Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 4-7
  • Onyankopɔn Bɛtɔ Ne Bo Ase Akosi Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɛtɔ Ne Bo Ase Akosi Bere Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Tɔ Ne Bo Ase Saa?
  • Onyankopɔn Ntoboase ho Nhwɛso
  • Nea Enti a Onyankopɔn Tɔ Ne Bo Ase Mprempren
  • Nniso ho Ɔsɛmpɔw No
  • Nya Onyankopɔn Ntoboase mu Mfaso Mprempren
  • Ɛrenkyɛ Pii Bio!
  • Yehowa Ne Yesu Wɔ Ntoboase—Suasua Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Suasua Yehowa Abotare No Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Kɔ So Nya Abotare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • So Wubetumi Atɔ Wo Bo Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 4-7

Onyankopɔn Bɛtɔ Ne Bo Ase Akosi Bere Bɛn?

BƐYƐ mfe 3,000 a atwam ni no, ɔbarima nyansafo bi kyerɛwee sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Efi bere a ɔkaa saa asɛm no, nsɛm tebea nyɛɛ yiye ɛ. Abakɔsɛm mu nyinaa no, nnipa ankorankoro anaa akuw agye tumi afa nnidiso nnidiso, na wɔadi nnipa afoforo so asisi wɔn. Yehowa Nyankopɔn anya eyi ho ntoboase.

Yehowa atɔ ne bo ase bere a nniso ahorow ama nnipa ɔpepem pii akowuwu wɔ akodi mu na wɔama sikasɛm mu nsisi a ennye koraa hokwan no. Ɛnnɛ, ɔda so ara tɔ ne bo ase bere a nnipa sɛe mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so na wɔsɛe mframa a atwa asase ho ahyia ne ɛpo no. Hwɛ sɛnea obedi yaw sɛ ohu sɛnea wɔresɛe mfuw nsase pa ne kwae ne emu mmoa ahorow no!

Dɛn Nti na Onyankopɔn Tɔ Ne Bo Ase Saa?

Ebia mfatoho bi a asete nyɛ den bɛboa yɛn ma yɛama asemmisa yi ho mmuae. Susuw sɛnea sɛ odwumayeni bi kɔ so ka akyiri ba adwuma a, ɛbɛka adwuma no ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ adwumawura no yɛ? Ebia atɛntrenee bɛhwehwɛ sɛ oyi odwumayeni no adi ntɛm ara. Nanso ebia ɔbɛkae Bible mu abebusɛm yi: “Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.” (Mmebusɛm 14:29) Ebia nhumu bɛma watwɛn kakra ansa na wayɛ ho biribi. Ebia obesi gyinae sɛ ɔbɛma bere kakra atwam na wɔde akyerɛ odwumayeni no nsiananmu foforo no adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na ansɛe adwuma no pii.

Ebia tema nso bɛma watwɛn. Sɛ ɔbɔ odwumayeni a ɔyɛ anibiannaso no kɔkɔ de hwɛ sɛ ɔbɛsakra ne suban nso ɛ? Dɛn nti na ɔne no nkasa nhwɛ sɛ ebia sɛnea ɔka akyiri daa no fi ɔhaw bi a wobetumi adi ho dwuma anaasɛ efi subammɔne a wontumi nyɛ ho hwee anaa? Ɛwom sɛ ebia adwumawura no besi gyinae sɛ ɔbɛtɔ ne bo ase de, nanso ne ntoboase no renyɛ nea enni awiei. Ɛsɛ sɛ odwumayeni no yɛ nsakrae anyɛ saa a awiei koraa no, wobeyi no adi. Ɛno bɛyɛ nea ɛfata ma adwuma no ne adwumayɛfo a wodi mmara so no.

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa Nyankopɔn tɔ ne bo ase wɔ bɔne ho na ama wɔanya bere de adi ɔhaw ahorow binom ho dwuma ɔkwan a ɛteɛ so. Bio nso, ne ntoboase no ma abɔnefo nya hokwan sɛ wɔbɛsakra wɔn akwan na wɔanya mfaso ahorow a ɛtra hɔ daa. Enti Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn ntoboase no haw yɛn. Mmom no, ɛka sɛ: “Mummu yɛn Awurade ntoboase no sɛ nkwagye.”​—2 Petro 3:15, New World Translation.

Onyankopɔn Ntoboase ho Nhwɛso

Ansa na Noa bere so Nsuyiri kɛse no reba no, Yehowa Nyankopɔn tɔɔ ne bo ase. Na basabasayɛ ne amumɔyɛ ahyɛ wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu ma. Yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so . . . Na [Yehowa] kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani.” (Genesis 6:5, 7) Yiw, saa bere no, na Yehowa wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so adi amumɔyɛ ho asɛnnennen no ho dwuma korakora no wɔ n’adwenem: abɔnefo no a obeyi wɔn afi hɔ. Nanso wanyɛ saa ntɛm ara. Dɛn ntia?

Efisɛ na ɛnyɛ obiara na ɔyɛ ɔbɔnefo. Na Noa ne n’abusua no yɛ atreneefo wɔ Yehowa ani so. Enti, wɔn nti, Yehowa tɔɔ ne bo ase twɛnee na ama atreneefo kakraa bi no atumi asiesie wɔn ho ama nkwagye. Bio nso, bere tenten a ɔde twɛnee no maa Noa nyaa hokwan yɛɛ “treneekafo,” na ɔmaa saa nnipa abɔnefo no nyaa hokwan a ɛbɛma wɔasakra wɔn akwan. Bible no se: “Onyankopɔn [ntoboase] twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.”​—2 Petro 2:5; 1 Petro 3:20.

Nea Enti a Onyankopɔn Tɔ Ne Bo Ase Mprempren

Tebea no te saa ara nnɛ. Basabasayɛ ahyɛ wiase no mu ma bio. Te sɛ Noa nna no mu no, Onyankopɔn abu wiase yi a Bible no se “wɔde asie ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no” atɛn dedaw. (2 Petro 3:7) Sɛ ɛno ba a, wɔrensɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no bio, wɔrenhyɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw so bio, na wɔremfi pɛsɛmenkominya mu mfa tumi nni dwuma ɔkwammɔne so bio. Ɛnde, dɛn nti na bere tenten atwam a Onyankopɔn nsɛee nnipa amumɔyɛfo no? Efisɛ ɛsɛ sɛ wohu nsɛmpɔw bi ano na wɔyɛ nsɛnhia bi ho nhyehyɛe. Nokwarem no, Yehowa reyɛ nhyehyɛe ama wadi amumɔyɛ ho asɛnnennen no ho dwuma korakora a nneɛma pii ka ho, te sɛ nnipa komapafo a wobegye wɔn afi ɔyare ne owu nkoayɛ mu.

Bere a atirimpɔw a edi akyiri yi wɔ Yehowa adwenem no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma yɛn Agyenkwa bi a ɔde yɛn bɔne ho agyede bɛma. Bible no ka ne ho asɛm sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Egyee mfe mpempem pii na wɔde ayɛ nhyehyɛe ama Yesu aba de ne nkwa abɛbɔ afɔre ama adesamma. Wɔ saa mfe no nyinaa mu no, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu tɔɔ ne bo ase. Nanso so na nsiesiei a ɛte sɛɛ no nyɛ nea ɛfata sɛ wɔtwɛn?

Yesu de agyede no maa adesamma bɛyɛ mfe mpem abien ni. Ɛnde, dɛn nti na Onyankopɔn da so ara tɔ ne bo ase? Ade biako ne sɛ Yesu wu no fii ɔkyerɛkyerɛ dwumadi bi ase. Ɛsɛ sɛ adesamma te ɔdɔ nsiesiei yi ho asɛm na wonya hokwan sɛ wobegye atom anaasɛ wɔbɛpow. Na ɛno begye bere, nanso ɛbɛyɛ bere a wɔde adi dwuma yiye. Bible no se: “Yehowa nyɛ nyaa ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu nyaayɛ, na mmom ɔtɔ ne bo ase ma mo, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa nya adwensakra.”​—2 Petro 3:9, NW.

Nniso ho Ɔsɛmpɔw No

Asɛnhia foforo bi nso begye bere. Na ɛho hia sɛ wohu adesamma nniso ho asɛnnennen no ano. Mfiase no, na onipa hyɛ ɔsoro nniso ase. Nanso yɛn awofo a wodi kan no pow ɛno wɔ Eden turom hɔ. Wɔpawee sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Onyankopɔn ho, pɛe sɛ wodi wɔn ho so. (Genesis 3:1-5) Nanso, nokwarem no, wɔammɔ onipa sɛ onni n’ankasa ho so. Odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23; Mmebusɛm 20:24.

Nanso, efi bere a nniso ho ɔsɛmpɔw no sɔree no, Yehowa atɔ ne bo ase ama bere atwam na wɔde ahu ano. Nokwarem no, ofi ayamye mu ama adesamma de mfe mpempem pii asɔ nniso ahorow a wobetumi asusuw ho nyinaa ahwɛ. Dɛn na afi mu aba? Ada adi pefee sɛ adesamma nniso biara rentumi nyi nhyɛso, nsisi, anaa nneɛma afoforo a ɛde awerɛhow ba nyinaa mfi hɔ.

Nokwarem no, esiane adesamma abakɔsɛm nti, so obi betumi aka ampa sɛ Onyankopɔn anyɛ no yiye sɛ ɔda n’atirimpɔw adi sɛ obeyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ na ɔde n’ankasa de asi ananmu no anaa? Dabida! Yegye Bible nkɔmhyɛ yi mmamu tom koraa: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Daniel 2:44.

Saa Ahenni no Hene a ofi soro no ne Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no. Saa dibea no a wobesiesie no ama​—ne nnipa a wɔne no bedi tumi a wɔpaw wɔn no​—agye bere. Saa bere no mu nyinaa no, Onyankopɔn atɔ ne bo ase.

Nya Onyankopɔn Ntoboase mu Mfaso Mprempren

Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ nsase bɛyɛ 212 so nya Onyankopɔn ntoboase mu mfaso. Wɔayɛ biako wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn na wɔasom ne soro nniso no mu. Sɛ wohyiam wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so a, wosua sɛnea eye koraa sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase yi amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ba no mu, ɛwom sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma nnipa nniso horow mpɛn dodow a Onyankopɔn fi ntoboase mu ma eyinom kwan ma wodi tumi no.​—Mateo 22:21; Romafo 13:1-5.

Nnipa pii ntam biakoyɛ a ɛte sɛɛ no san Yehowa din ho sɛ Nea obetumi ama biakoyɛ aba nnipa a wɔde wɔn ho na wosua sɛ wɔbɛdɔ no na wɔpɛ sɛ wɔsom no no ntam. Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne eyinom ahyia pɛn bere a wɔretoa adwuma a Yesu ankasa fii ase no so, a ɛne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ no. Yesu kaa adwuma yi awiei ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mateo 24:14.

Ɛrenkyɛ Pii Bio!

Adanse a wotumi hu kyerɛ sɛ wɔreyɛ awie Onyankopɔn trenee nniso a ebedi asase so tumi no ho nhyehyɛe ahorow nyinaa. Bere a Yesu aka nneɛma bɔne a afi onipa nniso nkogudi no mu aba a yɛahu wɔ afeha yi mu ho asɛm awie no, ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”​—Luka 21:10, 11, 31.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi abɔnefo afi asase so. Odwontofo no nsɛm yi bɛbam paara sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ.” (Dwom 37:9, 10) So wubetumi ayɛ wiase bi a amumɔyɛ nnim ho mfonini wɔ w’adwenem? Hena na ɔbɛhwɛ nnipa nsɛm so saa bere no? Bible no se: “Trenee so na ɔhene bi [Kristo Yesu a wɔde no asi ahengua so wɔ soro] bedi hene, na asafohene nso [anokwafo a wɔapaw wɔn wɔ asase so], atemmu so na wobedi asafohene. Na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.”​—Yesaia 32:1, 17, 18.

Saa kwan yi so no, Onyankopɔn soro nniso no besiesie nneɛma bɔne a afi onipa nnebɔne mu aba no na aboaboa wɔn a wɔhwɛ No kwan no ano ayɛ wɔn adesamma abusua a wɔayɛ biako. Bible no reka biakoyɛ yi ho asɛm no, ese: “Ɛna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewaa aka wɔn . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ] bɛyɛ asase ma, sɛnea nsu kata po so no.”​—Yesaia 11:6-9.

Anwonwade bɛn ara na ebefi Onyankopɔn ntoboase mu aba sɛɛ yi! Enti, sɛ anka wubenwiinwii sɛ Onyankopɔn atwɛn bere tenten dodo mmom no, dɛn nti na womfa hokwan a ne ntoboase ma wunya no nni dwuma na wommrɛ wo ho ase nhyɛ n’Ahenni no ase? Sua ne gyinapɛn ahorow fi Bible no mu na di so. Wo ne afoforo a wɔde biakoyɛ abrɛ wɔn ho ase ahyɛ n’ase mmɔ. Ɛno ansa na Onyankopɔn ntoboase no bɛma woanya daa nhyira.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena