Da ‘Nnamyɛ’ Adi Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu
1 Sɛ yɛkenkan asɛm a ɛkyerɛ sɛ na Paulo nwene ntamadan wɔ Korinto no a, yebetumi aka sɛ na ontumi nnya bere pii nka asɛm no. Nanso, Asomafo no Nnwuma 18:5 ka sɛ: ‘Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.’ Dɛn nti na Paulo de nnamyɛ kaa asɛm no? Ɛwom sɛ na Korintofo pii abɛyɛ agyidifo de, nanso Awurade sii so dua sɛ nnipa pii bɛba abɛyɛ asuafo wɔ kurow no mu. (Aso. 18:8-11) So yebetumi ada nnamyɛ a ɛte saa adi wɔ yɛn som adwuma no mu? Yiw. Yebetumi anya nnipa pii akyerɛkyerɛ wɔn nokware no.
2 Fa Bere Pii Ka Asɛm no Wɔ April Mu: Akyinnye biara nni ho sɛ woyere wo ho ka asɛmpa no ɔsram biara. Nanso, asram bi wɔ hɔ a, yenya hokwan kɛse ‘de nnamyɛ’ yɛ adwuma a ɛte saa no. April ɔsram a ɛyɛ Nkaedi bere no yɛ mmere a ɛte saa no biako. So wo tebea ma kwan ma woyɛ akwampaefo boafo anaa woyɛ pii wɔ asɛnka mu saa bere yi? Adawurubɔfo pii a wɔreyɛ saa no anya nhyira pii. (2 Kor. 9:6) Sɛ woreyɛ nea wubetumi nyinaa a, kae sɛ Yehowa ani sɔ ɔsom a efi wo kra nyinaa mu no. (Luka 21:2-4) Sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, fa yɛ wo botae sɛ ‘wode nnamyɛ’ bɛyɛ ɔsom adwuma no wɔ April mu. Na kae sɛ wode w’asɛnka akontaabu bɛma wɔ ɔsram no awiei na ama wɔde aka nea Yehowa nkurɔfo nyinaa atumi ayɛ no ho.
3 Kɔsra Anigyefo a Wɔbaa Nkaedi No: Nnipa dodow 230,469 na wɔbaa Nkaedi no wɔ Ghana afe a etwaam no. Yennya nhuu nnipa dodow a wɔkɔɔ afe yi de no bi no. Nanso, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ‘adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.’ (Mat. 9:37, 38) Enti, yɛ nhyehyɛe ntɛm ara kɔsra anigyefo a wɔbaa Nkaedi no kɔboa wɔn wɔ honhom fam. Twɛn a wobɛtwentwɛn wo nan ase wɔ nsrahwɛ yi mu no bɛma ‘ɔbɔnefo no anya kwan ahwim ahenni asɛm a wɔagu wɔ wɔn komam no.’ (Mat. 13:19) Kɔ a wobɛkɔ wɔn nkyɛn ntɛm no bɛkyerɛ sɛ woreda ‘nnamyɛ’ adi wɔ wo som adwuma mu.
4 Kɔ So Boa Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No: Wɔ February mu no yefii mmɔdenbɔ soronko bi ase de boaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no. Sɛ wɔn mu bi wɔ hɔ a mpanyimfo no nkɔsraa wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe kɔsra wɔn ansa na April aba awiei. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden hu nea ɛhaw onipa no na wohu ɔkwampa a wɔbɛfa so aboa no ma ɔde nnamyɛ abɛsom Yehowa bio. Mmoa a ɛte saa a mpanyimfo fi ɔdɔ mu de ma no da no adi sɛ wobu wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛyɛn “Onyankopɔn nguankuw” no aniberesɛm. (1 Pet. 5:2; Aso. 20:28) September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-3, ma mpanyimfo no nyansahyɛ a ɛfata a wobetumi de adi dwuma bere a wɔredi ɔhaw anum a ɛfa wɔn a wɔayɛ mmerɛw ho no mu biara ho dwuma no. Anigyesɛm ne sɛ, yebetumi akanyan wɔn mu binom ma wɔasan afi asɛnka ase wɔ April mu.
5 Boa Nnipa Pii Ma Wɔmmɛyɛ Adawurubɔfo a Wɔmmɔɔ Asu: So wo mma fata sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo foforo? Na wɔn a wo ne wɔn yɛ Bible adesua no nso ɛ? Sɛ mpanyimfo no pene wɔn so a, so April renyɛ bere a ɛfata sɛ wobefi ase abu akontaa? Sɛ nipa no renya nkɔso na sɛ wasua Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma no awie a, wubetumi ne no asua nhoma foforo—sɛ ebia God’s Word, True Peace anaa Biako a Wɔayɛ De Resom, nhoma no. Wo botae ne sɛ wobɛboa osuani no ma wanya nokware no ho nimdeɛ pii, abɛfata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu, na wahyira ne ho so agye asubɔ sɛ Yehowa Dansefo.—Efe. 3:17-19; 1 Tim. 1:12; 1 Pet. 3:21.
6 Mmɔden a wobɛbɔ na woakyerɛ wo Bible asuafo ho anigye ankasa no bɛboa wɔn ma awiei koraa no wɔde nokware no ayɛ wɔn de. Ɔdansefo bi kɔɔ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim nkyɛn ma wɔde anigye penee so sɛ ɔne wɔn nyɛ Bible adesua. Nanso, awarefo no ma wotuu adesua no hyɛɛ da toaa so dapɛn abiɛsa. Awiei koraa no, wofii adesua no ase. Nanso, na awarefo no mma adesua no ntoa so dapɛn biara. Ne nyinaa akyi no, ɔbea no fata maa asubɔ. Onua no ka sɛ: “Bere a ɔbɔɔ asu no, anigye maa nusu guu no, na me ne me yere nso ani gyei maa nusu guu yɛn!” Yiw, ‘nnamyɛ’ a yɛde ka asɛmpa no ma yenya anigye kɛse!
7 Bible nkɔmhyɛ ne nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no da no adi sɛ yɛadu akyiri wɔ awiei bere no mu. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa de ‘nnamyɛ’ ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɔsomafo Paulo ma yenya awerɛhyem sɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa no “nyɛ ɔkwa, Awurade mu.”—1 Kor. 15:58.