛm wɔ wiase nniso horow anim a. Amansan no mu mmara a ɛkorɔn sen biara—Onyankopɔn mmara—hwehwɛ sɛ Kristofo kwati mogya te sɛ nea wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnkwati aguamammɔ (nna mu ɔbrasɛe) no. Bible no frɛ mmara yi sɛ “nea ehia.” (Asomafo no Nnwuma 15:19-21, 28, 29) Ɛnsɛ sɛ yebu ɔsoro mmara a ɛte sɛɛ no adewa, te sɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedi so, sɛ ɛrenhaw yɛn anaa ɛremfa ɔhaw biara mma nkutoo a. Ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn mmara so!
Yetumi hu nea enti a Kristoni abofra a wɔkaa ne ho asɛm wɔ kratafa 17 no ka kyerɛɛ asennibea bi sɛ “obu mogya a wɔde bɛma no no sɛ ntua a wɔde ba ne nipadua so, na ɔde totoo mmonnaato ho” no. So wɔma obi mmara mu hokwan sɛ ɔne Kristoni bea, ababaa anaa ɔpanyin mmɔ aguaman denam mmonnaato so a, so ɔbɛma saa mmonnaato no ho kwan?
Saa ara na abofra a wadi mfe 12 a yɛafa n’asɛm aka wɔ saa kratafa no ara ma ɛda adi pefee sɛ ‘ɔde ahoɔden a obetumi anya nyinaa bɛko atia mogya a asennibea biara bɛhyɛ sɛ wɔmfa mma no no, ɔbɛteɛteɛm na wapere, obetu paane no afi ne nsa ho, na ɔbɛbɔ mmɔden asɛe mogya a ɛwɔ rɔba bag mu wɔ ne mpa atifi no.’ Osii gyinae pintinn sɛ obedi ɔsoro mmara no so.
Yesu fii baabi kɔe bere a nnipadɔm pɛe sɛ wosi no hene no. Saa ara nso na sɛ ɛte sɛ nea wɔde mogya a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Kristoni bi bɛma no ampa a, obetumi apaw sɛ obefi hɔ na amma wammu Onyankopɔn mmara so. (Mateo 10:16; Yohane 6:15) Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni fi nyansa mu hwehwɛ ayaresa foforo, na ɔnam saayɛ so abɔ mmɔden atra nkwa mu na wasan anya akwahosan.
Sɛ Kristoni bɔ mmɔden yiye na amma wɔammu Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no so a, aban mpanyimfo betumi abu no sɛ mmaratofo anaa wɔbɛma wɔadi n’asɛm. Sɛ ɛno nti wɔtwe n’aso a, Kristoni no betumi abu no sɛ trenee nti na ɔrehu amane. (Fa toto 1 Petro 2:18-20 ho.) Nanso wɔ nsɛm pii mu no, Kristofo akwati mogya a wɔde ma, na ayaresabea ayaresa a etu mpɔn ama wɔasan anya ahoɔden, ma enti mmara mu nsɛnnennen a ɛtra hɔ daa amfi mu amma. Na nea ehia kɛse no, wɔakura wɔn mudi mu ama wɔn ɔsoro Nkwamafo ne wɔn Temmufo no.