Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Wogye Dii Wɔ Kathmandu
MFONINIYƐFO bi fii nokware a ɔhwehwɛ no ase wɔ Brittany, France, wɔ 1980 mu. Ɔne Pentecostal asɔrefo bɔɔ nkɔmmɔ na osuaa Apuei Fam ɔsom horow ho ade—nanso wannya nea ɔhwehwɛ. Afei ɔne Yehowa Adansefo mu biako bɔɔ nkɔmmɔ nanso ankyɛ na ogyae. Ohyiaa mfoniniyɛfo foforo bi na ɔne no kɔyɛɛ adwuma na wɔboom trae.
Eyi akyi bere tiaa bi no, nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo yi sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔsra Nepal. Wɔn ani gyee sɛnea saa ɔman no mu yɛ fɛ ne emu asomdwoe no ho yiye, nanso nnipa mu nyiyim a ɛwɔ hɔ, a Atɔe Fam a wɔtrae nti wohuu no sɛ ade a ɛnteɛ no buu wɔn abam.
Wɔsan kɔɔ France no, ɔbea no ka kyerɛɛ ne hokafo no sɛ wɔmmom nsua Bible no, na ɔbarima no penee so ma ɛyɛɛ no nwonwa. Wokohuu Ɔdansefo a ɔbea no ne no bɔɔ nkɔmmɔ mfe abien a atwam no. Mfiase no, wɔde Bible no nkutoo na edii dwuma, nanso akyiri yi no, wɔpenee so de nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne afei Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no dii dwuma. Afe biako mu no, wogyaee nnubɔne a wɔde di dwuma no.
Wɔsan kɔsraa Nepal bio bɛyɛ asram abien akyi no, nnipa baanu yi san kɔɔ France na wɔtoaa wɔn adesua no so. Wogyaee sigaret nom, asanom mmeae ne disko kɔ, na wofii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow. Nanso bere a wowiee Tra Ase Daa nhoma no sua no, wosii gyinae sɛ wobegyae adesua no.
Wɔsan kɔɔ Nepal na wɔkɔtraa ofie ketewaa bi a ɛwɔ Himalaya Mmepɔw no ase mu. Da koro ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim a ɔhyɛ coat na wabɔ tie bɛbɔɔ wɔn pon mu. Na ɔbea no nkutoo na ɔwɔ fie hɔ, na osusuwii sɛ ɔbarima no yɛ obi a ɔtɔ mfonini tɔn a ɔrebɛhwɛ wɔn mfonini ahorow no bi. Nea ɛyɛɛ no nwonwa ne sɛ na ɔyɛ Ɔdansefo bi a nea ɔne wɔn suaa ade wɔ France no asoma no. Ankyɛ na ne hokafo no san baa fie, na wɔne ɔbarima no bɔɔ nkɔmmɔ nnɔnhwerew abien.
Nna kakraa bi akyi no, nnipa baanu yi kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase wɔ Kathmandu, na wɔn ani gyee sɛnea wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase ho yɛ wosee no ho. Wohuu onuadɔ ne anigye koro no ara a wohuu wɔ France nhyiam horow no ase no. Wohuu biakoyɛ a ɛwɔ Nepalfo a wɔbaa nhyiam no ntam no, ɛwom mpo sɛ na eyinom fi akuw horow mu. Wogye dii afei sɛ eyi ne Yehowa ahyehyɛde no.
Ɔsram biako akyi no, wɔsan kɔɔ France na wɔsan fii Bible adesua ne nhyiamkɔ ase ntɛm ara. Wɔwaree, fii adansedi ase, na awiei koraa no wɔbɔɔ wɔn asu. Mprempren okunu no yɛ asafo mu ɔsomfo, na ne yere no yɛ akwampaefo boafo adwuma bere ne bere mu. Nokwarem no, Yehowa honhom bɛboa komapafo ma wɔanya nkɔanim na wɔabɛyɛ n’asomfo.—Adiyisɛm 7:15-17.
[Adaka/Asase Mfonini wɔ kratafa 9]
NEPAL
Ɔmanfo Dodow - 17,712,221
1990 Adawurubɔfo a Ɛsen Biara - 63
Ɔdawurubɔfo Biako Kasa Kyerɛ - 281,146
Akwampaefo Nkyekyem - 10
Asafo Dodow - 1
Bible Adesua Nkyekyem - 107
Dodow a Wɔbaa Nkaedi Ase - 220
[Asase Mfonini]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
NEPAL
INDIA
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Aguadibea bi, Nepal