‘Sɛnea Mede Nusu Agu Aba Na Mede Ahurusidi Atwa’
Sɛnea Miyo Idei ka kyerɛe
“Merewu! Merewu! Obi mmoa me!” Na me papa rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛteɛm. Ne nne gyigyei bere a mede ahoɔhare pue fii fie hɔ no. Na ɛyɛ ɔdasum, na me papa komayare no aba. Mituu mmirika kɔɔ me wɔfa a ɔte bɛn yɛn no hɔ, nanso bere a yɛsan beduu fie no, na me papa koma agyae bɔ.
ƐNO SII wɔ December 14, 1918 mu. Bere a midii mfe 13 no, na mayɛ ayisaa. Me maame wui bere a na madi mfe ason. Esiane sɛ mehweree m’awofo baanu nyinaa bere a na minnyinii nti, mifii ase susuw ho sɛ, ‘Dɛn nti na nnipa wu? Dɛn na ɛba wɔ owu akyi?’
Miwiee akyerɛkyerɛfo sukuu akyi no, meyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Tokyo na mekyerɛɛ ade wɔ Shinagawa Mfiase Sukuu. Akyiri yi, m’adamfo bi de me kyerɛɛ aberante bi a wɔfrɛ no Motohiro, na yɛwaree bere a na madi mfe 22. Wɔ mfe 64 a atwam yi mu no, yɛanya asetra mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye ne nea ɛyɛ yaw nyinaa. Ankyɛ na yetu kɔtraa Taiwan, a saa bere no na ɛhyɛ Japan ase no. Saa bere no mansusuw da sɛ menya biribi a ɛbɛma madi ahurusi wɔ saa ɔman no mu.
Mihu Nokware No
Wɔ 1932 fefɛw bere mu, bere a yɛte Chiai a ɛwɔ Taiwan mfinimfini kurotia no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saburo Ochiai bɛsraa yɛn. ‘Ɔkyerɛe sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow no bi ne awufo sɔre. (Yohane 5:28, 29) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Na mepɛ sɛ mihu me maame ne me papa bio dodo. Na mitumi hu sɛ ne nsɛm a nyansa wom, nkyerɛkyerɛmu a ntease wom, ne Bible adanse ahorow a edi mũ a ɔde mae no yɛ nokware. Bere a yɛde da mũ nyinaa bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ no, bere twaam ntɛmntɛm. Ɛbɛyɛɛ nhoma a m’ani gye ho mpofirim ara.
Ankyɛ na Owura Ochiai fii hɔ kɔɔ baabi foforo, na ogyaw nhoma ahorow te sɛ Creation, Harp of God, Government, Prophecy, Light, ne Reconciliation, a Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no na etintimii ne nyinaa maa yɛn. Migyee bere kenkanee, na bere a meyɛɛ saa no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ meka nea merekenkan no ho asɛm kyerɛ afoforo. Sɛ Yesu fii ne som adwuma ase wɔ Nasaret a ɛyɛ ne kurom no a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ mifi ase wɔ baabi a mete hɔ? Mekɔɔ me fipamfo a ɔtoa me so no nkyɛn. Na obiara nkyerɛɛ me asɛnka, enti mede me Bible ne nhoma ahorow a makenkan no kɔɔ afie afie, kaa asɛm no sɛnea metumi. Nkurɔfo tiee asɛm no yiye na wogyee nsɛmma nhoma. Mesrɛɛ Todaisha, sɛnea na wɔfrɛ Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ Japan saa bere no, sɛ wɔmmana me nhomawa a wɔato din The Kingdom, the Hope of the World no mfuamfua 150, na mede memae.
Da koro bi, obi a ogyee me nhoma no bi no ka kyerɛɛ me sɛ mifii hɔ ara pɛ na polisifo ba bɛfaa nhoma no nyinaa kɔe. Ɛno akyi bere tiaa bi no, polisifo baanan baa me fie bɛfaa me nhoma ne nsɛmma nhoma nyinaa kɔe. Bible nkutoo na wogyawee. Mfe anum twaam a manhyia Yehowa nkurɔfo no mu biara, nanso nokware no ho dɔ a ɛwɔ me komam no ano ammrɛ ase.
Afei eduu December 1937! Akwampaefo baanu a wofi Japan bɛsraa yɛn. Mede ahodwiriw bisae sɛ: “Moyɛɛ dɛn na motee yɛn ho asɛm?” Wɔkae sɛ: “Mo din kura yɛn wɔ ha.” Na Yehowa akae yɛn! Na Adansefo baanu a wɔfrɛ wɔn Yoriichi Oe ne Yoshiuchi Kosaka no de baesekere dedaw atwa kilomita 240 fi Taipei aba Chiai, a wɔahyehyɛ wɔn nneɛma tenteenten wɔ baesekere no akyi. Bere a wɔne yɛn rekasa no, metee nka te sɛ Etiopiani piani no a ɔkae sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” no. (Asomafo no Nnwuma 8:36) Anadwo a wobeduu hɔ no, wɔbɔɔ me ne me kunu nyinaa asu.
Mehwɛ Anuanom a Wɔda Afiase
Wɔ 1939 mu no, wofii ase kyekyeree Yehowa Adansefo pii wɔ Japan nyinaa. Ankyɛ na ɔtaa no duu Taiwan. Wɔ April mu no, wɔkyeree Anuonom Oe ne Kosaka nyinaa. Asram abien akyi no, wɔkyeree yɛn nso. Esiane sɛ na meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo nti, wogyaa me ɛda a edi hɔ no, nanso wɔde me kunu too afiase asram anan. Woyii me kunu fii afiase akyi no, yetu kɔtraa Taipei. Esiane sɛ na afei yɛte bɛn afiase a anuanom baanu no wɔ hɔ nti, na eyi yɛ nhyehyɛe pa.
Na Taipei Afiase no yɛ afiase a wɔwɛn ɛhɔ nneduafo no yiye. Mefaa ntade ne aduan sɛ merekohwɛ anuanom no. Onua Kosaka na odii kan ba begyinaa dade mfɛnsere bi a ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ biara bɛyɛ sentimita 30 bi akyi, a polisini ne ɔwɛmfo bi di n’akyi. Na ne ho ayɛ sakoo na n’ano ayɛ kɔɔ sɛ aduaba kɔkɔɔ bi. Na wanya samanwaw.
Afei Onua Oe fii adi bae a n’anim sereserew, na ɔde anigye tĩĩ mu kae sɛ: “Eye sɛ woatumi aba.” Esiane sɛ na n’anim ahonhon nti, mibisaa no sɛnea ne ho te. Obuae sɛ: “Me ho ye paa! Ɛha ye paa. Mpaboa anaa edwiw biara nni ha. Minya aduan pa bi mpo di. Ɛha te sɛ fie pɛpɛɛpɛ.” Polisini ne ɔwɛmfo no paee serew na wɔkae sɛ: “O, saa akoa Oe yi de yɛrentumi nni no so nkonim.”
Mekɔda Afiase Bio
Mekɔsraa anuanom no akyi nna kakraa bi, wɔ November 30, 1941 mu bɛyɛ ɔdasum no, wɔbɛbɔɔ yɛn pon mu denneennen. Mihuu kyɛw sunsuma akɛse wɔ ahwehwɛ pon no akyi. Na wɔyɛ baawotwe. Na wɔyɛ polisifo. Wobuu ɔpon no ani baa yɛn fie hɔ na wɔbɛdan emu nneɛma nyinaa butuwii—nanso wɔanhu biribiara. Bere a wɔde bɛyɛ dɔnhwerew biako ahwehwɛ hɔnom nyinaa akyi no, wɔfaa nhoma a mfonini hyehyem kakraa bi na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yenni wɔn akyi. Mekaee sɛ wɔkyeree Yesu ɔdasum. (Mateo 26:31, 55-57; Yohane 18:3-12) Misusuw sɛnea mmarima baawɔtwe rehaw wɔn ho pii saa wɔ yɛn baanu pɛ ho no, ɛyɛɛ me serew.
Wɔde yɛn kɔɔ ɔdan kɛse bi a emu yɛ sum a yenhui pɛn mu. Akyiri yi na yehui sɛ ɛyɛ Taipei Hichisei Afiase no. Wɔma yɛtraa ɔpon kɛse bi anim, na wofii ase bisabisaa yɛn nsɛm. Wobisaa yɛn mpɛn bebree sɛ: “Hena na wunim?” na yɛn mu biara buae sɛ: “Minnim obiara.” Na yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a wɔwɔ Japan ankasa no? Na Onua Oe ne Onua Kosaka nkutoo na yenim wɔn, na yɛanka edin foforo biara a ebia yɛtee sɛ obi bɔe no nso ho asɛm.
Ankyɛ na ɛbɔɔ anɔpa nnɔnnum, na polisifo baanu de me kɔɔ m’afiase dan mu. Egyee bere ansa na beae foforo a makofi no rekokwaw me. Saa bere no na mihuu mpaboa nea edi kan wɔ m’asetra mu. Mmoawa nketenkete yi a wɔn ani abere sɛ wɔbɛkeka wɔn a wɔde wɔn ba hɔ foforo no kɔɔ so haw me, na wɔanhaw mmea afoforo baanu a wɔwɔ afiase hɔ no—ɛmfa ho sɛ mepɛtɛw wɔn a wɔbaa faako a meda no. Awiei koraa no, migyaa wɔn ma wɔkekaa me.
Na aduan a wɔma yɛn ne ɔmo mpampa a ammen kuruwa fã, nanso ɛkɔɔ so yɛɛ sɛ ɔmo a wɔnnoae wɔ m’anom. Nea na yɛde ka mpampa no ho ne Japanfo nhaban kakraa bi a wɔahyɛ no nkyene na dɔte da so ara wɔ ho. Mfiase no, esiane sɛ na aduan no bɔn na fĩ wom nti, na mintumi nni, na nneduafo afoforo no bedii. Akyiri no, mede nkakrankakra suaa di na ama makɔ so atra ase.
Na afiase hɔ asetra yɛ awerɛhow. Bere bi metee sɛ wɔreyɛ ɔbarima bi a wosusuw sɛ ɔyɛ ɔkwansrafo ayayade ma ɔteɛteɛɛm da biara. Mihui nso sɛ obi a ɔwɔ afiase dan a ɛtoa me de no so no rewu owuyayaw. Eyinom nyinaa a ɛkɔɔ so wɔ m’anim no ma metee nka yiye sɛ ɛsɛ sɛ nhyehyɛe dedaw yi ba awiei, na Onyankopɔn bɔhyɛ ho anidaso a mewɔ no mu kɔɔ so yɛɛ den sen bere biara a atwam.
Nsɛm a Wobisabisae
Wɔde me too afiase bɛyɛ afe, na wobisabisaa me nsɛm mpɛn anum. Da koro bi aban mmaranimfo bi bae nea edi kan, na wɔde me kɔɔ ɔdan ketewaa bi a wobisabisa nsɛm wom mu. Asɛm a edi kan a ɔkae ne sɛ: “Hena na ɔyɛ ɔkɛse, Amaterasu Omikami [owia nyamewa no] anaa Yehowa? Ka kyerɛ me!” Mede bere tiaa bi susuw sɛnea mebua no ho.
Ɔde abufuw hwɛɛ me na ɔkae sɛ: “Kyerɛ me nea ɔyɛ ɔkɛse, anyɛ saa a mɛhwe wo!”
Mibuae bɔkɔɔ sɛ: “Wɔakyerɛw wɔ Bible no mfiase pɛɛ sɛ, ‘Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.’” Mante nka sɛ ɛho hia sɛ meka biribi ka ho. Ɔhwɛɛ m’anim haa kɛkɛ a wanka hwee na afei ɔmaa asɛm foforo so.
Dɛn nti koraa na wɔde me too afiase? Na wɔakyerɛw nsɛm a wobisabisaa me ho kyerɛwtohɔ no mu sɛ: “Wosuro sɛ ebia ɔde ne kasa ne nneyɛe bɛdaadaa ɔmanfo.” Eyi nti na wɔde me too afiase a wɔanni m’asɛm no.
Bere a merehyia eyinom nyinaa no, na Yehowa bɛn me bere nyinaa. Ɛnam Yehowa ayamye so no, wɔmaa me Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm ketewaa bi. Polisini bi na ɔtow kyenee m’afiase dan no mu da koro, na ɔkae sɛ: “Mede eyi ama wo.” Mekenkanee da biara kosii sɛ afei na mitumi kaakae nea makenkan no. Afeha a edi kan Kristofo no nhwɛso a akokoduru wom a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no mu no hyɛɛ me nkuran kɛse. Paulo nkrataa 14 no nso hyɛɛ me den. Paulo hyiaa ɔtaa pii, nanso honhom kronkron no boaa no bere nyinaa. Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛte saa no hyɛɛ me den.
Mefɔnee na m’ahoɔden so tewee, nanso Yehowa wowaw me, mpɛn pii bere a menhwɛ kwan. Da koro Kwasida bi polisini bi a minhuu no da de biribi a wɔakyekyere wɔ dukuu mu bae. Obuee m’afiase dan no ano pon na ɔde me pue kɔɔ adiwo. Yeduu kamfa dua kɛse bi ase no, ɔsan boaa no. Mebɛhwɛ a, dɛn ni! Kwadu ne bodobodo na ɛwom. Ɔka kyerɛɛ me sɛ minni wɔ hɔ ara. Polisini no kae sɛ: “Mo nyinaa yɛ nnipa pa. Nanso wɔma yɛbɔ mo atirimɔden. Mepɛ sɛ migyae adwuma yi nnansa yi ara.” Enti awɛmfo ne polisifo fii ase yii ayamye adi kyerɛɛ me. Na wɔwɔ me mu ahotoso na wɔmaa misiesiee wɔn adan mu na wɔmaa me nnwuma afoforo pii a wɔtaa de ma nneduafo a wogye wɔn di.
Wɔ 1942 awiei no, polisifo a wɔbɛkyeree yɛn no mu biako bɛfrɛɛ me. Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ wofata sɛ wobu wo kumfɔ de, nanso wobegyaa wo nnɛ.” Na me kunu asan akɔ fie bɛyɛ ɔsram biako ansa na wɔregyaa me.
Yefi Ase ne Yehowa Adansefo San Bɔ
Bere a yɛwɔ afiase no, Japan hyɛn Wiase Ko II mu. Afei, wɔ 1945 mu no, yɛtee sɛ Japan adi nkogu, na yɛkenkan wɔ atesɛm nkrataa mu sɛ wobegyaa amammuisɛm mu nneduafo nyinaa. Na yenim sɛ Onua Kosaka ayare awu wɔ afiase hɔ, nanso meyɛɛ ntɛm kyerɛw nkrataa kɔɔ afiase ahorow a ɛwɔ Taipei, Hsinchu, ne nkurow afoforo mu no mu de bisaa baabi a Onua Oe wɔ. Nanso, me nsa anka mmuae biara. Akyiri yi, metee sɛ wɔabɔ Onua Oe tuo akum no.
Wɔ 1948 mu no, yɛn nsa kaa krataa bi a yɛnhwɛ kwan fii Shanghai. Na efi Onua Stanley Jones, a wɔde no fi Gilead, Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo sukuu foforo bi, aba China no nkyɛn. Yehowa akae yɛn bio! M’ani gyei mmoroso sɛ mene Yehowa ahyehyɛde no anya nkitahodi yi. Na mfe ason atwam fi bere a yehuu Onua Oe no. Ɛwom sɛ na yɛmmɛn Yehowa Adansefo saa bere no nyinaa de, nanso na meka asɛmpa no kyerɛ afoforo.
Bere a Onua Jones bɛsraa yɛn nea edi kan no, na ɛyɛ anigye bere. Na ɔwɔ adamfofa su yiye. Ɛwom sɛ na yɛne no nhyiaa pɛn, nanso yɛtee nka sɛ na yɛregye yɛn busuani bi a ɔbɛn yɛn yiye aba yɛn fie. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Onua Jones fii hɔ kɔɔ T’ai-tung, a ɛwɔ mmepɔw no akyi no, a me kunu ka no ho sɛ nsɛm asekyerɛfo. Wɔsan bae bɛyɛ nnawɔtwe akyi, na saa bere no mu no, na wɔayɛ da koro nhyiam abɔ Amisfo a wɔwɔ apuei fam mpoano no mu bɛyɛ 300 asu.
Na Onua Jones nsrahwɛ no kyerɛ biribi ma me wɔ ɔkwan foforo bi so. Ɛde besi saa bere no, na me nkutoo na meka asɛm no. Afei, bere a Onua Jones bɛsraa yɛn no, wɔbɔɔ awarefo bi asu, a okunu no yɛ yɛn fiwura. Efi saa bere no, manya afoforo a wɔyɛ wɔn asuafo no mu anigye mpɛn pii aka Ahenni ho asɛnka mu anigye no ho. Akyiri yi, yetu kɔtraa Hsinchu, faako a Onua Jones bɛsraa yɛn mprɛnsa, na odii nnawɔtwe abien wɔ nsrahwɛ no biara mu. Minyaa fekubɔ a ɛso wɔ mfaso yi mu anigye yiye. Bere a etwa to a ɔbae no, ɔkae sɛ: “Bere foforo a mɛba bio no, me de me hokafo Harold King bɛba.” Nanso saa “bere foforo” no amma, efisɛ ɛno akyi ara pɛ na wɔde wɔn baanu nyinaa too afiase wɔ China.
Wɔ 1949 mu no, Joseph Mcgrath ne Cyril Charles, asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ Gilead sukuu adesua kuw a ɛto so 11 mufo baa Taiwan. Wɔtrɛw adwuma no mu wɔ Taiwan, na wɔtraa yɛn fie hɔ. Wɔn nhwɛso ahorow no hyɛɛ me nkuran yiye. Nanso amammui nsɛm tebea a ɛwɔ hɔ no ma wofii hɔ kɔɔ Hong Kong. Bere a wɔne polisini bi refi hɔ akɔ no, misui. Joe kae sɛ: “Miyo, nsu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meda wo ase,” na ɔde ne kyerɛwdua dedaw bi maa me sɛ nea mede bɛkae no.
Metete Abofra
Na me ne me kunu nni mma, enti yegyee me kunu wɔfaase sɛ yɛn ba bere a na wadi asram anan. Na ntehyewa de ne maame nkwa ato asiane mu.
Wɔ 1952 mu no, Onua Lloyd Barry, a na ɔresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Japan no baa Taiwan sɛ ɔrebɛhwɛ ma wɔagye Yehowa Adansefo dwumadi atom wɔ mmara mu. Ɔbɛtraa yɛn fie na ɔhyɛɛ yɛn nkuran yiye. Saa bere no, na yɛn babea no adi asram 18. Ɔmaa no so na obisaa no sɛ: “Dɛn ne Onyankopɔn din?” Eyi yɛɛ me nwonwa ma mibisaa no sɛ: “Wokyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ no ade bere a osua sɛɛ yi?” Obuae anibere so sɛ: “Yiw.” Afei ɔde sɛnea ɛho hia sɛ wɔtete abofra fi mmofraase no ho afotu maa me. Ne nsɛm a ɔkae sɛ: “Ɔyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ a ɔbɛkyekye wo werɛ,” no kaa m’adwenem.
Ntɛm ara na mifii ase sɛ mɛtete me babea Akemi ma wahu Yehowa, wadɔ no, na wabɛyɛ ne somfo. Mekyerɛɛ no sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din, na mede nkyerɛwde abiɛsa e, ho, ne ba a ɛbom yɛ asɛmfua “Ehoba,” anaa Yehowa wɔ Japanfo kasa mu na ɛhyɛɛ no ase. Odii mfe abien no, na otumi te nea meka kyerɛ no no ase. Enti anadwo biara, ansa na ɔbɛda no, na meka Bible mu nsɛm kyerɛ no. Ɔde anigye tiei, na ɔkaee ne nyinaa.
Bere a Akemi dii mfe abiɛsa ne fã no, Onua Barry bɛsraa yɛn bio na ɔkyɛɛ no Bible bi a wɔde Japanfo kasa a wɔde bɔ nkɔmmɔ na akyerɛw. Ɔde Bible no kyinkyin ɔdan no mu kae sɛ: “Akemi Bible ni! Akemi Bible ni!” Afei simma kakraa bi akyi no, ɔkae mpofirim sɛ: “Yehowa din nni Akemi Bible no mu! Mempɛ!” Ɔtow kyenee. Mede ahodwiriw hwehwɛɛ emu nsɛm no mu. Nea edi kan no, mibuee Yesaia ti 42, nkyekyem 8. Na wɔde asɛmfua “Awurade” ahyɛ edin Yehowa no ananmu. Mehwehwɛɛ kyerɛw nsɛm afoforo mu, nanso manhu edin kronkron Yehowa no. Bere a afei mede Yehowa din kyerɛɛ no wɔ me Bible dedaw a wɔde Japanfo kasa a akyɛ na ɛkyerɛwee no mu no, Akemi koma tɔɔ ne yam.
Yɛsan Kɔ Japan
Yɛsan kɔɔ Japan wɔ 1958 mu na yɛde yɛn ho kɔbɔɔ Sannomiya Asafo a ɛwɔ Kobe no. Esiane sɛ na mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ meda Yehowa ase wɔ ho nti, na mepɛ sɛ mede saa aseda no ma denam ɔkwampaefo—Yehowa Adansefo bere nyinaa ɔsomfo—a mɛyɛ so. Meyeree me ho yɛɛ akwampae adwuma no. Ɛno maa mitumi yɛɛ ofie Bible adesua pii na minyaa anigye a ɛwɔ nnipa bɛyɛ 70 de kɔ 80 a meboaa wɔn ma wɔbaa nokware no mu no mu. Minyaa hokwan somee bere bi mpo sɛ ɔkwampaefo titiriw, na mede bɛboro nnɔnhwerew 150 yɛɛ asɛnka adwuma ɔsram biara, na mehwɛɛ me kunu ne me babea no nso wɔ bere koro no ara mu.
Esiane sɛ na yɛde bɛboro mfe 30 atra Taiwan nti, na Japan asetra mu nsakrae ahorow no yɛ ɔhaw ma me, na mihyiaa nsɛnnennen pii. Wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, na Akemi na ɔkyekye me werɛ na ɔboa me, sɛnea Onua Barry kae mmere bi a atwam no pɛpɛɛpɛ. Sɛ mebotow a, ɔka kyerɛ me sɛ: “Maame, nsuro. Yehowa bɛboa yɛn.” Mibua sɛ: “Yiw, ɔbɛyɛ saa,” na mebam no denneennen. Nkuranhyɛ bɛn ara na ɔma minyae sɛɛ yi! Na dɛn na metumi ayɛ sen sɛ mɛda Yehowa ase!
Mede me Babea no Ma Yehowa
Akemi bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo bere na wadi mfe 7, na wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 12 wɔ 1963 ahohuru bere mu. Mebɔɔ mmɔden ma odii bere pii wɔ me nkyɛn. (Deuteronomium 6:6, 7) Bere a na ɔrebɛn mpanyin afe so no, ohyiaa nsɛnnennen ahorow, nanso ɛnam akwampaefo atitiriw a wɔde wɔn baa yɛn asafo no mu nhwɛso pa ne nkuranhyɛ so no, awiei koraa no Akemi de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo wɔ nsasesin a wɔnyɛɛ mu adwuma mu.
Wɔ 1968 ɔmantam nhyiam no ase no, ɔyɛɛ Yefta babea wɔ Bible mu drama a wɔyɛe no mu. Bere a merehwɛ drama no, misii gyinae, te sɛ Yefta, sɛ mede me babea koro a besi saa bere no na ɔsom bo ma me no bɛma Yehowa wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu. Na m’asetra bɛyɛ dɛn wɔ bere a me babea no nni me nkyɛn bio no? Esiane sɛ na madi boro mfe 60 dedaw nti, na ɛyɛ asɛnnennen.
Wɔ 1970 mu no, bere soe sɛ yɛn babea no begyaw yɛn akɔ. Me kunu maa no kwan ma ɔkɔɔ Kyoto kɔsomee sɛ ɔkwampaefo. Esiane sɛ na onim sɛnea yɛte nka nti, na ɛte sɛ nea ɔrete ɛyaw nka wɔ ne komam bere a ɔregyaw yɛn no. Mekaa asɛm a ɛwɔ Dwom 126:5, 6 no kyerɛɛ no sɛ kyerɛwsɛm a yɛde di ntetewmu: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. [Nea] ɔde nusu nennam kura aba a wogu [no de] ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Nsɛm yi yɛɛ awerɛkyekye maa me nso.
Akyiri no, Akemi waree na ɔne ne kunu kɔɔ so yɛɛ akwampaefo atitiriw adwuma no. Efi 1977 no, bere a wɔpaw ne kunu sɛ ɔmansin sohwɛfo no, wɔasom wɔ akwantu adwuma no mu. Metaa bue asase mfonini mu na me ne me babea no “tu kwan” wɔ asase mfonini no so. M’ani gye ho yiye sɛ metie wɔn osuahu ahorow na menam me babea no so hu anuawanom pii.
Mprempren madi mfe 86. Nna a atwam no te sɛ anadwo ɔdasum bere bi ara kɛkɛ. Mintumi nyɛ adwuma pii sɛ kan no, nanso asɛnka adwuma da so ara ma minya anigye. Sɛ misusuw mfe 60 a abetwam fi bere a mihuu nokware no ho a, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛma awerɛhyem no ba me komam. Yiw, Yehowa a ɔbɛyɛ adɔeyɛfo adɔe no ne nea ɔma yetwa anigye aba pii.—Dwom 18:25.