Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 3
  • So Onyankopɔn Bua Wo Mpaebɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Bua Wo Mpaebɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ebinom Bɔ Mpae Bisa?
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Henanom Mpaebɔ Na Wobua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nea Enti Ne Sɛnea Wobɔ Mpae—So Ɛfa Ho?
    Nyan!—1981
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 3

So Onyankopɔn Bua Wo Mpaebɔ?

“ƆBEA bi a ɔte Hokkaido, Japan, kae sɛ: “Mentee nka da sɛ wɔabua me mpaebɔ da.” Ɛnyɛ ne nkutoo na ɔte nka saa. Nnipa pii te nka sɛ wommuaa wɔn mpaebɔ da. Nokwarem no, ebia worebisa sɛ Onyankopɔn bua wo mpaebɔ anaa.

Nnipa ɔpepem pii bɔ anyame pii mpae. Dɛn nti na ɛte sɛ nea wommua mpaebɔ pii? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ma yenni kan nhwehwɛ mpae ahorow a wɔbɔ no mu.

Dɛn na Ebinom Bɔ Mpae Bisa?

Japanfo nkyem abiɛsa mu abien, anaa nnipa bɛyɛ ɔpepem 80 bɔ mpae wɔ Shintofo abosonnan mu anaasɛ Budhafo asɔrefi wɔ Afe Foforo bere no mu. Wɔde sika pa ma sɛ ayɛyɛde, na wɔbɔ mpae bisa ahonyade ne abusua ahobammɔ.

January ne February mu​—ansa na wɔbɛyɛ wɔn sɔhwɛ denneennen a wɔde hwehwɛ kwan akɔ kɔlege no​—sukuufo pia wɔn ho kɔhyɛ abosonnan te sɛ nea ɛwɔ Tokyo a ne nhomasua nyame ama agye din no mu. Wɔkyerɛw nea wɔpɛ no wɔ mpaebɔ nnua tratraa bi so na wɔde sensɛn abosonnan no ho nnua adaban so. Anyɛ yiye koraa no, wɔde mpaebɔ nnua 100,000 sensɛn abosonnan bi a agye din yiye wɔ Tokyo no mu wɔ sɔhwɛ a wɔyɛe wɔ 1990 no mu.

Wɔde mpaebɔ pii bisa akwahosan. Nkurɔfo bɔ mpae de bisa AIDS ho ahobammɔ wɔ abosonnan mu wɔ Kawasaki, Japan. Abosonnan no sɔfo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Atirimpɔw nti a wɔbɔ mpae bisa AIDS ho ahobammɔ ne sɛ ɛbɛma nnipa ahwɛ yiye wɔ wɔn abrabɔ mu.” Nanso nea mpaebɔ kyerɛ nyinaa nen?

Wɔ asɔredan foforo mu no, aberewa bi bɔɔ mpae sɛ onhyia “ɔpatuwu.” Dɛn ntia? Efisɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛyare ada hɔ akyɛ, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ adesoa ama n’abusua.

Wɔ ɔman bi a emufo kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no, bɔɔlbɔfo kuw bi panyin bɔɔ mpae sɛ ne kuw no nni nkonim na wɔmmɔ wɔn ho ban na wɔampira. Poland Katolekfo bɔ wɔn ankasa yiyedi ho mpae, na wogye di sɛ wɔatie wɔn mpaebɔ a, wɔde agude hyehyɛ wɔn Madonna no. Nnipa pii tu yuu kɔ asɔre adan te sɛ Guadalupe a agye din a ɛwɔ Mexico City, ne Lourdes a ɛwɔ France no mu kɔsrɛ anwonwa kwan so ayaresa.

Apuei ne Atɔe Famfo bɔ mpae de bisa nneɛma ahorow pii a wɔn ankasa hwehwɛ. Ɛda adi sɛ wɔpɛ sɛ wotie wɔn mpaebɔ na wobua. Nanso, so ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobetie yɛn mpaebɔ nyinaa? Na w’ankasa wo mpaebɔ nso ɛ? So woanya ho mmuae? Nokwarem no, so Onyankopɔn bua mpaebɔ ampa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena