Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/1 kr. 28-30
  • Asɛmpa No A Wɔde Bere Nyinaa Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa No A Wɔde Bere Nyinaa Ka
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛso ma Yɛn Nnɛ
  • So Woreyɛ Wo Fam De?
  • Ɔsom Adwuma a Ɛkari Pɛ mu Akatua
  • Fa Wo ho Ma!
  • Da ‘Nnamyɛ’ Adi Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • “Kɔ So Kasa, Na Nka W’Ano Ntom”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • So Ɛyɛ Ɔsom Adwuma Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/1 kr. 28-30

Asɛmpa No A Wɔde Bere Nyinaa Ka

NA ƆSOMAFO Paulo rehyia ɔhaw bi a Yehowa Adansefo a wɔyɛ bere nyinaa asomfo nso hyia​—na ne sika asa. Enti ɔyɛɛ ntamadan adwuma a ɛba fam, a osuae wɔ ne mmofrabere mu wɔ Korinto no. Na ɛyɛ adwumaden, na ɛtɔ mmere bi a, ebia ntamadan ntama a ɛyɛ den a ɔde yɛɛ adwuma no twitwaa ne nsam. Sika a onyae no tumi tɔɔ nea obedi ne nea obefura ara kwa, nanso na ɛno ara dɔɔso ma no, efisɛ sɛ owie ne honam fam adwuma no da biara a, ɔde n’adwinnade gu hɔ na ɔkɔyɛ adwuma a ɛno titiriw nti na ɔbaa Korinto no​—ɔkaa asɛmpa no!​—Filipifo 4:11, 12.

Sɛ edu Homeda a, Paulo kɔ hyiadan no mu. Ampa, mfiase no, Paulo de “mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree” na ɛkɔɔ n’atiefo Korintofo no nkyɛn. (1 Korintofo 2:1, 3) Nanso esiane sɛ sɛnea ebinom gyee ne nkrasɛm no so hyɛɛ Paulo den nti, na “daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.”​—Asomafo no Nnwuma 18:1-4.

Nanso, bere tiaa bi mu de, na Paulo ntumi nyɛ nea ɛboro ne bere fã a ɔde bɛka asɛm no. Afei Silas ne Timoteo de ntoboa a ɛdɔɔso fi Makedonia bae na ‘ɛmaa ne nsa kaa nea ehiaa no no mmoroso.’ (2 Korintofo 11:9; Filipifo 4:15) Amanneɛbɔ a ɛne sɛ anuanom a wɔwɔ Tesalonika no agyina pintinn wɔ ɔtaa a ɛbaa wɔn so nyinaa akyi no nso maa no akomatɔyam.​—1 Tesalonikafo 3:6.

Ɛkaa Paulo dɛn? “Paulo de nnam kaa asɛm no [“ɔde ne bere nyinaa kaa asɛm,” Jerusalem Bible; Today’s English Version], na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.” (Asomafo no Nnwuma 18:5) Bere a na afei ne sikasɛm mu ahokyere ano abrɛ ase kakra no, Paulo ampɛ sɛ ɔbɛhome kosi sɛ ɔbɛsan afi bere nyinaa asɛmpaka adwuma no ase. Ɔde nnamyɛ fii ase yɛɛ adwuma yi bio, na ɛnyɛ asɛm nkutoo na ɔka kyerɛɛ Yudafo no, na mmom ogyee bere mpo de kyerɛw ne nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛw no mu nea edi kan​—krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no!

Nhwɛso ma Yɛn Nnɛ

Wɔakora adwuma a Paulo yɛe nnam so wɔ Korinto ho kyerɛwtohɔ no so sɛnea ɛbɛyɛ na ahyɛ Kristofo nyinaa nkuran na wɔde wɔn bere nyinaa aka asɛmpa no. Paulo hui sɛ Awurade Yesu ankasa de nidi a ɛkorɔn ama n’asuafo sɛ wɔnyɛ “wiase hann.” Na ɛnsɛ sɛ wɔde hann yi sie. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:14-16) Na eyi kyerɛ asɛnka adwuma a Yesu kaa ho asɛm siei no mu kyɛfã kɛse a yebenya. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:6-8) Na Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ne atirimpɔw titiriw nti a Kristofo asafo no bae.

Te sɛ Paulo no, tete Kristofo buu asɛnka adwuma no aniberesɛm. Enti, bere a Onyankopɔn atamfo susuwii sɛ wɔadum nokware hann no denam “nkwa Hene” no a wokum no atirimɔden kwan so no so no, n’akyidifo no kɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ wiase hann, na wɔde nnam kaa asɛm no. (Asomafo no Nnwuma 3:15) Ɔtaa mpo amma wɔannyae. Bible kyerɛwtohɔ no se: “Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Asomafo no Nnwuma 5:42) Biribiara antumi ansiw wɔn kwan!

Ɛnnɛ mmere yi nso, Kristofo de wɔn bere nyinaa reyɛ adansedi adwuma no. Ɛde rekɔ afeha 19 no awiei no, Onyankopɔn Asɛm asuafo mmɔdenbɔfo fii ase hui sɛ ɛho hia sɛ wɔka Bible mu nokware ahorow kyerɛ afoforo. Wɔhyehyɛɛ Zion’s Watch Tower Tract Society​—ahyehyɛde bi a emu atrɛw akɔ aman ahorow pii mu​—sɛ adwumakuw wɔ mmara mu wɔ 1884 mu. Bible Asuafo yi a wɔahu wɔn fi 1931 sɛ Yehowa Adansefo no de Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ ahyɛ asase no so ma ankasa. Adwuma a wɔde nnam yɛ no ama wɔanya asafokuw kɛse a wɔboro ɔpepem anan! Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛkɔ so adɔɔso pii wɔ Yehowa akwankyerɛ ase.​—Yesaia 60:22.

So Woreyɛ Wo Fam De?

Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mateo 9:37, 38) Wɔ 1990 mu no, nnipa a wɔn dodow rekɔ ɔpepem du na wɔbaa Kristo wu no Nkaedi ase. Hwɛ sɛnea hokwan a ɛyɛ nwonwa wɔ hɔ sɛ otwa adwuma no mu bɛtrɛw wɔ wiase nyinaa! Nanso bere a yedi nkɔso a ɛba no ho ahurusi no, ɛsɛ sɛ obiara bisa ne ho sɛ, ‘Merenya adwuma kɛse yi mu kyɛfã kodu he? So meyɛ saa daa​—a sɛ metumi a, meyɛ no dapɛn biara anaa?’

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo di anim wɔ adwuma yi yɛ mu de yɛ ‘nhwɛso ma nguankuw no.’ (1 Petro 5:3) Ɛyɛ ampa sɛ mpanyimfo pii yɛ honam fam nnwuma. Saara na ɔsomafo Paulo yɛe bere a na ɔwɔ Korinto no. Nanso, oyii bere sii hɔ de yɛɛ asɛnka adwuma no daa. Saara na mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii de wɔn bere nyinaa di honhom fam nneɛma ho dwuma wɔ dapɛn awiei mu. Eyi betumi anya asafo no mufo nyinaa so nkɛntɛnso kɛse na ahyɛ wɔn nkuran. Asram bi mu no, sɛ wɔhyɛ da yɛ nhyehyɛe titiriw bi a, asafo ahorow bebree adawurubɔfo mu dodow no ara de wɔn ho hyɛ akwampae adwuma mu. Dɛn na ɛma wotumi yɛ saa? Mpanyimfo no di anim wɔ asɛnka adwuma no ne ɛho nhyehyɛe ahorow yɛ mu.

Sɛ asafo mu asomfo nso de wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu daa a, wobetumi anya asafo no mufo so nkɛntɛnso pa. Kae sɛ Kyerɛwnsɛm no se ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a “wɔn anim yɛ duru, . . . wɔn a wɔsom yiye.” (1 Timoteo 3:8, 13) Ehia nokwaredi wɔ asɛnka adwuma no mu na ama onua bi afata sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo.​—Tito 1:8, 9.

Te sɛ Paulo no, ebinom tumi tew honam fam adwuma a wɔyɛ no so ma wotumi yɛ akwampae adwuma. Mfe du pɛ a atwam ni no, daa akwampaefo, akwampaefo aboafo, ne akwampaefo atitiriw dodow kɔɔ soro fi 137,861 koduu 536,508 wɔ 1990 mu. Nokwarem no, Yehowa nhyira ne mpeneso nkutoo na ɛmaa eyi tumi bae. Nanso, ɛsɛ sɛ akwampaefo hwɛ yiye sɛ wɔde bere bedi dwuma nyansam, ɛnyɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma kɛkɛ. Akwampaefo, so moyɛ ahosiesie yiye na ama mo asɛnka dwumadi atu mpɔn anaa? So mobɔ mmɔden sɛ mobɛkɔ so anya nkɔanim na ama mo som adwuma no asow aba ampa anaa?

Ɔsom Adwuma a Ɛkari Pɛ mu Akatua

So w’ani sɔ Ɔwɛn-Aban ne ne hokafo, Nyan! no mu nsɛm a ɛma nkwa a wɔde ma ɔsram biara no anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani sɔ. So w’anisɔ no aka wo ma wunya nsɛmma nhoma yi a wɔde ma afoforo no mu kyɛfã anaa? Onuawa bi a ɔwɔ Botswana yɛɛ saa. Na anka ɔsɔre tia nokware no, nanso ne kunu kenkan nsɛmma nhoma no mu nsɛm kyerɛɛ no. Akyiri yi ɔsakraa n’adwene bɛyɛɛ Ɔdansefo. Ɛwom sɛ onnim akenkan de, nanso otumi de nsɛmma nhoma no ma yiye, na nea ɔka ne sɛ, “Minnim akenkan, nanso me kunu kenkan nsɛmma nhoma yi ma me. M’ani gye ho, na migye di sɛ wo nso w’ani begye ho.”

Dɛn nti na wonyɛ adwuma a wɔde gye nkwa yi bi dapɛn biara? Sɛ wutumi fata wɔ honhom fam ara pɛ a, Kristofo asafo no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woafi ase ayɛ bi. Nanso, nsɛmma nhoma ma yɛ ɔsom no fã bi ara kɛkɛ. Obiara a ɔde ne bere nyinaa yɛ asɛmpaka adwuma no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne som akari pɛ. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn Aban Asafo no tintim nhoma ɔpepem pii, na wɔde eyi ma nkurɔfo sɛ honhom fam aduan fibea a ɛkyɛ pii. So wo ho akokwaw wɔ wo asɛnka dwumadi mu akodu faako a wutumi de nhoma te sɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ma anaa?

Na wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nso ɛ? So woyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfata na ama woatumi asan akɔsra wɔn? Nsrahwɛ a ɛtete sɛɛ betumi akowie ɔsom dwumadi no fã a ɛma anigye a ɛsen biara mu​—ofie Bible adesua adwuma. Kae sɛ Yesu de ahyɛde maa yɛn wɔ Mateo 28:19, 20 sɛ ‘yɛnyɛ asuafo, na yɛmmɔ wɔn asu.’ Ɛno kyerɛ sɛ yɛne wɔn besua Bible no. Ɛyɛ ampa sɛ mpɛn pii no, adesua a wɔhyehyɛ gye animia. Ɔdansefo biako hyiaa awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔde anigye penee ofie Bible adesua so. Nanso wɔkɔɔ so tuu adesua no hyɛɛ da toatoaa so nnawɔtwe abiɛsa. Akyiri yi, wofii adesua no ase. Afei, awarefo no twaa adesua no mu bɛyɛ dapɛn biara wɔ bere bi mu. Nanso, awiei koraa no, ɔyere no nyaa nkɔso kosii sɛ ɔfata maa asubɔ. Onua no kae sɛ, “wɔbɔɔ no asu akyi no, anigye maa n’ani tɛɛtɛɛ nsu, na ɛno ho anigye maa me ne me yere nso ani tɛɛtɛɛ nsu.” Yiw, yɛn bere nyinaa a yɛde bɛyɛ asɛmpaka adwuma no ma yenya anigye a enni kabea!

Fa Wo ho Ma!

Yesu Kristo ne ɔsomafo Paulo ayɛ ahofama ho nhwɛso pa a yebetumi asuasua. Na yɛwɔ nhwɛso a ɛyɛ anigye pii wɔ Yehowa Adansefo mu nnɛ. Bere aso sɛ wɔn a wonim asɛmpa no nyinaa bɛyɛ nnam wɔ afoforo a wɔbɛka akyerɛ wɔn no mu. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ adwumaden a ɛte sɛɛ nyinaa “nyɛ ɔkwa.”​—1 Korintofo 15:58.

Te sɛ Paulo no, pii wɔ sikasɛm mu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Enti, ebia pii rentumi nyɛ akwampae adwuma. Nanso ɛnam Yehowa mmoa so no, yɛn nyinaa betumi de afotu pa a ɛwɔ Romafo 12:11 no adi dwuma: “Monnyɛ mmɔdenbɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hyew, monsom [Yehowa].” Na sɛ yɛn nsɛm tebea sakra ma yenya bere pii a yɛde bɛyɛ Yehowa ɔsom adwuma no a, obiara a ɔdɔ Yehowa apɛde ampa, te sɛ Paulo no, de hokwan no bedi dwuma. Fa wo bere nyinaa yɛ asɛmpaka adwuma no! Ɛnyɛ nhyira nko na saa a wobɛyɛ no bɛma woanya mprempren, na mmom ɛbɛma woanya daa nkwa a anigye a enni awiei ka ho daakye!​—Mateo 19:28, 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena